1 Samuel 16 (BOATCB)

1 AWURADE bisaa Samuel sɛ, “Woadi Saulo ho awerɛhoɔ sɛdeɛ ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel ɔhene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmammarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me ɔhene foforɔ.” 2 Samuel bisaa sɛ, “Mɛyɛ dɛn ayɛ yei? Sɛ Saulo te a ɔbɛkum me.”Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa nantwie ba ka wo ho, na ka sɛ, maba sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE. 3 To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmammarima no mu deɛ wobɛsra no ngo ama me.” 4 Samuel yɛɛ deɛ AWURADE kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɛberɛ a ɔduruu Betlehem no, ɛhɔ mpanimfoɔ no bɔɔ hu. Wɔbisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?” 5 Samuel buaa sɛ, “Aane, asomdwoeɛ mu. Merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE. Monnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti, Samuel dwiraa Yisai ne ne mmammarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn afɔrebɔ no ase. 6 Wɔduruiɛ no, Samuel hunuu Eliab na ɔdwenee sɛ, “Ampa, deɛ AWURADE asra noɔ no ni.” 7 Nanso, AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, ɛfiri sɛ, mapo no. AWURADE nhwɛ nneɛma sɛdeɛ nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ deɛ aniwa hunu, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.” 8 Na Yisai frɛɛ Abinadab maa ɔtwaam Samuel anim. Nanso, Samuel kaa sɛ, “Yei nyɛ deɛ AWURADE ayi no.” 9 Yisai maa Sama twaam, nanso Samuel kaa sɛ, “Saa ara na AWURADE nyii yei.” 10 Yisai maa ne mmammarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “AWURADE nyii wɔn mu biara.” 11 Enti, ɔbisaa Yisai sɛ, “Mmammarima a wowɔ nyinaa ni anaa?”Yisai buaa sɛ, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nnwan.”Samuel kaa sɛ, “Soma na wɔnkɔfa no mmra seesei. Sɛ ɔmmaeɛ a, yɛrentena ase nnidi.” 12 Enti, Yisai soma ma wɔkɔfaa no baeɛ. Na ɔyɛ bɔkɔɔ a ahoɔfɛ adware no na nʼani yɛ fɛ. AWURADE kaa sɛ, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno nie.” 13 Enti, Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na, ɛfiri saa ɛda no, AWURADE honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama. 14 Saa ɛberɛ yi na AWURADE honhom afiri Saulo so. Na AWURADE maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛmaa ɔtenaa ase ehu ne suro mu. 15 Ɛbaa saa no, Saulo asomfoɔ no bi kyerɛɛ adwene bi sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ honhommɔne bi na ɛreha wo. 16 Sɛ saa a, ɛnneɛ, momma yɛmpɛ sankubɔfoɔ papa bi, na sɛ honhom no ba bɛha wo a, wabɔ nnwom ama wo. Sankuo so nnwom bɛdwodwo wo. Na ɛrenkyɛre, wo ho bɛtɔ wo bio.” 17 Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa. Monhwehwɛ sankubɔni papa bi na momfa no mmra ha.” 18 Asomfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Yisai a ɔfiri Betlehem babarima baako nim sankuo bɔ yie. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɔyɛ ɔkokoɔdurufoɔ hoɔdenfoɔ, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ, na AWURADE ka ne ho.” 19 Enti, Saulo tuu abɔfoɔ kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ no brɛ me.” 20 Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyie ba ne afunumu a wɔahyehyɛ aduane ne nsã wɔ ne so ka ho. 21 Enti, Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yie, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodeɛkurafoɔ no mu baako. 22 Na Saulo too Yisai nkra sɛ, “Mesrɛ wo, ma Dawid mmɛka mʼadwumayɛfoɔ ho, ɛfiri sɛ, mepɛ nʼasɛm yie.” 23 Na ɛberɛ biara a honhommɔne a ɛfiri Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛha no no, Dawid bɔ sankuo no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ.

In Other Versions

1 Samuel 16 in the ANGEFD

1 Samuel 16 in the ANTPNG2D

1 Samuel 16 in the AS21

1 Samuel 16 in the BAGH

1 Samuel 16 in the BBPNG

1 Samuel 16 in the BBT1E

1 Samuel 16 in the BDS

1 Samuel 16 in the BEV

1 Samuel 16 in the BHAD

1 Samuel 16 in the BIB

1 Samuel 16 in the BLPT

1 Samuel 16 in the BNT

1 Samuel 16 in the BNTABOOT

1 Samuel 16 in the BNTLV

1 Samuel 16 in the BOATCB2

1 Samuel 16 in the BOBCV

1 Samuel 16 in the BOCNT

1 Samuel 16 in the BOECS

1 Samuel 16 in the BOGWICC

1 Samuel 16 in the BOHCB

1 Samuel 16 in the BOHCV

1 Samuel 16 in the BOHLNT

1 Samuel 16 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 16 in the BOICB

1 Samuel 16 in the BOILNTAP

1 Samuel 16 in the BOITCV

1 Samuel 16 in the BOKCV

1 Samuel 16 in the BOKCV2

1 Samuel 16 in the BOKHWOG

1 Samuel 16 in the BOKSSV

1 Samuel 16 in the BOLCB

1 Samuel 16 in the BOLCB2

1 Samuel 16 in the BOMCV

1 Samuel 16 in the BONAV

1 Samuel 16 in the BONCB

1 Samuel 16 in the BONLT

1 Samuel 16 in the BONUT2

1 Samuel 16 in the BOPLNT

1 Samuel 16 in the BOSCB

1 Samuel 16 in the BOSNC

1 Samuel 16 in the BOTLNT

1 Samuel 16 in the BOVCB

1 Samuel 16 in the BOYCB

1 Samuel 16 in the BPBB

1 Samuel 16 in the BPH

1 Samuel 16 in the BSB

1 Samuel 16 in the CCB

1 Samuel 16 in the CUV

1 Samuel 16 in the CUVS

1 Samuel 16 in the DBT

1 Samuel 16 in the DGDNT

1 Samuel 16 in the DHNT

1 Samuel 16 in the DNT

1 Samuel 16 in the ELBE

1 Samuel 16 in the EMTV

1 Samuel 16 in the ESV

1 Samuel 16 in the FBV

1 Samuel 16 in the FEB

1 Samuel 16 in the GGMNT

1 Samuel 16 in the GNT

1 Samuel 16 in the HARY

1 Samuel 16 in the HNT

1 Samuel 16 in the IRVA

1 Samuel 16 in the IRVB

1 Samuel 16 in the IRVG

1 Samuel 16 in the IRVH

1 Samuel 16 in the IRVK

1 Samuel 16 in the IRVM

1 Samuel 16 in the IRVM2

1 Samuel 16 in the IRVO

1 Samuel 16 in the IRVP

1 Samuel 16 in the IRVT

1 Samuel 16 in the IRVT2

1 Samuel 16 in the IRVU

1 Samuel 16 in the ISVN

1 Samuel 16 in the JSNT

1 Samuel 16 in the KAPI

1 Samuel 16 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 16 in the KBV

1 Samuel 16 in the KJV

1 Samuel 16 in the KNFD

1 Samuel 16 in the LBA

1 Samuel 16 in the LBLA

1 Samuel 16 in the LNT

1 Samuel 16 in the LSV

1 Samuel 16 in the MAAL

1 Samuel 16 in the MBV

1 Samuel 16 in the MBV2

1 Samuel 16 in the MHNT

1 Samuel 16 in the MKNFD

1 Samuel 16 in the MNG

1 Samuel 16 in the MNT

1 Samuel 16 in the MNT2

1 Samuel 16 in the MRS1T

1 Samuel 16 in the NAA

1 Samuel 16 in the NASB

1 Samuel 16 in the NBLA

1 Samuel 16 in the NBS

1 Samuel 16 in the NBVTP

1 Samuel 16 in the NET2

1 Samuel 16 in the NIV11

1 Samuel 16 in the NNT

1 Samuel 16 in the NNT2

1 Samuel 16 in the NNT3

1 Samuel 16 in the PDDPT

1 Samuel 16 in the PFNT

1 Samuel 16 in the RMNT

1 Samuel 16 in the SBIAS

1 Samuel 16 in the SBIBS

1 Samuel 16 in the SBIBS2

1 Samuel 16 in the SBICS

1 Samuel 16 in the SBIDS

1 Samuel 16 in the SBIGS

1 Samuel 16 in the SBIHS

1 Samuel 16 in the SBIIS

1 Samuel 16 in the SBIIS2

1 Samuel 16 in the SBIIS3

1 Samuel 16 in the SBIKS

1 Samuel 16 in the SBIKS2

1 Samuel 16 in the SBIMS

1 Samuel 16 in the SBIOS

1 Samuel 16 in the SBIPS

1 Samuel 16 in the SBISS

1 Samuel 16 in the SBITS

1 Samuel 16 in the SBITS2

1 Samuel 16 in the SBITS3

1 Samuel 16 in the SBITS4

1 Samuel 16 in the SBIUS

1 Samuel 16 in the SBIVS

1 Samuel 16 in the SBT

1 Samuel 16 in the SBT1E

1 Samuel 16 in the SCHL

1 Samuel 16 in the SNT

1 Samuel 16 in the SUSU

1 Samuel 16 in the SUSU2

1 Samuel 16 in the SYNO

1 Samuel 16 in the TBIAOTANT

1 Samuel 16 in the TBT1E

1 Samuel 16 in the TBT1E2

1 Samuel 16 in the TFTIP

1 Samuel 16 in the TFTU

1 Samuel 16 in the TGNTATF3T

1 Samuel 16 in the THAI

1 Samuel 16 in the TNFD

1 Samuel 16 in the TNT

1 Samuel 16 in the TNTIK

1 Samuel 16 in the TNTIL

1 Samuel 16 in the TNTIN

1 Samuel 16 in the TNTIP

1 Samuel 16 in the TNTIZ

1 Samuel 16 in the TOMA

1 Samuel 16 in the TTENT

1 Samuel 16 in the UBG

1 Samuel 16 in the UGV

1 Samuel 16 in the UGV2

1 Samuel 16 in the UGV3

1 Samuel 16 in the VBL

1 Samuel 16 in the VDCC

1 Samuel 16 in the YALU

1 Samuel 16 in the YAPE

1 Samuel 16 in the YBVTP

1 Samuel 16 in the ZBP