1 Kings 15 (BOATCB)

1 Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel ne mfeɛ dunwɔtwe soɔ no, Abiyam hyɛɛ nʼadedie ase sɛ ɔhene wɔ Yuda. 2 Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmiɛnsa. Na ne maame din de Maaka a ɔyɛ Absalom babaa. 3 Nʼagya bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na nʼakoma nni AWURADE ne Onyankopɔn mu, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. 4 Nanso, ɛsiane Dawid enti, AWURADE, ne Onyankopɔn maa nʼasefoɔ kwan ma wɔkɔɔ so dii adeɛ, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a ɔbɛdi nʼadeɛ wɔ Yerusalem. 5 Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ wɔ AWURADE ani so. Ɔdii AWURADE ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara. 6 Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. 7 Nsɛm a aka a ɛsisii wɔ Abiyam ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔko daa Abia ne Yeroboam ntam ɛberɛ biara. 8 Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 9 Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel ne mfeɛ aduonu so no, Asa bɛdii ɔhene wɔ Yuda. 10 Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nanabaa Maaka a na ɔyɛ Absalom babaa. 11 Asa yɛɛ deɛ ɛsɔ AWURADE ani, sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no. 12 Ɔpamoo asɔreeɛ so nnwamanfoɔ nyinaa firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a nʼagyanom yɛeɛ no nyinaa. 13 Na mpo, ɔtuu ne nanabaa Maaka firii ahemaadwa no so, ɛfiri sɛ, na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwadeɛ. Asa twaa dua no na ɔhyee no wɔ Kidron bɔnhwa mu. 14 Ɛwom sɛ wɔansɛe abosonnan no nyinaa koraa deɛ, nanso, Asa kɔɔ so de nʼakoma hyɛɛ AWURADE mu nʼasetena nyinaa mu. 15 Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too edin de maa AWURADE Asɔredan no baeɛ. 16 Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. 17 Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama banbɔ sɛdeɛ obi ntumi nni ahyɛnfirie wɔ Yudahene Asa asase so. 18 Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ AWURADE Asɔredan no akoradan mu ne deɛ na ɛwɔ ahemfie no akoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanimfoɔ no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho. 19 “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforɔ. Tie, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Afei, twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.” 20 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼakodɔm, ma wɔkɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii nkuro Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. 21 Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ɔgyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ. 22 Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa sɛ ɔhwehwɛ sɛ obiara biara bɛboa asoa ɛdansie aboɔ ne nnua a na Baasa de reyɛ banbɔdwuma wɔ Rama no afiri hɔ. Asa de saa banbɔ nneɛma no kyekyeree kuro Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa kuro no. 23 Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔduruiɛ no, ne nkuro a ɔkyekyereɛ no nyinaa din no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ne nkɔkoraabɔ mu no, ɔyaree ne nan. 24 Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 25 Yeroboam babarima Nadab hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Israel ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ mmienu mu. Ɔdii adeɛ Israel mfeɛ mmienu. 26 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Ɔdii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, somm abosom sɛdeɛ na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no. 27 Na Ahiya babarima Baasa a ɔfiri Isakar abusuakuo mu no pam Nadab tiri so, kumm no ɛberɛ a na ɔne Israel akodɔm akyere sraban, retua Filistifoɔ kuro Gibeton no. 28 Baasa kumm Nadab wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda mfeɛ mmiɛnsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a ɔdi hɔ. 29 Ntɛm ara, ɔkunkumm ɔhene Yeroboam asefoɔ nyinaa a adehyeɛ abusua no mu baako koraa anka, sɛdeɛ AWURADE nam odiyifoɔ Ahiya a ɔfiri Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no. 30 Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, Yeroboam di a ɔdii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no, ɛhyɛɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn, abufuo. 31 Nadab ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 32 Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam. 33 Ahiya ba Baasa hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no mfeɛ mmiɛnsa mu. Baasa dii adeɛ Tirsa mfeɛ aduonu ɛnan. 34 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no.

In Other Versions

1 Kings 15 in the ANGEFD

1 Kings 15 in the ANTPNG2D

1 Kings 15 in the AS21

1 Kings 15 in the BAGH

1 Kings 15 in the BBPNG

1 Kings 15 in the BBT1E

1 Kings 15 in the BDS

1 Kings 15 in the BEV

1 Kings 15 in the BHAD

1 Kings 15 in the BIB

1 Kings 15 in the BLPT

1 Kings 15 in the BNT

1 Kings 15 in the BNTABOOT

1 Kings 15 in the BNTLV

1 Kings 15 in the BOATCB2

1 Kings 15 in the BOBCV

1 Kings 15 in the BOCNT

1 Kings 15 in the BOECS

1 Kings 15 in the BOGWICC

1 Kings 15 in the BOHCB

1 Kings 15 in the BOHCV

1 Kings 15 in the BOHLNT

1 Kings 15 in the BOHNTLTAL

1 Kings 15 in the BOICB

1 Kings 15 in the BOILNTAP

1 Kings 15 in the BOITCV

1 Kings 15 in the BOKCV

1 Kings 15 in the BOKCV2

1 Kings 15 in the BOKHWOG

1 Kings 15 in the BOKSSV

1 Kings 15 in the BOLCB

1 Kings 15 in the BOLCB2

1 Kings 15 in the BOMCV

1 Kings 15 in the BONAV

1 Kings 15 in the BONCB

1 Kings 15 in the BONLT

1 Kings 15 in the BONUT2

1 Kings 15 in the BOPLNT

1 Kings 15 in the BOSCB

1 Kings 15 in the BOSNC

1 Kings 15 in the BOTLNT

1 Kings 15 in the BOVCB

1 Kings 15 in the BOYCB

1 Kings 15 in the BPBB

1 Kings 15 in the BPH

1 Kings 15 in the BSB

1 Kings 15 in the CCB

1 Kings 15 in the CUV

1 Kings 15 in the CUVS

1 Kings 15 in the DBT

1 Kings 15 in the DGDNT

1 Kings 15 in the DHNT

1 Kings 15 in the DNT

1 Kings 15 in the ELBE

1 Kings 15 in the EMTV

1 Kings 15 in the ESV

1 Kings 15 in the FBV

1 Kings 15 in the FEB

1 Kings 15 in the GGMNT

1 Kings 15 in the GNT

1 Kings 15 in the HARY

1 Kings 15 in the HNT

1 Kings 15 in the IRVA

1 Kings 15 in the IRVB

1 Kings 15 in the IRVG

1 Kings 15 in the IRVH

1 Kings 15 in the IRVK

1 Kings 15 in the IRVM

1 Kings 15 in the IRVM2

1 Kings 15 in the IRVO

1 Kings 15 in the IRVP

1 Kings 15 in the IRVT

1 Kings 15 in the IRVT2

1 Kings 15 in the IRVU

1 Kings 15 in the ISVN

1 Kings 15 in the JSNT

1 Kings 15 in the KAPI

1 Kings 15 in the KBT1ETNIK

1 Kings 15 in the KBV

1 Kings 15 in the KJV

1 Kings 15 in the KNFD

1 Kings 15 in the LBA

1 Kings 15 in the LBLA

1 Kings 15 in the LNT

1 Kings 15 in the LSV

1 Kings 15 in the MAAL

1 Kings 15 in the MBV

1 Kings 15 in the MBV2

1 Kings 15 in the MHNT

1 Kings 15 in the MKNFD

1 Kings 15 in the MNG

1 Kings 15 in the MNT

1 Kings 15 in the MNT2

1 Kings 15 in the MRS1T

1 Kings 15 in the NAA

1 Kings 15 in the NASB

1 Kings 15 in the NBLA

1 Kings 15 in the NBS

1 Kings 15 in the NBVTP

1 Kings 15 in the NET2

1 Kings 15 in the NIV11

1 Kings 15 in the NNT

1 Kings 15 in the NNT2

1 Kings 15 in the NNT3

1 Kings 15 in the PDDPT

1 Kings 15 in the PFNT

1 Kings 15 in the RMNT

1 Kings 15 in the SBIAS

1 Kings 15 in the SBIBS

1 Kings 15 in the SBIBS2

1 Kings 15 in the SBICS

1 Kings 15 in the SBIDS

1 Kings 15 in the SBIGS

1 Kings 15 in the SBIHS

1 Kings 15 in the SBIIS

1 Kings 15 in the SBIIS2

1 Kings 15 in the SBIIS3

1 Kings 15 in the SBIKS

1 Kings 15 in the SBIKS2

1 Kings 15 in the SBIMS

1 Kings 15 in the SBIOS

1 Kings 15 in the SBIPS

1 Kings 15 in the SBISS

1 Kings 15 in the SBITS

1 Kings 15 in the SBITS2

1 Kings 15 in the SBITS3

1 Kings 15 in the SBITS4

1 Kings 15 in the SBIUS

1 Kings 15 in the SBIVS

1 Kings 15 in the SBT

1 Kings 15 in the SBT1E

1 Kings 15 in the SCHL

1 Kings 15 in the SNT

1 Kings 15 in the SUSU

1 Kings 15 in the SUSU2

1 Kings 15 in the SYNO

1 Kings 15 in the TBIAOTANT

1 Kings 15 in the TBT1E

1 Kings 15 in the TBT1E2

1 Kings 15 in the TFTIP

1 Kings 15 in the TFTU

1 Kings 15 in the TGNTATF3T

1 Kings 15 in the THAI

1 Kings 15 in the TNFD

1 Kings 15 in the TNT

1 Kings 15 in the TNTIK

1 Kings 15 in the TNTIL

1 Kings 15 in the TNTIN

1 Kings 15 in the TNTIP

1 Kings 15 in the TNTIZ

1 Kings 15 in the TOMA

1 Kings 15 in the TTENT

1 Kings 15 in the UBG

1 Kings 15 in the UGV

1 Kings 15 in the UGV2

1 Kings 15 in the UGV3

1 Kings 15 in the VBL

1 Kings 15 in the VDCC

1 Kings 15 in the YALU

1 Kings 15 in the YAPE

1 Kings 15 in the YBVTP

1 Kings 15 in the ZBP