1 Kings 13 (BOATCB)

1 AWURADE hyɛɛ Onyame onipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na ɔduruu hɔ ɛberɛ a na Yeroboam rekɔ afɔrebukyia no ho akɔbɔ afɔdeɛ. 2 Na ɔfiri AWURADE ɔhyɛ nsɛm mu teaam guu afɔrebukyia no sɛ, “Ao, afɔrebukyia! Afɔrebukyia! Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no edin Yosia ato Dawid fie, na wo so na ɔde asɔfoɔ a wɔfiri asɔreeɛ so ha a wɔhye aduhwam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔdeɛ!’ ” 3 Ɛda no ara, Onyankopɔn onipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na ɔkaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a AWURADE ada no adi. Afɔrebukyia no mu bɛpae mmienu, na nsõ a ɛgu soɔ no ahwie agu.” 4 Ɔhene Yeroboam bo fuu Onyame onipa yi sɛ wakasa atia afɔrebukyia yi. Enti ɔtenee ne nsa wɔ ne so, teaam sɛ, “Monkyere no!” Nanso, ne nsa a ɔtenee wɔ ɔbarima no so no senseneeɛ a wantumi anyɛ ho hwee. 5 Na afɔrebukyia no mu paee mmienu, na nsõ a ɛgu so no hwie guiɛ, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn onipa nam AWURADE ɔhyɛ nsɛm so daa no adi kyerɛeɛ no. 6 Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Srɛ AWURADE, wo Onyankopɔn, ma me na me nsa no nnya ahoɔden.” Enti, Onyankopɔn onipa no srɛɛ AWURADE maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. 7 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Ma yɛnkɔ fie, na kɔdidi, na mɛma wo akyɛdeɛ bi.” 8 Nanso, Onyankopɔn onipa no buaa no sɛ, “Mpo, sɛ wode wʼagyapadeɛ mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na burodo nso, merenni na manom nsuo wɔ ha. 9 AWURADE asɛm so na wɔnam hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi burodo anaa wonom nsuo wɔ hɔ. Afei, nsane mfa ɛkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’ ” 10 Enti, ɔfiri Bet-El faa ɛkwan foforɔ so, sɛ ɔrekɔ efie. 11 Na ɛbaa sɛ na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Bet-El. Ne mmammarima bɛkaa deɛ Onyankopɔn onipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa, kyerɛɛ wɔn agya no. 12 Odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa wɔn sɛ, “Na ɔfaa he?” Na ne mmammarima no kyerɛɛ no kwan a Onyankopɔn onipa no faa so kɔeɛ. 13 Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no no, ɔhuri tenaa ne so 14 tii Onyankopɔn onipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn onipa a wofiri Yuda no anaa?”Ɔbuaa no sɛ, “Aane, me a.” 15 Afei, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ efie, na kɔdidi.” 16 Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha. 17 AWURADE hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi aduane biara anaa wonom nsuo ɛberɛ a wowɔ hɔ, anaa wofa ɛkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so sane wʼakyi.’ ” 18 Odiyifoɔ akɔkoraa no buaa sɛ, “Me nso, meyɛ odiyifoɔ sɛ wo ara. Na ɔbɔfoɔ bi kaa AWURADE asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa no sane bra wo fie, na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’ ” Nanso na odiyifoɔ akɔkoraa no redaadaa no. 19 Enti, Onyankopɔn onipa no ne no sane kɔeɛ, kɔdidi nomee wɔ ne fie. 20 Ɛberɛ a wɔte didipono ho redidi no, nkra firi AWURADE nkyɛn baa odiyifoɔ akɔkoraa no so. 21 Ɔteaam guu Onyankopɔn onipa a ɔfiri Yuda no so sɛ, “Sei na AWURADE ka: Woabu AWURADE asɛm so, na woanni ahyɛdeɛ a AWURADE, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. 22 Wosane baa ha bɛdii aduane, nom nsuo, nanso ɔka kyerɛɛ wo sɛ nni hwee, nnom hwee. Esiane yei enti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom damena mu.” 23 Na Onyankopɔn onipa no didi nom wieeɛ no, odiyifoɔ no hyehyɛɛ nʼafunumu no maa no, 24 na Onyankopɔn onipa no sii ɛkwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bɛkumm no. Nʼamu no daa ɛkwan mu a, na afunumu no ne gyata no gyinagyina ho. 25 Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɛkwan mu a gyata no gyina ho. Enti, wɔkɔbɔɔ amaneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifoɔ akɔkoraa no te hɔ. 26 Ɛberɛ a odiyifoɔ akɔkoraa no tee asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a wanni AWURADE ahyɛdeɛ so no. AWURADE ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata to hyɛɛ no so, kumm no.” 27 Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no. 28 Ɔkɔeɛ kɔhunuu sɛ amu no da ɛkwan mu. Na afunumu no ne gyata no da so gyinagyina ne ho a, gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afunumu no nso so. 29 Enti, odiyifoɔ no faa Onyankopɔn onipa no amu no de no too nʼafunumu no so, sane de no kɔɔ kurom, kɔsuu no, siee no. 30 Ɔde amu no too nʼankasa ne damena mu, firii awerɛhoɔ mu, suu no sɛ, “Ao, me nua!” 31 Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Sɛ mɛwu a, monsie me wɔ damena a wɔasie Onyankopɔn onipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. 32 Na asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka ntia afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ne abosomfie no a ɛwowɔ Samaria nkuro so no, ɛbɛba mu.” 33 Nanso, yei akyi koraa no, Yeroboam annane ne ho amfiri nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfoɔ firi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, ɔtumi yɛɛ ɔsɔfoɔ wɔ abosomfie hɔ. 34 Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, ma ne fiefoɔ nyinaa wuwuiɛ.

In Other Versions

1 Kings 13 in the ANGEFD

1 Kings 13 in the ANTPNG2D

1 Kings 13 in the AS21

1 Kings 13 in the BAGH

1 Kings 13 in the BBPNG

1 Kings 13 in the BBT1E

1 Kings 13 in the BDS

1 Kings 13 in the BEV

1 Kings 13 in the BHAD

1 Kings 13 in the BIB

1 Kings 13 in the BLPT

1 Kings 13 in the BNT

1 Kings 13 in the BNTABOOT

1 Kings 13 in the BNTLV

1 Kings 13 in the BOATCB2

1 Kings 13 in the BOBCV

1 Kings 13 in the BOCNT

1 Kings 13 in the BOECS

1 Kings 13 in the BOGWICC

1 Kings 13 in the BOHCB

1 Kings 13 in the BOHCV

1 Kings 13 in the BOHLNT

1 Kings 13 in the BOHNTLTAL

1 Kings 13 in the BOICB

1 Kings 13 in the BOILNTAP

1 Kings 13 in the BOITCV

1 Kings 13 in the BOKCV

1 Kings 13 in the BOKCV2

1 Kings 13 in the BOKHWOG

1 Kings 13 in the BOKSSV

1 Kings 13 in the BOLCB

1 Kings 13 in the BOLCB2

1 Kings 13 in the BOMCV

1 Kings 13 in the BONAV

1 Kings 13 in the BONCB

1 Kings 13 in the BONLT

1 Kings 13 in the BONUT2

1 Kings 13 in the BOPLNT

1 Kings 13 in the BOSCB

1 Kings 13 in the BOSNC

1 Kings 13 in the BOTLNT

1 Kings 13 in the BOVCB

1 Kings 13 in the BOYCB

1 Kings 13 in the BPBB

1 Kings 13 in the BPH

1 Kings 13 in the BSB

1 Kings 13 in the CCB

1 Kings 13 in the CUV

1 Kings 13 in the CUVS

1 Kings 13 in the DBT

1 Kings 13 in the DGDNT

1 Kings 13 in the DHNT

1 Kings 13 in the DNT

1 Kings 13 in the ELBE

1 Kings 13 in the EMTV

1 Kings 13 in the ESV

1 Kings 13 in the FBV

1 Kings 13 in the FEB

1 Kings 13 in the GGMNT

1 Kings 13 in the GNT

1 Kings 13 in the HARY

1 Kings 13 in the HNT

1 Kings 13 in the IRVA

1 Kings 13 in the IRVB

1 Kings 13 in the IRVG

1 Kings 13 in the IRVH

1 Kings 13 in the IRVK

1 Kings 13 in the IRVM

1 Kings 13 in the IRVM2

1 Kings 13 in the IRVO

1 Kings 13 in the IRVP

1 Kings 13 in the IRVT

1 Kings 13 in the IRVT2

1 Kings 13 in the IRVU

1 Kings 13 in the ISVN

1 Kings 13 in the JSNT

1 Kings 13 in the KAPI

1 Kings 13 in the KBT1ETNIK

1 Kings 13 in the KBV

1 Kings 13 in the KJV

1 Kings 13 in the KNFD

1 Kings 13 in the LBA

1 Kings 13 in the LBLA

1 Kings 13 in the LNT

1 Kings 13 in the LSV

1 Kings 13 in the MAAL

1 Kings 13 in the MBV

1 Kings 13 in the MBV2

1 Kings 13 in the MHNT

1 Kings 13 in the MKNFD

1 Kings 13 in the MNG

1 Kings 13 in the MNT

1 Kings 13 in the MNT2

1 Kings 13 in the MRS1T

1 Kings 13 in the NAA

1 Kings 13 in the NASB

1 Kings 13 in the NBLA

1 Kings 13 in the NBS

1 Kings 13 in the NBVTP

1 Kings 13 in the NET2

1 Kings 13 in the NIV11

1 Kings 13 in the NNT

1 Kings 13 in the NNT2

1 Kings 13 in the NNT3

1 Kings 13 in the PDDPT

1 Kings 13 in the PFNT

1 Kings 13 in the RMNT

1 Kings 13 in the SBIAS

1 Kings 13 in the SBIBS

1 Kings 13 in the SBIBS2

1 Kings 13 in the SBICS

1 Kings 13 in the SBIDS

1 Kings 13 in the SBIGS

1 Kings 13 in the SBIHS

1 Kings 13 in the SBIIS

1 Kings 13 in the SBIIS2

1 Kings 13 in the SBIIS3

1 Kings 13 in the SBIKS

1 Kings 13 in the SBIKS2

1 Kings 13 in the SBIMS

1 Kings 13 in the SBIOS

1 Kings 13 in the SBIPS

1 Kings 13 in the SBISS

1 Kings 13 in the SBITS

1 Kings 13 in the SBITS2

1 Kings 13 in the SBITS3

1 Kings 13 in the SBITS4

1 Kings 13 in the SBIUS

1 Kings 13 in the SBIVS

1 Kings 13 in the SBT

1 Kings 13 in the SBT1E

1 Kings 13 in the SCHL

1 Kings 13 in the SNT

1 Kings 13 in the SUSU

1 Kings 13 in the SUSU2

1 Kings 13 in the SYNO

1 Kings 13 in the TBIAOTANT

1 Kings 13 in the TBT1E

1 Kings 13 in the TBT1E2

1 Kings 13 in the TFTIP

1 Kings 13 in the TFTU

1 Kings 13 in the TGNTATF3T

1 Kings 13 in the THAI

1 Kings 13 in the TNFD

1 Kings 13 in the TNT

1 Kings 13 in the TNTIK

1 Kings 13 in the TNTIL

1 Kings 13 in the TNTIN

1 Kings 13 in the TNTIP

1 Kings 13 in the TNTIZ

1 Kings 13 in the TOMA

1 Kings 13 in the TTENT

1 Kings 13 in the UBG

1 Kings 13 in the UGV

1 Kings 13 in the UGV2

1 Kings 13 in the UGV3

1 Kings 13 in the VBL

1 Kings 13 in the VDCC

1 Kings 13 in the YALU

1 Kings 13 in the YAPE

1 Kings 13 in the YBVTP

1 Kings 13 in the ZBP