2 Chronicles 2 (BOATCB2)

1 Salomo hyɛɛ sɛ wonsi AWURADE Asɔredan ne nʼankasa nʼahemfi. 2 Ɔfaa apaafo mpem aduɔson ne abotwafo mpem aduɔwɔtwe fii bepɔw so aman mu ne nnipa mpem abiɛsa ne ahansia a wodi adwuma no anim. 3 Salomo de nkra yi kɔmaa Tirohene Huram:“Brɛ me sida nnua te sɛ nea wɔde brɛɛ mʼagya Dawid, bere a na ɔresi nʼahemfi no. 4 Merebesi Asɔredan ahyɛ AWURADE, me Nyankopɔn din anuonyam. Ɛbɛyɛ baabi bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhyew nnuhuam ne kurobow wɔ nʼanim, nna afɔrebɔde brodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyew afɔre ahorow homeda biara, anɔpa ne anwummere, Ɔsram Foforo biara afahyɛ ahorow ne AWURADE yɛn Nyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa. 5 “Eyi bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, efisɛ yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnwonwani a ɔso kyɛn ɔfoforo biara. 6 Hena na obetumi asi ofi a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hena a mesi asɔredan ama no? Nea metumi ayɛ ara ne sɛ mesi baabi a wɔbɛbɔ afɔre ama no. 7 “Enti ma me odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a obetumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade adi adwinni; obi a onim sɛnea wɔhyɛ ntama aduru ma ɛyɛ bibiri, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yiye ne sika dwumfo a wakwadaw adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfo a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma. 8 “Afei, fa sida, ɔpepaw ne ɔbako nnua fi Lebanon brɛ me, efisɛ, minim sɛ wo mmarima no akyi no, obi nni hɔ wɔ nnuabu mu; na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn. 9 Asɔredan a merebesi no kɛse ne ne fɛ a ɛbɛyɛ nti, nnua bebree ho behia me. 10 Mede atoko susukoraa mpem aduonu, nsa gyare mpem aduonu ne du ne ngo mpem aduonu betua wo mmarima no ka.” 11 Ɛnna ɔhene Huram kyerɛw saa mmuae yi de kɔmaa Salomo:“Esiane sɛ AWURADE dɔ ne nkurɔfo nti na ɔde wo asi wɔn so hene. 12 “Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafo a wadom no adwene ne ntease a obesi Asɔredan ama AWURADE ne ahemfi ama nʼankasa ho. 13 “Merebrɛ wo odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafo ankasa 14 a ɔyɛ ɔbea bi a ofi Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso fi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade dwumfo ankasa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinni ne ntamanwen ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfo wɔ ntama bibiri, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na otumi de sirikyitam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ sika dwumfo a otumi di adwinni biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfo ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma. 15 “Fa atoko, ngo ne nsa a wokaa ho asɛm no bra. 16 Nnua biara a ɛho hia no, yebetwa afi Lebanon mmepɔw so, na yɛde ayɛ mpata agu asu ani, fi Ntam Po no mpoano akosi Yopa. Na efi hɔ no, wubetumi de akɔ Yerusalem.” 17 Salomo kan ahɔho dodow a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ nea nʼagya kenkan nnipa no. Onyaa nnipa mpem ɔha aduonum abiɛsa ne ahansia (153,600). 18 Ɔmaa wɔn mu mpem aduɔson (70,000) yɛɛ apaafo. Wɔn mu mpem aduɔwɔtwe (80,000) yɛɛ abotwafo wɔ wɔn mmepɔw nkurow no so, na wɔn mu mpem abiɛsa ne ahansia (3,600) yɛɛ wɔn a wodi nnwuma no anim.

In Other Versions

2 Chronicles 2 in the ANGEFD

2 Chronicles 2 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 2 in the AS21

2 Chronicles 2 in the BAGH

2 Chronicles 2 in the BBPNG

2 Chronicles 2 in the BBT1E

2 Chronicles 2 in the BDS

2 Chronicles 2 in the BEV

2 Chronicles 2 in the BHAD

2 Chronicles 2 in the BIB

2 Chronicles 2 in the BLPT

2 Chronicles 2 in the BNT

2 Chronicles 2 in the BNTABOOT

2 Chronicles 2 in the BNTLV

2 Chronicles 2 in the BOATCB

2 Chronicles 2 in the BOBCV

2 Chronicles 2 in the BOCNT

2 Chronicles 2 in the BOECS

2 Chronicles 2 in the BOGWICC

2 Chronicles 2 in the BOHCB

2 Chronicles 2 in the BOHCV

2 Chronicles 2 in the BOHLNT

2 Chronicles 2 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 2 in the BOICB

2 Chronicles 2 in the BOILNTAP

2 Chronicles 2 in the BOITCV

2 Chronicles 2 in the BOKCV

2 Chronicles 2 in the BOKCV2

2 Chronicles 2 in the BOKHWOG

2 Chronicles 2 in the BOKSSV

2 Chronicles 2 in the BOLCB

2 Chronicles 2 in the BOLCB2

2 Chronicles 2 in the BOMCV

2 Chronicles 2 in the BONAV

2 Chronicles 2 in the BONCB

2 Chronicles 2 in the BONLT

2 Chronicles 2 in the BONUT2

2 Chronicles 2 in the BOPLNT

2 Chronicles 2 in the BOSCB

2 Chronicles 2 in the BOSNC

2 Chronicles 2 in the BOTLNT

2 Chronicles 2 in the BOVCB

2 Chronicles 2 in the BOYCB

2 Chronicles 2 in the BPBB

2 Chronicles 2 in the BPH

2 Chronicles 2 in the BSB

2 Chronicles 2 in the CCB

2 Chronicles 2 in the CUV

2 Chronicles 2 in the CUVS

2 Chronicles 2 in the DBT

2 Chronicles 2 in the DGDNT

2 Chronicles 2 in the DHNT

2 Chronicles 2 in the DNT

2 Chronicles 2 in the ELBE

2 Chronicles 2 in the EMTV

2 Chronicles 2 in the ESV

2 Chronicles 2 in the FBV

2 Chronicles 2 in the FEB

2 Chronicles 2 in the GGMNT

2 Chronicles 2 in the GNT

2 Chronicles 2 in the HARY

2 Chronicles 2 in the HNT

2 Chronicles 2 in the IRVA

2 Chronicles 2 in the IRVB

2 Chronicles 2 in the IRVG

2 Chronicles 2 in the IRVH

2 Chronicles 2 in the IRVK

2 Chronicles 2 in the IRVM

2 Chronicles 2 in the IRVM2

2 Chronicles 2 in the IRVO

2 Chronicles 2 in the IRVP

2 Chronicles 2 in the IRVT

2 Chronicles 2 in the IRVT2

2 Chronicles 2 in the IRVU

2 Chronicles 2 in the ISVN

2 Chronicles 2 in the JSNT

2 Chronicles 2 in the KAPI

2 Chronicles 2 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 2 in the KBV

2 Chronicles 2 in the KJV

2 Chronicles 2 in the KNFD

2 Chronicles 2 in the LBA

2 Chronicles 2 in the LBLA

2 Chronicles 2 in the LNT

2 Chronicles 2 in the LSV

2 Chronicles 2 in the MAAL

2 Chronicles 2 in the MBV

2 Chronicles 2 in the MBV2

2 Chronicles 2 in the MHNT

2 Chronicles 2 in the MKNFD

2 Chronicles 2 in the MNG

2 Chronicles 2 in the MNT

2 Chronicles 2 in the MNT2

2 Chronicles 2 in the MRS1T

2 Chronicles 2 in the NAA

2 Chronicles 2 in the NASB

2 Chronicles 2 in the NBLA

2 Chronicles 2 in the NBS

2 Chronicles 2 in the NBVTP

2 Chronicles 2 in the NET2

2 Chronicles 2 in the NIV11

2 Chronicles 2 in the NNT

2 Chronicles 2 in the NNT2

2 Chronicles 2 in the NNT3

2 Chronicles 2 in the PDDPT

2 Chronicles 2 in the PFNT

2 Chronicles 2 in the RMNT

2 Chronicles 2 in the SBIAS

2 Chronicles 2 in the SBIBS

2 Chronicles 2 in the SBIBS2

2 Chronicles 2 in the SBICS

2 Chronicles 2 in the SBIDS

2 Chronicles 2 in the SBIGS

2 Chronicles 2 in the SBIHS

2 Chronicles 2 in the SBIIS

2 Chronicles 2 in the SBIIS2

2 Chronicles 2 in the SBIIS3

2 Chronicles 2 in the SBIKS

2 Chronicles 2 in the SBIKS2

2 Chronicles 2 in the SBIMS

2 Chronicles 2 in the SBIOS

2 Chronicles 2 in the SBIPS

2 Chronicles 2 in the SBISS

2 Chronicles 2 in the SBITS

2 Chronicles 2 in the SBITS2

2 Chronicles 2 in the SBITS3

2 Chronicles 2 in the SBITS4

2 Chronicles 2 in the SBIUS

2 Chronicles 2 in the SBIVS

2 Chronicles 2 in the SBT

2 Chronicles 2 in the SBT1E

2 Chronicles 2 in the SCHL

2 Chronicles 2 in the SNT

2 Chronicles 2 in the SUSU

2 Chronicles 2 in the SUSU2

2 Chronicles 2 in the SYNO

2 Chronicles 2 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 2 in the TBT1E

2 Chronicles 2 in the TBT1E2

2 Chronicles 2 in the TFTIP

2 Chronicles 2 in the TFTU

2 Chronicles 2 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 2 in the THAI

2 Chronicles 2 in the TNFD

2 Chronicles 2 in the TNT

2 Chronicles 2 in the TNTIK

2 Chronicles 2 in the TNTIL

2 Chronicles 2 in the TNTIN

2 Chronicles 2 in the TNTIP

2 Chronicles 2 in the TNTIZ

2 Chronicles 2 in the TOMA

2 Chronicles 2 in the TTENT

2 Chronicles 2 in the UBG

2 Chronicles 2 in the UGV

2 Chronicles 2 in the UGV2

2 Chronicles 2 in the UGV3

2 Chronicles 2 in the VBL

2 Chronicles 2 in the VDCC

2 Chronicles 2 in the YALU

2 Chronicles 2 in the YAPE

2 Chronicles 2 in the YBVTP

2 Chronicles 2 in the ZBP