Numbers 26 (BOATCB2)

1 Ɔyaredɔm no akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se, 2 “Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.” 3 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se, 4 “Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.” Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no: 5 Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo:Hanokfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok;Palufo abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu; 6 Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;Karmifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi. 7 Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa (43,730). 8 Na Palu yɛ Eliab babarima, 9 na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu AWURADE animtiaa no ho. 10 Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi AWURADE nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne. 11 Nanso Kora ase antɔre. 12 Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase:Nemuelfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.Yaminfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.Yakinfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin. 13 Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;Saulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo. 14 Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu (22,200). 15 Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo:Sefonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;Hagifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi;Sunifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni; 16 Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni;Erifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri; 17 Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod;Arelifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli. 18 Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500). 19 Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so. 20 Yuda asefo mmusua a edidi so yi:Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela;Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres;Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah. 21 Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase.Hesronfo abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron;Hamulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul. 22 Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum (76,500). 23 Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase:Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola;Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa; 24 Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub;Simronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron. 25 Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa (64,300). 26 Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase:Seredfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered;Elonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.Yakleefo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel. 27 Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum (60,500). 28 Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae. 29 Manase asefo:Makirfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir;Gileadfo abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead. 30 Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase:Yeserfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser;Helekfo abusua, wɔde too wɔn agya Helek. 31 Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel;Sekemfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem; 32 Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida;Heferfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer. 33 Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 34 Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson (52,700). 35 Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase:Sutelafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela;Bekerfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker;Tahanfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan. 36 Eyinom ne Sutela asefo:Eranfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran. 37 Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum (32,500).Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Yosef asefo. 38 Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase.Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela;Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel;Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram; 39 Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam;Hufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam. 40 Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu;Ardfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Ard;Naamanfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Naaman. 41 Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia (45,600). 42 Eyi ne abusua a efi Dan ase.Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham.Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo. 43 Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan (64,400). 44 Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase:Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna;Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui;Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria. 45 Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase:Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber;Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel. 46 Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera. 47 Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400). 48 Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase:Yakseelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel;Gunifo abusua no, wɔde too wɔn agya Guni; 49 Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser;Silemfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem. 50 Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan (45,400). 51 Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730). 52 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te. 54 Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa. 55 Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so. 56 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.” 57 Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn:Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson.Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat.Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari. 58 Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua:Libnifo,Hebronfo,Mahlifo,Musifo neKorafo.Kohat yɛ Amram tete agya. 59 Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam. 60 Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar. 61 Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ AWURADE no, wowuwui. 62 Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi. 63 Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no. 64 Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu. 65 Efisɛ AWURADE ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.

In Other Versions

Numbers 26 in the ANGEFD

Numbers 26 in the ANTPNG2D

Numbers 26 in the AS21

Numbers 26 in the BAGH

Numbers 26 in the BBPNG

Numbers 26 in the BBT1E

Numbers 26 in the BDS

Numbers 26 in the BEV

Numbers 26 in the BHAD

Numbers 26 in the BIB

Numbers 26 in the BLPT

Numbers 26 in the BNT

Numbers 26 in the BNTABOOT

Numbers 26 in the BNTLV

Numbers 26 in the BOATCB

Numbers 26 in the BOBCV

Numbers 26 in the BOCNT

Numbers 26 in the BOECS

Numbers 26 in the BOGWICC

Numbers 26 in the BOHCB

Numbers 26 in the BOHCV

Numbers 26 in the BOHLNT

Numbers 26 in the BOHNTLTAL

Numbers 26 in the BOICB

Numbers 26 in the BOILNTAP

Numbers 26 in the BOITCV

Numbers 26 in the BOKCV

Numbers 26 in the BOKCV2

Numbers 26 in the BOKHWOG

Numbers 26 in the BOKSSV

Numbers 26 in the BOLCB

Numbers 26 in the BOLCB2

Numbers 26 in the BOMCV

Numbers 26 in the BONAV

Numbers 26 in the BONCB

Numbers 26 in the BONLT

Numbers 26 in the BONUT2

Numbers 26 in the BOPLNT

Numbers 26 in the BOSCB

Numbers 26 in the BOSNC

Numbers 26 in the BOTLNT

Numbers 26 in the BOVCB

Numbers 26 in the BOYCB

Numbers 26 in the BPBB

Numbers 26 in the BPH

Numbers 26 in the BSB

Numbers 26 in the CCB

Numbers 26 in the CUV

Numbers 26 in the CUVS

Numbers 26 in the DBT

Numbers 26 in the DGDNT

Numbers 26 in the DHNT

Numbers 26 in the DNT

Numbers 26 in the ELBE

Numbers 26 in the EMTV

Numbers 26 in the ESV

Numbers 26 in the FBV

Numbers 26 in the FEB

Numbers 26 in the GGMNT

Numbers 26 in the GNT

Numbers 26 in the HARY

Numbers 26 in the HNT

Numbers 26 in the IRVA

Numbers 26 in the IRVB

Numbers 26 in the IRVG

Numbers 26 in the IRVH

Numbers 26 in the IRVK

Numbers 26 in the IRVM

Numbers 26 in the IRVM2

Numbers 26 in the IRVO

Numbers 26 in the IRVP

Numbers 26 in the IRVT

Numbers 26 in the IRVT2

Numbers 26 in the IRVU

Numbers 26 in the ISVN

Numbers 26 in the JSNT

Numbers 26 in the KAPI

Numbers 26 in the KBT1ETNIK

Numbers 26 in the KBV

Numbers 26 in the KJV

Numbers 26 in the KNFD

Numbers 26 in the LBA

Numbers 26 in the LBLA

Numbers 26 in the LNT

Numbers 26 in the LSV

Numbers 26 in the MAAL

Numbers 26 in the MBV

Numbers 26 in the MBV2

Numbers 26 in the MHNT

Numbers 26 in the MKNFD

Numbers 26 in the MNG

Numbers 26 in the MNT

Numbers 26 in the MNT2

Numbers 26 in the MRS1T

Numbers 26 in the NAA

Numbers 26 in the NASB

Numbers 26 in the NBLA

Numbers 26 in the NBS

Numbers 26 in the NBVTP

Numbers 26 in the NET2

Numbers 26 in the NIV11

Numbers 26 in the NNT

Numbers 26 in the NNT2

Numbers 26 in the NNT3

Numbers 26 in the PDDPT

Numbers 26 in the PFNT

Numbers 26 in the RMNT

Numbers 26 in the SBIAS

Numbers 26 in the SBIBS

Numbers 26 in the SBIBS2

Numbers 26 in the SBICS

Numbers 26 in the SBIDS

Numbers 26 in the SBIGS

Numbers 26 in the SBIHS

Numbers 26 in the SBIIS

Numbers 26 in the SBIIS2

Numbers 26 in the SBIIS3

Numbers 26 in the SBIKS

Numbers 26 in the SBIKS2

Numbers 26 in the SBIMS

Numbers 26 in the SBIOS

Numbers 26 in the SBIPS

Numbers 26 in the SBISS

Numbers 26 in the SBITS

Numbers 26 in the SBITS2

Numbers 26 in the SBITS3

Numbers 26 in the SBITS4

Numbers 26 in the SBIUS

Numbers 26 in the SBIVS

Numbers 26 in the SBT

Numbers 26 in the SBT1E

Numbers 26 in the SCHL

Numbers 26 in the SNT

Numbers 26 in the SUSU

Numbers 26 in the SUSU2

Numbers 26 in the SYNO

Numbers 26 in the TBIAOTANT

Numbers 26 in the TBT1E

Numbers 26 in the TBT1E2

Numbers 26 in the TFTIP

Numbers 26 in the TFTU

Numbers 26 in the TGNTATF3T

Numbers 26 in the THAI

Numbers 26 in the TNFD

Numbers 26 in the TNT

Numbers 26 in the TNTIK

Numbers 26 in the TNTIL

Numbers 26 in the TNTIN

Numbers 26 in the TNTIP

Numbers 26 in the TNTIZ

Numbers 26 in the TOMA

Numbers 26 in the TTENT

Numbers 26 in the UBG

Numbers 26 in the UGV

Numbers 26 in the UGV2

Numbers 26 in the UGV3

Numbers 26 in the VBL

Numbers 26 in the VDCC

Numbers 26 in the YALU

Numbers 26 in the YAPE

Numbers 26 in the YBVTP

Numbers 26 in the ZBP