2 Samuel 12 (BOATCB)

1 AWURADE somaa odiyifoɔ Natan sɛ ɔnkɔka abasɛm yi nkyerɛ Dawid: “Na mmarima baanu bi te kuro bi so. Na mmarima no mu baako yɛ osikani, na deɛ ɔka ho no nso yɛ ohiani. 2 Na osikani no wɔ nnwan ne anantwie bebree, 3 ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ɔbabaa ma no. 4 “Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no.” 5 Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a AWURADE te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo. 6 Ɛsɛ sɛ ɔtua odwanbereɛ no ka mmɔ ho ɛnan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔborɔ biara.” 7 Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Wone saa ɔbarima no! AWURADE, Israel Onyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo firii Saulo tumi ase. 8 Mede ne fie ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛnonom nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho. 9 Adɛn enti na woabu Awurade asɛm animtia, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere. 10 Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, akofena na ɛbɛyɛ ahunahunadeɛ ama wo fiefoɔ, ɛfiri sɛ, woabu me animtia, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’ 11 “Esiane deɛ woayɛ yi enti, me AWURADE, mɛma wʼankasa fidua mufoɔ asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforɔ, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahunu. 12 Woyɛɛ yei wɔ kɔkoam, nanso mɛma deɛ ɛreba wo so no ada dwa, ama Israel nyinaa ahunu.” 13 Na Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mayɛ bɔne atia AWURADE.”Natan buaa sɛ, “AWURADE ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu. 14 Nanso, sɛ woama AWURADE atamfoɔ ɛkwan sɛ wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu.” 15 Natan kɔɔ ne fie ara pɛ, AWURADE maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden. 16 Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abɔfra no nkye. Ɔkyenee ho kɔm, na ɔkɔɔ fie, na anadwo mu no nyinaa, ɔdaa fam tim. 17 Mpanimfoɔ a wɔwɔ ne fie srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene. 18 Ne nnanson so, abɔfra no wuiɛ. Na Dawid afotufoɔ no suro sɛ wɔbɛbɔ no amaneɛ sɛ abɔfra no awu, ɛfiri sɛ, na wɔn adwene ne sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.” 19 Na Dawid hunuu sɛ nʼafotufoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abɔfra no awu. Ɔbisaa sɛ, “Abɔfra no awu anaa?”Wɔbuaa sɛ, “Aane, wawu.” 20 Na Dawid sɔre firii fam hɔ. Afei, ɔdware wieeɛ a ɔpetee ne ho aduhwam, na ɔsesaa ne ntadeɛ no, ɔkɔɔ AWURADE efie kɔsomee. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa efie, na ɔno ankasa bisa ma wɔbrɛɛ no aduane, na ɔdidiiɛ. 21 Nʼafotufoɔ no bisaa no sɛ, “Deɛ woreyɛ yi, aseɛ ne sɛn? Ɛberɛ a abɔfra no te ase no, wodii mmuada, twaa agyaadwoɔ. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidie!” 22 Ɔbuaa sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no da so te ase no deɛ, medii abuada, twaa agyaadwoɔ. Medwenee sɛ, ‘Hwan na ɔnim? Ebia, Awurade bɛhunu me mmɔbɔ ama abɔfra no atena.’ 23 Na afei a wawu yi, adɛn enti na ɛsɛ sɛ medi abuada? Mɛtumi asane de no aba nkwa mu bio anaa? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn ha da.” 24 Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no daeɛ. Ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Salomo. AWURADE pɛɛ abɔfra no asɛm, 25 na ɔde asɛm faa odiyifoɔ Natan so sɛ, ɛsɛ sɛ abɔfra no din yɛ Yedidia, ɛfiri sɛ na AWURADE dɔ no. 26 Saa ɛberɛ no, na Yoab ne Israel akodɔm no reyɛ awie Amon ahenkuro Raba tua no nkonimdie so. 27 Yoab somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mako atia Raba, afa deɛ wɔnya wɔn nsuo firie. 28 Afei, fa akodɔm a wɔaka no bra na wɔnwie adwuma no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya nkonimdie animuonyam no sene sɛ ɛbɛyɛ me dea.” 29 Enti, Dawid dii nʼakodɔm a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ. 30 Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛ, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛ no a aboɔdemmoɔ bobɔ mu. Na emu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid foo asadeɛ bebree wɔ kuropɔn no mu. 31 Ɔsane faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɛwan, pinkase ne nkuma yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkuro nyinaa so dii noɔ. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.

In Other Versions

2 Samuel 12 in the ANGEFD

2 Samuel 12 in the ANTPNG2D

2 Samuel 12 in the AS21

2 Samuel 12 in the BAGH

2 Samuel 12 in the BBPNG

2 Samuel 12 in the BBT1E

2 Samuel 12 in the BDS

2 Samuel 12 in the BEV

2 Samuel 12 in the BHAD

2 Samuel 12 in the BIB

2 Samuel 12 in the BLPT

2 Samuel 12 in the BNT

2 Samuel 12 in the BNTABOOT

2 Samuel 12 in the BNTLV

2 Samuel 12 in the BOATCB2

2 Samuel 12 in the BOBCV

2 Samuel 12 in the BOCNT

2 Samuel 12 in the BOECS

2 Samuel 12 in the BOGWICC

2 Samuel 12 in the BOHCB

2 Samuel 12 in the BOHCV

2 Samuel 12 in the BOHLNT

2 Samuel 12 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 12 in the BOICB

2 Samuel 12 in the BOILNTAP

2 Samuel 12 in the BOITCV

2 Samuel 12 in the BOKCV

2 Samuel 12 in the BOKCV2

2 Samuel 12 in the BOKHWOG

2 Samuel 12 in the BOKSSV

2 Samuel 12 in the BOLCB

2 Samuel 12 in the BOLCB2

2 Samuel 12 in the BOMCV

2 Samuel 12 in the BONAV

2 Samuel 12 in the BONCB

2 Samuel 12 in the BONLT

2 Samuel 12 in the BONUT2

2 Samuel 12 in the BOPLNT

2 Samuel 12 in the BOSCB

2 Samuel 12 in the BOSNC

2 Samuel 12 in the BOTLNT

2 Samuel 12 in the BOVCB

2 Samuel 12 in the BOYCB

2 Samuel 12 in the BPBB

2 Samuel 12 in the BPH

2 Samuel 12 in the BSB

2 Samuel 12 in the CCB

2 Samuel 12 in the CUV

2 Samuel 12 in the CUVS

2 Samuel 12 in the DBT

2 Samuel 12 in the DGDNT

2 Samuel 12 in the DHNT

2 Samuel 12 in the DNT

2 Samuel 12 in the ELBE

2 Samuel 12 in the EMTV

2 Samuel 12 in the ESV

2 Samuel 12 in the FBV

2 Samuel 12 in the FEB

2 Samuel 12 in the GGMNT

2 Samuel 12 in the GNT

2 Samuel 12 in the HARY

2 Samuel 12 in the HNT

2 Samuel 12 in the IRVA

2 Samuel 12 in the IRVB

2 Samuel 12 in the IRVG

2 Samuel 12 in the IRVH

2 Samuel 12 in the IRVK

2 Samuel 12 in the IRVM

2 Samuel 12 in the IRVM2

2 Samuel 12 in the IRVO

2 Samuel 12 in the IRVP

2 Samuel 12 in the IRVT

2 Samuel 12 in the IRVT2

2 Samuel 12 in the IRVU

2 Samuel 12 in the ISVN

2 Samuel 12 in the JSNT

2 Samuel 12 in the KAPI

2 Samuel 12 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 12 in the KBV

2 Samuel 12 in the KJV

2 Samuel 12 in the KNFD

2 Samuel 12 in the LBA

2 Samuel 12 in the LBLA

2 Samuel 12 in the LNT

2 Samuel 12 in the LSV

2 Samuel 12 in the MAAL

2 Samuel 12 in the MBV

2 Samuel 12 in the MBV2

2 Samuel 12 in the MHNT

2 Samuel 12 in the MKNFD

2 Samuel 12 in the MNG

2 Samuel 12 in the MNT

2 Samuel 12 in the MNT2

2 Samuel 12 in the MRS1T

2 Samuel 12 in the NAA

2 Samuel 12 in the NASB

2 Samuel 12 in the NBLA

2 Samuel 12 in the NBS

2 Samuel 12 in the NBVTP

2 Samuel 12 in the NET2

2 Samuel 12 in the NIV11

2 Samuel 12 in the NNT

2 Samuel 12 in the NNT2

2 Samuel 12 in the NNT3

2 Samuel 12 in the PDDPT

2 Samuel 12 in the PFNT

2 Samuel 12 in the RMNT

2 Samuel 12 in the SBIAS

2 Samuel 12 in the SBIBS

2 Samuel 12 in the SBIBS2

2 Samuel 12 in the SBICS

2 Samuel 12 in the SBIDS

2 Samuel 12 in the SBIGS

2 Samuel 12 in the SBIHS

2 Samuel 12 in the SBIIS

2 Samuel 12 in the SBIIS2

2 Samuel 12 in the SBIIS3

2 Samuel 12 in the SBIKS

2 Samuel 12 in the SBIKS2

2 Samuel 12 in the SBIMS

2 Samuel 12 in the SBIOS

2 Samuel 12 in the SBIPS

2 Samuel 12 in the SBISS

2 Samuel 12 in the SBITS

2 Samuel 12 in the SBITS2

2 Samuel 12 in the SBITS3

2 Samuel 12 in the SBITS4

2 Samuel 12 in the SBIUS

2 Samuel 12 in the SBIVS

2 Samuel 12 in the SBT

2 Samuel 12 in the SBT1E

2 Samuel 12 in the SCHL

2 Samuel 12 in the SNT

2 Samuel 12 in the SUSU

2 Samuel 12 in the SUSU2

2 Samuel 12 in the SYNO

2 Samuel 12 in the TBIAOTANT

2 Samuel 12 in the TBT1E

2 Samuel 12 in the TBT1E2

2 Samuel 12 in the TFTIP

2 Samuel 12 in the TFTU

2 Samuel 12 in the TGNTATF3T

2 Samuel 12 in the THAI

2 Samuel 12 in the TNFD

2 Samuel 12 in the TNT

2 Samuel 12 in the TNTIK

2 Samuel 12 in the TNTIL

2 Samuel 12 in the TNTIN

2 Samuel 12 in the TNTIP

2 Samuel 12 in the TNTIZ

2 Samuel 12 in the TOMA

2 Samuel 12 in the TTENT

2 Samuel 12 in the UBG

2 Samuel 12 in the UGV

2 Samuel 12 in the UGV2

2 Samuel 12 in the UGV3

2 Samuel 12 in the VBL

2 Samuel 12 in the VDCC

2 Samuel 12 in the YALU

2 Samuel 12 in the YAPE

2 Samuel 12 in the YBVTP

2 Samuel 12 in the ZBP