2 Chronicles 30 (BOATCB2)

1 Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra AWURADE Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wonni AWURADE, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no. 2 Ɔhene no, ne mpanyimfo ne ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wobedi Twam no ɔsram a ɛto so abien no mu. 3 Na anka wodi Twam no ɔsram ansa na ɔsram a ɛto so abien no afi ase, nanso na asɔfo no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfo no nso mmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem ɛ. 4 Adwene a wɔyɛɛ sɛ wobedi Twam no, na eye ma ɔhene no ne ɔmanfo no nyinaa. 5 Enti wɔbɔɔ no dawuru wɔ Israel nyinaa fi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmedi AWURADE, Israel Nyankopɔn Twam no bi. Na nnipa dodow nni Twam no sɛnea mmara no kyerɛ. 6 Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel ne Yuda mmaa nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka se:“Israel manfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn nkyɛn, sɛnea ɔbɛsan aba mo, nnipa kakra a moaka, mo a moatumi aguan afi Asiria ahemfo nsam no nkyɛn. 7 Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafo a wogyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn, a wɔyɛɛ aserewde sɛnea mo ankasa muhu yi. 8 Monnyɛ asoɔden sɛnea na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma AWURADE. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron no mu daa nyinaa. Monsom AWURADE, mo Nyankopɔn, sɛnea nʼabufuwhyew no befi mo so. 9 Na sɛ mosan ba AWURADE nkyɛn a, mo abusuafo ne mo mma benya ahummɔbɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wobetumi asan aba asase yi so. Efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔbɔ. Sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfi mo so.” 10 Abɔfo no kyinii nkurow a ɛwɔ Efraim ne Manase kosi Sebulon so. Nanso nnipa no mu bebree serew abɔfo no, dii wɔn ho fɛw. 11 Nanso wɔn a wofi Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. 12 Saa bere koro no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda no so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ osetie mma AWURADE asɛm a efi ɔhene ne ne mpanyimfo no nkyɛn no. 13 Enti dɔm kɛse hyiaa wɔ Yerusalem ɔsram a ɛto so abien no mu, sɛ wɔrebedi Twam no ne Apiti Afahyɛ no. 14 Wofii ase bubuu abosonsomfo afɔremuka no nyinaa fii Yerusalem. Woyiyii nnuhuam afɔremuka nyinaa kɔtow guu Kidron bon mu. 15 Da a wɔahyɛ wɔ ɔsram a ɛto so abien no dui no, ɔmanfo no kunkum wɔn Twam nguantenmma. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui nti, wodwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyew afɔre baa AWURADE Asɔredan mu. 16 Obiara kogyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛnea Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara no kyerɛ no. Lewifo no de mogya afɔrebɔde no brɛɛ asɔfo no, maa wɔn nso pete guu afɔremuka no so. 17 Esiane sɛ na ɔmanfo no mu bebree nnwiraa wɔn ho nti, Lewifo no na wokunkum wɔn Twam nguantenmma no maa wɔn, nam so tew ho maa AWURADE. 18 Na wɔn a wofi Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛse no ara nnwira wɔn ho de, nanso ɔhene Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na wɔmaa wɔn kwan ma wodii Twam aduan no bi a na anka etia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpae se, “AWURADE a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no mfa nnipa a 19 wɔasi wɔn adwene pi sɛ wobedi AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wonnwiraa wɔn ho yiye mmaa afahyɛ no a.” 20 Na AWURADE tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfo no yare. 21 Enti ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigye so. Da biara, Lewifo ne asɔfo no too nnwom maa AWURADE de nnwontode a ano yɛ den memmaa ho. 22 Hesekia hyɛɛ Lewifo no nkuran wɔ ɔkwan pa a wɔfa so som AWURADE no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoe afɔre, na ɔmanfo kaa wɔn bɔne kyerɛɛ AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn. 23 Bagua no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigye toaa so nnaawɔtwe. 24 Ɔhene Hesekia maa ɔmanfo no anantwinini apem ne nguan mpem ason sɛ wɔmfa mmɔ afɔre, na mpanyimfo no nso maa anantwinini apem ne nguan mpem du. Bere koro no ara mu, asɔfo no bebree dwiraa wɔn ho. 25 Yuda bagua nyinaa a asɔfo, Lewifo ne wɔn a wofi Israel asase so nyinaa, ananafo a wobedii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyei. 26 Anigye kɛse baa kuropɔn no mu, efisɛ na Yerusalem nhuu afahyɛ a ɛte sɛɛ bi da, efi Salomo ɔhene Dawid babarima no bere so. 27 Na asɔfo no ne Lewifo no sɔre hyiraa ɔmanfo no, na Onyankopɔn tiee wɔn, efisɛ wɔn mpaebɔ duu ɔsoro, nʼatenae wɔ kronkronbea hɔ.

In Other Versions

2 Chronicles 30 in the ANGEFD

2 Chronicles 30 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 30 in the AS21

2 Chronicles 30 in the BAGH

2 Chronicles 30 in the BBPNG

2 Chronicles 30 in the BBT1E

2 Chronicles 30 in the BDS

2 Chronicles 30 in the BEV

2 Chronicles 30 in the BHAD

2 Chronicles 30 in the BIB

2 Chronicles 30 in the BLPT

2 Chronicles 30 in the BNT

2 Chronicles 30 in the BNTABOOT

2 Chronicles 30 in the BNTLV

2 Chronicles 30 in the BOATCB

2 Chronicles 30 in the BOBCV

2 Chronicles 30 in the BOCNT

2 Chronicles 30 in the BOECS

2 Chronicles 30 in the BOGWICC

2 Chronicles 30 in the BOHCB

2 Chronicles 30 in the BOHCV

2 Chronicles 30 in the BOHLNT

2 Chronicles 30 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 30 in the BOICB

2 Chronicles 30 in the BOILNTAP

2 Chronicles 30 in the BOITCV

2 Chronicles 30 in the BOKCV

2 Chronicles 30 in the BOKCV2

2 Chronicles 30 in the BOKHWOG

2 Chronicles 30 in the BOKSSV

2 Chronicles 30 in the BOLCB

2 Chronicles 30 in the BOLCB2

2 Chronicles 30 in the BOMCV

2 Chronicles 30 in the BONAV

2 Chronicles 30 in the BONCB

2 Chronicles 30 in the BONLT

2 Chronicles 30 in the BONUT2

2 Chronicles 30 in the BOPLNT

2 Chronicles 30 in the BOSCB

2 Chronicles 30 in the BOSNC

2 Chronicles 30 in the BOTLNT

2 Chronicles 30 in the BOVCB

2 Chronicles 30 in the BOYCB

2 Chronicles 30 in the BPBB

2 Chronicles 30 in the BPH

2 Chronicles 30 in the BSB

2 Chronicles 30 in the CCB

2 Chronicles 30 in the CUV

2 Chronicles 30 in the CUVS

2 Chronicles 30 in the DBT

2 Chronicles 30 in the DGDNT

2 Chronicles 30 in the DHNT

2 Chronicles 30 in the DNT

2 Chronicles 30 in the ELBE

2 Chronicles 30 in the EMTV

2 Chronicles 30 in the ESV

2 Chronicles 30 in the FBV

2 Chronicles 30 in the FEB

2 Chronicles 30 in the GGMNT

2 Chronicles 30 in the GNT

2 Chronicles 30 in the HARY

2 Chronicles 30 in the HNT

2 Chronicles 30 in the IRVA

2 Chronicles 30 in the IRVB

2 Chronicles 30 in the IRVG

2 Chronicles 30 in the IRVH

2 Chronicles 30 in the IRVK

2 Chronicles 30 in the IRVM

2 Chronicles 30 in the IRVM2

2 Chronicles 30 in the IRVO

2 Chronicles 30 in the IRVP

2 Chronicles 30 in the IRVT

2 Chronicles 30 in the IRVT2

2 Chronicles 30 in the IRVU

2 Chronicles 30 in the ISVN

2 Chronicles 30 in the JSNT

2 Chronicles 30 in the KAPI

2 Chronicles 30 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 30 in the KBV

2 Chronicles 30 in the KJV

2 Chronicles 30 in the KNFD

2 Chronicles 30 in the LBA

2 Chronicles 30 in the LBLA

2 Chronicles 30 in the LNT

2 Chronicles 30 in the LSV

2 Chronicles 30 in the MAAL

2 Chronicles 30 in the MBV

2 Chronicles 30 in the MBV2

2 Chronicles 30 in the MHNT

2 Chronicles 30 in the MKNFD

2 Chronicles 30 in the MNG

2 Chronicles 30 in the MNT

2 Chronicles 30 in the MNT2

2 Chronicles 30 in the MRS1T

2 Chronicles 30 in the NAA

2 Chronicles 30 in the NASB

2 Chronicles 30 in the NBLA

2 Chronicles 30 in the NBS

2 Chronicles 30 in the NBVTP

2 Chronicles 30 in the NET2

2 Chronicles 30 in the NIV11

2 Chronicles 30 in the NNT

2 Chronicles 30 in the NNT2

2 Chronicles 30 in the NNT3

2 Chronicles 30 in the PDDPT

2 Chronicles 30 in the PFNT

2 Chronicles 30 in the RMNT

2 Chronicles 30 in the SBIAS

2 Chronicles 30 in the SBIBS

2 Chronicles 30 in the SBIBS2

2 Chronicles 30 in the SBICS

2 Chronicles 30 in the SBIDS

2 Chronicles 30 in the SBIGS

2 Chronicles 30 in the SBIHS

2 Chronicles 30 in the SBIIS

2 Chronicles 30 in the SBIIS2

2 Chronicles 30 in the SBIIS3

2 Chronicles 30 in the SBIKS

2 Chronicles 30 in the SBIKS2

2 Chronicles 30 in the SBIMS

2 Chronicles 30 in the SBIOS

2 Chronicles 30 in the SBIPS

2 Chronicles 30 in the SBISS

2 Chronicles 30 in the SBITS

2 Chronicles 30 in the SBITS2

2 Chronicles 30 in the SBITS3

2 Chronicles 30 in the SBITS4

2 Chronicles 30 in the SBIUS

2 Chronicles 30 in the SBIVS

2 Chronicles 30 in the SBT

2 Chronicles 30 in the SBT1E

2 Chronicles 30 in the SCHL

2 Chronicles 30 in the SNT

2 Chronicles 30 in the SUSU

2 Chronicles 30 in the SUSU2

2 Chronicles 30 in the SYNO

2 Chronicles 30 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 30 in the TBT1E

2 Chronicles 30 in the TBT1E2

2 Chronicles 30 in the TFTIP

2 Chronicles 30 in the TFTU

2 Chronicles 30 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 30 in the THAI

2 Chronicles 30 in the TNFD

2 Chronicles 30 in the TNT

2 Chronicles 30 in the TNTIK

2 Chronicles 30 in the TNTIL

2 Chronicles 30 in the TNTIN

2 Chronicles 30 in the TNTIP

2 Chronicles 30 in the TNTIZ

2 Chronicles 30 in the TOMA

2 Chronicles 30 in the TTENT

2 Chronicles 30 in the UBG

2 Chronicles 30 in the UGV

2 Chronicles 30 in the UGV2

2 Chronicles 30 in the UGV3

2 Chronicles 30 in the VBL

2 Chronicles 30 in the VDCC

2 Chronicles 30 in the YALU

2 Chronicles 30 in the YAPE

2 Chronicles 30 in the YBVTP

2 Chronicles 30 in the ZBP