2 Samuel 20 (BOATCB)

1 Ntɔkwapɛni bi a wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ɔfiri Benyamin babarima, hyɛnee totorobɛnto teaam sɛ,“Yɛne Dawid nni hwee yɛ.Yɛnni agyapadeɛ biara wɔ Yisai babarima no nkyɛn.Israel mmarima, mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!” 2 Enti, Israel mmarima gyaa Dawid hɔ, kɔdii Seba akyi. Nanso, Yuda mmarima no deɛ, wɔtenaa wɔn ɔhene nkyɛn, na wɔwowaa no firi Asubɔnten Yordan ho, kɔsii Yerusalem. 3 Ɛberɛ a ɔduruu nʼahemfie hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenafoɔ edu a ɔgyaa wɔn no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kɔkoam baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiadeɛ nyinaa, nanso ɔne wɔn nna bio. Enti, wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafoɔ, kɔsii ne wuda. 4 Ɔhene no hyɛɛ Amasa sɛ ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda akodɔm ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa ɛberɛ no mu. 5 Enti, Amasa kɔbɔɔ akodɔm no amaneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no. 6 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Saa ntɔkwapɛni Seba no rebɛha yɛn asene sɛ deɛ Absalom haa yɛn no. Ntɛm, fa mʼakodɔm no, na taa ne so ansa na wabɔ ne ho adwaa wɔ abanbɔeɛ nkuro no mu baabi a yɛn nsa renka no.” 7 Enti, Abisai ne Yoab yiyii awɛmfoɔ a wɔdi mu firii Yoab akodɔm ne ɔhene no ankasa deɛ mu de tii Seba. 8 Na wɔduruu Gibeon ɔbo kɛseɛ no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotadeɛ a ɔde akofena abɔ nʼataaso. Ɔtuu nten kɔɔ nʼanim sɛ, ɔrekɔkyea Amasa pɛ, ɔyɛɛ nwaa twee akofena no firii bɔha mu. 9 Yoab bisaa no sɛ, “Me nua, wo ho te sɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ nʼabɔgyesɛ mu, sɛ deɛ ɔrefe nʼano. 10 Amasa anhunu sɛ akofena no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de akofena no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia sɛ Yoab bɛtia ne so koraa, na Amasa wuiɛ. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaa no hɔ, toaa so tii Bikri babarima Seba. 11 Yoab akodɔm no mu aberanteɛ a ɔyɛ panin wɔ akodɔm no so no mu baako teaam kyerɛɛ Amasa akodɔm no sɛ, “Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ɔmmɛdi Yoab akyi.” 12 Amasa daa ne mogyabura mu, wɔ ɛkwan no mfimfini. Na ɔbarima no hunuu sɛ akodɔm no aduru hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no firii ɛkwan no mu, de no too wiram, de atadeɛ kataa ne so. 13 Wɔyii Amasa firii ɛkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi sɛ wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba. 14 Saa ɛberɛ no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fiefoɔ Bikrifoɔ ano wɔ Abel-Bet-Maaka. 15 Yoab akodɔm no duruu hɔ no, wɔto hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wɔsisii epie wɔ kuro no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban firii atamfoɔ ho na wɔpempem afasuo no, pɛɛ sɛ wɔdwiri guo. 16 Na ɔbaa nyansafoɔ bi teaam firi kuro no mu sɛ, “Montie! Montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ, ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.” 17 Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?”Ɔbuaa sɛ, “Aane.”Ɔkaa sɛ, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.”Ɔbuaa sɛ, “Meretie.” 18 Ɔkaa sɛ, “Tete no, na yɛka sɛ ‘Yɛrekɔpɛ afotuo wɔ Abel.’ 19 Yɛpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ wɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kuro a adi nokorɛ wɔ Israel. Adɛn enti na wopɛ sɛ wosɛe ade a ɛyɛ AWURADE dea?” 20 Yoab buaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mesɛe wo kuropɔn. 21 Deɛ merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ɔfiri Efraim bepɔ so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mɛfiri kuro no mu.”Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Wɔbɛto ne ti afiri ɔfasuo no so ama wo.” 22 Afei, ɔbaa no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wɔtwaa Bikri babarima Seba ti, to maa Yoab. Enti, ɔhyɛnee totorobɛnto, maa ne mmarima no bɔ hweteeɛ, maa obiara kɔɔ ne fie. Na Yoab sane kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem. 23 Yoab bɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene bio.Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene banbɔfoɔ so panin. 24 Adorinam na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so,na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima twerɛ ahemfo ho abakɔsɛm. 25 Na Sewa yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ.Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfoɔ. 26 Ɛnna Yairini Ira nso yɛ Dawid ɔsɔfoɔ.

In Other Versions

2 Samuel 20 in the ANGEFD

2 Samuel 20 in the ANTPNG2D

2 Samuel 20 in the AS21

2 Samuel 20 in the BAGH

2 Samuel 20 in the BBPNG

2 Samuel 20 in the BBT1E

2 Samuel 20 in the BDS

2 Samuel 20 in the BEV

2 Samuel 20 in the BHAD

2 Samuel 20 in the BIB

2 Samuel 20 in the BLPT

2 Samuel 20 in the BNT

2 Samuel 20 in the BNTABOOT

2 Samuel 20 in the BNTLV

2 Samuel 20 in the BOATCB2

2 Samuel 20 in the BOBCV

2 Samuel 20 in the BOCNT

2 Samuel 20 in the BOECS

2 Samuel 20 in the BOGWICC

2 Samuel 20 in the BOHCB

2 Samuel 20 in the BOHCV

2 Samuel 20 in the BOHLNT

2 Samuel 20 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 20 in the BOICB

2 Samuel 20 in the BOILNTAP

2 Samuel 20 in the BOITCV

2 Samuel 20 in the BOKCV

2 Samuel 20 in the BOKCV2

2 Samuel 20 in the BOKHWOG

2 Samuel 20 in the BOKSSV

2 Samuel 20 in the BOLCB

2 Samuel 20 in the BOLCB2

2 Samuel 20 in the BOMCV

2 Samuel 20 in the BONAV

2 Samuel 20 in the BONCB

2 Samuel 20 in the BONLT

2 Samuel 20 in the BONUT2

2 Samuel 20 in the BOPLNT

2 Samuel 20 in the BOSCB

2 Samuel 20 in the BOSNC

2 Samuel 20 in the BOTLNT

2 Samuel 20 in the BOVCB

2 Samuel 20 in the BOYCB

2 Samuel 20 in the BPBB

2 Samuel 20 in the BPH

2 Samuel 20 in the BSB

2 Samuel 20 in the CCB

2 Samuel 20 in the CUV

2 Samuel 20 in the CUVS

2 Samuel 20 in the DBT

2 Samuel 20 in the DGDNT

2 Samuel 20 in the DHNT

2 Samuel 20 in the DNT

2 Samuel 20 in the ELBE

2 Samuel 20 in the EMTV

2 Samuel 20 in the ESV

2 Samuel 20 in the FBV

2 Samuel 20 in the FEB

2 Samuel 20 in the GGMNT

2 Samuel 20 in the GNT

2 Samuel 20 in the HARY

2 Samuel 20 in the HNT

2 Samuel 20 in the IRVA

2 Samuel 20 in the IRVB

2 Samuel 20 in the IRVG

2 Samuel 20 in the IRVH

2 Samuel 20 in the IRVK

2 Samuel 20 in the IRVM

2 Samuel 20 in the IRVM2

2 Samuel 20 in the IRVO

2 Samuel 20 in the IRVP

2 Samuel 20 in the IRVT

2 Samuel 20 in the IRVT2

2 Samuel 20 in the IRVU

2 Samuel 20 in the ISVN

2 Samuel 20 in the JSNT

2 Samuel 20 in the KAPI

2 Samuel 20 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 20 in the KBV

2 Samuel 20 in the KJV

2 Samuel 20 in the KNFD

2 Samuel 20 in the LBA

2 Samuel 20 in the LBLA

2 Samuel 20 in the LNT

2 Samuel 20 in the LSV

2 Samuel 20 in the MAAL

2 Samuel 20 in the MBV

2 Samuel 20 in the MBV2

2 Samuel 20 in the MHNT

2 Samuel 20 in the MKNFD

2 Samuel 20 in the MNG

2 Samuel 20 in the MNT

2 Samuel 20 in the MNT2

2 Samuel 20 in the MRS1T

2 Samuel 20 in the NAA

2 Samuel 20 in the NASB

2 Samuel 20 in the NBLA

2 Samuel 20 in the NBS

2 Samuel 20 in the NBVTP

2 Samuel 20 in the NET2

2 Samuel 20 in the NIV11

2 Samuel 20 in the NNT

2 Samuel 20 in the NNT2

2 Samuel 20 in the NNT3

2 Samuel 20 in the PDDPT

2 Samuel 20 in the PFNT

2 Samuel 20 in the RMNT

2 Samuel 20 in the SBIAS

2 Samuel 20 in the SBIBS

2 Samuel 20 in the SBIBS2

2 Samuel 20 in the SBICS

2 Samuel 20 in the SBIDS

2 Samuel 20 in the SBIGS

2 Samuel 20 in the SBIHS

2 Samuel 20 in the SBIIS

2 Samuel 20 in the SBIIS2

2 Samuel 20 in the SBIIS3

2 Samuel 20 in the SBIKS

2 Samuel 20 in the SBIKS2

2 Samuel 20 in the SBIMS

2 Samuel 20 in the SBIOS

2 Samuel 20 in the SBIPS

2 Samuel 20 in the SBISS

2 Samuel 20 in the SBITS

2 Samuel 20 in the SBITS2

2 Samuel 20 in the SBITS3

2 Samuel 20 in the SBITS4

2 Samuel 20 in the SBIUS

2 Samuel 20 in the SBIVS

2 Samuel 20 in the SBT

2 Samuel 20 in the SBT1E

2 Samuel 20 in the SCHL

2 Samuel 20 in the SNT

2 Samuel 20 in the SUSU

2 Samuel 20 in the SUSU2

2 Samuel 20 in the SYNO

2 Samuel 20 in the TBIAOTANT

2 Samuel 20 in the TBT1E

2 Samuel 20 in the TBT1E2

2 Samuel 20 in the TFTIP

2 Samuel 20 in the TFTU

2 Samuel 20 in the TGNTATF3T

2 Samuel 20 in the THAI

2 Samuel 20 in the TNFD

2 Samuel 20 in the TNT

2 Samuel 20 in the TNTIK

2 Samuel 20 in the TNTIL

2 Samuel 20 in the TNTIN

2 Samuel 20 in the TNTIP

2 Samuel 20 in the TNTIZ

2 Samuel 20 in the TOMA

2 Samuel 20 in the TTENT

2 Samuel 20 in the UBG

2 Samuel 20 in the UGV

2 Samuel 20 in the UGV2

2 Samuel 20 in the UGV3

2 Samuel 20 in the VBL

2 Samuel 20 in the VDCC

2 Samuel 20 in the YALU

2 Samuel 20 in the YAPE

2 Samuel 20 in the YBVTP

2 Samuel 20 in the ZBP