2 Chronicles 2 (BOATCB)

1 Afei, Salomo dwenee sɛ ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔsi AWURADE Asɔredan no ne nʼankasa nʼahemfie no aso. 2 Ɔfaa apaafoɔ ɔpeduɔson, abotwafoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ so aman mu ne nnipa mpem mmiɛnsa ne ahansia a wɔdi adwuma no anim. 3 Salomo too saa nkra yi kɔmaa Tirohene Huram:“Brɛ me ntweneduro nnua te sɛ deɛ wɔde brɛɛ mʼagya Dawid ɛberɛ a na ɔresi nʼahemfie no. 4 Merebɛsi Asɔredan ahyɛ AWURADE, me Onyankopɔn din animuonyam. Ɛbɛyɛ beaeɛ bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhye nnuhwam ne kurobo wɔ nʼanim, nna afɔrebɔdeɛ burodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahodoɔ homeda biara, anɔpa ne anwummerɛ, Ɔbosome Foforɔ biara afahyɛ ahodoɔ ne AWURADE yɛn Onyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa. 5 “Yei bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, ɛfiri sɛ, yɛn Onyankopɔn no yɛ ɔnwanwani a ɔso kyɛn ɔfoforɔ biara. 6 Hwan na ɔbɛtumi asi efie a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hwan a mɛsi asɔredan ama no? Deɛ mɛtumi ayɛ ara ne sɛ mɛsi baabi a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama no. 7 “Enti, ma me odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a ɔbɛtumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ adi adwini; obi a ɔnim sɛdeɛ wɔhyɛ ntoma aduro ma ɛyɛ bibire, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yie ne nsemayifoɔ a wakwadare adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfoɔ a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma. 8 “Afei, fa ntweneduro, pepeaa ne ɔbako nnua firi Lebanon brɛ me, ɛfiri sɛ, menim sɛ wo mmarima no akyi, obi nni hɔ wɔ nnuabuo mu, na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn. 9 Asɔredan a merebɛsi no kɛseɛ ne ne fɛ a ɛbɛyɛ enti, nnua bebree ho bɛhia me. 10 Mede atokoɔ susukora ɔpeduonu, nsã gyare ɔpeduonu ne edu ne ngo ɔpeduonu bɛtua wo mmarima no ka.” 11 Ɛnna ɔhene Huram twerɛɛ saa mmuaeɛ yi de kɔmaa Salomo:“Esiane sɛ AWURADE dɔ ne nkurɔfoɔ enti na ɔde wo asi wɔn so ɔhene. 12 “Nhyira nka AWURADE, Israel Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafoɔ a wadom no adwene ne nteaseɛ a ɔbɛsi Asɔredan ama AWURADE ne ahemfie ama nʼankasa ho. 13 “Merebrɛ wo odwumfoɔ a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafoɔ mapa 14 a ɔyɛ ɔbaa bi a ɔfiri Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso firi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ dwumfoɔ mapa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinnie ne ntomanwono ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfoɔ wɔ ntoma bibire, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na ɔtumi de serekyetam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ nsemayifoɔ a ɔtumi di adwini biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfoɔ ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma. 15 “Fa atokoɔ, ngo ne nsã a wokaa ho asɛm no bra. 16 Nnua biara a ɛho hia no, yɛbɛtwa afiri Lebanon mmepɔ so, na yɛde ayɛ mpata agu nsuo ani, firi Ntam Ɛpo no mpoano akɔsi Yopa. Na ɛfiri hɔ no, wobɛtumi de akɔ Yerusalem.” 17 Salomo kan ahɔhoɔ dodoɔ a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ deɛ nʼagya kenkanee nnipa no. Ɔnyaa nnipa ɔpeha aduonum mmiɛnsa ne ahansia (153,600). 18 Ɔmaa wɔn mu ɔpeduɔson (70,000) yɛɛ apaafoɔ. Wɔn mu ɔpeduɔwɔtwe (80,000) yɛɛ abotwafoɔ wɔ wɔn mmepɔ nkuro no so, ɛnna wɔn mu mpem mmiɛnsa ne ahansia (3,600) yɛɛ wɔn a wɔdi nnwuma no anim.

In Other Versions

2 Chronicles 2 in the ANGEFD

2 Chronicles 2 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 2 in the AS21

2 Chronicles 2 in the BAGH

2 Chronicles 2 in the BBPNG

2 Chronicles 2 in the BBT1E

2 Chronicles 2 in the BDS

2 Chronicles 2 in the BEV

2 Chronicles 2 in the BHAD

2 Chronicles 2 in the BIB

2 Chronicles 2 in the BLPT

2 Chronicles 2 in the BNT

2 Chronicles 2 in the BNTABOOT

2 Chronicles 2 in the BNTLV

2 Chronicles 2 in the BOATCB2

2 Chronicles 2 in the BOBCV

2 Chronicles 2 in the BOCNT

2 Chronicles 2 in the BOECS

2 Chronicles 2 in the BOGWICC

2 Chronicles 2 in the BOHCB

2 Chronicles 2 in the BOHCV

2 Chronicles 2 in the BOHLNT

2 Chronicles 2 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 2 in the BOICB

2 Chronicles 2 in the BOILNTAP

2 Chronicles 2 in the BOITCV

2 Chronicles 2 in the BOKCV

2 Chronicles 2 in the BOKCV2

2 Chronicles 2 in the BOKHWOG

2 Chronicles 2 in the BOKSSV

2 Chronicles 2 in the BOLCB

2 Chronicles 2 in the BOLCB2

2 Chronicles 2 in the BOMCV

2 Chronicles 2 in the BONAV

2 Chronicles 2 in the BONCB

2 Chronicles 2 in the BONLT

2 Chronicles 2 in the BONUT2

2 Chronicles 2 in the BOPLNT

2 Chronicles 2 in the BOSCB

2 Chronicles 2 in the BOSNC

2 Chronicles 2 in the BOTLNT

2 Chronicles 2 in the BOVCB

2 Chronicles 2 in the BOYCB

2 Chronicles 2 in the BPBB

2 Chronicles 2 in the BPH

2 Chronicles 2 in the BSB

2 Chronicles 2 in the CCB

2 Chronicles 2 in the CUV

2 Chronicles 2 in the CUVS

2 Chronicles 2 in the DBT

2 Chronicles 2 in the DGDNT

2 Chronicles 2 in the DHNT

2 Chronicles 2 in the DNT

2 Chronicles 2 in the ELBE

2 Chronicles 2 in the EMTV

2 Chronicles 2 in the ESV

2 Chronicles 2 in the FBV

2 Chronicles 2 in the FEB

2 Chronicles 2 in the GGMNT

2 Chronicles 2 in the GNT

2 Chronicles 2 in the HARY

2 Chronicles 2 in the HNT

2 Chronicles 2 in the IRVA

2 Chronicles 2 in the IRVB

2 Chronicles 2 in the IRVG

2 Chronicles 2 in the IRVH

2 Chronicles 2 in the IRVK

2 Chronicles 2 in the IRVM

2 Chronicles 2 in the IRVM2

2 Chronicles 2 in the IRVO

2 Chronicles 2 in the IRVP

2 Chronicles 2 in the IRVT

2 Chronicles 2 in the IRVT2

2 Chronicles 2 in the IRVU

2 Chronicles 2 in the ISVN

2 Chronicles 2 in the JSNT

2 Chronicles 2 in the KAPI

2 Chronicles 2 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 2 in the KBV

2 Chronicles 2 in the KJV

2 Chronicles 2 in the KNFD

2 Chronicles 2 in the LBA

2 Chronicles 2 in the LBLA

2 Chronicles 2 in the LNT

2 Chronicles 2 in the LSV

2 Chronicles 2 in the MAAL

2 Chronicles 2 in the MBV

2 Chronicles 2 in the MBV2

2 Chronicles 2 in the MHNT

2 Chronicles 2 in the MKNFD

2 Chronicles 2 in the MNG

2 Chronicles 2 in the MNT

2 Chronicles 2 in the MNT2

2 Chronicles 2 in the MRS1T

2 Chronicles 2 in the NAA

2 Chronicles 2 in the NASB

2 Chronicles 2 in the NBLA

2 Chronicles 2 in the NBS

2 Chronicles 2 in the NBVTP

2 Chronicles 2 in the NET2

2 Chronicles 2 in the NIV11

2 Chronicles 2 in the NNT

2 Chronicles 2 in the NNT2

2 Chronicles 2 in the NNT3

2 Chronicles 2 in the PDDPT

2 Chronicles 2 in the PFNT

2 Chronicles 2 in the RMNT

2 Chronicles 2 in the SBIAS

2 Chronicles 2 in the SBIBS

2 Chronicles 2 in the SBIBS2

2 Chronicles 2 in the SBICS

2 Chronicles 2 in the SBIDS

2 Chronicles 2 in the SBIGS

2 Chronicles 2 in the SBIHS

2 Chronicles 2 in the SBIIS

2 Chronicles 2 in the SBIIS2

2 Chronicles 2 in the SBIIS3

2 Chronicles 2 in the SBIKS

2 Chronicles 2 in the SBIKS2

2 Chronicles 2 in the SBIMS

2 Chronicles 2 in the SBIOS

2 Chronicles 2 in the SBIPS

2 Chronicles 2 in the SBISS

2 Chronicles 2 in the SBITS

2 Chronicles 2 in the SBITS2

2 Chronicles 2 in the SBITS3

2 Chronicles 2 in the SBITS4

2 Chronicles 2 in the SBIUS

2 Chronicles 2 in the SBIVS

2 Chronicles 2 in the SBT

2 Chronicles 2 in the SBT1E

2 Chronicles 2 in the SCHL

2 Chronicles 2 in the SNT

2 Chronicles 2 in the SUSU

2 Chronicles 2 in the SUSU2

2 Chronicles 2 in the SYNO

2 Chronicles 2 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 2 in the TBT1E

2 Chronicles 2 in the TBT1E2

2 Chronicles 2 in the TFTIP

2 Chronicles 2 in the TFTU

2 Chronicles 2 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 2 in the THAI

2 Chronicles 2 in the TNFD

2 Chronicles 2 in the TNT

2 Chronicles 2 in the TNTIK

2 Chronicles 2 in the TNTIL

2 Chronicles 2 in the TNTIN

2 Chronicles 2 in the TNTIP

2 Chronicles 2 in the TNTIZ

2 Chronicles 2 in the TOMA

2 Chronicles 2 in the TTENT

2 Chronicles 2 in the UBG

2 Chronicles 2 in the UGV

2 Chronicles 2 in the UGV2

2 Chronicles 2 in the UGV3

2 Chronicles 2 in the VBL

2 Chronicles 2 in the VDCC

2 Chronicles 2 in the YALU

2 Chronicles 2 in the YAPE

2 Chronicles 2 in the YBVTP

2 Chronicles 2 in the ZBP