2 Kings 3 (BOATCB2)

1 Ahab babarima Yoram na odii hene wɔ Israel bere a na Yudahene Yehosafat adi ade mfe dunwɔtwe wɔ Yuda no. Odii ade wɔ Samaria mfe dumien. 2 Ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Nanso na nʼamumɔyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne na de no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya sii no. 3 Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛnea Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no. 4 Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfo yɛn nguan. Na wotua sonkahiri a ɛyɛ nguamma mpem ɔha ne adwennini mpem ɔha ho nwi ma Israelhene afe biara. 5 Nanso Ahab wu akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. 6 Enti ɔhene Yoram fii Samaria boaboaa Israel asraafo ano. 7 Ɔde nkra kɔmaa Yudahene Yehosafat se, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako ana?”Na Yehosafat buae se, “Me ne wo bɛkɔ. Wo ne me yɛ anuanom, me nkurɔfo yɛ wo nkurɔfo, mʼapɔnkɔ yɛ wʼapɔnkɔ.” 8 Na Yehosafat bisae se, “Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?”Yoram buae se, “Yɛbɛtoa wɔn afi Edom sare so.” 9 Edomhene ne nʼakofo kɔkaa wɔn ho. Na asraafo dɔm abiɛsa no bɔɔ nsra twaa wɔn ho besii wɔn anan mu saa nnanson no, na wɔne wɔn mmoa nnya nsu nnom. 10 Israelhene teɛɛ mu bisae se, “Yɛnyɛ yɛn ho dɛn? AWURADE de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so ana?” 11 Nanso Yudahene Yehosafat bisae se, “Enti AWURADE diyifo biara nka yɛn ho wɔ ha ana? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yebetumi abisa AWURADE nea yɛnyɛ.”Ɔhene Yoram mpanyimfo no mu baako kae se, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia boafo.” 12 Enti Yehosafat kae se, “Ɛno de, AWURADE betumi akasa afa no so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa. 13 Elisa ka kyerɛɛ Israelhene se, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo na adiyifo abosonsomfo no nkyɛn.” Nanso ɔhene Yoram kae se, “Dabi! Efisɛ ɛyɛ AWURADE na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha sɛ ɔrebeyi yɛn ahyɛ Moabhene nsa!” 14 Na Elisa buae se, “Mmere dodow a AWURADE Tumfo a mesom no no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mibu no a, anka merenhaw me ho wɔ wo ho. 15 Afei, ma obi a obetumi abɔ sanku mmra.”Bere a wɔrebɔ sanku no, AWURADE tumi baa Elisa so, 16 ma ɔkae se, “Sɛnea AWURADE se ni: Saa obon a emu nsu ayow yi, wɔde nsu bɛhyɛ no ma. 17 Worenhu mframa anaa osu sɛnea AWURADE ka no, nanso saa obon yi, wɔbɛhyɛ no nsu ma. Mubenya bi ama mo ho, mo anantwi ne mo mmoa a aka no. 18 Na eyi yɛ ade a ɛyɛ mmerɛw ma AWURADE. Ɔbɛma moadi Moab asraafo so nkonim. 19 Mubedi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mubetwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mubesisiw wɔn asu aniwa, na mode abo asɛe wɔn nsase pa.” 20 Na ade kyee a eduu bere a wɔbɔ anɔpa afɔre no, nsu puee prɛko pɛ. Na ɛsen fii Edom, na ankyɛ biara na nsu abu so wɔ baabiara. 21 Bere a Moabfo tee sɛ asraafo dɔm abiɛsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wobetumi ako, mmofra ne mpanyin ano, de wɔn sisii wɔn ahye so. 22 Na ade kyee a wɔsɔree no, na owia no abɔ wɔ asu no so, ama ani abere sɛ mogya. 23 Moabfo no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ mogya. Sesɛɛ asraafo dɔm abiɛsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfow asade no!” 24 Bere a woduu Israelfo nsraban mu no, Israel asraafo gyee bum, kɔtoaa Moabfo, ma woguanee. Israel asraafo no taa wɔn koduu Moab asase so. Wɔretaa Moabfo no nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma. 25 Wɔsɛee wɔn nkurow akɛse, de abo kataa wɔn nsase pa so, sisiw asuti nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkae, na ɛno mpo, wɔtow hyɛɛ so. 26 Bere a Moabhene huu sɛ ɔredi nkogu no, odii nʼakofo ahanson anim, yeree wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfo no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi. 27 Enti ɔfaa ne babarima panyin a anka ɛsɛ sɛ odi nʼade sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afasu no ho. Abufuw kɛse baa Israel so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.

In Other Versions

2 Kings 3 in the ANGEFD

2 Kings 3 in the ANTPNG2D

2 Kings 3 in the AS21

2 Kings 3 in the BAGH

2 Kings 3 in the BBPNG

2 Kings 3 in the BBT1E

2 Kings 3 in the BDS

2 Kings 3 in the BEV

2 Kings 3 in the BHAD

2 Kings 3 in the BIB

2 Kings 3 in the BLPT

2 Kings 3 in the BNT

2 Kings 3 in the BNTABOOT

2 Kings 3 in the BNTLV

2 Kings 3 in the BOATCB

2 Kings 3 in the BOBCV

2 Kings 3 in the BOCNT

2 Kings 3 in the BOECS

2 Kings 3 in the BOGWICC

2 Kings 3 in the BOHCB

2 Kings 3 in the BOHCV

2 Kings 3 in the BOHLNT

2 Kings 3 in the BOHNTLTAL

2 Kings 3 in the BOICB

2 Kings 3 in the BOILNTAP

2 Kings 3 in the BOITCV

2 Kings 3 in the BOKCV

2 Kings 3 in the BOKCV2

2 Kings 3 in the BOKHWOG

2 Kings 3 in the BOKSSV

2 Kings 3 in the BOLCB

2 Kings 3 in the BOLCB2

2 Kings 3 in the BOMCV

2 Kings 3 in the BONAV

2 Kings 3 in the BONCB

2 Kings 3 in the BONLT

2 Kings 3 in the BONUT2

2 Kings 3 in the BOPLNT

2 Kings 3 in the BOSCB

2 Kings 3 in the BOSNC

2 Kings 3 in the BOTLNT

2 Kings 3 in the BOVCB

2 Kings 3 in the BOYCB

2 Kings 3 in the BPBB

2 Kings 3 in the BPH

2 Kings 3 in the BSB

2 Kings 3 in the CCB

2 Kings 3 in the CUV

2 Kings 3 in the CUVS

2 Kings 3 in the DBT

2 Kings 3 in the DGDNT

2 Kings 3 in the DHNT

2 Kings 3 in the DNT

2 Kings 3 in the ELBE

2 Kings 3 in the EMTV

2 Kings 3 in the ESV

2 Kings 3 in the FBV

2 Kings 3 in the FEB

2 Kings 3 in the GGMNT

2 Kings 3 in the GNT

2 Kings 3 in the HARY

2 Kings 3 in the HNT

2 Kings 3 in the IRVA

2 Kings 3 in the IRVB

2 Kings 3 in the IRVG

2 Kings 3 in the IRVH

2 Kings 3 in the IRVK

2 Kings 3 in the IRVM

2 Kings 3 in the IRVM2

2 Kings 3 in the IRVO

2 Kings 3 in the IRVP

2 Kings 3 in the IRVT

2 Kings 3 in the IRVT2

2 Kings 3 in the IRVU

2 Kings 3 in the ISVN

2 Kings 3 in the JSNT

2 Kings 3 in the KAPI

2 Kings 3 in the KBT1ETNIK

2 Kings 3 in the KBV

2 Kings 3 in the KJV

2 Kings 3 in the KNFD

2 Kings 3 in the LBA

2 Kings 3 in the LBLA

2 Kings 3 in the LNT

2 Kings 3 in the LSV

2 Kings 3 in the MAAL

2 Kings 3 in the MBV

2 Kings 3 in the MBV2

2 Kings 3 in the MHNT

2 Kings 3 in the MKNFD

2 Kings 3 in the MNG

2 Kings 3 in the MNT

2 Kings 3 in the MNT2

2 Kings 3 in the MRS1T

2 Kings 3 in the NAA

2 Kings 3 in the NASB

2 Kings 3 in the NBLA

2 Kings 3 in the NBS

2 Kings 3 in the NBVTP

2 Kings 3 in the NET2

2 Kings 3 in the NIV11

2 Kings 3 in the NNT

2 Kings 3 in the NNT2

2 Kings 3 in the NNT3

2 Kings 3 in the PDDPT

2 Kings 3 in the PFNT

2 Kings 3 in the RMNT

2 Kings 3 in the SBIAS

2 Kings 3 in the SBIBS

2 Kings 3 in the SBIBS2

2 Kings 3 in the SBICS

2 Kings 3 in the SBIDS

2 Kings 3 in the SBIGS

2 Kings 3 in the SBIHS

2 Kings 3 in the SBIIS

2 Kings 3 in the SBIIS2

2 Kings 3 in the SBIIS3

2 Kings 3 in the SBIKS

2 Kings 3 in the SBIKS2

2 Kings 3 in the SBIMS

2 Kings 3 in the SBIOS

2 Kings 3 in the SBIPS

2 Kings 3 in the SBISS

2 Kings 3 in the SBITS

2 Kings 3 in the SBITS2

2 Kings 3 in the SBITS3

2 Kings 3 in the SBITS4

2 Kings 3 in the SBIUS

2 Kings 3 in the SBIVS

2 Kings 3 in the SBT

2 Kings 3 in the SBT1E

2 Kings 3 in the SCHL

2 Kings 3 in the SNT

2 Kings 3 in the SUSU

2 Kings 3 in the SUSU2

2 Kings 3 in the SYNO

2 Kings 3 in the TBIAOTANT

2 Kings 3 in the TBT1E

2 Kings 3 in the TBT1E2

2 Kings 3 in the TFTIP

2 Kings 3 in the TFTU

2 Kings 3 in the TGNTATF3T

2 Kings 3 in the THAI

2 Kings 3 in the TNFD

2 Kings 3 in the TNT

2 Kings 3 in the TNTIK

2 Kings 3 in the TNTIL

2 Kings 3 in the TNTIN

2 Kings 3 in the TNTIP

2 Kings 3 in the TNTIZ

2 Kings 3 in the TOMA

2 Kings 3 in the TTENT

2 Kings 3 in the UBG

2 Kings 3 in the UGV

2 Kings 3 in the UGV2

2 Kings 3 in the UGV3

2 Kings 3 in the VBL

2 Kings 3 in the VDCC

2 Kings 3 in the YALU

2 Kings 3 in the YAPE

2 Kings 3 in the YBVTP

2 Kings 3 in the ZBP