2 Chronicles 24 (BOATCB2)

1 Yoas dii hene no, na wadi mfe ason, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduanan. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-Seba. 2 Yoas yɛɛ nea ɛsɔ AWURADE ani, ɔsɔfo Yehoiada nkwanna nyinaa. 3 Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmabarima ne mmabea. 4 Akyiri no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ obesiesie AWURADE Asɔredan no. 5 Enti ɔfrɛfrɛɛ asɔfo ne Lewifo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Yuda nkurow nyinaa so ntɛm, na munkogyigye afirihyiatow, sɛnea yebetumi asiesie mo Nyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso Lewifo no ankɔ prɛko pɛ. 6 Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanyin Yehoiada bisaa no se, “Adɛn nti na wummisaa Lewifo no nea enti a wɔnkɔɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem nkogyigyee Asɔredan ho tow no? Mose, AWURADE somfo, gyigyee ɔman Israel saa tow yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asiesie Apam Ntamadan no.” 7 Afei na otirimɔdenfo Atalia mma abɔ awura Onyankopɔn Asɔredan no mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ AWURADE Asɔredan no mu no nyinaa, wɔafa de resom Baal ahoni. 8 Enti Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɔkwan a ɛkɔ AWURADE Asɔredan no akyi. 9 Enti wɔde too Yuda ne Yerusalemman anim sɛ, wɔmfa tow a Mose, Onyankopɔn somfo gyigyee Israelfo wɔ sare so no mmrɛ AWURADE. 10 Ntuanofo no ne ɔmanfo no penee so, enti wɔde anigye de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma. 11 Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifo no soa de kɔma ɔhene mpanyimfo. Na asennii kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin nanmusini bi akan sika no, na wɔasan de adaka no akosi Asɔredan no pon ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wonyaa sika bebree. 12 Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansi sohwɛfo, ma wɔfaa adansifo ne nnua dwumfo, ma wosiesiee AWURADE Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnade adwumfo ma wɔde nnade ne kɔbere mfrafrae yɛɛ AWURADE Asɔredan no ho nneɛma. 13 Na mmarima a wɔhwɛ ɔdan no siesie so no yɛɛ adwumaden maa adwuma no kɔɔ so sɛnea ɛfata. Wosii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dedaw no sɛso na wɔhyɛɛ mu den. 14 Wowiee asiesie no, wɔde sika no nkae brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahorow a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyew afɔre a nkwankora ne hweaseammɔ ahorow a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde koguu AWURADE asɔredan no mu. Bere a na ɔsɔfo Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyew afɔre wɔ AWURADE Asɔredan mu hɔ. 15 Yehoiada nyinii yiye, owui no na wadi mfirihyia ɔha ne aduasa. 16 Wosiee no wɔ ahemfo asiei wɔ Dawid kurom, efisɛ na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no. 17 Yehoiada wu akyi no, Yuda ntuanofo bɛkotow ɔhene Yoas anim, srɛɛ no se ontie wɔn afotu. 18 Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobegyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera nnua no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuw baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne nti. 19 AWURADE somaa adiyifo sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene. 20 Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfo Yehoiada babarima Sakaria so. Ogyinaa nnipa no anim kae se, “Sɛnea Onyankopɔn se ni: Adɛn nti na munni AWURADE ahyɛde so? Morennya nkɔso, efisɛ moagyaw AWURADE ama ɔno nso agyaw mo!” 21 Na ntuanofo no pam Sakaria ti so sɛ wobekum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wosiw no abo, kum no wɔ Asɔredan no adiwo hɔ. 22 Na ɔhene Yoas ankae adɔe a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne babarima. Sakaria rewu no, nsɛm a ɔka twaa to ne se, “AWURADE nhu nea wɔreyɛ na ɔmma wommu ho akontaa!” 23 Afe no mfiase no, Aram asraafo bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛe, kunkum ntuanofo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asade a wonyae nyinaa, de kɔmaa wɔn hene wɔ Damasko. 24 Ɛwɔ mu sɛ Aram dɔm a wɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no sua de, nanso AWURADE boaa wɔn ma wodii Yuda asraafodɔm kɛse no so nkonim. Yudafo gyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn, ɛno nti AWURADE buu atɛn tiaa Yoas. 25 Aramfo twee wɔn ho na wogyaw Yoas a na wapira yiye no hɔ. Nanso ɔno ankasa mpanyimfo dwenee ho sɛ, esiane sɛ okum ɔsɔfo Yehoiada babarima nti, wobekum no. Wokum no bere a ɔda mpa so. Na wosiee no Dawid kurom a wɔankosie no wɔ adehye amusiei. 26 Na awudifo no yɛ Yosabad a ɔyɛ Amonnibea Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabnibea Simrit babarima. 27 Wɔakyerɛw nsɛm a ɛfa Yoas mmabarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no asiesie wɔ Ahene nkyerɛmu nhoma no mu. Yoas wui no, ne babarima Amasia dii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 24 in the ANGEFD

2 Chronicles 24 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 24 in the AS21

2 Chronicles 24 in the BAGH

2 Chronicles 24 in the BBPNG

2 Chronicles 24 in the BBT1E

2 Chronicles 24 in the BDS

2 Chronicles 24 in the BEV

2 Chronicles 24 in the BHAD

2 Chronicles 24 in the BIB

2 Chronicles 24 in the BLPT

2 Chronicles 24 in the BNT

2 Chronicles 24 in the BNTABOOT

2 Chronicles 24 in the BNTLV

2 Chronicles 24 in the BOATCB

2 Chronicles 24 in the BOBCV

2 Chronicles 24 in the BOCNT

2 Chronicles 24 in the BOECS

2 Chronicles 24 in the BOGWICC

2 Chronicles 24 in the BOHCB

2 Chronicles 24 in the BOHCV

2 Chronicles 24 in the BOHLNT

2 Chronicles 24 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 24 in the BOICB

2 Chronicles 24 in the BOILNTAP

2 Chronicles 24 in the BOITCV

2 Chronicles 24 in the BOKCV

2 Chronicles 24 in the BOKCV2

2 Chronicles 24 in the BOKHWOG

2 Chronicles 24 in the BOKSSV

2 Chronicles 24 in the BOLCB

2 Chronicles 24 in the BOLCB2

2 Chronicles 24 in the BOMCV

2 Chronicles 24 in the BONAV

2 Chronicles 24 in the BONCB

2 Chronicles 24 in the BONLT

2 Chronicles 24 in the BONUT2

2 Chronicles 24 in the BOPLNT

2 Chronicles 24 in the BOSCB

2 Chronicles 24 in the BOSNC

2 Chronicles 24 in the BOTLNT

2 Chronicles 24 in the BOVCB

2 Chronicles 24 in the BOYCB

2 Chronicles 24 in the BPBB

2 Chronicles 24 in the BPH

2 Chronicles 24 in the BSB

2 Chronicles 24 in the CCB

2 Chronicles 24 in the CUV

2 Chronicles 24 in the CUVS

2 Chronicles 24 in the DBT

2 Chronicles 24 in the DGDNT

2 Chronicles 24 in the DHNT

2 Chronicles 24 in the DNT

2 Chronicles 24 in the ELBE

2 Chronicles 24 in the EMTV

2 Chronicles 24 in the ESV

2 Chronicles 24 in the FBV

2 Chronicles 24 in the FEB

2 Chronicles 24 in the GGMNT

2 Chronicles 24 in the GNT

2 Chronicles 24 in the HARY

2 Chronicles 24 in the HNT

2 Chronicles 24 in the IRVA

2 Chronicles 24 in the IRVB

2 Chronicles 24 in the IRVG

2 Chronicles 24 in the IRVH

2 Chronicles 24 in the IRVK

2 Chronicles 24 in the IRVM

2 Chronicles 24 in the IRVM2

2 Chronicles 24 in the IRVO

2 Chronicles 24 in the IRVP

2 Chronicles 24 in the IRVT

2 Chronicles 24 in the IRVT2

2 Chronicles 24 in the IRVU

2 Chronicles 24 in the ISVN

2 Chronicles 24 in the JSNT

2 Chronicles 24 in the KAPI

2 Chronicles 24 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 24 in the KBV

2 Chronicles 24 in the KJV

2 Chronicles 24 in the KNFD

2 Chronicles 24 in the LBA

2 Chronicles 24 in the LBLA

2 Chronicles 24 in the LNT

2 Chronicles 24 in the LSV

2 Chronicles 24 in the MAAL

2 Chronicles 24 in the MBV

2 Chronicles 24 in the MBV2

2 Chronicles 24 in the MHNT

2 Chronicles 24 in the MKNFD

2 Chronicles 24 in the MNG

2 Chronicles 24 in the MNT

2 Chronicles 24 in the MNT2

2 Chronicles 24 in the MRS1T

2 Chronicles 24 in the NAA

2 Chronicles 24 in the NASB

2 Chronicles 24 in the NBLA

2 Chronicles 24 in the NBS

2 Chronicles 24 in the NBVTP

2 Chronicles 24 in the NET2

2 Chronicles 24 in the NIV11

2 Chronicles 24 in the NNT

2 Chronicles 24 in the NNT2

2 Chronicles 24 in the NNT3

2 Chronicles 24 in the PDDPT

2 Chronicles 24 in the PFNT

2 Chronicles 24 in the RMNT

2 Chronicles 24 in the SBIAS

2 Chronicles 24 in the SBIBS

2 Chronicles 24 in the SBIBS2

2 Chronicles 24 in the SBICS

2 Chronicles 24 in the SBIDS

2 Chronicles 24 in the SBIGS

2 Chronicles 24 in the SBIHS

2 Chronicles 24 in the SBIIS

2 Chronicles 24 in the SBIIS2

2 Chronicles 24 in the SBIIS3

2 Chronicles 24 in the SBIKS

2 Chronicles 24 in the SBIKS2

2 Chronicles 24 in the SBIMS

2 Chronicles 24 in the SBIOS

2 Chronicles 24 in the SBIPS

2 Chronicles 24 in the SBISS

2 Chronicles 24 in the SBITS

2 Chronicles 24 in the SBITS2

2 Chronicles 24 in the SBITS3

2 Chronicles 24 in the SBITS4

2 Chronicles 24 in the SBIUS

2 Chronicles 24 in the SBIVS

2 Chronicles 24 in the SBT

2 Chronicles 24 in the SBT1E

2 Chronicles 24 in the SCHL

2 Chronicles 24 in the SNT

2 Chronicles 24 in the SUSU

2 Chronicles 24 in the SUSU2

2 Chronicles 24 in the SYNO

2 Chronicles 24 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 24 in the TBT1E

2 Chronicles 24 in the TBT1E2

2 Chronicles 24 in the TFTIP

2 Chronicles 24 in the TFTU

2 Chronicles 24 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 24 in the THAI

2 Chronicles 24 in the TNFD

2 Chronicles 24 in the TNT

2 Chronicles 24 in the TNTIK

2 Chronicles 24 in the TNTIL

2 Chronicles 24 in the TNTIN

2 Chronicles 24 in the TNTIP

2 Chronicles 24 in the TNTIZ

2 Chronicles 24 in the TOMA

2 Chronicles 24 in the TTENT

2 Chronicles 24 in the UBG

2 Chronicles 24 in the UGV

2 Chronicles 24 in the UGV2

2 Chronicles 24 in the UGV3

2 Chronicles 24 in the VBL

2 Chronicles 24 in the VDCC

2 Chronicles 24 in the YALU

2 Chronicles 24 in the YAPE

2 Chronicles 24 in the YBVTP

2 Chronicles 24 in the ZBP