1 Kings 14 (BOATCB)

1 Saa ɛberɛ no, Yeroboam babarima Abia yaree dendeenden. 2 Enti, Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Sesa wo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu wo sɛ wone ɔhemmaa no. Na kɔ odiyifoɔ Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔhene no, nkyɛn wɔ Silo. 3 Fa burodo mua edu, ɔfam ne ɛwoɔ akɔtoa kɔkyɛ no, na bisa no deɛ ɛbɛba abarimaa no so.” 4 Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo. Saa ɛberɛ no na wabɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ. 5 Nanso, na AWURADE aka akyerɛ Ahiya sɛ, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforɔ. Ɔbɛbisa wo ne babarima no ho asɛm, ɛfiri sɛ, ɔyare dendeenden. Sɛ ɛba saa a, fa mmuaeɛ a mede bɛma wo no ma no.” 6 Na Ahiya tee ne nan ase wɔ ɛpono ano no, ɔfrɛɛ sɛ, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn enti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforɔ?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo. 7 Fa saa nkra yi a ɛfiri AWURADE, Israel Onyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam sɛ, ‘Mepagyaa wo firi mpapahwekwaa mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene. 8 Metuu ahemman no ase firii Dawid fie, de maa wo. Nanso, woammu wo bra, te sɛ me ɔsomfoɔ Dawid a ɔdii mʼahyɛdeɛ so a ɔde nʼakoma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no. 9 Bɔne a woayɛ no dɔɔso kyɛn wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo woɔ no. Woayɛ anyame afoforɔ ma ɛnam so ama me bo afu wo, wo sikakɔkɔɔ nantwie mma no enti. Na ɛsiane sɛ woadane wʼakyi akyerɛ me enti, 10 mede amanehunu bɛba wo fie ahennie nnidisoɔ so, na makum wo mmammarima nyinaa, akoa ne deɛ ɔdi ne ho so nso. Mɛhye wʼahennie nnidisoɔ no ase, sɛdeɛ obi hye wura ma aseɛ tu koraa no. 11 Me, AWURADE, meka ntam sɛ, wo fiefoɔ a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu no, nkraman na wɔbɛwe wɔn ɛnam, na wɔn a wɔbɛwuwu wiram no nso, apete na wɔbɛsosɔ wɔn ɛnam.’ ” 12 Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere sɛ, “Kɔ efie, na sɛ wowura kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu. 13 Na Israel nyinaa bɛsu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ɔfiri mo fie a wɔbɛsie no yie, na saa abɔfra no nko na AWURADE, Israel Onyankopɔn, hunu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fiefoɔ nyinaa mu. 14 Na AWURADE bɛpagya ɔhene adi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fiefoɔ ase. Saa asɛm no bɛsi ɛnnɛ yi ara, saa dɔnhwereɛ yi ara mu. 15 Na AWURADE bɛwoso Israel te sɛ sibire a ɛhinhim wɔ asuwa ani. Ɔbɛtutu Israelfoɔ ase afiri saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, ɛfiri sɛ, wɔnam som a wɔsom Asera afɔrebukyia no so ahyɛ AWURADE abufuo. 16 Ɔbɛto Israel asaworam, ɛfiri sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.” 17 Na Yeroboam yere sane kɔɔ Tirsa. Na ɛberɛ a ɔwuraa ne fie no, abɔfra no wuiɛ. 18 Ɛberɛ a Israelfoɔ siee no no, wɔsuu no sɛdeɛ AWURADE nam odiyifoɔ Ahiya so hyɛeɛ no. 19 Yeroboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ, nʼakodie nyinaa ne ɛkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma Mu. 20 Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel mfeɛ aduonu mmienu. Ɔwuiɛ no, ne babarima Nadab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 21 Na Salomo babarima Rehoboam na na ɔdi ɔhene wɔ Yuda. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yerusalem, kuro a na AWURADE ayi wɔ Israel mmusuakuo no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔyɛ Amonni. 22 Ɛberɛ a na Rehoboam di adeɛ no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne AWURADE anim, maa ne bo fuu wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sene deɛ wɔn agyanom no yɛeɛ mpo. 23 Wɔsisii abosomfie, gyinaa nnannua a wɔate ho ne Asera afɔrebukyia wɔ bepɔ biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. 24 Mpo, na abosomfie mmarima nnwamanfoɔ wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwadeɛ ahodoɔ a amanaman a wɔsom abosom no yɛeɛ enti a AWURADE pamoo wɔn firii asase no so maa Israelfoɔ no. 25 Rehoboam dii adeɛ ne mfeɛ enum so no, Misraimhene Sisak bɛto hyɛɛ Yerusalem so. 26 Ɔbɔ wuraa AWURADE Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛeɛ no ka ho. 27 Akyire yi, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfie awɛmfoɔ no nsa sɛ wɔnhwɛ so. 28 Ɛberɛ biara a ɔhene no kɔ AWURADE Asɔredan mu hɔ no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ bi, na sɛ ɔwie na ɔreba a, wɔsane de bɛgu awɛmfoɔ ɛdan no mu. 29 Na Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma a ɔdiiɛ no deɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 30 Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. 31 Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom koraberɛ wɔ Dawid kurom. Na ne maame din de Naama a ɔyɛ Amonni baa. Afei, ne babarima a ne din de Abiyam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

In Other Versions

1 Kings 14 in the ANGEFD

1 Kings 14 in the ANTPNG2D

1 Kings 14 in the AS21

1 Kings 14 in the BAGH

1 Kings 14 in the BBPNG

1 Kings 14 in the BBT1E

1 Kings 14 in the BDS

1 Kings 14 in the BEV

1 Kings 14 in the BHAD

1 Kings 14 in the BIB

1 Kings 14 in the BLPT

1 Kings 14 in the BNT

1 Kings 14 in the BNTABOOT

1 Kings 14 in the BNTLV

1 Kings 14 in the BOATCB2

1 Kings 14 in the BOBCV

1 Kings 14 in the BOCNT

1 Kings 14 in the BOECS

1 Kings 14 in the BOGWICC

1 Kings 14 in the BOHCB

1 Kings 14 in the BOHCV

1 Kings 14 in the BOHLNT

1 Kings 14 in the BOHNTLTAL

1 Kings 14 in the BOICB

1 Kings 14 in the BOILNTAP

1 Kings 14 in the BOITCV

1 Kings 14 in the BOKCV

1 Kings 14 in the BOKCV2

1 Kings 14 in the BOKHWOG

1 Kings 14 in the BOKSSV

1 Kings 14 in the BOLCB

1 Kings 14 in the BOLCB2

1 Kings 14 in the BOMCV

1 Kings 14 in the BONAV

1 Kings 14 in the BONCB

1 Kings 14 in the BONLT

1 Kings 14 in the BONUT2

1 Kings 14 in the BOPLNT

1 Kings 14 in the BOSCB

1 Kings 14 in the BOSNC

1 Kings 14 in the BOTLNT

1 Kings 14 in the BOVCB

1 Kings 14 in the BOYCB

1 Kings 14 in the BPBB

1 Kings 14 in the BPH

1 Kings 14 in the BSB

1 Kings 14 in the CCB

1 Kings 14 in the CUV

1 Kings 14 in the CUVS

1 Kings 14 in the DBT

1 Kings 14 in the DGDNT

1 Kings 14 in the DHNT

1 Kings 14 in the DNT

1 Kings 14 in the ELBE

1 Kings 14 in the EMTV

1 Kings 14 in the ESV

1 Kings 14 in the FBV

1 Kings 14 in the FEB

1 Kings 14 in the GGMNT

1 Kings 14 in the GNT

1 Kings 14 in the HARY

1 Kings 14 in the HNT

1 Kings 14 in the IRVA

1 Kings 14 in the IRVB

1 Kings 14 in the IRVG

1 Kings 14 in the IRVH

1 Kings 14 in the IRVK

1 Kings 14 in the IRVM

1 Kings 14 in the IRVM2

1 Kings 14 in the IRVO

1 Kings 14 in the IRVP

1 Kings 14 in the IRVT

1 Kings 14 in the IRVT2

1 Kings 14 in the IRVU

1 Kings 14 in the ISVN

1 Kings 14 in the JSNT

1 Kings 14 in the KAPI

1 Kings 14 in the KBT1ETNIK

1 Kings 14 in the KBV

1 Kings 14 in the KJV

1 Kings 14 in the KNFD

1 Kings 14 in the LBA

1 Kings 14 in the LBLA

1 Kings 14 in the LNT

1 Kings 14 in the LSV

1 Kings 14 in the MAAL

1 Kings 14 in the MBV

1 Kings 14 in the MBV2

1 Kings 14 in the MHNT

1 Kings 14 in the MKNFD

1 Kings 14 in the MNG

1 Kings 14 in the MNT

1 Kings 14 in the MNT2

1 Kings 14 in the MRS1T

1 Kings 14 in the NAA

1 Kings 14 in the NASB

1 Kings 14 in the NBLA

1 Kings 14 in the NBS

1 Kings 14 in the NBVTP

1 Kings 14 in the NET2

1 Kings 14 in the NIV11

1 Kings 14 in the NNT

1 Kings 14 in the NNT2

1 Kings 14 in the NNT3

1 Kings 14 in the PDDPT

1 Kings 14 in the PFNT

1 Kings 14 in the RMNT

1 Kings 14 in the SBIAS

1 Kings 14 in the SBIBS

1 Kings 14 in the SBIBS2

1 Kings 14 in the SBICS

1 Kings 14 in the SBIDS

1 Kings 14 in the SBIGS

1 Kings 14 in the SBIHS

1 Kings 14 in the SBIIS

1 Kings 14 in the SBIIS2

1 Kings 14 in the SBIIS3

1 Kings 14 in the SBIKS

1 Kings 14 in the SBIKS2

1 Kings 14 in the SBIMS

1 Kings 14 in the SBIOS

1 Kings 14 in the SBIPS

1 Kings 14 in the SBISS

1 Kings 14 in the SBITS

1 Kings 14 in the SBITS2

1 Kings 14 in the SBITS3

1 Kings 14 in the SBITS4

1 Kings 14 in the SBIUS

1 Kings 14 in the SBIVS

1 Kings 14 in the SBT

1 Kings 14 in the SBT1E

1 Kings 14 in the SCHL

1 Kings 14 in the SNT

1 Kings 14 in the SUSU

1 Kings 14 in the SUSU2

1 Kings 14 in the SYNO

1 Kings 14 in the TBIAOTANT

1 Kings 14 in the TBT1E

1 Kings 14 in the TBT1E2

1 Kings 14 in the TFTIP

1 Kings 14 in the TFTU

1 Kings 14 in the TGNTATF3T

1 Kings 14 in the THAI

1 Kings 14 in the TNFD

1 Kings 14 in the TNT

1 Kings 14 in the TNTIK

1 Kings 14 in the TNTIL

1 Kings 14 in the TNTIN

1 Kings 14 in the TNTIP

1 Kings 14 in the TNTIZ

1 Kings 14 in the TOMA

1 Kings 14 in the TTENT

1 Kings 14 in the UBG

1 Kings 14 in the UGV

1 Kings 14 in the UGV2

1 Kings 14 in the UGV3

1 Kings 14 in the VBL

1 Kings 14 in the VDCC

1 Kings 14 in the YALU

1 Kings 14 in the YAPE

1 Kings 14 in the YBVTP

1 Kings 14 in the ZBP