2 Chronicles 8 (BOATCB)

1 Salomo dii ɔhene no, ne mfeɛ aduonu so na ɔwiee AWURADE Asɔredan sie dwumadie kɛseɛ ne nʼankasa ahemfie no sie. 2 Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkuro a ɔhene Huram de ama no no so. Ɔsiesiee nkuro no, na ɔmaa Israelfoɔ no kɔtenatenaa mu. 3 Saa ɛberɛ yi ara mu nso na Salomo ko tiaa kuro Hamat-Soba, dii so nkonim. 4 Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ ɛserɛ so, na ɔkyekyeree nkuro wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma. 5 Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafoɔ Bet-Horon ho ban. Ɔsane too wɔn afasuo no, de apono a wɔbram akyire totoo ano. 6 Saa ɛberɛ yi, ɔsane kyekyeree Baalat ne mmeammea a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, sane kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeammea bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa nʼakoma tɔɔ ne yam. 7 Ɛbɛsi saa ɛberɛ no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Na saa nnipa no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. 8 Yeinom yɛ aman a Israel ntɔree wɔn ase korakora no asefoɔ. Ɛno enti, Salomo hyɛɛ wɔn maa wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔsom sɛ apaafoɔ. 9 Nanso, Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafoɔ, mpanimfoɔ wɔ nʼakodɔm mu ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafoɔ so asahene. 10 Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahanu aduonum maa wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsoɔnnwuma so. 11 Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babaa firii Dawid kuro mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu. Ɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfie, ɛfiri sɛ, na AWURADE Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.” 12 Na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wasi wɔ Asɔredan no abankua no anim no so, maa AWURADE. 13 Ɛda biara, na wɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ Mose hyɛɛ wɔn no. Afahyɛ ahodoɔ a wɔdiiɛ no bi ne Homeda, Ɔbosome Foforɔ Ɛda, ne mfirinhyia mmiɛnsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwaberɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. 14 Salomo de asɔfoɔ no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifoɔ no dii ɔmanfoɔ no anim too ayɛyie nnwom, na wɔboaa asɔfoɔ no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apono ano ahwɛfoɔ akuakuo no sisii wɔn apono ano sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa no kyerɛɛ wɔn no. 15 Salomo ankwae amfiri akwankyerɛ a Dawid maeɛ a ɛfa asɔfoɔ, Lewifoɔ ne sikakorabea ho no. 16 Na Salomo hwɛɛ sɛ biribiara a ɛfa AWURADE Asɔredan no sie ho firi da a wɔtwaa ne fapem, kɔsi da a wɔde wiee sie no adi mu. 17 Akyire no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Ɛpo Kɔkɔɔ mpoano hɔ. 18 Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanimfoɔ hwɛ so, na emu adwumayɛfoɔ yɛ wɔn a wɔnim adwuma yie. Salomo nkurɔfoɔ ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔno 17 brɛɛ Salomo.

In Other Versions

2 Chronicles 8 in the ANGEFD

2 Chronicles 8 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 8 in the AS21

2 Chronicles 8 in the BAGH

2 Chronicles 8 in the BBPNG

2 Chronicles 8 in the BBT1E

2 Chronicles 8 in the BDS

2 Chronicles 8 in the BEV

2 Chronicles 8 in the BHAD

2 Chronicles 8 in the BIB

2 Chronicles 8 in the BLPT

2 Chronicles 8 in the BNT

2 Chronicles 8 in the BNTABOOT

2 Chronicles 8 in the BNTLV

2 Chronicles 8 in the BOATCB2

2 Chronicles 8 in the BOBCV

2 Chronicles 8 in the BOCNT

2 Chronicles 8 in the BOECS

2 Chronicles 8 in the BOGWICC

2 Chronicles 8 in the BOHCB

2 Chronicles 8 in the BOHCV

2 Chronicles 8 in the BOHLNT

2 Chronicles 8 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 8 in the BOICB

2 Chronicles 8 in the BOILNTAP

2 Chronicles 8 in the BOITCV

2 Chronicles 8 in the BOKCV

2 Chronicles 8 in the BOKCV2

2 Chronicles 8 in the BOKHWOG

2 Chronicles 8 in the BOKSSV

2 Chronicles 8 in the BOLCB

2 Chronicles 8 in the BOLCB2

2 Chronicles 8 in the BOMCV

2 Chronicles 8 in the BONAV

2 Chronicles 8 in the BONCB

2 Chronicles 8 in the BONLT

2 Chronicles 8 in the BONUT2

2 Chronicles 8 in the BOPLNT

2 Chronicles 8 in the BOSCB

2 Chronicles 8 in the BOSNC

2 Chronicles 8 in the BOTLNT

2 Chronicles 8 in the BOVCB

2 Chronicles 8 in the BOYCB

2 Chronicles 8 in the BPBB

2 Chronicles 8 in the BPH

2 Chronicles 8 in the BSB

2 Chronicles 8 in the CCB

2 Chronicles 8 in the CUV

2 Chronicles 8 in the CUVS

2 Chronicles 8 in the DBT

2 Chronicles 8 in the DGDNT

2 Chronicles 8 in the DHNT

2 Chronicles 8 in the DNT

2 Chronicles 8 in the ELBE

2 Chronicles 8 in the EMTV

2 Chronicles 8 in the ESV

2 Chronicles 8 in the FBV

2 Chronicles 8 in the FEB

2 Chronicles 8 in the GGMNT

2 Chronicles 8 in the GNT

2 Chronicles 8 in the HARY

2 Chronicles 8 in the HNT

2 Chronicles 8 in the IRVA

2 Chronicles 8 in the IRVB

2 Chronicles 8 in the IRVG

2 Chronicles 8 in the IRVH

2 Chronicles 8 in the IRVK

2 Chronicles 8 in the IRVM

2 Chronicles 8 in the IRVM2

2 Chronicles 8 in the IRVO

2 Chronicles 8 in the IRVP

2 Chronicles 8 in the IRVT

2 Chronicles 8 in the IRVT2

2 Chronicles 8 in the IRVU

2 Chronicles 8 in the ISVN

2 Chronicles 8 in the JSNT

2 Chronicles 8 in the KAPI

2 Chronicles 8 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 8 in the KBV

2 Chronicles 8 in the KJV

2 Chronicles 8 in the KNFD

2 Chronicles 8 in the LBA

2 Chronicles 8 in the LBLA

2 Chronicles 8 in the LNT

2 Chronicles 8 in the LSV

2 Chronicles 8 in the MAAL

2 Chronicles 8 in the MBV

2 Chronicles 8 in the MBV2

2 Chronicles 8 in the MHNT

2 Chronicles 8 in the MKNFD

2 Chronicles 8 in the MNG

2 Chronicles 8 in the MNT

2 Chronicles 8 in the MNT2

2 Chronicles 8 in the MRS1T

2 Chronicles 8 in the NAA

2 Chronicles 8 in the NASB

2 Chronicles 8 in the NBLA

2 Chronicles 8 in the NBS

2 Chronicles 8 in the NBVTP

2 Chronicles 8 in the NET2

2 Chronicles 8 in the NIV11

2 Chronicles 8 in the NNT

2 Chronicles 8 in the NNT2

2 Chronicles 8 in the NNT3

2 Chronicles 8 in the PDDPT

2 Chronicles 8 in the PFNT

2 Chronicles 8 in the RMNT

2 Chronicles 8 in the SBIAS

2 Chronicles 8 in the SBIBS

2 Chronicles 8 in the SBIBS2

2 Chronicles 8 in the SBICS

2 Chronicles 8 in the SBIDS

2 Chronicles 8 in the SBIGS

2 Chronicles 8 in the SBIHS

2 Chronicles 8 in the SBIIS

2 Chronicles 8 in the SBIIS2

2 Chronicles 8 in the SBIIS3

2 Chronicles 8 in the SBIKS

2 Chronicles 8 in the SBIKS2

2 Chronicles 8 in the SBIMS

2 Chronicles 8 in the SBIOS

2 Chronicles 8 in the SBIPS

2 Chronicles 8 in the SBISS

2 Chronicles 8 in the SBITS

2 Chronicles 8 in the SBITS2

2 Chronicles 8 in the SBITS3

2 Chronicles 8 in the SBITS4

2 Chronicles 8 in the SBIUS

2 Chronicles 8 in the SBIVS

2 Chronicles 8 in the SBT

2 Chronicles 8 in the SBT1E

2 Chronicles 8 in the SCHL

2 Chronicles 8 in the SNT

2 Chronicles 8 in the SUSU

2 Chronicles 8 in the SUSU2

2 Chronicles 8 in the SYNO

2 Chronicles 8 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 8 in the TBT1E

2 Chronicles 8 in the TBT1E2

2 Chronicles 8 in the TFTIP

2 Chronicles 8 in the TFTU

2 Chronicles 8 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 8 in the THAI

2 Chronicles 8 in the TNFD

2 Chronicles 8 in the TNT

2 Chronicles 8 in the TNTIK

2 Chronicles 8 in the TNTIL

2 Chronicles 8 in the TNTIN

2 Chronicles 8 in the TNTIP

2 Chronicles 8 in the TNTIZ

2 Chronicles 8 in the TOMA

2 Chronicles 8 in the TTENT

2 Chronicles 8 in the UBG

2 Chronicles 8 in the UGV

2 Chronicles 8 in the UGV2

2 Chronicles 8 in the UGV3

2 Chronicles 8 in the VBL

2 Chronicles 8 in the VDCC

2 Chronicles 8 in the YALU

2 Chronicles 8 in the YAPE

2 Chronicles 8 in the YBVTP

2 Chronicles 8 in the ZBP