1 Timothy 1 (BOATCB)

1 Nwoma yi firi Kristo Yesu somafoɔ Paulo nkyɛn. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Gyefoɔ ne Kristo Yesu a ɔma yɛn anidasoɔ na ɔfrɛɛ me. 2 Meretwerɛ akɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidie no mu: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka mo. 3 Mepɛ sɛ motena Efeso sɛdeɛ merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wɔgyae. 4 Monka nkyerɛ wɔn na wɔnnyae atorɔsɛm ne wɔn nananom din bebrebe a wɔbobɔ no, ɛfiri sɛ, saa nneyɛeɛ no de akyinnyeɛ ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wɔnam gyidie nko so na wɔhunu no. 5 Saa ɔhyɛ yi botaeɛ ara ne sɛ, ɛbɛkanyane ɔdɔ a ɛfiri akoma pa, adwenem fann ne gyidie pa mu. 6 Nnipa bi atwe wɔn ho afiri ɛkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnyeɛ hunu. 7 Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfoɔ nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte aseɛ. Saa ara nso na wɔnni gyidie wɔ nsɛm a wɔka no mu. 8 Yɛnim sɛ, sɛ wɔnam mmara ɛkwan so de Mmara no di dwuma a, ɛyɛ. 9 Ɛsɛ sɛ yɛkae hunu sɛ, wɔanyɛ mmara no amma ateneneefoɔ na mmom, wɔyɛ maa mmaratofoɔ, nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyame ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom ne wɔn maamenom, awudifoɔ, 10 afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. 11 Saa nokorɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn a ɔyɛ onimuonyamfoɔ na wɔahyira no no nkyɛn. 12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. 13 Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahunu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni enti, na mennim deɛ mereyɛ. 14 Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu enti, abɛyɛ yɛn dea no. 15 Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa. 16 Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17 Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen. 18 Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadie a wɔhyɛɛ ho nkɔm firi tete no hyɛ wo nsa. Wogu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakodeɛ, 19 na sɔ wo gyidie mu denden na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidie. 20 Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Ɔbonsam na wɔatwe wɔn aso sɛdeɛ wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.

In Other Versions

1 Timothy 1 in the ANGEFD

1 Timothy 1 in the ANTPNG2D

1 Timothy 1 in the AS21

1 Timothy 1 in the BAGH

1 Timothy 1 in the BBPNG

1 Timothy 1 in the BBT1E

1 Timothy 1 in the BDS

1 Timothy 1 in the BEV

1 Timothy 1 in the BHAD

1 Timothy 1 in the BIB

1 Timothy 1 in the BLPT

1 Timothy 1 in the BNT

1 Timothy 1 in the BNTABOOT

1 Timothy 1 in the BNTLV

1 Timothy 1 in the BOATCB2

1 Timothy 1 in the BOBCV

1 Timothy 1 in the BOCNT

1 Timothy 1 in the BOECS

1 Timothy 1 in the BOGWICC

1 Timothy 1 in the BOHCB

1 Timothy 1 in the BOHCV

1 Timothy 1 in the BOHLNT

1 Timothy 1 in the BOHNTLTAL

1 Timothy 1 in the BOICB

1 Timothy 1 in the BOILNTAP

1 Timothy 1 in the BOITCV

1 Timothy 1 in the BOKCV

1 Timothy 1 in the BOKCV2

1 Timothy 1 in the BOKHWOG

1 Timothy 1 in the BOKSSV

1 Timothy 1 in the BOLCB

1 Timothy 1 in the BOLCB2

1 Timothy 1 in the BOMCV

1 Timothy 1 in the BONAV

1 Timothy 1 in the BONCB

1 Timothy 1 in the BONLT

1 Timothy 1 in the BONUT2

1 Timothy 1 in the BOPLNT

1 Timothy 1 in the BOSCB

1 Timothy 1 in the BOSNC

1 Timothy 1 in the BOTLNT

1 Timothy 1 in the BOVCB

1 Timothy 1 in the BOYCB

1 Timothy 1 in the BPBB

1 Timothy 1 in the BPH

1 Timothy 1 in the BSB

1 Timothy 1 in the CCB

1 Timothy 1 in the CUV

1 Timothy 1 in the CUVS

1 Timothy 1 in the DBT

1 Timothy 1 in the DGDNT

1 Timothy 1 in the DHNT

1 Timothy 1 in the DNT

1 Timothy 1 in the ELBE

1 Timothy 1 in the EMTV

1 Timothy 1 in the ESV

1 Timothy 1 in the FBV

1 Timothy 1 in the FEB

1 Timothy 1 in the GGMNT

1 Timothy 1 in the GNT

1 Timothy 1 in the HARY

1 Timothy 1 in the HNT

1 Timothy 1 in the IRVA

1 Timothy 1 in the IRVB

1 Timothy 1 in the IRVG

1 Timothy 1 in the IRVH

1 Timothy 1 in the IRVK

1 Timothy 1 in the IRVM

1 Timothy 1 in the IRVM2

1 Timothy 1 in the IRVO

1 Timothy 1 in the IRVP

1 Timothy 1 in the IRVT

1 Timothy 1 in the IRVT2

1 Timothy 1 in the IRVU

1 Timothy 1 in the ISVN

1 Timothy 1 in the JSNT

1 Timothy 1 in the KAPI

1 Timothy 1 in the KBT1ETNIK

1 Timothy 1 in the KBV

1 Timothy 1 in the KJV

1 Timothy 1 in the KNFD

1 Timothy 1 in the LBA

1 Timothy 1 in the LBLA

1 Timothy 1 in the LNT

1 Timothy 1 in the LSV

1 Timothy 1 in the MAAL

1 Timothy 1 in the MBV

1 Timothy 1 in the MBV2

1 Timothy 1 in the MHNT

1 Timothy 1 in the MKNFD

1 Timothy 1 in the MNG

1 Timothy 1 in the MNT

1 Timothy 1 in the MNT2

1 Timothy 1 in the MRS1T

1 Timothy 1 in the NAA

1 Timothy 1 in the NASB

1 Timothy 1 in the NBLA

1 Timothy 1 in the NBS

1 Timothy 1 in the NBVTP

1 Timothy 1 in the NET2

1 Timothy 1 in the NIV11

1 Timothy 1 in the NNT

1 Timothy 1 in the NNT2

1 Timothy 1 in the NNT3

1 Timothy 1 in the PDDPT

1 Timothy 1 in the PFNT

1 Timothy 1 in the RMNT

1 Timothy 1 in the SBIAS

1 Timothy 1 in the SBIBS

1 Timothy 1 in the SBIBS2

1 Timothy 1 in the SBICS

1 Timothy 1 in the SBIDS

1 Timothy 1 in the SBIGS

1 Timothy 1 in the SBIHS

1 Timothy 1 in the SBIIS

1 Timothy 1 in the SBIIS2

1 Timothy 1 in the SBIIS3

1 Timothy 1 in the SBIKS

1 Timothy 1 in the SBIKS2

1 Timothy 1 in the SBIMS

1 Timothy 1 in the SBIOS

1 Timothy 1 in the SBIPS

1 Timothy 1 in the SBISS

1 Timothy 1 in the SBITS

1 Timothy 1 in the SBITS2

1 Timothy 1 in the SBITS3

1 Timothy 1 in the SBITS4

1 Timothy 1 in the SBIUS

1 Timothy 1 in the SBIVS

1 Timothy 1 in the SBT

1 Timothy 1 in the SBT1E

1 Timothy 1 in the SCHL

1 Timothy 1 in the SNT

1 Timothy 1 in the SUSU

1 Timothy 1 in the SUSU2

1 Timothy 1 in the SYNO

1 Timothy 1 in the TBIAOTANT

1 Timothy 1 in the TBT1E

1 Timothy 1 in the TBT1E2

1 Timothy 1 in the TFTIP

1 Timothy 1 in the TFTU

1 Timothy 1 in the TGNTATF3T

1 Timothy 1 in the THAI

1 Timothy 1 in the TNFD

1 Timothy 1 in the TNT

1 Timothy 1 in the TNTIK

1 Timothy 1 in the TNTIL

1 Timothy 1 in the TNTIN

1 Timothy 1 in the TNTIP

1 Timothy 1 in the TNTIZ

1 Timothy 1 in the TOMA

1 Timothy 1 in the TTENT

1 Timothy 1 in the UBG

1 Timothy 1 in the UGV

1 Timothy 1 in the UGV2

1 Timothy 1 in the UGV3

1 Timothy 1 in the VBL

1 Timothy 1 in the VDCC

1 Timothy 1 in the YALU

1 Timothy 1 in the YAPE

1 Timothy 1 in the YBVTP

1 Timothy 1 in the ZBP