2 Kings 3 (BOATCB)

1 Ahab babarima Yoram na ɔdii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a na Yudahene Yehosafat adi adeɛ mfeɛ dunwɔtwe wɔ Yuda no. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfeɛ dumienu. 2 Ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Nanso, na nʼamumuyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne maame deɛ no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya siiɛ no. 3 Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛdeɛ Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛɛ no. 4 Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara. 5 Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. 6 Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano. 7 Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?”Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da.” 8 Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?”Yoram buaa sɛ, “Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom ɛserɛ so.” 9 Edomhene ne nʼakodɔm kɔkaa wɔn ho, na asraadɔm mmiɛnsa no de nnanson twaa ntwahokwan a ɛfa ɛserɛ so no. Nanso, na nsuo nni hɔ ma mmarima no anaa wɔn mmoa. 10 Israelhene teaam bisaa sɛ, “Yɛnyɛ yɛn ho ɛdeɛn? AWURADE de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so.” 11 Nanso, Yudahene Yehosafat bisaa sɛ, “Enti AWURADE odiyifoɔ biara nka yɛn ho ha? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yɛbɛtumi abisa AWURADE deɛ yɛnyɛ.”Ɔhene Yoram mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia ɔboafoɔ.” 12 Enti, Yehosafat kaa sɛ, “Ɛnneɛ, AWURADE bɛtumi akasa afa ne so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa. 13 Elisa ka kyerɛɛ Israelhene sɛ, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo maame adiyifoɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn.” Nanso, ɔhene Yoram kaa sɛ, “Dabi! Na ɛyɛ AWURADE na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha, sɛ Moabhene nsɛe yɛn!” 14 Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a AWURADE Otumfoɔ a mesom no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mebu no a, anka merenha me ho wɔ wo ho. 15 Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra.”Ɛberɛ a wɔrebɔ sankuo no, AWURADE tumi baa Elisa so, 16 ma ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Saa bɔnhwa a emu nsuo awe yi, wɔde nsuo bɛhyɛ no ma. 17 Worenhunu mframa anaa osuo sɛdeɛ AWURADE ka no, nanso saa bɔnhwa yi, wɔbɛhyɛ no nsuo ma. Mobɛnya bi ama mo ho, mo anantwie ne mo mmoa a aka no. 18 Na yei yɛ ade kumaa bi ma AWURADE. Ɔbɛma moadi Moab akodɔm so nkonim. 19 Mobɛdi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mobɛtwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mobɛsisi wɔn nsuo aniwa, na mode aboɔ asɛe wɔn nsase pa.” 20 Na adeɛ kyeeɛ; ɛduruu ɛberɛ a wɔbɔ anɔpa afɔdeɛ no, nsuo puee prɛko pɛ. Na ɛtene firii Edom, na ankyɛre biara na nsuo abu baabiara. 21 Ɛberɛ a Moabfoɔ tee sɛ akodɔm mmiɛnsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wɔbɛtumi ako, mmɔfra ne mpanin ano, de wɔn sisii wɔn ahyeɛ so. 22 Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔreeɛ no, na owia no abɔ wɔ nsuo no so, ama ani abere sɛ mogya. 23 Moabfoɔ no teaam sɛ, “Ɛyɛ mogya. Akodɔm mmiɛnsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfo asadeɛ no!” 24 Ɛberɛ a wɔduruu Israelfoɔ nsraban mu no, Israel akodɔm gyee bum, kɔtoaa Moabfoɔ, ma wɔdwaneeɛ. Israel akodɔm no taa wɔn kɔduruu Moab asase so. Wɔgu Moabfoɔ no so nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma. 25 Wɔsɛee wɔn nkuro akɛseɛ, de aboɔ kataa wɔn nsase pa so, sisii asutire nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkaeɛ, na ɛno mpo, wɔto hyɛɛ so. 26 Ɛberɛ a Moabhene hunuu sɛ ɔredi nkoguo no, ɔdii nʼakofoɔ ahanson anim, miaa wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfoɔ no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi. 27 Enti, ɔfaa ne babarima panin a anka ɛsɛ sɛ ɔdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afasuo no ho. Yei enti, abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔsane wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.

In Other Versions

2 Kings 3 in the ANGEFD

2 Kings 3 in the ANTPNG2D

2 Kings 3 in the AS21

2 Kings 3 in the BAGH

2 Kings 3 in the BBPNG

2 Kings 3 in the BBT1E

2 Kings 3 in the BDS

2 Kings 3 in the BEV

2 Kings 3 in the BHAD

2 Kings 3 in the BIB

2 Kings 3 in the BLPT

2 Kings 3 in the BNT

2 Kings 3 in the BNTABOOT

2 Kings 3 in the BNTLV

2 Kings 3 in the BOATCB2

2 Kings 3 in the BOBCV

2 Kings 3 in the BOCNT

2 Kings 3 in the BOECS

2 Kings 3 in the BOGWICC

2 Kings 3 in the BOHCB

2 Kings 3 in the BOHCV

2 Kings 3 in the BOHLNT

2 Kings 3 in the BOHNTLTAL

2 Kings 3 in the BOICB

2 Kings 3 in the BOILNTAP

2 Kings 3 in the BOITCV

2 Kings 3 in the BOKCV

2 Kings 3 in the BOKCV2

2 Kings 3 in the BOKHWOG

2 Kings 3 in the BOKSSV

2 Kings 3 in the BOLCB

2 Kings 3 in the BOLCB2

2 Kings 3 in the BOMCV

2 Kings 3 in the BONAV

2 Kings 3 in the BONCB

2 Kings 3 in the BONLT

2 Kings 3 in the BONUT2

2 Kings 3 in the BOPLNT

2 Kings 3 in the BOSCB

2 Kings 3 in the BOSNC

2 Kings 3 in the BOTLNT

2 Kings 3 in the BOVCB

2 Kings 3 in the BOYCB

2 Kings 3 in the BPBB

2 Kings 3 in the BPH

2 Kings 3 in the BSB

2 Kings 3 in the CCB

2 Kings 3 in the CUV

2 Kings 3 in the CUVS

2 Kings 3 in the DBT

2 Kings 3 in the DGDNT

2 Kings 3 in the DHNT

2 Kings 3 in the DNT

2 Kings 3 in the ELBE

2 Kings 3 in the EMTV

2 Kings 3 in the ESV

2 Kings 3 in the FBV

2 Kings 3 in the FEB

2 Kings 3 in the GGMNT

2 Kings 3 in the GNT

2 Kings 3 in the HARY

2 Kings 3 in the HNT

2 Kings 3 in the IRVA

2 Kings 3 in the IRVB

2 Kings 3 in the IRVG

2 Kings 3 in the IRVH

2 Kings 3 in the IRVK

2 Kings 3 in the IRVM

2 Kings 3 in the IRVM2

2 Kings 3 in the IRVO

2 Kings 3 in the IRVP

2 Kings 3 in the IRVT

2 Kings 3 in the IRVT2

2 Kings 3 in the IRVU

2 Kings 3 in the ISVN

2 Kings 3 in the JSNT

2 Kings 3 in the KAPI

2 Kings 3 in the KBT1ETNIK

2 Kings 3 in the KBV

2 Kings 3 in the KJV

2 Kings 3 in the KNFD

2 Kings 3 in the LBA

2 Kings 3 in the LBLA

2 Kings 3 in the LNT

2 Kings 3 in the LSV

2 Kings 3 in the MAAL

2 Kings 3 in the MBV

2 Kings 3 in the MBV2

2 Kings 3 in the MHNT

2 Kings 3 in the MKNFD

2 Kings 3 in the MNG

2 Kings 3 in the MNT

2 Kings 3 in the MNT2

2 Kings 3 in the MRS1T

2 Kings 3 in the NAA

2 Kings 3 in the NASB

2 Kings 3 in the NBLA

2 Kings 3 in the NBS

2 Kings 3 in the NBVTP

2 Kings 3 in the NET2

2 Kings 3 in the NIV11

2 Kings 3 in the NNT

2 Kings 3 in the NNT2

2 Kings 3 in the NNT3

2 Kings 3 in the PDDPT

2 Kings 3 in the PFNT

2 Kings 3 in the RMNT

2 Kings 3 in the SBIAS

2 Kings 3 in the SBIBS

2 Kings 3 in the SBIBS2

2 Kings 3 in the SBICS

2 Kings 3 in the SBIDS

2 Kings 3 in the SBIGS

2 Kings 3 in the SBIHS

2 Kings 3 in the SBIIS

2 Kings 3 in the SBIIS2

2 Kings 3 in the SBIIS3

2 Kings 3 in the SBIKS

2 Kings 3 in the SBIKS2

2 Kings 3 in the SBIMS

2 Kings 3 in the SBIOS

2 Kings 3 in the SBIPS

2 Kings 3 in the SBISS

2 Kings 3 in the SBITS

2 Kings 3 in the SBITS2

2 Kings 3 in the SBITS3

2 Kings 3 in the SBITS4

2 Kings 3 in the SBIUS

2 Kings 3 in the SBIVS

2 Kings 3 in the SBT

2 Kings 3 in the SBT1E

2 Kings 3 in the SCHL

2 Kings 3 in the SNT

2 Kings 3 in the SUSU

2 Kings 3 in the SUSU2

2 Kings 3 in the SYNO

2 Kings 3 in the TBIAOTANT

2 Kings 3 in the TBT1E

2 Kings 3 in the TBT1E2

2 Kings 3 in the TFTIP

2 Kings 3 in the TFTU

2 Kings 3 in the TGNTATF3T

2 Kings 3 in the THAI

2 Kings 3 in the TNFD

2 Kings 3 in the TNT

2 Kings 3 in the TNTIK

2 Kings 3 in the TNTIL

2 Kings 3 in the TNTIN

2 Kings 3 in the TNTIP

2 Kings 3 in the TNTIZ

2 Kings 3 in the TOMA

2 Kings 3 in the TTENT

2 Kings 3 in the UBG

2 Kings 3 in the UGV

2 Kings 3 in the UGV2

2 Kings 3 in the UGV3

2 Kings 3 in the VBL

2 Kings 3 in the VDCC

2 Kings 3 in the YALU

2 Kings 3 in the YAPE

2 Kings 3 in the YBVTP

2 Kings 3 in the ZBP