Daniel 5 (BOATCB)

1 Mfeɛ bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too ɛpono kɛseɛ maa ne mpanimfoɔ apem, na ɔne wɔn nom nsã. 2 Ɛberɛ a nsã no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase firii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛdeɛ ɔne ne mpanimfoɔ, ne yerenom ne ne mpenafoɔ bɛnom mu nsã. 3 Enti, wɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no baeɛ, na ɔhene no ne ne mpanimfoɔ ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu nsã. 4 Wɔrenom nsã no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, dua ne aboɔ ayɛ no. 5 Amonom hɔ no ara, wɔhunuu sɛ, onipa nsateaa retwerɛ ɔhene ahemfie ɔfasuo no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛretwerɛ no, 6 na ehu maa nʼanim daneeɛ. Sɛdeɛ ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka boboom, na ne nan mu yɛɛ mmrɛ. 7 Ɔhene no teaam frɛɛ sɛ, wɔmfa pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafoɔ yi sɛ, “Obiara a ɔbɛtumi akenkan atwerɛ yi, akyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no tam kɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.” 8 Nanso, ɔhene no anyansafoɔ no baeɛ no, wɔn mu biara antumi ankenkan atwerɛ no, ankyerɛ aseɛ amma ɔhene no. 9 Enti, ɛmaa ɔhene no ho yeraa no yie, na nʼanim sesaeɛ. Nʼaberempɔn nso ho yeraa wɔn. 10 Na ɛberɛ a Ɔhemmaa no tee ɔhene ne ne mpanimfoɔ nteateam no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontoɔ dan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar sɛ, “Nana nkwa so! Nana nsuro na mma wʼanim nsesa! 11 Ɔbarima bi wɔ wʼahemman mu ha a ɔwɔ anyame kronkron sunsum wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedie mu no, wɔhunuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ nteaseɛ nhunumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panin wɔ nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ so wɔ Babilonia. 12 Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne nteaseɛ ahyɛ no ma. Ɔtumi kyerɛ daeɛ ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsane mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo atwerɛ no ase.” 13 Enti, wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no sɛ, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo firii Yuda baeɛ no? 14 Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame sunsum wɔ wo mu, na nteaseɛ nhunumu ne nyansa ahyɛ wo ma. 15 Wɔde anyansafoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan atwerɛ a ɛgu ɔfasuo yi ho yi na wɔnkyerɛ me aseɛ, nanso wɔntumi. 16 Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase; na wosane nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wotumi kenkan atwerɛ a ɛwɔ ɔfasuo yi ho na wo kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban bɛgu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.” 17 Daniel buaa ɔhene no sɛ, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛdeɛ no ntena hɔ na fa wʼabasobɔdeɛ no ma obi foforɔ. Nanso, Nana, mɛkenkan atwerɛ no, na makyerɛ wo aseɛ. 18 “Nana, Ɔsorosoro Onyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, animuonyam ne anidie. 19 Ɔyɛɛ no kɛse ara kɔsii sɛ, nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara duru nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Ɔkunkumm wɔn a ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn, ɛnna ɔgyaee wɔn a ɔpɛ sɛ ɔgyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no animuonyam, ɛnna wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase. 20 Nanso, ahomasoɔ maa nʼakoma ne nʼadwene yɛɛ den no no, wɔyii no firii nʼahennwa so, sii no fam, gyee nʼanimuonyam no. 21 Wɔpamoo no firi nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wiram mmoa tenaeɛ. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww kɔsii sɛ, afei ɔhunuu sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn na ɔdi ewiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na ɔyi obi a ɔpɛ ma ɔdi so. 22 “Nanso wo, ne ba Belsasar, wonim yeinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase. 23 Wama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a ɛsisi wʼanim a wɔfa firii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitire ne wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsã, ɛberɛ a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua ne ɛboɔ anyame a wɔnhunu adeɛ, na wɔnnte asɛm, na wɔnnim hwee koraa no. Na moamfa anidie amma Onyankopɔn a ɔkura mo nkwa na ɔdi mo hyɛberɛ so no. 24 Ne saa enti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛtwerɛ nkra yi. 25 “Nkra a ɛtwerɛeɛ nie:Mene, Mene, Tekel, Parsin. 26 “Saa nsɛm yi asekyerɛ nie:“Mene asekyerɛ ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahennie nna a aka na watwa so de aba nʼawieeɛ. 27 “Tekel asekyerɛ ne wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no. 28 “Parsin asekyerɛ ne wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahemman mu ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.” 29 Afei, Belsasar ma wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman no mu. 30 Saa anadwo no ara, wɔkumm Babiloniahene Belsasar. 31 Na Dario a ɔfiri Mede faa ahennie no a na wadi mfirinhyia aduosia mmienu.

In Other Versions

Daniel 5 in the ANGEFD

Daniel 5 in the ANTPNG2D

Daniel 5 in the AS21

Daniel 5 in the BAGH

Daniel 5 in the BBPNG

Daniel 5 in the BBT1E

Daniel 5 in the BDS

Daniel 5 in the BEV

Daniel 5 in the BHAD

Daniel 5 in the BIB

Daniel 5 in the BLPT

Daniel 5 in the BNT

Daniel 5 in the BNTABOOT

Daniel 5 in the BNTLV

Daniel 5 in the BOATCB2

Daniel 5 in the BOBCV

Daniel 5 in the BOCNT

Daniel 5 in the BOECS

Daniel 5 in the BOGWICC

Daniel 5 in the BOHCB

Daniel 5 in the BOHCV

Daniel 5 in the BOHLNT

Daniel 5 in the BOHNTLTAL

Daniel 5 in the BOICB

Daniel 5 in the BOILNTAP

Daniel 5 in the BOITCV

Daniel 5 in the BOKCV

Daniel 5 in the BOKCV2

Daniel 5 in the BOKHWOG

Daniel 5 in the BOKSSV

Daniel 5 in the BOLCB

Daniel 5 in the BOLCB2

Daniel 5 in the BOMCV

Daniel 5 in the BONAV

Daniel 5 in the BONCB

Daniel 5 in the BONLT

Daniel 5 in the BONUT2

Daniel 5 in the BOPLNT

Daniel 5 in the BOSCB

Daniel 5 in the BOSNC

Daniel 5 in the BOTLNT

Daniel 5 in the BOVCB

Daniel 5 in the BOYCB

Daniel 5 in the BPBB

Daniel 5 in the BPH

Daniel 5 in the BSB

Daniel 5 in the CCB

Daniel 5 in the CUV

Daniel 5 in the CUVS

Daniel 5 in the DBT

Daniel 5 in the DGDNT

Daniel 5 in the DHNT

Daniel 5 in the DNT

Daniel 5 in the ELBE

Daniel 5 in the EMTV

Daniel 5 in the ESV

Daniel 5 in the FBV

Daniel 5 in the FEB

Daniel 5 in the GGMNT

Daniel 5 in the GNT

Daniel 5 in the HARY

Daniel 5 in the HNT

Daniel 5 in the IRVA

Daniel 5 in the IRVB

Daniel 5 in the IRVG

Daniel 5 in the IRVH

Daniel 5 in the IRVK

Daniel 5 in the IRVM

Daniel 5 in the IRVM2

Daniel 5 in the IRVO

Daniel 5 in the IRVP

Daniel 5 in the IRVT

Daniel 5 in the IRVT2

Daniel 5 in the IRVU

Daniel 5 in the ISVN

Daniel 5 in the JSNT

Daniel 5 in the KAPI

Daniel 5 in the KBT1ETNIK

Daniel 5 in the KBV

Daniel 5 in the KJV

Daniel 5 in the KNFD

Daniel 5 in the LBA

Daniel 5 in the LBLA

Daniel 5 in the LNT

Daniel 5 in the LSV

Daniel 5 in the MAAL

Daniel 5 in the MBV

Daniel 5 in the MBV2

Daniel 5 in the MHNT

Daniel 5 in the MKNFD

Daniel 5 in the MNG

Daniel 5 in the MNT

Daniel 5 in the MNT2

Daniel 5 in the MRS1T

Daniel 5 in the NAA

Daniel 5 in the NASB

Daniel 5 in the NBLA

Daniel 5 in the NBS

Daniel 5 in the NBVTP

Daniel 5 in the NET2

Daniel 5 in the NIV11

Daniel 5 in the NNT

Daniel 5 in the NNT2

Daniel 5 in the NNT3

Daniel 5 in the PDDPT

Daniel 5 in the PFNT

Daniel 5 in the RMNT

Daniel 5 in the SBIAS

Daniel 5 in the SBIBS

Daniel 5 in the SBIBS2

Daniel 5 in the SBICS

Daniel 5 in the SBIDS

Daniel 5 in the SBIGS

Daniel 5 in the SBIHS

Daniel 5 in the SBIIS

Daniel 5 in the SBIIS2

Daniel 5 in the SBIIS3

Daniel 5 in the SBIKS

Daniel 5 in the SBIKS2

Daniel 5 in the SBIMS

Daniel 5 in the SBIOS

Daniel 5 in the SBIPS

Daniel 5 in the SBISS

Daniel 5 in the SBITS

Daniel 5 in the SBITS2

Daniel 5 in the SBITS3

Daniel 5 in the SBITS4

Daniel 5 in the SBIUS

Daniel 5 in the SBIVS

Daniel 5 in the SBT

Daniel 5 in the SBT1E

Daniel 5 in the SCHL

Daniel 5 in the SNT

Daniel 5 in the SUSU

Daniel 5 in the SUSU2

Daniel 5 in the SYNO

Daniel 5 in the TBIAOTANT

Daniel 5 in the TBT1E

Daniel 5 in the TBT1E2

Daniel 5 in the TFTIP

Daniel 5 in the TFTU

Daniel 5 in the TGNTATF3T

Daniel 5 in the THAI

Daniel 5 in the TNFD

Daniel 5 in the TNT

Daniel 5 in the TNTIK

Daniel 5 in the TNTIL

Daniel 5 in the TNTIN

Daniel 5 in the TNTIP

Daniel 5 in the TNTIZ

Daniel 5 in the TOMA

Daniel 5 in the TTENT

Daniel 5 in the UBG

Daniel 5 in the UGV

Daniel 5 in the UGV2

Daniel 5 in the UGV3

Daniel 5 in the VBL

Daniel 5 in the VDCC

Daniel 5 in the YALU

Daniel 5 in the YAPE

Daniel 5 in the YBVTP

Daniel 5 in the ZBP