1 Kings 15 (BOATCB2)

1 Yeroboam dii ade wɔ Israel ne mfe dunwɔtwe so no, Abiyam bɛyɛɛ Yudahene. 2 Odii hene wɔ Yerusalem mfe abiɛsa. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Absalom babea. 3 Nʼagya bɔne a ɔyɛe nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na ne koma nni AWURADE ne Nyankopɔn mu; wansɛ ne nena Dawid. 4 Nanso esiane Dawid nti, AWURADE, ne Nyankopɔn maa nʼasefo kwan ma wɔkɔɔ so dii ade, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a obedi nʼade wɔ Yerusalem. 5 Na Dawid ayɛ nea eye wɔ AWURADE ani so. Odii AWURADE ahyɛde so ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara. 6 Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. 7 Nsɛm a aka a esisii wɔ Abiyam ahenni mu ne nea ɔyɛe no, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Ɔko daa Abiyam ne Yeroboam ntam bere biara. 8 Na Abiyam wui no, wosiee no wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼade sɛ ɔhene. 9 Yeroboam dii hene wɔ Israel ne mfe aduonu so no, Asa bedii hene wɔ Yuda. 10 Odii hene Yerusalem mfe aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nenabea Maaka a na ɔyɛ Absalom babea. 11 Asa yɛɛ nea ɛsɔ AWURADE ani, sɛnea ne nena Dawid yɛe no. 12 Ɔpam nsɔree so so nguamanfo nyinaa fii asase no so, na oyiyii ahoni a nʼagyanom yɛe no nyinaa. 13 Na mpo, otuu ne nenabea Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwade. Asa twaa dua no na ɔhyew no wɔ Kidron bon mu. 14 Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa kɔɔ so de ne koma hyɛɛ AWURADE mu nʼasetena nyinaa mu. 15 Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too din de maa AWURADE Asɔredan no bae. 16 Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. 17 Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama bammɔ sɛnea obi ntumi nni ahyɛmfiri wɔ Yudahene Asa asase so. 18 Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ AWURADE Asɔredan no adekoradan mu ne nea na ɛwɔ ahemfi no adekoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanyimfo no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho: 19 “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔremfa ne nsa nka me.” 20 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼakofo, ma wɔkɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii nkurow Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. 21 Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ. 22 Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa se ɔhwehwɛ sɛ obiara bɛboa asoa adansi abo ne nnua a na Baasa de reyɛ bammɔdwuma wɔ Rama no afi hɔ. Asa de saa bammɔ nneɛma no kyekyeree kurow Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa nso. 23 Asa ahenni ho nsɛm nkae ne nea ne tumi kodui no, ne nkurow a ɔkyekyeree no nyinaa din no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Mmom, ne nkwakorabɔ mu no, ɔyaree ne nan. 24 Bere a Asa wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene. 25 Yeroboam babarima Nadab fii ase dii ade wɔ Israel bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe abien mu. Odii ade wɔ Israel mfe abien. 26 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Odii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, som abosom sɛnea na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no. 27 Na Ahiya babarima Baasa a ofi Isakar abusuakuw mu no pam Nadab ti so, kum no bere a na ɔne Israel asraafo akyere nsraban, retua Filistifo kurow Gibeton ano no. 28 Baasa kum Nadab wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda mfe abiɛsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a odi hɔ. 29 Ntɛm ara, okunkum ɔhene Yeroboam asefo nyinaa a adehye abusua no mu baako koraa anka, sɛnea AWURADE nam odiyifo Ahiya a ofi Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no. 30 Saa asɛm yi sii, efisɛ Yeroboam di a odii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no hyɛɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn abufuw. 31 Nadab ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 32 Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam. 33 Ahiya ba Baasa fii ase dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no mfe abiɛsa mu. Baasa dii ade fii Tirsa mfe aduonu anan. 34 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim yɛe no.

In Other Versions

1 Kings 15 in the ANGEFD

1 Kings 15 in the ANTPNG2D

1 Kings 15 in the AS21

1 Kings 15 in the BAGH

1 Kings 15 in the BBPNG

1 Kings 15 in the BBT1E

1 Kings 15 in the BDS

1 Kings 15 in the BEV

1 Kings 15 in the BHAD

1 Kings 15 in the BIB

1 Kings 15 in the BLPT

1 Kings 15 in the BNT

1 Kings 15 in the BNTABOOT

1 Kings 15 in the BNTLV

1 Kings 15 in the BOATCB

1 Kings 15 in the BOBCV

1 Kings 15 in the BOCNT

1 Kings 15 in the BOECS

1 Kings 15 in the BOGWICC

1 Kings 15 in the BOHCB

1 Kings 15 in the BOHCV

1 Kings 15 in the BOHLNT

1 Kings 15 in the BOHNTLTAL

1 Kings 15 in the BOICB

1 Kings 15 in the BOILNTAP

1 Kings 15 in the BOITCV

1 Kings 15 in the BOKCV

1 Kings 15 in the BOKCV2

1 Kings 15 in the BOKHWOG

1 Kings 15 in the BOKSSV

1 Kings 15 in the BOLCB

1 Kings 15 in the BOLCB2

1 Kings 15 in the BOMCV

1 Kings 15 in the BONAV

1 Kings 15 in the BONCB

1 Kings 15 in the BONLT

1 Kings 15 in the BONUT2

1 Kings 15 in the BOPLNT

1 Kings 15 in the BOSCB

1 Kings 15 in the BOSNC

1 Kings 15 in the BOTLNT

1 Kings 15 in the BOVCB

1 Kings 15 in the BOYCB

1 Kings 15 in the BPBB

1 Kings 15 in the BPH

1 Kings 15 in the BSB

1 Kings 15 in the CCB

1 Kings 15 in the CUV

1 Kings 15 in the CUVS

1 Kings 15 in the DBT

1 Kings 15 in the DGDNT

1 Kings 15 in the DHNT

1 Kings 15 in the DNT

1 Kings 15 in the ELBE

1 Kings 15 in the EMTV

1 Kings 15 in the ESV

1 Kings 15 in the FBV

1 Kings 15 in the FEB

1 Kings 15 in the GGMNT

1 Kings 15 in the GNT

1 Kings 15 in the HARY

1 Kings 15 in the HNT

1 Kings 15 in the IRVA

1 Kings 15 in the IRVB

1 Kings 15 in the IRVG

1 Kings 15 in the IRVH

1 Kings 15 in the IRVK

1 Kings 15 in the IRVM

1 Kings 15 in the IRVM2

1 Kings 15 in the IRVO

1 Kings 15 in the IRVP

1 Kings 15 in the IRVT

1 Kings 15 in the IRVT2

1 Kings 15 in the IRVU

1 Kings 15 in the ISVN

1 Kings 15 in the JSNT

1 Kings 15 in the KAPI

1 Kings 15 in the KBT1ETNIK

1 Kings 15 in the KBV

1 Kings 15 in the KJV

1 Kings 15 in the KNFD

1 Kings 15 in the LBA

1 Kings 15 in the LBLA

1 Kings 15 in the LNT

1 Kings 15 in the LSV

1 Kings 15 in the MAAL

1 Kings 15 in the MBV

1 Kings 15 in the MBV2

1 Kings 15 in the MHNT

1 Kings 15 in the MKNFD

1 Kings 15 in the MNG

1 Kings 15 in the MNT

1 Kings 15 in the MNT2

1 Kings 15 in the MRS1T

1 Kings 15 in the NAA

1 Kings 15 in the NASB

1 Kings 15 in the NBLA

1 Kings 15 in the NBS

1 Kings 15 in the NBVTP

1 Kings 15 in the NET2

1 Kings 15 in the NIV11

1 Kings 15 in the NNT

1 Kings 15 in the NNT2

1 Kings 15 in the NNT3

1 Kings 15 in the PDDPT

1 Kings 15 in the PFNT

1 Kings 15 in the RMNT

1 Kings 15 in the SBIAS

1 Kings 15 in the SBIBS

1 Kings 15 in the SBIBS2

1 Kings 15 in the SBICS

1 Kings 15 in the SBIDS

1 Kings 15 in the SBIGS

1 Kings 15 in the SBIHS

1 Kings 15 in the SBIIS

1 Kings 15 in the SBIIS2

1 Kings 15 in the SBIIS3

1 Kings 15 in the SBIKS

1 Kings 15 in the SBIKS2

1 Kings 15 in the SBIMS

1 Kings 15 in the SBIOS

1 Kings 15 in the SBIPS

1 Kings 15 in the SBISS

1 Kings 15 in the SBITS

1 Kings 15 in the SBITS2

1 Kings 15 in the SBITS3

1 Kings 15 in the SBITS4

1 Kings 15 in the SBIUS

1 Kings 15 in the SBIVS

1 Kings 15 in the SBT

1 Kings 15 in the SBT1E

1 Kings 15 in the SCHL

1 Kings 15 in the SNT

1 Kings 15 in the SUSU

1 Kings 15 in the SUSU2

1 Kings 15 in the SYNO

1 Kings 15 in the TBIAOTANT

1 Kings 15 in the TBT1E

1 Kings 15 in the TBT1E2

1 Kings 15 in the TFTIP

1 Kings 15 in the TFTU

1 Kings 15 in the TGNTATF3T

1 Kings 15 in the THAI

1 Kings 15 in the TNFD

1 Kings 15 in the TNT

1 Kings 15 in the TNTIK

1 Kings 15 in the TNTIL

1 Kings 15 in the TNTIN

1 Kings 15 in the TNTIP

1 Kings 15 in the TNTIZ

1 Kings 15 in the TOMA

1 Kings 15 in the TTENT

1 Kings 15 in the UBG

1 Kings 15 in the UGV

1 Kings 15 in the UGV2

1 Kings 15 in the UGV3

1 Kings 15 in the VBL

1 Kings 15 in the VDCC

1 Kings 15 in the YALU

1 Kings 15 in the YAPE

1 Kings 15 in the YBVTP

1 Kings 15 in the ZBP