1 Kings 13 (BOATCB2)

1 AWURADE hyɛɛ Onyame nipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na oduu hɔ bere a na Yeroboam rekɔ afɔremuka no ho akɔbɔ afɔre. 2 Na ɔde AWURADE nsɛm mu teɛɛ mu guu afɔremuka no so se, “Afɔremuka! Afɔremuka! Sɛnea AWURADE se ni: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no din Yosia ato Dawid fi, na wo so na ɔde asɔfo a wofi nsɔree so ha a wɔhyew aduhuam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔre!’ ” 3 Da no ara, Onyankopɔn nipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na ɔkae se, “Eyi ne nsɛnkyerɛnne a AWURADE ada no adi. Afɔremuka no mu bɛpae abien, na nsõ a egu so no ahwie agu.” 4 Ɔhene Yeroboam bo fuw Onyame nipa yi sɛ wakasa atia afɔremuka yi. Enti ɔteɛɛ ne nsa wɔ ne so, teɛɛ mu se, “Monkyere no!” Nanso ne nsa a ɔteɛɛ wɔ ɔbarima no so no sinsenii a wantumi anyɛ ho hwee. 5 Na afɔremuka no mu paee abien, na nsõ a egu so no hwie gui, sɛnea nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nipa nam AWURADE nsɛm so daa no adi kyerɛɛ no. 6 Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Srɛ AWURADE, wo Nyankopɔn, ma me na me nsa no nya ahoɔden.” Enti Onyankopɔn nipa no srɛɛ AWURADE maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan no. 7 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi, na mɛma wo akyɛde bi.” 8 Nanso Onyankopɔn nipa no buaa no se, “Mpo, sɛ wode wʼagyapade mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na brodo nso, merenni na manom nsu wɔ ha. 9 AWURADE asɛm so na wɔnam hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi brodo anaa wonom nsu wɔ hɔ. Afei, nsan mfa ɔkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’ ” 10 Enti ofi Bet-El faa ɔkwan foforo so sɛ ɔrekɔ fie. 11 Na ɛbaa sɛ na odiyifo akwakoraa bi te Bet-El. Ne mmabarima bɛkaa nea Onyankopɔn nipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa kyerɛɛ wɔn agya no. 12 Odiyifo akwakoraa no bisaa wɔn se, “Na ɔfaa he?” Na ne mmabarima no kyerɛɛ no ɔkwan a Onyankopɔn nipa no faa so kɔe. 13 Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no maa no no, ohuruw tenaa ne so 14 tiw Onyankopɔn nipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifo akwakoraa no bisaa no se, “Wone Onyankopɔn nipa a wufi Yuda no ana?”Obuaa no se, “Yiw, ɛyɛ me.” 15 Afei, odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi.” 16 Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no se, “Merentumi nsan mʼakyi. Minni ho kwan sɛ mididi anaa menom nsu wɔ ha. 17 AWURADE hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi aduan biara anaa wonom nsu bere a wowɔ hɔ, anaa wofa ɔkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so san wʼakyi.’ ” 18 Odiyifo akwakoraa no buae se, “Me nso, meyɛ odiyifo sɛ wo ara. Na ɔbɔfo bi kaa AWURADE asɛm kyerɛɛ me se, ‘Fa no san bra wo fi, na ommedidi na ɔnnom nsu.’ ” Nanso na odiyifo akwakoraa no redaadaa no. 19 Enti Onyankopɔn nipa no ne no san kɔe, kodidi nomee wɔ ne fi. 20 Bere a wɔte didipon ho redidi no, nkra fi AWURADE nkyɛn baa odiyifo akwakoraa no so. 21 Ɔteɛɛ mu guu Onyankopɔn nipa a ofi Yuda no so se, “Sɛɛ na AWURADE ka: Woabu AWURADE asɛm so, na woanni ahyɛde a AWURADE, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. 22 Wosan baa ha bedii aduan, nom nsu, nanso ɔka kyerɛɛ wo se nni hwee, nnom hwee. Esiane eyi nti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom da mu.” 23 Na Onyankopɔn nipa no didi nom wiei no, odiyifo no hyehyɛɛ nʼafurum no maa no, 24 na Onyankopɔn nipa no sii kwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bekum no. Nʼamu no daa ɔkwan mu a, na afurum no ne gyata no gyinagyina ho. 25 Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɔkwan mu a gyata no gyina ho. Enti wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifo akwakoraa no te hɔ. 26 Bere a odiyifo akwakoraa no tee asɛm no, ɔkae se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a wanni AWURADE ahyɛde so no. AWURADE ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata tow hyɛɛ no so, kum no.” 27 Na odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no. 28 Ɔkɔ kohuu sɛ amu no da ɔkwan mu. Na afurum no ne gyata no da so gyinagyina ne ho, a gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afurum no nso so. 29 Enti odiyifo no faa Onyankopɔn nipa no amu no de no too nʼafurum no so, san de no kɔɔ kurom, kosuu no, siee no. 30 Ɔde amu no too nʼankasa ne da mu, fii awerɛhow mu, suu no se, “Ao, me nua!” 31 Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Sɛ mewu a, munsie me wɔ ɔda a woasie Onyankopɔn nipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. 32 Na asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no se ɔnka ntia afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ne abosomfi no a ɛwowɔ Samaria nkurow so no, ɛbɛba mu.” 33 Nanso eyi akyi koraa no, Yeroboam annan ne ho amfi nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfo fi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, otumi yɛɛ ɔsɔfo wɔ abosomfi hɔ. 34 Eyi bɛyɛɛ bɔne kɛse, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, maa ne fifo nyinaa wuwui.

In Other Versions

1 Kings 13 in the ANGEFD

1 Kings 13 in the ANTPNG2D

1 Kings 13 in the AS21

1 Kings 13 in the BAGH

1 Kings 13 in the BBPNG

1 Kings 13 in the BBT1E

1 Kings 13 in the BDS

1 Kings 13 in the BEV

1 Kings 13 in the BHAD

1 Kings 13 in the BIB

1 Kings 13 in the BLPT

1 Kings 13 in the BNT

1 Kings 13 in the BNTABOOT

1 Kings 13 in the BNTLV

1 Kings 13 in the BOATCB

1 Kings 13 in the BOBCV

1 Kings 13 in the BOCNT

1 Kings 13 in the BOECS

1 Kings 13 in the BOGWICC

1 Kings 13 in the BOHCB

1 Kings 13 in the BOHCV

1 Kings 13 in the BOHLNT

1 Kings 13 in the BOHNTLTAL

1 Kings 13 in the BOICB

1 Kings 13 in the BOILNTAP

1 Kings 13 in the BOITCV

1 Kings 13 in the BOKCV

1 Kings 13 in the BOKCV2

1 Kings 13 in the BOKHWOG

1 Kings 13 in the BOKSSV

1 Kings 13 in the BOLCB

1 Kings 13 in the BOLCB2

1 Kings 13 in the BOMCV

1 Kings 13 in the BONAV

1 Kings 13 in the BONCB

1 Kings 13 in the BONLT

1 Kings 13 in the BONUT2

1 Kings 13 in the BOPLNT

1 Kings 13 in the BOSCB

1 Kings 13 in the BOSNC

1 Kings 13 in the BOTLNT

1 Kings 13 in the BOVCB

1 Kings 13 in the BOYCB

1 Kings 13 in the BPBB

1 Kings 13 in the BPH

1 Kings 13 in the BSB

1 Kings 13 in the CCB

1 Kings 13 in the CUV

1 Kings 13 in the CUVS

1 Kings 13 in the DBT

1 Kings 13 in the DGDNT

1 Kings 13 in the DHNT

1 Kings 13 in the DNT

1 Kings 13 in the ELBE

1 Kings 13 in the EMTV

1 Kings 13 in the ESV

1 Kings 13 in the FBV

1 Kings 13 in the FEB

1 Kings 13 in the GGMNT

1 Kings 13 in the GNT

1 Kings 13 in the HARY

1 Kings 13 in the HNT

1 Kings 13 in the IRVA

1 Kings 13 in the IRVB

1 Kings 13 in the IRVG

1 Kings 13 in the IRVH

1 Kings 13 in the IRVK

1 Kings 13 in the IRVM

1 Kings 13 in the IRVM2

1 Kings 13 in the IRVO

1 Kings 13 in the IRVP

1 Kings 13 in the IRVT

1 Kings 13 in the IRVT2

1 Kings 13 in the IRVU

1 Kings 13 in the ISVN

1 Kings 13 in the JSNT

1 Kings 13 in the KAPI

1 Kings 13 in the KBT1ETNIK

1 Kings 13 in the KBV

1 Kings 13 in the KJV

1 Kings 13 in the KNFD

1 Kings 13 in the LBA

1 Kings 13 in the LBLA

1 Kings 13 in the LNT

1 Kings 13 in the LSV

1 Kings 13 in the MAAL

1 Kings 13 in the MBV

1 Kings 13 in the MBV2

1 Kings 13 in the MHNT

1 Kings 13 in the MKNFD

1 Kings 13 in the MNG

1 Kings 13 in the MNT

1 Kings 13 in the MNT2

1 Kings 13 in the MRS1T

1 Kings 13 in the NAA

1 Kings 13 in the NASB

1 Kings 13 in the NBLA

1 Kings 13 in the NBS

1 Kings 13 in the NBVTP

1 Kings 13 in the NET2

1 Kings 13 in the NIV11

1 Kings 13 in the NNT

1 Kings 13 in the NNT2

1 Kings 13 in the NNT3

1 Kings 13 in the PDDPT

1 Kings 13 in the PFNT

1 Kings 13 in the RMNT

1 Kings 13 in the SBIAS

1 Kings 13 in the SBIBS

1 Kings 13 in the SBIBS2

1 Kings 13 in the SBICS

1 Kings 13 in the SBIDS

1 Kings 13 in the SBIGS

1 Kings 13 in the SBIHS

1 Kings 13 in the SBIIS

1 Kings 13 in the SBIIS2

1 Kings 13 in the SBIIS3

1 Kings 13 in the SBIKS

1 Kings 13 in the SBIKS2

1 Kings 13 in the SBIMS

1 Kings 13 in the SBIOS

1 Kings 13 in the SBIPS

1 Kings 13 in the SBISS

1 Kings 13 in the SBITS

1 Kings 13 in the SBITS2

1 Kings 13 in the SBITS3

1 Kings 13 in the SBITS4

1 Kings 13 in the SBIUS

1 Kings 13 in the SBIVS

1 Kings 13 in the SBT

1 Kings 13 in the SBT1E

1 Kings 13 in the SCHL

1 Kings 13 in the SNT

1 Kings 13 in the SUSU

1 Kings 13 in the SUSU2

1 Kings 13 in the SYNO

1 Kings 13 in the TBIAOTANT

1 Kings 13 in the TBT1E

1 Kings 13 in the TBT1E2

1 Kings 13 in the TFTIP

1 Kings 13 in the TFTU

1 Kings 13 in the TGNTATF3T

1 Kings 13 in the THAI

1 Kings 13 in the TNFD

1 Kings 13 in the TNT

1 Kings 13 in the TNTIK

1 Kings 13 in the TNTIL

1 Kings 13 in the TNTIN

1 Kings 13 in the TNTIP

1 Kings 13 in the TNTIZ

1 Kings 13 in the TOMA

1 Kings 13 in the TTENT

1 Kings 13 in the UBG

1 Kings 13 in the UGV

1 Kings 13 in the UGV2

1 Kings 13 in the UGV3

1 Kings 13 in the VBL

1 Kings 13 in the VDCC

1 Kings 13 in the YALU

1 Kings 13 in the YAPE

1 Kings 13 in the YBVTP

1 Kings 13 in the ZBP