Ruth 2 (BOATCB2)

1 Ɔbarima ɔdefo a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani. 2 Da koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi se, “Ma menkɔ afuw mu na minkodi obiara a menya nʼanim anuonyam akyi nkɔboaboa atoko ase.”Na Naomi kae se, “Eye, me babea, kɔ.” 3 Enti Rut kɔ kodii atwafo no akyi. Na nea ɛbae ne sɛ, ohuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuw mu. 4 Bere a ɔwɔ hɔ no, Boas fi Betlehem bae. Okyiaa atwafo no se, “AWURADE ne mo ntena!”Atwafo no gyee so se, “AWURADE nhyira wo.” 5 Boas bisaa ne sohwɛfo no se, “Ababaa bɛn na ɔwɔ nohɔ hɔ no?” 6 Sohwɛfo no buae se, “Ɔyɛ ababaa bi a ofi Moab a ɔne Naomi bae. 7 Anɔpa yi ara na obisaa me se, obetumi adi atwafo no akyi aboaboa atoko ano ana? Ɔyɛ nsiyɛfo a bere kakraa bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.” 8 Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut se, “Me babea tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atoko; nkɔ afuw foforo biara mu. Di mmea a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuw yi mu no akyi pɛɛ. 9 Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuw no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmerante no kɔkɔ sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, nom nsu a wɔakɔsaw afi abura no mu no bi.” 10 Rut butuwii, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkae se, “Adɛn nti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?” 11 Boas buae se, “Nea woayɛ ama wʼase efi wo kunu wu akyi nyinaa no, wɔaka akyerɛ me, sɛ wufii wʼagya ne wo na ne wo man mu na wo ne nnipa a wunnim wɔn wɔ baabiara bɛtenae no. 12 AWURADE, Israel Nyankopɔn a woanya guankɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.” 13 Na ɔno nso kae se, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekye na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamye so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfo no mu baako mpo no.” 14 Eduu adidibere no, Boas frɛɛ no se, “Bra ma yennidi. Wutumi de wo brodo no bɔ nsa biara a wopɛ mu.”Enti ɔne nʼawitwafo no tenaa ase na Boas maa no aduan sen sɛnea obetumi adi mpo. 15 Bere a Rut san kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmerante no se, “Momma no mmoaboa atoko no ano mfi nʼafiafi no mu na munnsiw no kwan. 16 Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesaw, na monnhaw no.” 17 Enti Rut sesaw atoko no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporow atoko no saa anwummere no, onyaa bɛyɛ lita aduonu abien. 18 Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduan a ogyaw no maa no. 19 Naomi hui no, ɔteɛɛ mu se, “Ɛdɔɔso yiye! Na ɛhe na nnɛ woboaboaa saa atoko yi nyinaa ano fi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? AWURADE nhyira nea ɔboaa wo no!”Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kae se, “Nea meyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no, wɔfrɛ no Boas.” 20 Naomi ka kyerɛɛ nʼase no se, “AWURADE nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawu no nʼayamye. Saa ɔbarima no yɛ abusuafo a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ogyefo baako.” 21 Rut kae se, “Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me se, mensan mmra na me ne nʼawitwafo no mmɛtena nkosi bere a wobewie otwa no.” 22 Naomi teɛɛ mu se, “Anwonwasɛm ni! Yɛ nea ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfo no ntena nkosi sɛ wobewie otwa no. Wʼasom bedwo wo wɔ hɔ sen afuw biara mu.” 23 Enti Rut ne mmea a wɔwɔ Boas afum hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atoko no ano kosii atokotwa no awiei. Afei, ɔne wɔn twaa awi nso. Nanso saa bere no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.

In Other Versions

Ruth 2 in the ANGEFD

Ruth 2 in the ANTPNG2D

Ruth 2 in the AS21

Ruth 2 in the BAGH

Ruth 2 in the BBPNG

Ruth 2 in the BBT1E

Ruth 2 in the BDS

Ruth 2 in the BEV

Ruth 2 in the BHAD

Ruth 2 in the BIB

Ruth 2 in the BLPT

Ruth 2 in the BNT

Ruth 2 in the BNTABOOT

Ruth 2 in the BNTLV

Ruth 2 in the BOATCB

Ruth 2 in the BOBCV

Ruth 2 in the BOCNT

Ruth 2 in the BOECS

Ruth 2 in the BOGWICC

Ruth 2 in the BOHCB

Ruth 2 in the BOHCV

Ruth 2 in the BOHLNT

Ruth 2 in the BOHNTLTAL

Ruth 2 in the BOICB

Ruth 2 in the BOILNTAP

Ruth 2 in the BOITCV

Ruth 2 in the BOKCV

Ruth 2 in the BOKCV2

Ruth 2 in the BOKHWOG

Ruth 2 in the BOKSSV

Ruth 2 in the BOLCB

Ruth 2 in the BOLCB2

Ruth 2 in the BOMCV

Ruth 2 in the BONAV

Ruth 2 in the BONCB

Ruth 2 in the BONLT

Ruth 2 in the BONUT2

Ruth 2 in the BOPLNT

Ruth 2 in the BOSCB

Ruth 2 in the BOSNC

Ruth 2 in the BOTLNT

Ruth 2 in the BOVCB

Ruth 2 in the BOYCB

Ruth 2 in the BPBB

Ruth 2 in the BPH

Ruth 2 in the BSB

Ruth 2 in the CCB

Ruth 2 in the CUV

Ruth 2 in the CUVS

Ruth 2 in the DBT

Ruth 2 in the DGDNT

Ruth 2 in the DHNT

Ruth 2 in the DNT

Ruth 2 in the ELBE

Ruth 2 in the EMTV

Ruth 2 in the ESV

Ruth 2 in the FBV

Ruth 2 in the FEB

Ruth 2 in the GGMNT

Ruth 2 in the GNT

Ruth 2 in the HARY

Ruth 2 in the HNT

Ruth 2 in the IRVA

Ruth 2 in the IRVB

Ruth 2 in the IRVG

Ruth 2 in the IRVH

Ruth 2 in the IRVK

Ruth 2 in the IRVM

Ruth 2 in the IRVM2

Ruth 2 in the IRVO

Ruth 2 in the IRVP

Ruth 2 in the IRVT

Ruth 2 in the IRVT2

Ruth 2 in the IRVU

Ruth 2 in the ISVN

Ruth 2 in the JSNT

Ruth 2 in the KAPI

Ruth 2 in the KBT1ETNIK

Ruth 2 in the KBV

Ruth 2 in the KJV

Ruth 2 in the KNFD

Ruth 2 in the LBA

Ruth 2 in the LBLA

Ruth 2 in the LNT

Ruth 2 in the LSV

Ruth 2 in the MAAL

Ruth 2 in the MBV

Ruth 2 in the MBV2

Ruth 2 in the MHNT

Ruth 2 in the MKNFD

Ruth 2 in the MNG

Ruth 2 in the MNT

Ruth 2 in the MNT2

Ruth 2 in the MRS1T

Ruth 2 in the NAA

Ruth 2 in the NASB

Ruth 2 in the NBLA

Ruth 2 in the NBS

Ruth 2 in the NBVTP

Ruth 2 in the NET2

Ruth 2 in the NIV11

Ruth 2 in the NNT

Ruth 2 in the NNT2

Ruth 2 in the NNT3

Ruth 2 in the PDDPT

Ruth 2 in the PFNT

Ruth 2 in the RMNT

Ruth 2 in the SBIAS

Ruth 2 in the SBIBS

Ruth 2 in the SBIBS2

Ruth 2 in the SBICS

Ruth 2 in the SBIDS

Ruth 2 in the SBIGS

Ruth 2 in the SBIHS

Ruth 2 in the SBIIS

Ruth 2 in the SBIIS2

Ruth 2 in the SBIIS3

Ruth 2 in the SBIKS

Ruth 2 in the SBIKS2

Ruth 2 in the SBIMS

Ruth 2 in the SBIOS

Ruth 2 in the SBIPS

Ruth 2 in the SBISS

Ruth 2 in the SBITS

Ruth 2 in the SBITS2

Ruth 2 in the SBITS3

Ruth 2 in the SBITS4

Ruth 2 in the SBIUS

Ruth 2 in the SBIVS

Ruth 2 in the SBT

Ruth 2 in the SBT1E

Ruth 2 in the SCHL

Ruth 2 in the SNT

Ruth 2 in the SUSU

Ruth 2 in the SUSU2

Ruth 2 in the SYNO

Ruth 2 in the TBIAOTANT

Ruth 2 in the TBT1E

Ruth 2 in the TBT1E2

Ruth 2 in the TFTIP

Ruth 2 in the TFTU

Ruth 2 in the TGNTATF3T

Ruth 2 in the THAI

Ruth 2 in the TNFD

Ruth 2 in the TNT

Ruth 2 in the TNTIK

Ruth 2 in the TNTIL

Ruth 2 in the TNTIN

Ruth 2 in the TNTIP

Ruth 2 in the TNTIZ

Ruth 2 in the TOMA

Ruth 2 in the TTENT

Ruth 2 in the UBG

Ruth 2 in the UGV

Ruth 2 in the UGV2

Ruth 2 in the UGV3

Ruth 2 in the VBL

Ruth 2 in the VDCC

Ruth 2 in the YALU

Ruth 2 in the YAPE

Ruth 2 in the YBVTP

Ruth 2 in the ZBP