Daniel 6 (BOATCB)

1 Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano. 2 Ɔhene no sane yii Daniel ne afoforɔ baanu bi sɛ sohwɛfoɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahwɛyie, na ɔhene no ammɔ ka. 3 Na Daniel daa ne ho adi sɛ ɔnim de wɔ sohwɛfoɔ ne ahenemma no mu, ɛno enti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ, ɔde no bɛsi ɔman no nyinaa so panin. 4 Ɛyɛɛ saa maa sohwɛfoɔ ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammuo no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomsoɔ biara, ɛfiri sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. 5 Ɛna mmarima no kaa sɛ, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yɛhunu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de asum no afidie.” 6 Enti, sohwɛfoɔ no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana wo nkwa so! 7 Yɛn sohwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ahenemma, afotufoɔ ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a ɛdi animu yi, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu. 8 Ɛno enti, Nana, twerɛ na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛdeɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔntumi nsesa no no teɛ.” 9 Ɛno enti, ɔhene Dario twerɛɛ mmara no. 10 Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛnee nʼaborɔsan dan a ne mpomma anim kyerɛ Yerusalem no. Ɛda biara ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ mprɛnsa daa ne Onyankopɔn ase sɛdeɛ ɔyɛ daa no. 11 Mpanimfoɔ no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fie kɔhunuu no sɛ ɔrebɔ mpaeɛ resrɛ Onyankopɔn mmoa. 12 Enti, wɔsane kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no sɛ, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka sɛ adaduasa a ɛdi animu yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpaeɛ, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu no anaa?”Ɔhene no buaa sɛ, “Aane, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara a wɔrentumi nsesa no.” 13 Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda atukɔfoɔ no mu baako no mmu wo, na ɔnni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Onyankopɔn mpaeɛ mprɛnsa da koro.” 14 Ɔhene no tee saa no, ɛhaa no yie, na ɔdwene ho ara kɔsii anwummerɛ pɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa. 15 Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nana, anidie mu, wonim sɛ, Mediafoɔ ne Persiafoɔ mmara mu no, wɔntumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.” 16 Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔfa Daniel, na wɔnto no ntwene agyata amena no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Daniel, wo Onyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.” 17 Wɔde boɔ bɛhinii amena no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔano ne atitire nsɔano sosɔɔ ɛboɔ no sɛdeɛ obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee. 18 Afei, ɔhene no sane kɔɔ nʼahemfie a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyedeɛ biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa. 19 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ agyata amena no ano. 20 Ɔduruu hɔ no, ɔde awerɛhoɔ frɛɛ sɛ, “Daniel, Onyankopɔn teasefoɔ ɔsomfoɔ. Wo Onyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo firii agyata no mu?” 21 Daniel teaam sɛ, “Nana wo nkwa so! 22 Me Onyankopɔn somaa ne ɔbɔfoɔ bɛkataa agyata no ano, sɛdeɛ wɔrentumi nyɛ me bɔne, ɛfiri sɛ, wahunu sɛ, medi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara.” 23 Ɔhene no ani gyee mmorosoɔ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyi Daniel mfiri amena no mu, enti woyii no. Wɔanhunu etwã biara wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ɔde ne ho too ne Onyankopɔn so. 24 Afei, ɔhene no hyɛɛ sɛ, wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatosoɔ so ma wɔde Daniel kɔtoo agyata amena mu no. Ɔmaa wɔtoo wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu agyata amena no mu. Agyata no hurihuri sisii wɔn so, tetee wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔreduru amena no ase. 25 Afei, Ɔhene Dario too nkra yi kɔmaa nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ ewiase afanan nyinaa sɛ:“Ɛnsi mo yie mmoroso! 26 “Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼahemman mu suro, fɛre na ɔde anidie ma Daniel Onyankopɔn.“Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefoɔ Onyankopɔnna ɔwɔ hɔ daa.“Nʼahennie rensɛe da biara da.Na ne tumi to rentwa da. 27 “Ɔyɛ amanehunu mu gyefoɔ na ɔgye nkwa nso;ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ,wɔ ɔsoro ne asase so.“Ɔno na wagye Danielafiri agyata no nsam.” 28 Enti, Daniel kɔɔ so dii yie wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmerɛ so.

In Other Versions

Daniel 6 in the ANGEFD

Daniel 6 in the ANTPNG2D

Daniel 6 in the AS21

Daniel 6 in the BAGH

Daniel 6 in the BBPNG

Daniel 6 in the BBT1E

Daniel 6 in the BDS

Daniel 6 in the BEV

Daniel 6 in the BHAD

Daniel 6 in the BIB

Daniel 6 in the BLPT

Daniel 6 in the BNT

Daniel 6 in the BNTABOOT

Daniel 6 in the BNTLV

Daniel 6 in the BOATCB2

Daniel 6 in the BOBCV

Daniel 6 in the BOCNT

Daniel 6 in the BOECS

Daniel 6 in the BOGWICC

Daniel 6 in the BOHCB

Daniel 6 in the BOHCV

Daniel 6 in the BOHLNT

Daniel 6 in the BOHNTLTAL

Daniel 6 in the BOICB

Daniel 6 in the BOILNTAP

Daniel 6 in the BOITCV

Daniel 6 in the BOKCV

Daniel 6 in the BOKCV2

Daniel 6 in the BOKHWOG

Daniel 6 in the BOKSSV

Daniel 6 in the BOLCB

Daniel 6 in the BOLCB2

Daniel 6 in the BOMCV

Daniel 6 in the BONAV

Daniel 6 in the BONCB

Daniel 6 in the BONLT

Daniel 6 in the BONUT2

Daniel 6 in the BOPLNT

Daniel 6 in the BOSCB

Daniel 6 in the BOSNC

Daniel 6 in the BOTLNT

Daniel 6 in the BOVCB

Daniel 6 in the BOYCB

Daniel 6 in the BPBB

Daniel 6 in the BPH

Daniel 6 in the BSB

Daniel 6 in the CCB

Daniel 6 in the CUV

Daniel 6 in the CUVS

Daniel 6 in the DBT

Daniel 6 in the DGDNT

Daniel 6 in the DHNT

Daniel 6 in the DNT

Daniel 6 in the ELBE

Daniel 6 in the EMTV

Daniel 6 in the ESV

Daniel 6 in the FBV

Daniel 6 in the FEB

Daniel 6 in the GGMNT

Daniel 6 in the GNT

Daniel 6 in the HARY

Daniel 6 in the HNT

Daniel 6 in the IRVA

Daniel 6 in the IRVB

Daniel 6 in the IRVG

Daniel 6 in the IRVH

Daniel 6 in the IRVK

Daniel 6 in the IRVM

Daniel 6 in the IRVM2

Daniel 6 in the IRVO

Daniel 6 in the IRVP

Daniel 6 in the IRVT

Daniel 6 in the IRVT2

Daniel 6 in the IRVU

Daniel 6 in the ISVN

Daniel 6 in the JSNT

Daniel 6 in the KAPI

Daniel 6 in the KBT1ETNIK

Daniel 6 in the KBV

Daniel 6 in the KJV

Daniel 6 in the KNFD

Daniel 6 in the LBA

Daniel 6 in the LBLA

Daniel 6 in the LNT

Daniel 6 in the LSV

Daniel 6 in the MAAL

Daniel 6 in the MBV

Daniel 6 in the MBV2

Daniel 6 in the MHNT

Daniel 6 in the MKNFD

Daniel 6 in the MNG

Daniel 6 in the MNT

Daniel 6 in the MNT2

Daniel 6 in the MRS1T

Daniel 6 in the NAA

Daniel 6 in the NASB

Daniel 6 in the NBLA

Daniel 6 in the NBS

Daniel 6 in the NBVTP

Daniel 6 in the NET2

Daniel 6 in the NIV11

Daniel 6 in the NNT

Daniel 6 in the NNT2

Daniel 6 in the NNT3

Daniel 6 in the PDDPT

Daniel 6 in the PFNT

Daniel 6 in the RMNT

Daniel 6 in the SBIAS

Daniel 6 in the SBIBS

Daniel 6 in the SBIBS2

Daniel 6 in the SBICS

Daniel 6 in the SBIDS

Daniel 6 in the SBIGS

Daniel 6 in the SBIHS

Daniel 6 in the SBIIS

Daniel 6 in the SBIIS2

Daniel 6 in the SBIIS3

Daniel 6 in the SBIKS

Daniel 6 in the SBIKS2

Daniel 6 in the SBIMS

Daniel 6 in the SBIOS

Daniel 6 in the SBIPS

Daniel 6 in the SBISS

Daniel 6 in the SBITS

Daniel 6 in the SBITS2

Daniel 6 in the SBITS3

Daniel 6 in the SBITS4

Daniel 6 in the SBIUS

Daniel 6 in the SBIVS

Daniel 6 in the SBT

Daniel 6 in the SBT1E

Daniel 6 in the SCHL

Daniel 6 in the SNT

Daniel 6 in the SUSU

Daniel 6 in the SUSU2

Daniel 6 in the SYNO

Daniel 6 in the TBIAOTANT

Daniel 6 in the TBT1E

Daniel 6 in the TBT1E2

Daniel 6 in the TFTIP

Daniel 6 in the TFTU

Daniel 6 in the TGNTATF3T

Daniel 6 in the THAI

Daniel 6 in the TNFD

Daniel 6 in the TNT

Daniel 6 in the TNTIK

Daniel 6 in the TNTIL

Daniel 6 in the TNTIN

Daniel 6 in the TNTIP

Daniel 6 in the TNTIZ

Daniel 6 in the TOMA

Daniel 6 in the TTENT

Daniel 6 in the UBG

Daniel 6 in the UGV

Daniel 6 in the UGV2

Daniel 6 in the UGV3

Daniel 6 in the VBL

Daniel 6 in the VDCC

Daniel 6 in the YALU

Daniel 6 in the YAPE

Daniel 6 in the YBVTP

Daniel 6 in the ZBP