2 Chronicles 35 (BOATCB)

1 Afei, Yosia bɔɔ dawuro sɛ, wɔbɛdi AWURADE Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem wɔ bosome a ɛdi ɛkan no da a ɛtɔ so dunan. Wɔkunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no da no wɔ ɛberɛ a owia rekɔtɔ. 2 Yosia maa asɔfoɔ no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadie mu wɔ AWURADE Asɔredan mu hɔ. 3 Ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom AWURADE, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ wɔ Israel no sɛ, “Esiane sɛ seesei Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa no mo mmati so de adi akɔneaba enti, momfa mo mmerɛ nsom AWURADE, mo Onyankopɔn ne ne nkurɔfoɔ Israel. 4 Monkɔ mo nnwuma so sɛdeɛ mo agyanom mmusua nkyekyɛmu teɛ, ne sɛdeɛ Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no kyerɛ. 5 “Afei, monnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no wɔ ɛberɛ a wɔde wɔn afɔdeɛ aba Asɔredan mu no. 6 Monkum Twam Afahyɛ nnwammaa no, na monnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛdeɛ biara a AWURADE nam Mose so de maeɛ no, monni so.” 7 Na Yosia firii deɛ ɔwɔ mu, maa nnwammaa ne mmirekyie mma ɔpeduasa ne anantwinini mpem mmiɛnsa sɛ nnipa no Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. 8 Ɔhene no mpanimfoɔ nso firi wɔn pɛ mu, boaa ɔmanfoɔ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanimfoɔ nso maa asɔfoɔ no nnwammaa ne mmirekyie mma mpem mmienu ne ahansia ne anantwinini ahasa sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. 9 Lewifoɔ ntuanofoɔ Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifoɔ nnwammaa ne mmirekyie mma mpem enum ne anantwinini ahanum sɛ wɔn Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ. 10 Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awieeɛ no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no gyinagyinaa wɔn afa sɛdeɛ ɔhene no ahyehyɛ ama akuakuo no. 11 Lewifoɔ no kunkumm Twam Afahyɛ nnwammaa no, na wɔde mogya no maa asɔfoɔ no, na wɔde petee afɔrebukyia no so wɔ ɛberɛ a na Lewifoɔ no redwa mmoa no. 12 Wɔkyekyɛɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no maa ɔmanfoɔ no sɛdeɛ wɔn mmusua nkyekyɛmu no teɛ, na wɔatumi de abɔ afɔdeɛ ama AWURADE, sɛdeɛ mmara a wɔatwerɛ agu Mose nwoma no mu kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso. 13 Afei, wɔtotoo Twam Afahyɛ nnwammaa no sɛdeɛ wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔdeɛ kronkron no wɔ nkukuo, nnadesɛn ne nkyɛnsee mu, de baa ntɛm so sɛdeɛ ɔmanfoɔ no bɛtumi awe. 14 Akyire yi, Lewifoɔ yɛɛ wɔn ne asɔfoɔ no aduane, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ no ayɛ adwuma firi anɔpa kɔsi anadwo a wɔrebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔrehye sradeɛ no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifoɔ no na wɔgye too wɔn ho so yɛeɛ. 15 Asaf asefoɔ nnwom ho nimdefoɔ no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunumuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponoanohwɛfoɔ no wɛnee apono no a na ɛho nhia sɛ wɔfiri wɔn nnwuma so, ɛfiri sɛ, na wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no de wɔn nnuane kɔma wɔn wɔ hɔ. 16 AWURADE Twam Afahyɛ no baa awieeɛ da no. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa wɔ AWURADE afɔrebukyia no so, sɛdeɛ ɔhene Yosia hyɛeɛ no. 17 Israelfoɔ a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam Afahyɛ ne Apiti Afahyɛ no. 18 Ɛfiri odiyifoɔ Samuel berɛ so no, wɔnnii Twam Afahyɛ sei da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam Afahyɛ sɛdeɛ Yosia yɛeɛ a ɔmaa asɔfoɔ, Lewifoɔ, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho. 19 Wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahennie mfirinhyia dunwɔtwe so. 20 Yosia siesiee Asɔredan no wieeɛ no, Misraimhene Neko dii nʼakodɔm anim firii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asuo Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakodɔm nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko. 21 Nanso, ɔhene Neko tuu ananmusifoɔ, de nkra yi kɔmaa Yosia sɛ, “Ɛdeɛn na wo Yudahene hwehwɛ afiri me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa ɛnnɛ! Deɛ mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ, menyɛ no ntɛm. Ntwintwane Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.” 22 Nanso, Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annane nʼani. Mmom, ɔdii nʼakodɔm anim, kɔkoo wɔ Megido tata so. Ɔworɔɔ nʼahentadeɛ no guu nkyɛn baabi sɛdeɛ atamfoɔ no renhunu no. 23 Nanso, atamfoɔ agyantofoɔ no too bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteaam frɛɛ ne mmarima sɛ, “Momfa me mfiri akono ha, ɛfiri sɛ, mapira pira bɔne.” 24 Enti, wɔyii Yosia firi ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforɔ mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na ɔwuiɛ. Wɔsiee no hɔ wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayie. 25 Odiyifoɔ Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, nnwomtofoɔ to saa kwadwom a ɛfa ne owuo no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanneɛ a wɔatwerɛ ahyɛ Kwadwom Nwoma mu. 26 Yosia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne nʼahofama sɛdeɛ AWURADE mmara teɛ no, 27 firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu.

In Other Versions

2 Chronicles 35 in the ANGEFD

2 Chronicles 35 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 35 in the AS21

2 Chronicles 35 in the BAGH

2 Chronicles 35 in the BBPNG

2 Chronicles 35 in the BBT1E

2 Chronicles 35 in the BDS

2 Chronicles 35 in the BEV

2 Chronicles 35 in the BHAD

2 Chronicles 35 in the BIB

2 Chronicles 35 in the BLPT

2 Chronicles 35 in the BNT

2 Chronicles 35 in the BNTABOOT

2 Chronicles 35 in the BNTLV

2 Chronicles 35 in the BOATCB2

2 Chronicles 35 in the BOBCV

2 Chronicles 35 in the BOCNT

2 Chronicles 35 in the BOECS

2 Chronicles 35 in the BOGWICC

2 Chronicles 35 in the BOHCB

2 Chronicles 35 in the BOHCV

2 Chronicles 35 in the BOHLNT

2 Chronicles 35 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 35 in the BOICB

2 Chronicles 35 in the BOILNTAP

2 Chronicles 35 in the BOITCV

2 Chronicles 35 in the BOKCV

2 Chronicles 35 in the BOKCV2

2 Chronicles 35 in the BOKHWOG

2 Chronicles 35 in the BOKSSV

2 Chronicles 35 in the BOLCB

2 Chronicles 35 in the BOLCB2

2 Chronicles 35 in the BOMCV

2 Chronicles 35 in the BONAV

2 Chronicles 35 in the BONCB

2 Chronicles 35 in the BONLT

2 Chronicles 35 in the BONUT2

2 Chronicles 35 in the BOPLNT

2 Chronicles 35 in the BOSCB

2 Chronicles 35 in the BOSNC

2 Chronicles 35 in the BOTLNT

2 Chronicles 35 in the BOVCB

2 Chronicles 35 in the BOYCB

2 Chronicles 35 in the BPBB

2 Chronicles 35 in the BPH

2 Chronicles 35 in the BSB

2 Chronicles 35 in the CCB

2 Chronicles 35 in the CUV

2 Chronicles 35 in the CUVS

2 Chronicles 35 in the DBT

2 Chronicles 35 in the DGDNT

2 Chronicles 35 in the DHNT

2 Chronicles 35 in the DNT

2 Chronicles 35 in the ELBE

2 Chronicles 35 in the EMTV

2 Chronicles 35 in the ESV

2 Chronicles 35 in the FBV

2 Chronicles 35 in the FEB

2 Chronicles 35 in the GGMNT

2 Chronicles 35 in the GNT

2 Chronicles 35 in the HARY

2 Chronicles 35 in the HNT

2 Chronicles 35 in the IRVA

2 Chronicles 35 in the IRVB

2 Chronicles 35 in the IRVG

2 Chronicles 35 in the IRVH

2 Chronicles 35 in the IRVK

2 Chronicles 35 in the IRVM

2 Chronicles 35 in the IRVM2

2 Chronicles 35 in the IRVO

2 Chronicles 35 in the IRVP

2 Chronicles 35 in the IRVT

2 Chronicles 35 in the IRVT2

2 Chronicles 35 in the IRVU

2 Chronicles 35 in the ISVN

2 Chronicles 35 in the JSNT

2 Chronicles 35 in the KAPI

2 Chronicles 35 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 35 in the KBV

2 Chronicles 35 in the KJV

2 Chronicles 35 in the KNFD

2 Chronicles 35 in the LBA

2 Chronicles 35 in the LBLA

2 Chronicles 35 in the LNT

2 Chronicles 35 in the LSV

2 Chronicles 35 in the MAAL

2 Chronicles 35 in the MBV

2 Chronicles 35 in the MBV2

2 Chronicles 35 in the MHNT

2 Chronicles 35 in the MKNFD

2 Chronicles 35 in the MNG

2 Chronicles 35 in the MNT

2 Chronicles 35 in the MNT2

2 Chronicles 35 in the MRS1T

2 Chronicles 35 in the NAA

2 Chronicles 35 in the NASB

2 Chronicles 35 in the NBLA

2 Chronicles 35 in the NBS

2 Chronicles 35 in the NBVTP

2 Chronicles 35 in the NET2

2 Chronicles 35 in the NIV11

2 Chronicles 35 in the NNT

2 Chronicles 35 in the NNT2

2 Chronicles 35 in the NNT3

2 Chronicles 35 in the PDDPT

2 Chronicles 35 in the PFNT

2 Chronicles 35 in the RMNT

2 Chronicles 35 in the SBIAS

2 Chronicles 35 in the SBIBS

2 Chronicles 35 in the SBIBS2

2 Chronicles 35 in the SBICS

2 Chronicles 35 in the SBIDS

2 Chronicles 35 in the SBIGS

2 Chronicles 35 in the SBIHS

2 Chronicles 35 in the SBIIS

2 Chronicles 35 in the SBIIS2

2 Chronicles 35 in the SBIIS3

2 Chronicles 35 in the SBIKS

2 Chronicles 35 in the SBIKS2

2 Chronicles 35 in the SBIMS

2 Chronicles 35 in the SBIOS

2 Chronicles 35 in the SBIPS

2 Chronicles 35 in the SBISS

2 Chronicles 35 in the SBITS

2 Chronicles 35 in the SBITS2

2 Chronicles 35 in the SBITS3

2 Chronicles 35 in the SBITS4

2 Chronicles 35 in the SBIUS

2 Chronicles 35 in the SBIVS

2 Chronicles 35 in the SBT

2 Chronicles 35 in the SBT1E

2 Chronicles 35 in the SCHL

2 Chronicles 35 in the SNT

2 Chronicles 35 in the SUSU

2 Chronicles 35 in the SUSU2

2 Chronicles 35 in the SYNO

2 Chronicles 35 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 35 in the TBT1E

2 Chronicles 35 in the TBT1E2

2 Chronicles 35 in the TFTIP

2 Chronicles 35 in the TFTU

2 Chronicles 35 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 35 in the THAI

2 Chronicles 35 in the TNFD

2 Chronicles 35 in the TNT

2 Chronicles 35 in the TNTIK

2 Chronicles 35 in the TNTIL

2 Chronicles 35 in the TNTIN

2 Chronicles 35 in the TNTIP

2 Chronicles 35 in the TNTIZ

2 Chronicles 35 in the TOMA

2 Chronicles 35 in the TTENT

2 Chronicles 35 in the UBG

2 Chronicles 35 in the UGV

2 Chronicles 35 in the UGV2

2 Chronicles 35 in the UGV3

2 Chronicles 35 in the VBL

2 Chronicles 35 in the VDCC

2 Chronicles 35 in the YALU

2 Chronicles 35 in the YAPE

2 Chronicles 35 in the YBVTP

2 Chronicles 35 in the ZBP