Psalms 113 (BOATCB2)
1 Monkamfo AWURADE. Monkamfo AWURADE, mo a moyɛ nʼasomfo no,monkamfo AWURADE din. 2 Momma wɔnkamfo AWURADE din,mprempren ne daa nyinaa. 3 Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ,ma wɔnkamfo AWURADE din. 4 Wɔama AWURADE so aman nyinaa so,nʼanuonyam tra ɔsorosoro. 5 Hena na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn,Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro, 6 ɔno na ɔbɔ ne mu asehwɛ ɔsorosoro ne asase? 7 Ɔma ahiafo so fi mfutuma muna ɔma onnibi so fi nso siw so; 8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu. 9 Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fisɛ ɔbeatan a nʼani gye. Monkamfo AWURADE.