1 Kings 14 (BOATCB2)

1 Saa bere no, Yeroboam babarima Abia yaree denneennen. 2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere se, “Sesa wo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu wo sɛ wone ɔhemmea no. Na kɔ odiyifo Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me se medi hene no nkyɛn wɔ Silo. 3 Fa brodo mua du, ɔfam ne ɛwo tumpan kɔkyɛ no, na bisa no nea ɛbɛba abarimaa no so.” 4 Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fi wɔ Silo. Saa bere no na wabɔ akwakoraa a onhu ade. 5 Nanso na AWURADE aka akyerɛ Ahiya se, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforo. Obebisa wo ne babarima no ho asɛm, efisɛ ɔyare denneennen. Sɛ ɛba saa a, fa mmuae a mede bɛma wo no ma no.” 6 Na Ahiya tee ne nan ase wɔ pon ano no, ɔfrɛe se, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn nti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforo?” Na ɔka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo. 7 Fa saa nkra yi a efi AWURADE, Israel Nyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam se, ‘Mepagyaw wo fi mpapahwekwa mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene. 8 Mituu ahemman no ase fii Dawid fi, de maa wo. Nanso woammu wo bra te sɛ me somfo Dawid a odii mʼahyɛde so a ɔde ne koma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no. 9 Bɔne a woayɛ no dɔɔso sen wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo wo no. Woayɛ anyame afoforo ma ɛnam so ama me bo afuw wo, wo sikakɔkɔɔ nantwi mma no nti. Na esiane sɛ woadan wʼakyi akyerɛ me nti, 10 mede amanehunu bɛba wo fi ahenni nnidiso so, na mekum wo mmabarima nyinaa, akoa ne nea odi ne ho so nso. Mɛhyew wʼahenni nnidiso no ase, sɛnea obi hyew wura ma ase tu koraa no. 11 Me, AWURADE, meka ntam se, wo fifo a wobewuwu wɔ kurow no mu no, akraman na wɔbɛwe wɔn nam, na wɔn a wobewuwu wuram no nso, apete na wɔbɛsosɔw wɔn nam.’ ” 12 Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere se, “Kɔ fie, na sɛ wuwura kurow no mu ara pɛ a, abofra no bewu. 13 Na Israel nyinaa besu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ofi mo fi a wobesie no yiye, na saa abofra no nko na AWURADE, Israel Nyankopɔn, hu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fifo nyinaa mu. 14 Na AWURADE bɛpagyaw ne hene a obedi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fifo ase. Saa asɛm no besi nnɛ yi ara, saa dɔnhwerew yi ara mu. 15 Na AWURADE bɛwosow Israel te sɛ sibiri a ehinhim wɔ asuwa ani. Obetutu Israelfo ase afi saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, efisɛ wɔnam som a wɔsom Asera nnua no so ahyɛ AWURADE abufuw. 16 Ɔbɛto Israel asaworam, efisɛ Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.” 17 Na Yeroboam yere san kɔɔ Tirsa. Na bere a owuraa ne fi no, abofra no wui. 18 Bere a Israelfo siee no no, wosuu no sɛnea AWURADE nam odiyifo Ahiya so hyɛe no. 19 Yeroboam ahenni ho nsɛm nkae, nʼakodi nyinaa ne ɔkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma Mu. 20 Yeroboam dii ade wɔ Israel mfe aduonu abien. Owui no, ne babarima Nadab na odii nʼade sɛ ɔhene. 21 Na Salomo babarima Rehoboam na na odi hene wɔ Yuda. Bere a odii ade no, na wadi mfe aduanan baako, na odii ade mfe dunson wɔ Yerusalem, kurow a na AWURADE ayi wɔ Israel mmusuakuw no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. 22 Bere a na Rehoboam di ade no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne AWURADE anim, maa ne bo fuw wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sen nea wɔn agyanom no yɛe mpo. 23 Wosisii abosomfi, gyinaa dannua a wɔatew ho ne Asera nnua wɔ bepɔw biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. 24 Mpo, na abosomfi mmarima nguamanfo wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwade ahorow a amanaman a wɔsom abosom no yɛe nti a AWURADE pam wɔn fii asase no so maa Israelfo no. 25 Rehoboam dii ade ne mfe anum so no, Misraimhene Sisak bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. 26 Ɔbɔ wuraa AWURADE Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛe no ka ho. 27 Akyiri no, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo no nsa sɛ wɔnhwɛ so. 28 Bere biara a ɔhene no kɔ AWURADE Asɔredan mu hɔ no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu. 29 Na Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma a odii no de, wɔankyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 30 Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. 31 Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom korabea wɔ Dawid kurom. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonnibea. Na ne babarima a ne din de Abiyam na odii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

1 Kings 14 in the ANGEFD

1 Kings 14 in the ANTPNG2D

1 Kings 14 in the AS21

1 Kings 14 in the BAGH

1 Kings 14 in the BBPNG

1 Kings 14 in the BBT1E

1 Kings 14 in the BDS

1 Kings 14 in the BEV

1 Kings 14 in the BHAD

1 Kings 14 in the BIB

1 Kings 14 in the BLPT

1 Kings 14 in the BNT

1 Kings 14 in the BNTABOOT

1 Kings 14 in the BNTLV

1 Kings 14 in the BOATCB

1 Kings 14 in the BOBCV

1 Kings 14 in the BOCNT

1 Kings 14 in the BOECS

1 Kings 14 in the BOGWICC

1 Kings 14 in the BOHCB

1 Kings 14 in the BOHCV

1 Kings 14 in the BOHLNT

1 Kings 14 in the BOHNTLTAL

1 Kings 14 in the BOICB

1 Kings 14 in the BOILNTAP

1 Kings 14 in the BOITCV

1 Kings 14 in the BOKCV

1 Kings 14 in the BOKCV2

1 Kings 14 in the BOKHWOG

1 Kings 14 in the BOKSSV

1 Kings 14 in the BOLCB

1 Kings 14 in the BOLCB2

1 Kings 14 in the BOMCV

1 Kings 14 in the BONAV

1 Kings 14 in the BONCB

1 Kings 14 in the BONLT

1 Kings 14 in the BONUT2

1 Kings 14 in the BOPLNT

1 Kings 14 in the BOSCB

1 Kings 14 in the BOSNC

1 Kings 14 in the BOTLNT

1 Kings 14 in the BOVCB

1 Kings 14 in the BOYCB

1 Kings 14 in the BPBB

1 Kings 14 in the BPH

1 Kings 14 in the BSB

1 Kings 14 in the CCB

1 Kings 14 in the CUV

1 Kings 14 in the CUVS

1 Kings 14 in the DBT

1 Kings 14 in the DGDNT

1 Kings 14 in the DHNT

1 Kings 14 in the DNT

1 Kings 14 in the ELBE

1 Kings 14 in the EMTV

1 Kings 14 in the ESV

1 Kings 14 in the FBV

1 Kings 14 in the FEB

1 Kings 14 in the GGMNT

1 Kings 14 in the GNT

1 Kings 14 in the HARY

1 Kings 14 in the HNT

1 Kings 14 in the IRVA

1 Kings 14 in the IRVB

1 Kings 14 in the IRVG

1 Kings 14 in the IRVH

1 Kings 14 in the IRVK

1 Kings 14 in the IRVM

1 Kings 14 in the IRVM2

1 Kings 14 in the IRVO

1 Kings 14 in the IRVP

1 Kings 14 in the IRVT

1 Kings 14 in the IRVT2

1 Kings 14 in the IRVU

1 Kings 14 in the ISVN

1 Kings 14 in the JSNT

1 Kings 14 in the KAPI

1 Kings 14 in the KBT1ETNIK

1 Kings 14 in the KBV

1 Kings 14 in the KJV

1 Kings 14 in the KNFD

1 Kings 14 in the LBA

1 Kings 14 in the LBLA

1 Kings 14 in the LNT

1 Kings 14 in the LSV

1 Kings 14 in the MAAL

1 Kings 14 in the MBV

1 Kings 14 in the MBV2

1 Kings 14 in the MHNT

1 Kings 14 in the MKNFD

1 Kings 14 in the MNG

1 Kings 14 in the MNT

1 Kings 14 in the MNT2

1 Kings 14 in the MRS1T

1 Kings 14 in the NAA

1 Kings 14 in the NASB

1 Kings 14 in the NBLA

1 Kings 14 in the NBS

1 Kings 14 in the NBVTP

1 Kings 14 in the NET2

1 Kings 14 in the NIV11

1 Kings 14 in the NNT

1 Kings 14 in the NNT2

1 Kings 14 in the NNT3

1 Kings 14 in the PDDPT

1 Kings 14 in the PFNT

1 Kings 14 in the RMNT

1 Kings 14 in the SBIAS

1 Kings 14 in the SBIBS

1 Kings 14 in the SBIBS2

1 Kings 14 in the SBICS

1 Kings 14 in the SBIDS

1 Kings 14 in the SBIGS

1 Kings 14 in the SBIHS

1 Kings 14 in the SBIIS

1 Kings 14 in the SBIIS2

1 Kings 14 in the SBIIS3

1 Kings 14 in the SBIKS

1 Kings 14 in the SBIKS2

1 Kings 14 in the SBIMS

1 Kings 14 in the SBIOS

1 Kings 14 in the SBIPS

1 Kings 14 in the SBISS

1 Kings 14 in the SBITS

1 Kings 14 in the SBITS2

1 Kings 14 in the SBITS3

1 Kings 14 in the SBITS4

1 Kings 14 in the SBIUS

1 Kings 14 in the SBIVS

1 Kings 14 in the SBT

1 Kings 14 in the SBT1E

1 Kings 14 in the SCHL

1 Kings 14 in the SNT

1 Kings 14 in the SUSU

1 Kings 14 in the SUSU2

1 Kings 14 in the SYNO

1 Kings 14 in the TBIAOTANT

1 Kings 14 in the TBT1E

1 Kings 14 in the TBT1E2

1 Kings 14 in the TFTIP

1 Kings 14 in the TFTU

1 Kings 14 in the TGNTATF3T

1 Kings 14 in the THAI

1 Kings 14 in the TNFD

1 Kings 14 in the TNT

1 Kings 14 in the TNTIK

1 Kings 14 in the TNTIL

1 Kings 14 in the TNTIN

1 Kings 14 in the TNTIP

1 Kings 14 in the TNTIZ

1 Kings 14 in the TOMA

1 Kings 14 in the TTENT

1 Kings 14 in the UBG

1 Kings 14 in the UGV

1 Kings 14 in the UGV2

1 Kings 14 in the UGV3

1 Kings 14 in the VBL

1 Kings 14 in the VDCC

1 Kings 14 in the YALU

1 Kings 14 in the YAPE

1 Kings 14 in the YBVTP

1 Kings 14 in the ZBP