2 Chronicles 16 (BOATCB)

1 Asa dii adeɛ mfeɛ aduasa nsia no, Israelhene Baasa kɔto hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ɔmpue mfiri ɔhene Asa Yudaman mu. 2 Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ firii AWURADE Asɔredan adekoradan ne ahemfie hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho: 3 “Ma yɛnyɛ apam sɛdeɛ wʼagya ne mʼagya yɛɛ apam no. Mede dwetɛ ne sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ rebrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛdeɛ ɔremfa ne nsa nka me.” 4 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisadeɛ no so, na ɔsomaa nʼasraafoɔ, kɔto hyɛɛ Israel so. Wɔdii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduane akoraeɛ nkuropɔn nyinaa so. 5 Ɛberɛ a Israelhene Baasa tee deɛ ɛrekɔ so no, ɔgyaee Rama ho banbɔ dwumadie no. 6 Enti, ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa, maa wɔbɛsoaa adansie aboɔ ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkuro Geba ne Mispa ho ban. 7 Saa ɛberɛ no mu, ɔdehunumuni Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagya AWURADE wo Onyankopɔn enti, worentumi nni Aramhene akodɔm so. 8 Wonkae deɛ ɛbaa Etiopiafoɔ no ne Libiafoɔ ne wɔn akodɔm dodoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ so no? Saa ɛberɛ no, na wode wo ho to AWURADE so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa. 9 AWURADE aniwa kyini fa asase so baabiara, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn akoma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Ɛfiri ɛnnɛ, wobɛkɔ ɔko.” 10 Asa bo fuu Hanani yie sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa ɛberɛ no ara na Asa ahyɛ aseɛ rehyɛ ne nkurɔfoɔ no bi so. 11 Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ne Israel ahemfo nwoma no mu. 12 Nʼadedie mfeɛ aduasa nkron so no, yadeɛ huhu bi yɛɛ Asa nan. Yadeɛ no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ AWURADE mmoa akyiri ɛkwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafoɔ mmoa. 13 Enti, nʼadedie mfeɛ aduanan baako so no, ɔwuiɛ. 14 Wɔsiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhwam ne sradehwam ho hwa ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ gyatanaa kɛseɛ bi de hyɛɛ no animuonyam.

In Other Versions

2 Chronicles 16 in the ANGEFD

2 Chronicles 16 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 16 in the AS21

2 Chronicles 16 in the BAGH

2 Chronicles 16 in the BBPNG

2 Chronicles 16 in the BBT1E

2 Chronicles 16 in the BDS

2 Chronicles 16 in the BEV

2 Chronicles 16 in the BHAD

2 Chronicles 16 in the BIB

2 Chronicles 16 in the BLPT

2 Chronicles 16 in the BNT

2 Chronicles 16 in the BNTABOOT

2 Chronicles 16 in the BNTLV

2 Chronicles 16 in the BOATCB2

2 Chronicles 16 in the BOBCV

2 Chronicles 16 in the BOCNT

2 Chronicles 16 in the BOECS

2 Chronicles 16 in the BOGWICC

2 Chronicles 16 in the BOHCB

2 Chronicles 16 in the BOHCV

2 Chronicles 16 in the BOHLNT

2 Chronicles 16 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 16 in the BOICB

2 Chronicles 16 in the BOILNTAP

2 Chronicles 16 in the BOITCV

2 Chronicles 16 in the BOKCV

2 Chronicles 16 in the BOKCV2

2 Chronicles 16 in the BOKHWOG

2 Chronicles 16 in the BOKSSV

2 Chronicles 16 in the BOLCB

2 Chronicles 16 in the BOLCB2

2 Chronicles 16 in the BOMCV

2 Chronicles 16 in the BONAV

2 Chronicles 16 in the BONCB

2 Chronicles 16 in the BONLT

2 Chronicles 16 in the BONUT2

2 Chronicles 16 in the BOPLNT

2 Chronicles 16 in the BOSCB

2 Chronicles 16 in the BOSNC

2 Chronicles 16 in the BOTLNT

2 Chronicles 16 in the BOVCB

2 Chronicles 16 in the BOYCB

2 Chronicles 16 in the BPBB

2 Chronicles 16 in the BPH

2 Chronicles 16 in the BSB

2 Chronicles 16 in the CCB

2 Chronicles 16 in the CUV

2 Chronicles 16 in the CUVS

2 Chronicles 16 in the DBT

2 Chronicles 16 in the DGDNT

2 Chronicles 16 in the DHNT

2 Chronicles 16 in the DNT

2 Chronicles 16 in the ELBE

2 Chronicles 16 in the EMTV

2 Chronicles 16 in the ESV

2 Chronicles 16 in the FBV

2 Chronicles 16 in the FEB

2 Chronicles 16 in the GGMNT

2 Chronicles 16 in the GNT

2 Chronicles 16 in the HARY

2 Chronicles 16 in the HNT

2 Chronicles 16 in the IRVA

2 Chronicles 16 in the IRVB

2 Chronicles 16 in the IRVG

2 Chronicles 16 in the IRVH

2 Chronicles 16 in the IRVK

2 Chronicles 16 in the IRVM

2 Chronicles 16 in the IRVM2

2 Chronicles 16 in the IRVO

2 Chronicles 16 in the IRVP

2 Chronicles 16 in the IRVT

2 Chronicles 16 in the IRVT2

2 Chronicles 16 in the IRVU

2 Chronicles 16 in the ISVN

2 Chronicles 16 in the JSNT

2 Chronicles 16 in the KAPI

2 Chronicles 16 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 16 in the KBV

2 Chronicles 16 in the KJV

2 Chronicles 16 in the KNFD

2 Chronicles 16 in the LBA

2 Chronicles 16 in the LBLA

2 Chronicles 16 in the LNT

2 Chronicles 16 in the LSV

2 Chronicles 16 in the MAAL

2 Chronicles 16 in the MBV

2 Chronicles 16 in the MBV2

2 Chronicles 16 in the MHNT

2 Chronicles 16 in the MKNFD

2 Chronicles 16 in the MNG

2 Chronicles 16 in the MNT

2 Chronicles 16 in the MNT2

2 Chronicles 16 in the MRS1T

2 Chronicles 16 in the NAA

2 Chronicles 16 in the NASB

2 Chronicles 16 in the NBLA

2 Chronicles 16 in the NBS

2 Chronicles 16 in the NBVTP

2 Chronicles 16 in the NET2

2 Chronicles 16 in the NIV11

2 Chronicles 16 in the NNT

2 Chronicles 16 in the NNT2

2 Chronicles 16 in the NNT3

2 Chronicles 16 in the PDDPT

2 Chronicles 16 in the PFNT

2 Chronicles 16 in the RMNT

2 Chronicles 16 in the SBIAS

2 Chronicles 16 in the SBIBS

2 Chronicles 16 in the SBIBS2

2 Chronicles 16 in the SBICS

2 Chronicles 16 in the SBIDS

2 Chronicles 16 in the SBIGS

2 Chronicles 16 in the SBIHS

2 Chronicles 16 in the SBIIS

2 Chronicles 16 in the SBIIS2

2 Chronicles 16 in the SBIIS3

2 Chronicles 16 in the SBIKS

2 Chronicles 16 in the SBIKS2

2 Chronicles 16 in the SBIMS

2 Chronicles 16 in the SBIOS

2 Chronicles 16 in the SBIPS

2 Chronicles 16 in the SBISS

2 Chronicles 16 in the SBITS

2 Chronicles 16 in the SBITS2

2 Chronicles 16 in the SBITS3

2 Chronicles 16 in the SBITS4

2 Chronicles 16 in the SBIUS

2 Chronicles 16 in the SBIVS

2 Chronicles 16 in the SBT

2 Chronicles 16 in the SBT1E

2 Chronicles 16 in the SCHL

2 Chronicles 16 in the SNT

2 Chronicles 16 in the SUSU

2 Chronicles 16 in the SUSU2

2 Chronicles 16 in the SYNO

2 Chronicles 16 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 16 in the TBT1E

2 Chronicles 16 in the TBT1E2

2 Chronicles 16 in the TFTIP

2 Chronicles 16 in the TFTU

2 Chronicles 16 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 16 in the THAI

2 Chronicles 16 in the TNFD

2 Chronicles 16 in the TNT

2 Chronicles 16 in the TNTIK

2 Chronicles 16 in the TNTIL

2 Chronicles 16 in the TNTIN

2 Chronicles 16 in the TNTIP

2 Chronicles 16 in the TNTIZ

2 Chronicles 16 in the TOMA

2 Chronicles 16 in the TTENT

2 Chronicles 16 in the UBG

2 Chronicles 16 in the UGV

2 Chronicles 16 in the UGV2

2 Chronicles 16 in the UGV3

2 Chronicles 16 in the VBL

2 Chronicles 16 in the VDCC

2 Chronicles 16 in the YALU

2 Chronicles 16 in the YAPE

2 Chronicles 16 in the YBVTP

2 Chronicles 16 in the ZBP