2 Chronicles 24 (BOATCB)

1 Yoas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ nson, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduanan. Na ne maame din de Sibia a ɔfiri Beer-Seba. 2 Yoas yɛɛ deɛ ɛsɔ AWURADE ani, ɔsɔfoɔ Yehoiada nkwa nna nyinaa. 3 Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmammarima ne mmammaa. 4 Akyire no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsiesie AWURADE Asɔredan no. 5 Enti, ɔfrɛfrɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ Yuda nkuro nyinaa so ntɛm, na monkɔgyegye afirinhyiatoɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi asiesie mo Onyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso, Lewifoɔ no ankɔ prɛko pɛ. 6 Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanin Yehoiada bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wommisaa Lewifoɔ no deɛ enti a wɔnkɔɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem nkɔgyegyee Asɔredan ho toɔ no? Mose, AWURADE ɔsomfoɔ, gyegyee ɔman Israel saa toɔ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi asiesie Apam Ntomadan no.” 7 Mfeɛ pii mu no, otirimuɔdenfoɔ Atalia akyidifoɔ bɔ wuraa Onyankopɔn Asɔredan mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ AWURADE Asɔredan no mu no nyinaa, wɔfa de somm Baal ahoni. 8 Enti, afei, Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɛkwan a ɛkɔ AWURADE Asɔredan no akyi. 9 Enti, wɔde too Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim sɛ, wɔmfa ɛtoɔ a Mose, Onyankopɔn ɔsomfoɔ gyegyee Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so no mmrɛ AWURADE. 10 Ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no penee so, enti wɔde anigyeɛ de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma. 11 Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifoɔ no soa de kɔma ɔhene mpanimfoɔ. Na asɛnniiɛ twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin ananmusini bi akan sika no, na wɔasane de adaka no akɔsi Asɔredan no ɛpono ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wɔnyaa sika bebree. 12 Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansie sohwɛfoɔ, ma wɔfaa adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ, ma wɔsiesiee AWURADE Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnadeɛ adwumfoɔ maa wɔde nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ AWURADE Asɔredan no ho nneɛma. 13 Na mmarima a wɔhwɛ ɛdan no nsiesie so no yɛɛ adwumaden ma adwuma no kɔɔ so sɛdeɛ ɛfata. Wɔsii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dada no sɛso na wɔhyɛɛ mu den. 14 Wɔwiee nsiesie no, wɔde sika no nkaeɛ brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a nkwankoraa ne atam ahodoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde kɔguu AWURADE asɔredan no mu. Ɛberɛ a na ɔsɔfoɔ Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ AWURADE Asɔredan mu hɔ. 15 Yehoiada nyinii yie, ɔwuiɛ no na wadi mfirinhyia ɔha ne aduasa. 16 Wɔsiee no ahemfo asieeɛ wɔ Dawid kurom, ɛfiri sɛ, na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no. 17 Yehoiada owuo akyi no, Yuda ntuanofoɔ bɛkotoo ɔhene Yoas anim, srɛɛ no sɛ ɔntie wɔn afotuo. 18 Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛgya AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera afɔrebukyia no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuo baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne enti. 19 AWURADE somaa adiyifoɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene. 20 Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Sakaria so. Ɔgyinaa nnipa no anim kaa sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na monni AWURADE ahyɛdeɛ so? Morennya nkɔsoɔ ɛfiri sɛ, moagya AWURADE ama ɔno nso agya mo!” 21 Na ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Sakaria ho sɛ wɔbɛkum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wɔsii no aboɔ, kumm no wɔ AWURADE Asɔredan no adihɔ hɔ. 22 Na ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne babarima. Sakaria rewuo no, nsɛm a ɔka twaa toɔ ne sɛ, “AWURADE nhunu deɛ wɔreyɛ na ɔmma wɔmmu ho akonta!” 23 Afe no ahyɛaseɛ no, Aram akodɔm bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛeɛ, kunkumm ntuanofoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asadeɛ a wɔnyaeɛ nyinaa, de kɔmaa wɔn ɔhene wɔ Damasko. 24 Ɛwom sɛ Aram dɔm a wɔkɔto hyɛɛ wɔn so no sua deɛ, nanso, AWURADE boaa wɔn maa wɔdii Yuda akodɔm kɛseɛ no so nkonim. Yudafoɔ gyaa AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn, ɛno enti AWURADE buu atɛn tiaa Yoas. 25 Aramfoɔ twee wɔn ho na wɔgyaa Yoas a na wapira yie no hɔ. Nanso, ɔno ankasa mpanimfoɔ dwenee ho sɛ, ɛsiane sɛ ɔkumm ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima enti, wɔbɛkum no. Wɔkumm no wɔ ɛberɛ a ɔda mpa so. Na wɔsiee no Dawid kurom a wɔankɔsie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ. 26 Na awudifoɔ no yɛ Yosabat a ɔyɛ Amonni baa Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabni baa Simrit babarima. 27 Wɔatwerɛ nsɛm a ɛfa Yoas mmammarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no nsiesie wɔ Ahene nwoma nkyerɛmu no mu. Yoas wuiɛ no, ne babarima Amasia dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 24 in the ANGEFD

2 Chronicles 24 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 24 in the AS21

2 Chronicles 24 in the BAGH

2 Chronicles 24 in the BBPNG

2 Chronicles 24 in the BBT1E

2 Chronicles 24 in the BDS

2 Chronicles 24 in the BEV

2 Chronicles 24 in the BHAD

2 Chronicles 24 in the BIB

2 Chronicles 24 in the BLPT

2 Chronicles 24 in the BNT

2 Chronicles 24 in the BNTABOOT

2 Chronicles 24 in the BNTLV

2 Chronicles 24 in the BOATCB2

2 Chronicles 24 in the BOBCV

2 Chronicles 24 in the BOCNT

2 Chronicles 24 in the BOECS

2 Chronicles 24 in the BOGWICC

2 Chronicles 24 in the BOHCB

2 Chronicles 24 in the BOHCV

2 Chronicles 24 in the BOHLNT

2 Chronicles 24 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 24 in the BOICB

2 Chronicles 24 in the BOILNTAP

2 Chronicles 24 in the BOITCV

2 Chronicles 24 in the BOKCV

2 Chronicles 24 in the BOKCV2

2 Chronicles 24 in the BOKHWOG

2 Chronicles 24 in the BOKSSV

2 Chronicles 24 in the BOLCB

2 Chronicles 24 in the BOLCB2

2 Chronicles 24 in the BOMCV

2 Chronicles 24 in the BONAV

2 Chronicles 24 in the BONCB

2 Chronicles 24 in the BONLT

2 Chronicles 24 in the BONUT2

2 Chronicles 24 in the BOPLNT

2 Chronicles 24 in the BOSCB

2 Chronicles 24 in the BOSNC

2 Chronicles 24 in the BOTLNT

2 Chronicles 24 in the BOVCB

2 Chronicles 24 in the BOYCB

2 Chronicles 24 in the BPBB

2 Chronicles 24 in the BPH

2 Chronicles 24 in the BSB

2 Chronicles 24 in the CCB

2 Chronicles 24 in the CUV

2 Chronicles 24 in the CUVS

2 Chronicles 24 in the DBT

2 Chronicles 24 in the DGDNT

2 Chronicles 24 in the DHNT

2 Chronicles 24 in the DNT

2 Chronicles 24 in the ELBE

2 Chronicles 24 in the EMTV

2 Chronicles 24 in the ESV

2 Chronicles 24 in the FBV

2 Chronicles 24 in the FEB

2 Chronicles 24 in the GGMNT

2 Chronicles 24 in the GNT

2 Chronicles 24 in the HARY

2 Chronicles 24 in the HNT

2 Chronicles 24 in the IRVA

2 Chronicles 24 in the IRVB

2 Chronicles 24 in the IRVG

2 Chronicles 24 in the IRVH

2 Chronicles 24 in the IRVK

2 Chronicles 24 in the IRVM

2 Chronicles 24 in the IRVM2

2 Chronicles 24 in the IRVO

2 Chronicles 24 in the IRVP

2 Chronicles 24 in the IRVT

2 Chronicles 24 in the IRVT2

2 Chronicles 24 in the IRVU

2 Chronicles 24 in the ISVN

2 Chronicles 24 in the JSNT

2 Chronicles 24 in the KAPI

2 Chronicles 24 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 24 in the KBV

2 Chronicles 24 in the KJV

2 Chronicles 24 in the KNFD

2 Chronicles 24 in the LBA

2 Chronicles 24 in the LBLA

2 Chronicles 24 in the LNT

2 Chronicles 24 in the LSV

2 Chronicles 24 in the MAAL

2 Chronicles 24 in the MBV

2 Chronicles 24 in the MBV2

2 Chronicles 24 in the MHNT

2 Chronicles 24 in the MKNFD

2 Chronicles 24 in the MNG

2 Chronicles 24 in the MNT

2 Chronicles 24 in the MNT2

2 Chronicles 24 in the MRS1T

2 Chronicles 24 in the NAA

2 Chronicles 24 in the NASB

2 Chronicles 24 in the NBLA

2 Chronicles 24 in the NBS

2 Chronicles 24 in the NBVTP

2 Chronicles 24 in the NET2

2 Chronicles 24 in the NIV11

2 Chronicles 24 in the NNT

2 Chronicles 24 in the NNT2

2 Chronicles 24 in the NNT3

2 Chronicles 24 in the PDDPT

2 Chronicles 24 in the PFNT

2 Chronicles 24 in the RMNT

2 Chronicles 24 in the SBIAS

2 Chronicles 24 in the SBIBS

2 Chronicles 24 in the SBIBS2

2 Chronicles 24 in the SBICS

2 Chronicles 24 in the SBIDS

2 Chronicles 24 in the SBIGS

2 Chronicles 24 in the SBIHS

2 Chronicles 24 in the SBIIS

2 Chronicles 24 in the SBIIS2

2 Chronicles 24 in the SBIIS3

2 Chronicles 24 in the SBIKS

2 Chronicles 24 in the SBIKS2

2 Chronicles 24 in the SBIMS

2 Chronicles 24 in the SBIOS

2 Chronicles 24 in the SBIPS

2 Chronicles 24 in the SBISS

2 Chronicles 24 in the SBITS

2 Chronicles 24 in the SBITS2

2 Chronicles 24 in the SBITS3

2 Chronicles 24 in the SBITS4

2 Chronicles 24 in the SBIUS

2 Chronicles 24 in the SBIVS

2 Chronicles 24 in the SBT

2 Chronicles 24 in the SBT1E

2 Chronicles 24 in the SCHL

2 Chronicles 24 in the SNT

2 Chronicles 24 in the SUSU

2 Chronicles 24 in the SUSU2

2 Chronicles 24 in the SYNO

2 Chronicles 24 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 24 in the TBT1E

2 Chronicles 24 in the TBT1E2

2 Chronicles 24 in the TFTIP

2 Chronicles 24 in the TFTU

2 Chronicles 24 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 24 in the THAI

2 Chronicles 24 in the TNFD

2 Chronicles 24 in the TNT

2 Chronicles 24 in the TNTIK

2 Chronicles 24 in the TNTIL

2 Chronicles 24 in the TNTIN

2 Chronicles 24 in the TNTIP

2 Chronicles 24 in the TNTIZ

2 Chronicles 24 in the TOMA

2 Chronicles 24 in the TTENT

2 Chronicles 24 in the UBG

2 Chronicles 24 in the UGV

2 Chronicles 24 in the UGV2

2 Chronicles 24 in the UGV3

2 Chronicles 24 in the VBL

2 Chronicles 24 in the VDCC

2 Chronicles 24 in the YALU

2 Chronicles 24 in the YAPE

2 Chronicles 24 in the YBVTP

2 Chronicles 24 in the ZBP