2 Chronicles 30 (BOATCB)

1 Afei, ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara sɛ ɔmmra AWURADE Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wɔnni AWURADE, Israel Onyankopɔn, Twam Afahyɛ no. 2 Ɔhene no, ne mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no mu. 3 Na anka wɔdi Twam Afahyɛ no bosome ansa na bosome a ɛtɔ so mmienu ahyɛ aseɛ, nanso na asɔfoɔ no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfoɔ no nso, na wɔmmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. 4 Adwene a wɔyɛeɛ sɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no, na ɛyɛ ma ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa. 5 Enti, wɔbɔɔ no dawuro wɔ Israel nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmɛdi AWURADE, Israel Onyankopɔn Twam Afahyɛ no bi. Na nnipa dodoɔ nni Twam Afahyɛ no sɛdeɛ mmara no kyerɛ. 6 Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel ne Yuda afanan nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka sɛ:“Ao Israel manfoɔ, monsane mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn nkyɛn, sɛdeɛ ɔbɛsane aba yɛn mu, nnipa kakra a yɛanya yɛn tiri adidi mu wɔ Asiria ahemfo nkonim a wɔdii yɛn so no. 7 Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafoɔ a wɔgyaa AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn, a wɔyɛɛ aseredeɛ sɛdeɛ mo ankasa mohunu yi. 8 Monnyɛ asoɔden sɛdeɛ na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma AWURADE. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron daa nyinaa. Monsom AWURADE, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri mo so. 9 Na sɛ mosane ba AWURADE nkyɛn a, mo abusuafoɔ ne mo mma bɛnya ahummɔborɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛtumi asane aba asase yi so. Ɛfiri sɛ, AWURADE, mo Onyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔborɔ. Sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfiri mo so.” 10 Abɔfoɔ no kyinii nkuro a ɛwɔ Efraim ne Manase kɔsi Sebulon so. Nanso, nnipa no mu bebree seree abɔfoɔ no, dii wɔn ho fɛw. 11 Nanso, wɔn a wɔfiri Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. 12 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ ɔsetie mma AWURADE asɛm a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ no nkyɛn. 13 Enti, ɛdɔm kɛseɛ hyiaa wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmienu no mu, sɛ wɔrebɛdi Twam Afahyɛ no ne Apiti Afahyɛ no. 14 Wɔhyɛɛ aseɛ bubuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia no nyinaa firii Yerusalem. Wɔyiyii nnuhwam afɔrebukyia nyinaa kɔto guu Kidron bɔnhwa mu. 15 Ɛda a wɔahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no duruiɛ no, ɔmanfoɔ no kunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wuiɛ enti, wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa AWURADE Asɔredan mu. 16 Obiara kɔgyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛdeɛ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara no kyerɛ no. Lewifoɔ no de mogya afɔrebɔdeɛ no brɛɛ asɔfoɔ no, maa wɔn nso pete guu afɔrebukyia no so. 17 Esiane sɛ na ɔmanfoɔ no mu bebree nnwiraa wɔn ho enti, Lewifoɔ no na wɔkunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa no maa wɔn, nam so tee ho maa AWURADE. 18 Na wɔn a wɔfiri Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛseɛ no ara nnwiraa wɔn ho. Nanso, ɔhene Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na wɔmaa wɔn ɛkwan maa wɔdii Twam Afahyɛ aduane no bi a na anka ɛtia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpaeɛ sɛ, “AWURADE a ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ no mfa nnipa a 19 wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛdi AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wɔnnwiraa wɔn ho yie mmaa afahyɛ no a.” 20 Na AWURADE tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfoɔ no yadeɛ. 21 Enti, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigyeɛ so. Ɛda biara, Lewifoɔ ne asɔfoɔ no too nnwom maa AWURADE de nnwontodeɛ a ano yɛ den gyegyee ho. 22 Hesekia hyɛɛ Lewifoɔ no nkuran wɔ ɛkwan pa a wɔfa so som AWURADE no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔmanfoɔ kaa wɔn bɔne kyerɛɛ AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn. 23 Badwa no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigyeɛ toaa so nnawɔtwe. 24 Ɔhene Hesekia maa ɔmanfoɔ no anantwinini apem ne nnwan mpem nson sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ, na mpanimfoɔ no nso maa anantwinini apem ne nnwan ɔpedu. Ɛberɛ korɔ no ara mu, asɔfoɔ no bebree dwiraa wɔn ho. 25 Yuda badwa nyinaa a asɔfoɔ, Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri Israel asase so nyinaa, ananafoɔ a wɔbɛdii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyeeɛ. 26 Anigyeɛ kɛseɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, na Yerusalem nhunuu afahyɛ a ɛte sei bi da, ɛfiri Salomo ɔhene Dawid babarima berɛ so. 27 Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ sɔre hyiraa ɔmanfoɔ no, na Onyankopɔn tiee wɔn firi ne soro atenaeɛ kronkronbea hɔ.

In Other Versions

2 Chronicles 30 in the ANGEFD

2 Chronicles 30 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 30 in the AS21

2 Chronicles 30 in the BAGH

2 Chronicles 30 in the BBPNG

2 Chronicles 30 in the BBT1E

2 Chronicles 30 in the BDS

2 Chronicles 30 in the BEV

2 Chronicles 30 in the BHAD

2 Chronicles 30 in the BIB

2 Chronicles 30 in the BLPT

2 Chronicles 30 in the BNT

2 Chronicles 30 in the BNTABOOT

2 Chronicles 30 in the BNTLV

2 Chronicles 30 in the BOATCB2

2 Chronicles 30 in the BOBCV

2 Chronicles 30 in the BOCNT

2 Chronicles 30 in the BOECS

2 Chronicles 30 in the BOGWICC

2 Chronicles 30 in the BOHCB

2 Chronicles 30 in the BOHCV

2 Chronicles 30 in the BOHLNT

2 Chronicles 30 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 30 in the BOICB

2 Chronicles 30 in the BOILNTAP

2 Chronicles 30 in the BOITCV

2 Chronicles 30 in the BOKCV

2 Chronicles 30 in the BOKCV2

2 Chronicles 30 in the BOKHWOG

2 Chronicles 30 in the BOKSSV

2 Chronicles 30 in the BOLCB

2 Chronicles 30 in the BOLCB2

2 Chronicles 30 in the BOMCV

2 Chronicles 30 in the BONAV

2 Chronicles 30 in the BONCB

2 Chronicles 30 in the BONLT

2 Chronicles 30 in the BONUT2

2 Chronicles 30 in the BOPLNT

2 Chronicles 30 in the BOSCB

2 Chronicles 30 in the BOSNC

2 Chronicles 30 in the BOTLNT

2 Chronicles 30 in the BOVCB

2 Chronicles 30 in the BOYCB

2 Chronicles 30 in the BPBB

2 Chronicles 30 in the BPH

2 Chronicles 30 in the BSB

2 Chronicles 30 in the CCB

2 Chronicles 30 in the CUV

2 Chronicles 30 in the CUVS

2 Chronicles 30 in the DBT

2 Chronicles 30 in the DGDNT

2 Chronicles 30 in the DHNT

2 Chronicles 30 in the DNT

2 Chronicles 30 in the ELBE

2 Chronicles 30 in the EMTV

2 Chronicles 30 in the ESV

2 Chronicles 30 in the FBV

2 Chronicles 30 in the FEB

2 Chronicles 30 in the GGMNT

2 Chronicles 30 in the GNT

2 Chronicles 30 in the HARY

2 Chronicles 30 in the HNT

2 Chronicles 30 in the IRVA

2 Chronicles 30 in the IRVB

2 Chronicles 30 in the IRVG

2 Chronicles 30 in the IRVH

2 Chronicles 30 in the IRVK

2 Chronicles 30 in the IRVM

2 Chronicles 30 in the IRVM2

2 Chronicles 30 in the IRVO

2 Chronicles 30 in the IRVP

2 Chronicles 30 in the IRVT

2 Chronicles 30 in the IRVT2

2 Chronicles 30 in the IRVU

2 Chronicles 30 in the ISVN

2 Chronicles 30 in the JSNT

2 Chronicles 30 in the KAPI

2 Chronicles 30 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 30 in the KBV

2 Chronicles 30 in the KJV

2 Chronicles 30 in the KNFD

2 Chronicles 30 in the LBA

2 Chronicles 30 in the LBLA

2 Chronicles 30 in the LNT

2 Chronicles 30 in the LSV

2 Chronicles 30 in the MAAL

2 Chronicles 30 in the MBV

2 Chronicles 30 in the MBV2

2 Chronicles 30 in the MHNT

2 Chronicles 30 in the MKNFD

2 Chronicles 30 in the MNG

2 Chronicles 30 in the MNT

2 Chronicles 30 in the MNT2

2 Chronicles 30 in the MRS1T

2 Chronicles 30 in the NAA

2 Chronicles 30 in the NASB

2 Chronicles 30 in the NBLA

2 Chronicles 30 in the NBS

2 Chronicles 30 in the NBVTP

2 Chronicles 30 in the NET2

2 Chronicles 30 in the NIV11

2 Chronicles 30 in the NNT

2 Chronicles 30 in the NNT2

2 Chronicles 30 in the NNT3

2 Chronicles 30 in the PDDPT

2 Chronicles 30 in the PFNT

2 Chronicles 30 in the RMNT

2 Chronicles 30 in the SBIAS

2 Chronicles 30 in the SBIBS

2 Chronicles 30 in the SBIBS2

2 Chronicles 30 in the SBICS

2 Chronicles 30 in the SBIDS

2 Chronicles 30 in the SBIGS

2 Chronicles 30 in the SBIHS

2 Chronicles 30 in the SBIIS

2 Chronicles 30 in the SBIIS2

2 Chronicles 30 in the SBIIS3

2 Chronicles 30 in the SBIKS

2 Chronicles 30 in the SBIKS2

2 Chronicles 30 in the SBIMS

2 Chronicles 30 in the SBIOS

2 Chronicles 30 in the SBIPS

2 Chronicles 30 in the SBISS

2 Chronicles 30 in the SBITS

2 Chronicles 30 in the SBITS2

2 Chronicles 30 in the SBITS3

2 Chronicles 30 in the SBITS4

2 Chronicles 30 in the SBIUS

2 Chronicles 30 in the SBIVS

2 Chronicles 30 in the SBT

2 Chronicles 30 in the SBT1E

2 Chronicles 30 in the SCHL

2 Chronicles 30 in the SNT

2 Chronicles 30 in the SUSU

2 Chronicles 30 in the SUSU2

2 Chronicles 30 in the SYNO

2 Chronicles 30 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 30 in the TBT1E

2 Chronicles 30 in the TBT1E2

2 Chronicles 30 in the TFTIP

2 Chronicles 30 in the TFTU

2 Chronicles 30 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 30 in the THAI

2 Chronicles 30 in the TNFD

2 Chronicles 30 in the TNT

2 Chronicles 30 in the TNTIK

2 Chronicles 30 in the TNTIL

2 Chronicles 30 in the TNTIN

2 Chronicles 30 in the TNTIP

2 Chronicles 30 in the TNTIZ

2 Chronicles 30 in the TOMA

2 Chronicles 30 in the TTENT

2 Chronicles 30 in the UBG

2 Chronicles 30 in the UGV

2 Chronicles 30 in the UGV2

2 Chronicles 30 in the UGV3

2 Chronicles 30 in the VBL

2 Chronicles 30 in the VDCC

2 Chronicles 30 in the YALU

2 Chronicles 30 in the YAPE

2 Chronicles 30 in the YBVTP

2 Chronicles 30 in the ZBP