Deuteronomy 5 (BOATCB)

1 Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Montie mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ no yie. Monsua na monni so. 2 Ɛberɛ a yɛwɔ Horeb no, AWURADE yɛn Onyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi. 3 Ɛnyɛ yɛn agyanom na AWURADE ne wɔn yɛɛ apam tete no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase ɛnnɛ yi na ɛyɛeɛ. 4 AWURADE ne mo kasaa animuanimu firi ogyaframa no mu. 5 Megyinaa mo ne AWURADE ntam, ɛfiri sɛ, na mosuro ogya no enti, moamforo bepɔ no. Ɔkasa kyerɛɛ me na me nso mekaa nsɛm a ɔkaeɛ no kyerɛɛ mo.Nsɛm a ɔkaeɛ no nie: 6 “Mene AWURADE mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom wɔ Misraim no. 7 “Monnsom onyame foforɔ biara nka me ho. 8 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase. 9 Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, AWURADE mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so. 10 Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so. 11 Mommmɔ AWURADE Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ. 12 Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron, sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no. 13 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 14 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie ne mo afunumu anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara. 15 Monkae sɛ berɛ bi a atwam no na moyɛ nkoa wɔ Misraim, na AWURADE, mo Onyankopɔn, nam anwanwa tumi ne tumi nnwuma so na ɔyii mo firii hɔ. Ɛno enti na AWURADE mo Onyankopɔn hyɛ mo sɛ monni homeda no. 16 Di wʼagya ne wo maame ni sɛdeɛ AWURADE, mo Onyankopɔn, hyɛ mo no. Na ɛbɛma wo nkwa nna aware wɔ asase a AWURADE wo Onyankopɔn de bɛma wo no so. 17 Nni awu. 18 Nsɛe awadeɛ. 19 Mmɔ korɔno 20 Nni wo yɔnko ho adansekurumu 21 Mma wʼani mmere wo yɔnko yere. Mma wʼani mmere wo yɔnko fie anaa nʼasase anaa nʼakoa anaa nʼafenawa, ne nʼanantwie, nʼafunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” 22 AWURADE de nne kɛseɛ a ɛfiri ogyaframa no mu ka kyerɛɛ mo firii omununkum a esum kabii atwa ho ahyia mu. Nsɛm a ɔkaeɛ ara ni na ɔtwerɛɛ ne nsɛm no guu aboɔ ɛpono mmienu so na ɔde maa me. 23 Motee nne no firii esum mu ɛberɛ a bepɔ no ogya redɛre framfram no, mmusuakuo mu ntuanofoɔ no nyinaa baa me nkyɛn. 24 Wɔkaa sɛ, “AWURADE yɛn Onyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanimuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afiri ogya mu. Ɛnnɛ, yɛahunu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase. 25 Na afei, adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu? Sɛ AWURADE, yɛn Onyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛwuwu na ogya no ahye yɛn pasaa. 26 Enti, ɔkra teasefoɔ bɛtumi ate Onyankopɔn teasefoɔ no nne afiri ogyaframa no mu na watena ase anaa? 27 Wo, kɔ na kɔtie deɛ AWURADE yɛn Onyankopɔn no ka. Na afei, bra na bɛka biribiara a ɔka kyerɛɛ wo no kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie na yɛadi so.” 28 AWURADE tee mo nne ɛberɛ a mokasa kyerɛɛ me no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Mate nsɛm a nnipa ka kyerɛɛ wo no. Nsɛm a wɔkaaeɛ no nyinaa yɛ. 29 Ao, sɛ daa wɔbɛnya akoma sɛdeɛ ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛdeɛ nyinaa so a, anka ɛbɛyɛ ama wɔn ne wɔn asefoɔ nyinaa afebɔɔ. 30 “Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, wɔnsane mmra wɔn ntomadan mu. 31 Nanso, wo deɛ, wo ne me ntena ha sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi de me nhyɛ ne me mmara ama wo. Wobɛkyerɛkyerɛ nnipa no sɛdeɛ wɔbɛtie wɔ asase a mede rema wɔn no so sɛ wɔn agyapadeɛ.” 32 Enti, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma AWURADE mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ nyinaa, na monni ne nkyerɛkyerɛ so pɛpɛɛpɛ. 33 Akwan a AWURADE mo Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monnante so no so, monnante so. Na moatena ase nna tenten na asi mo yie wɔ asase a morebɛkɔ akɔtena so no so.”

In Other Versions

Deuteronomy 5 in the ANGEFD

Deuteronomy 5 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 5 in the AS21

Deuteronomy 5 in the BAGH

Deuteronomy 5 in the BBPNG

Deuteronomy 5 in the BBT1E

Deuteronomy 5 in the BDS

Deuteronomy 5 in the BEV

Deuteronomy 5 in the BHAD

Deuteronomy 5 in the BIB

Deuteronomy 5 in the BLPT

Deuteronomy 5 in the BNT

Deuteronomy 5 in the BNTABOOT

Deuteronomy 5 in the BNTLV

Deuteronomy 5 in the BOATCB2

Deuteronomy 5 in the BOBCV

Deuteronomy 5 in the BOCNT

Deuteronomy 5 in the BOECS

Deuteronomy 5 in the BOGWICC

Deuteronomy 5 in the BOHCB

Deuteronomy 5 in the BOHCV

Deuteronomy 5 in the BOHLNT

Deuteronomy 5 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 5 in the BOICB

Deuteronomy 5 in the BOILNTAP

Deuteronomy 5 in the BOITCV

Deuteronomy 5 in the BOKCV

Deuteronomy 5 in the BOKCV2

Deuteronomy 5 in the BOKHWOG

Deuteronomy 5 in the BOKSSV

Deuteronomy 5 in the BOLCB

Deuteronomy 5 in the BOLCB2

Deuteronomy 5 in the BOMCV

Deuteronomy 5 in the BONAV

Deuteronomy 5 in the BONCB

Deuteronomy 5 in the BONLT

Deuteronomy 5 in the BONUT2

Deuteronomy 5 in the BOPLNT

Deuteronomy 5 in the BOSCB

Deuteronomy 5 in the BOSNC

Deuteronomy 5 in the BOTLNT

Deuteronomy 5 in the BOVCB

Deuteronomy 5 in the BOYCB

Deuteronomy 5 in the BPBB

Deuteronomy 5 in the BPH

Deuteronomy 5 in the BSB

Deuteronomy 5 in the CCB

Deuteronomy 5 in the CUV

Deuteronomy 5 in the CUVS

Deuteronomy 5 in the DBT

Deuteronomy 5 in the DGDNT

Deuteronomy 5 in the DHNT

Deuteronomy 5 in the DNT

Deuteronomy 5 in the ELBE

Deuteronomy 5 in the EMTV

Deuteronomy 5 in the ESV

Deuteronomy 5 in the FBV

Deuteronomy 5 in the FEB

Deuteronomy 5 in the GGMNT

Deuteronomy 5 in the GNT

Deuteronomy 5 in the HARY

Deuteronomy 5 in the HNT

Deuteronomy 5 in the IRVA

Deuteronomy 5 in the IRVB

Deuteronomy 5 in the IRVG

Deuteronomy 5 in the IRVH

Deuteronomy 5 in the IRVK

Deuteronomy 5 in the IRVM

Deuteronomy 5 in the IRVM2

Deuteronomy 5 in the IRVO

Deuteronomy 5 in the IRVP

Deuteronomy 5 in the IRVT

Deuteronomy 5 in the IRVT2

Deuteronomy 5 in the IRVU

Deuteronomy 5 in the ISVN

Deuteronomy 5 in the JSNT

Deuteronomy 5 in the KAPI

Deuteronomy 5 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 5 in the KBV

Deuteronomy 5 in the KJV

Deuteronomy 5 in the KNFD

Deuteronomy 5 in the LBA

Deuteronomy 5 in the LBLA

Deuteronomy 5 in the LNT

Deuteronomy 5 in the LSV

Deuteronomy 5 in the MAAL

Deuteronomy 5 in the MBV

Deuteronomy 5 in the MBV2

Deuteronomy 5 in the MHNT

Deuteronomy 5 in the MKNFD

Deuteronomy 5 in the MNG

Deuteronomy 5 in the MNT

Deuteronomy 5 in the MNT2

Deuteronomy 5 in the MRS1T

Deuteronomy 5 in the NAA

Deuteronomy 5 in the NASB

Deuteronomy 5 in the NBLA

Deuteronomy 5 in the NBS

Deuteronomy 5 in the NBVTP

Deuteronomy 5 in the NET2

Deuteronomy 5 in the NIV11

Deuteronomy 5 in the NNT

Deuteronomy 5 in the NNT2

Deuteronomy 5 in the NNT3

Deuteronomy 5 in the PDDPT

Deuteronomy 5 in the PFNT

Deuteronomy 5 in the RMNT

Deuteronomy 5 in the SBIAS

Deuteronomy 5 in the SBIBS

Deuteronomy 5 in the SBIBS2

Deuteronomy 5 in the SBICS

Deuteronomy 5 in the SBIDS

Deuteronomy 5 in the SBIGS

Deuteronomy 5 in the SBIHS

Deuteronomy 5 in the SBIIS

Deuteronomy 5 in the SBIIS2

Deuteronomy 5 in the SBIIS3

Deuteronomy 5 in the SBIKS

Deuteronomy 5 in the SBIKS2

Deuteronomy 5 in the SBIMS

Deuteronomy 5 in the SBIOS

Deuteronomy 5 in the SBIPS

Deuteronomy 5 in the SBISS

Deuteronomy 5 in the SBITS

Deuteronomy 5 in the SBITS2

Deuteronomy 5 in the SBITS3

Deuteronomy 5 in the SBITS4

Deuteronomy 5 in the SBIUS

Deuteronomy 5 in the SBIVS

Deuteronomy 5 in the SBT

Deuteronomy 5 in the SBT1E

Deuteronomy 5 in the SCHL

Deuteronomy 5 in the SNT

Deuteronomy 5 in the SUSU

Deuteronomy 5 in the SUSU2

Deuteronomy 5 in the SYNO

Deuteronomy 5 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 5 in the TBT1E

Deuteronomy 5 in the TBT1E2

Deuteronomy 5 in the TFTIP

Deuteronomy 5 in the TFTU

Deuteronomy 5 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 5 in the THAI

Deuteronomy 5 in the TNFD

Deuteronomy 5 in the TNT

Deuteronomy 5 in the TNTIK

Deuteronomy 5 in the TNTIL

Deuteronomy 5 in the TNTIN

Deuteronomy 5 in the TNTIP

Deuteronomy 5 in the TNTIZ

Deuteronomy 5 in the TOMA

Deuteronomy 5 in the TTENT

Deuteronomy 5 in the UBG

Deuteronomy 5 in the UGV

Deuteronomy 5 in the UGV2

Deuteronomy 5 in the UGV3

Deuteronomy 5 in the VBL

Deuteronomy 5 in the VDCC

Deuteronomy 5 in the YALU

Deuteronomy 5 in the YAPE

Deuteronomy 5 in the YBVTP

Deuteronomy 5 in the ZBP