2 Chronicles 25 (BOATCB)

1 Amasia dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem. 2 Amasia yɛɛ deɛ ɛtene wɔ AWURADE ani, nanso na ɛmfiri nʼakoma nyinaa mu. 3 Ɛberɛ a Amasia timiiɛ wɔ nʼahennie mu yie no, ɔkunkumm mmarima a wɔkumm nʼagya no. 4 Nanso, wankunkum awudifoɔ no mma, ɛfiri sɛ, ɔtiee AWURADE ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkunkum awofoɔ wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ enti, anaa wɔkunkum mma wɔ awofoɔ bɔne a wɔayɛ enti. Wɔn a wɔsɛ owuo no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn nnebɔne enti. 5 Ade foforɔ a Amasia yɛeɛ ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ foforɔ wɔ akodɔm no mu, de ntuanofoɔ tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkanee wɔn hunuu sɛ nʼakodɔm no dodoɔ ano si mmarima ɔpehasa a ɛyɛ wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ, na wɔatete wɔn nyinaa wɔ peatoɔ ne nkataboɔkura mu. 6 Ɔsane tuaa dwetɛ tɔno 3.4 sɛ apaabɔdeɛ maa Israel mmarima ɔpeha a wɔnim akodie yie. 7 Nanso, Onyankopɔn onipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Ao ɔhene, ntua sika mfa akodɔm mfiri Israel, ɛfiri sɛ, AWURADE nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wɔfiri Efraim no. 8 Sɛ woma wɔkɔka wʼakodɔm ho kɔ ɔko, na moko sɛ ɛdeɛn ara a, wɔbɛdi mo so nkonim. Onyankopɔn bɛtu mo agu, ɛfiri sɛ, ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.” 9 Amasia bisaa Onyankopɔn onipa no sɛ, “Na dwetɛ a metua kɔbɔɔ Israel akodɔm paa no nso menyɛ no ɛdeɛn?”Onyankopɔn onipa no buaa sɛ, “AWURADE bɛtumi ama wo deɛ ɛsene sei koraa.” 10 Enti, Amasia pɔnn akodɔm a ɔbɔɔ wɔn paa no, maa wɔsane kɔɔ Efraim. Yei maa wɔn bo fuu Yuda, na wɔsane de abufuhyeɛ kɔɔ efie. 11 Na Amasia sii ne bo, dii nʼakodɔm anim, kɔɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. Ɛhɔ na wɔkumm Edomfoɔ akodɔm a wɔfiri Seir no ɔpedu. 12 Wɔkyekyeree ɔpedu bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kɔsunsumm wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔ no ase no so, tetee pasapasa. 13 Na akodɔm a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsane kɔeɛ no tohyɛɛ Yuda nkuro bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wɔkunkumm nnipa mpensa, tasee asadeɛ bebree. 14 Ɛberɛ a ɔhene Amasia dii Edomfoɔ so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase firii Seirfoɔ nkyɛn kaa ne ho baeɛ. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotoo wɔn anim, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn. 15 Yei hyɛɛ AWURADE abufuo yie enti, ɔsomaa odiyifoɔ sɛ ɔnkɔbisa sɛ, “Adɛn enti na wosom anyame a mpo wɔntumi nnye wɔn ankasa nkurɔfoɔ nkwa mfiri wɔn nsam?” 16 Nanso, ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkaa sɛ, “Da bɛn na mebisaa wo afotuo? Mua wʼano na mankum wo!” Enti, ansa na odiyifoɔ no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Menim sɛ ɛsiane sɛ woayɛ saa enti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ, woantie mʼafotuo.” 17 Akyire a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufoɔ nkyɛn kɔbisaa afotuo no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nana nso anim sɛ, “Bra na yɛnni ako.” 18 Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. 19 Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?” 20 Amasia yɛɛ asoɔden, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn resiesie ɛkwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsomm Edom anyame no enti. 21 Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakodɔm ano kɔtiaa Yudahene Amasia. Akodɔm mmienu no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 22 Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa wɔbɔɔ ahweteɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom. 23 Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsane de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakodɔm sɛ, wɔnsɛe Yerusalem ɔfasuo no anammɔn ahansia a ɛfiri Efraim ɛpono ano, kɔsi Twɛtwɛwa Ɛpono no ano. 24 Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfie hɔ mu nneɛma kaa nnommumfoɔ no ho, na ɔsane kɔɔ Samaria. 25 Israelhene Yoas owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfirinhyia dunum. 26 Amasia ahennie ho nsɛm nkaeɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu. 27 Amasia danee ne ho firii AWURADE akyi no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem. Ɛno enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ somaa awudifoɔ, tii no kɔkumm no wɔ hɔ. 28 Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem bɛsiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom.

In Other Versions

2 Chronicles 25 in the ANGEFD

2 Chronicles 25 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 25 in the AS21

2 Chronicles 25 in the BAGH

2 Chronicles 25 in the BBPNG

2 Chronicles 25 in the BBT1E

2 Chronicles 25 in the BDS

2 Chronicles 25 in the BEV

2 Chronicles 25 in the BHAD

2 Chronicles 25 in the BIB

2 Chronicles 25 in the BLPT

2 Chronicles 25 in the BNT

2 Chronicles 25 in the BNTABOOT

2 Chronicles 25 in the BNTLV

2 Chronicles 25 in the BOATCB2

2 Chronicles 25 in the BOBCV

2 Chronicles 25 in the BOCNT

2 Chronicles 25 in the BOECS

2 Chronicles 25 in the BOGWICC

2 Chronicles 25 in the BOHCB

2 Chronicles 25 in the BOHCV

2 Chronicles 25 in the BOHLNT

2 Chronicles 25 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 25 in the BOICB

2 Chronicles 25 in the BOILNTAP

2 Chronicles 25 in the BOITCV

2 Chronicles 25 in the BOKCV

2 Chronicles 25 in the BOKCV2

2 Chronicles 25 in the BOKHWOG

2 Chronicles 25 in the BOKSSV

2 Chronicles 25 in the BOLCB

2 Chronicles 25 in the BOLCB2

2 Chronicles 25 in the BOMCV

2 Chronicles 25 in the BONAV

2 Chronicles 25 in the BONCB

2 Chronicles 25 in the BONLT

2 Chronicles 25 in the BONUT2

2 Chronicles 25 in the BOPLNT

2 Chronicles 25 in the BOSCB

2 Chronicles 25 in the BOSNC

2 Chronicles 25 in the BOTLNT

2 Chronicles 25 in the BOVCB

2 Chronicles 25 in the BOYCB

2 Chronicles 25 in the BPBB

2 Chronicles 25 in the BPH

2 Chronicles 25 in the BSB

2 Chronicles 25 in the CCB

2 Chronicles 25 in the CUV

2 Chronicles 25 in the CUVS

2 Chronicles 25 in the DBT

2 Chronicles 25 in the DGDNT

2 Chronicles 25 in the DHNT

2 Chronicles 25 in the DNT

2 Chronicles 25 in the ELBE

2 Chronicles 25 in the EMTV

2 Chronicles 25 in the ESV

2 Chronicles 25 in the FBV

2 Chronicles 25 in the FEB

2 Chronicles 25 in the GGMNT

2 Chronicles 25 in the GNT

2 Chronicles 25 in the HARY

2 Chronicles 25 in the HNT

2 Chronicles 25 in the IRVA

2 Chronicles 25 in the IRVB

2 Chronicles 25 in the IRVG

2 Chronicles 25 in the IRVH

2 Chronicles 25 in the IRVK

2 Chronicles 25 in the IRVM

2 Chronicles 25 in the IRVM2

2 Chronicles 25 in the IRVO

2 Chronicles 25 in the IRVP

2 Chronicles 25 in the IRVT

2 Chronicles 25 in the IRVT2

2 Chronicles 25 in the IRVU

2 Chronicles 25 in the ISVN

2 Chronicles 25 in the JSNT

2 Chronicles 25 in the KAPI

2 Chronicles 25 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 25 in the KBV

2 Chronicles 25 in the KJV

2 Chronicles 25 in the KNFD

2 Chronicles 25 in the LBA

2 Chronicles 25 in the LBLA

2 Chronicles 25 in the LNT

2 Chronicles 25 in the LSV

2 Chronicles 25 in the MAAL

2 Chronicles 25 in the MBV

2 Chronicles 25 in the MBV2

2 Chronicles 25 in the MHNT

2 Chronicles 25 in the MKNFD

2 Chronicles 25 in the MNG

2 Chronicles 25 in the MNT

2 Chronicles 25 in the MNT2

2 Chronicles 25 in the MRS1T

2 Chronicles 25 in the NAA

2 Chronicles 25 in the NASB

2 Chronicles 25 in the NBLA

2 Chronicles 25 in the NBS

2 Chronicles 25 in the NBVTP

2 Chronicles 25 in the NET2

2 Chronicles 25 in the NIV11

2 Chronicles 25 in the NNT

2 Chronicles 25 in the NNT2

2 Chronicles 25 in the NNT3

2 Chronicles 25 in the PDDPT

2 Chronicles 25 in the PFNT

2 Chronicles 25 in the RMNT

2 Chronicles 25 in the SBIAS

2 Chronicles 25 in the SBIBS

2 Chronicles 25 in the SBIBS2

2 Chronicles 25 in the SBICS

2 Chronicles 25 in the SBIDS

2 Chronicles 25 in the SBIGS

2 Chronicles 25 in the SBIHS

2 Chronicles 25 in the SBIIS

2 Chronicles 25 in the SBIIS2

2 Chronicles 25 in the SBIIS3

2 Chronicles 25 in the SBIKS

2 Chronicles 25 in the SBIKS2

2 Chronicles 25 in the SBIMS

2 Chronicles 25 in the SBIOS

2 Chronicles 25 in the SBIPS

2 Chronicles 25 in the SBISS

2 Chronicles 25 in the SBITS

2 Chronicles 25 in the SBITS2

2 Chronicles 25 in the SBITS3

2 Chronicles 25 in the SBITS4

2 Chronicles 25 in the SBIUS

2 Chronicles 25 in the SBIVS

2 Chronicles 25 in the SBT

2 Chronicles 25 in the SBT1E

2 Chronicles 25 in the SCHL

2 Chronicles 25 in the SNT

2 Chronicles 25 in the SUSU

2 Chronicles 25 in the SUSU2

2 Chronicles 25 in the SYNO

2 Chronicles 25 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 25 in the TBT1E

2 Chronicles 25 in the TBT1E2

2 Chronicles 25 in the TFTIP

2 Chronicles 25 in the TFTU

2 Chronicles 25 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 25 in the THAI

2 Chronicles 25 in the TNFD

2 Chronicles 25 in the TNT

2 Chronicles 25 in the TNTIK

2 Chronicles 25 in the TNTIL

2 Chronicles 25 in the TNTIN

2 Chronicles 25 in the TNTIP

2 Chronicles 25 in the TNTIZ

2 Chronicles 25 in the TOMA

2 Chronicles 25 in the TTENT

2 Chronicles 25 in the UBG

2 Chronicles 25 in the UGV

2 Chronicles 25 in the UGV2

2 Chronicles 25 in the UGV3

2 Chronicles 25 in the VBL

2 Chronicles 25 in the VDCC

2 Chronicles 25 in the YALU

2 Chronicles 25 in the YAPE

2 Chronicles 25 in the YBVTP

2 Chronicles 25 in the ZBP