Deuteronomy 5 (BOATCB2)

1 Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se:Israel, muntie, mmara ne ahyɛde a mede rema mo nnɛ no. Munsua na munni so. 2 Bere a yɛwɔ Horeb no, AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi. 3 Ɛnyɛ yɛn agyanom na AWURADE ne wɔn yɛɛ apam no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase nnɛ yi nyinaa na ɛyɛe. 4 AWURADE fi bepɔw so ogya mu ne mo kasaa anikann. 5 Migyinaa mo ne AWURADE ntam, na mekaa Awurade asɛm kyerɛɛ mo efisɛ na musuro ogya no nti, moamforo bepɔw no.Nsɛm a ɔkae no ni: 6 “Mene AWURADE, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no. 7 “Monnsom onyame foforo biara nka me ho. 8 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase. 9 Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, AWURADE, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu, 10 nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no. 11 Mommmɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ. 12 Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron. 13 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, 14 na da a ɛto so ason no yɛ Homeda ma AWURADE, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi ne mo mfurum anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara. 15 Monkae sɛ bere bi a atwa mu no na moyɛ nkoa wɔ Misraim na AWURADE, mo Nyankopɔn, nam anwonwatumi ne tumi nnwuma so na oyii mo fii hɔ. Ɛno nti na AWURADE mo Nyankopɔn hyɛ mo sɛ munni Homeda no. 16 Di wʼagya ne wo na ni sɛnea AWURADE, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no, na ama wo nkwanna aware, na asi wo yiye wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so. 17 Nni awu. 18 Nsɛe aware. 19 Mmɔ korɔn 20 Nni wo yɔnko ho adansekurum 21 Mma wʼani mmere wo yɔnko yere. Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa nʼasase anaa nʼakoa anaa nʼafenaa, ne nʼanantwi, nʼafurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” 22 Eyinom ne mmaransɛm a AWURADE de nne kɛse a efi ogyaframa no mu pae mu ka kyerɛɛ mo fii omununkum a esum kabii atwa ho ahyia mu wɔ bepɔw no so a wamfa hwee anka ho. Na ɔkyerɛw guu abo pon abien so de maa me. 23 Motee nne no fii esum mu bere a bepɔw no so redɛw ogya framfram no, mmusuakuw mu ntuanofo no nyinaa baa me nkyɛn. 24 Wɔkae se, “AWURADE, yɛn Nyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afi ogya no mu. Nnɛ, yɛahu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase. 25 Na afei, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu? Sɛ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnye biara nni ho sɛ yebewu na ogya no ahyew yɛn pasaa. 26 Efisɛ ɔkra teasefo bɛn na wate Onyankopɔn teasefo no nne sɛ ɛrekasa fi ogyaframa no mu na watena ase ana? 27 Kɔ na kotie nea AWURADE, yɛn Nyankopɔn no, ka no. Na afei, bra na bɛka biribiara a ɔka kyerɛɛ wo no kyerɛ yɛn, na yebetie na yɛadi so.” 28 AWURADE tee mo nne bere a mokasa kyerɛɛ me no, AWURADE ka kyerɛɛ me se, “Mate nsɛm a saa nnipa yi ka kyerɛɛ wo no. Nsɛm a wɔkaa no nyinaa ye. 29 Ao, sɛ daa wobenya koma sɛnea ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛde nyinaa so a, anka ebeye ama wɔn ne wɔn asefo nyinaa afebɔɔ. 30 “Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn se, wɔnsan mmra wɔn ntamadan mu. 31 Nanso wo de, wo ne me ntena ha sɛnea ɛbɛyɛ a metumi de mʼahyɛde ne me mmara ama wo. Wobɛkyerɛkyerɛ nnipa no sɛnea wobetie wɔ asase a mede rema wɔn no so sɛ wɔn agyapade no.” 32 Enti mohwɛ yiye na n monyɛ nea AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; momman mfa nifa anaa benkum. 33 Munni nea AWURADE, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no nyinaa so na ama moanya nkwa, na asi mo yiye, na no nna aware wɔ asase a morekɔfa no so.

In Other Versions

Deuteronomy 5 in the ANGEFD

Deuteronomy 5 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 5 in the AS21

Deuteronomy 5 in the BAGH

Deuteronomy 5 in the BBPNG

Deuteronomy 5 in the BBT1E

Deuteronomy 5 in the BDS

Deuteronomy 5 in the BEV

Deuteronomy 5 in the BHAD

Deuteronomy 5 in the BIB

Deuteronomy 5 in the BLPT

Deuteronomy 5 in the BNT

Deuteronomy 5 in the BNTABOOT

Deuteronomy 5 in the BNTLV

Deuteronomy 5 in the BOATCB

Deuteronomy 5 in the BOBCV

Deuteronomy 5 in the BOCNT

Deuteronomy 5 in the BOECS

Deuteronomy 5 in the BOGWICC

Deuteronomy 5 in the BOHCB

Deuteronomy 5 in the BOHCV

Deuteronomy 5 in the BOHLNT

Deuteronomy 5 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 5 in the BOICB

Deuteronomy 5 in the BOILNTAP

Deuteronomy 5 in the BOITCV

Deuteronomy 5 in the BOKCV

Deuteronomy 5 in the BOKCV2

Deuteronomy 5 in the BOKHWOG

Deuteronomy 5 in the BOKSSV

Deuteronomy 5 in the BOLCB

Deuteronomy 5 in the BOLCB2

Deuteronomy 5 in the BOMCV

Deuteronomy 5 in the BONAV

Deuteronomy 5 in the BONCB

Deuteronomy 5 in the BONLT

Deuteronomy 5 in the BONUT2

Deuteronomy 5 in the BOPLNT

Deuteronomy 5 in the BOSCB

Deuteronomy 5 in the BOSNC

Deuteronomy 5 in the BOTLNT

Deuteronomy 5 in the BOVCB

Deuteronomy 5 in the BOYCB

Deuteronomy 5 in the BPBB

Deuteronomy 5 in the BPH

Deuteronomy 5 in the BSB

Deuteronomy 5 in the CCB

Deuteronomy 5 in the CUV

Deuteronomy 5 in the CUVS

Deuteronomy 5 in the DBT

Deuteronomy 5 in the DGDNT

Deuteronomy 5 in the DHNT

Deuteronomy 5 in the DNT

Deuteronomy 5 in the ELBE

Deuteronomy 5 in the EMTV

Deuteronomy 5 in the ESV

Deuteronomy 5 in the FBV

Deuteronomy 5 in the FEB

Deuteronomy 5 in the GGMNT

Deuteronomy 5 in the GNT

Deuteronomy 5 in the HARY

Deuteronomy 5 in the HNT

Deuteronomy 5 in the IRVA

Deuteronomy 5 in the IRVB

Deuteronomy 5 in the IRVG

Deuteronomy 5 in the IRVH

Deuteronomy 5 in the IRVK

Deuteronomy 5 in the IRVM

Deuteronomy 5 in the IRVM2

Deuteronomy 5 in the IRVO

Deuteronomy 5 in the IRVP

Deuteronomy 5 in the IRVT

Deuteronomy 5 in the IRVT2

Deuteronomy 5 in the IRVU

Deuteronomy 5 in the ISVN

Deuteronomy 5 in the JSNT

Deuteronomy 5 in the KAPI

Deuteronomy 5 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 5 in the KBV

Deuteronomy 5 in the KJV

Deuteronomy 5 in the KNFD

Deuteronomy 5 in the LBA

Deuteronomy 5 in the LBLA

Deuteronomy 5 in the LNT

Deuteronomy 5 in the LSV

Deuteronomy 5 in the MAAL

Deuteronomy 5 in the MBV

Deuteronomy 5 in the MBV2

Deuteronomy 5 in the MHNT

Deuteronomy 5 in the MKNFD

Deuteronomy 5 in the MNG

Deuteronomy 5 in the MNT

Deuteronomy 5 in the MNT2

Deuteronomy 5 in the MRS1T

Deuteronomy 5 in the NAA

Deuteronomy 5 in the NASB

Deuteronomy 5 in the NBLA

Deuteronomy 5 in the NBS

Deuteronomy 5 in the NBVTP

Deuteronomy 5 in the NET2

Deuteronomy 5 in the NIV11

Deuteronomy 5 in the NNT

Deuteronomy 5 in the NNT2

Deuteronomy 5 in the NNT3

Deuteronomy 5 in the PDDPT

Deuteronomy 5 in the PFNT

Deuteronomy 5 in the RMNT

Deuteronomy 5 in the SBIAS

Deuteronomy 5 in the SBIBS

Deuteronomy 5 in the SBIBS2

Deuteronomy 5 in the SBICS

Deuteronomy 5 in the SBIDS

Deuteronomy 5 in the SBIGS

Deuteronomy 5 in the SBIHS

Deuteronomy 5 in the SBIIS

Deuteronomy 5 in the SBIIS2

Deuteronomy 5 in the SBIIS3

Deuteronomy 5 in the SBIKS

Deuteronomy 5 in the SBIKS2

Deuteronomy 5 in the SBIMS

Deuteronomy 5 in the SBIOS

Deuteronomy 5 in the SBIPS

Deuteronomy 5 in the SBISS

Deuteronomy 5 in the SBITS

Deuteronomy 5 in the SBITS2

Deuteronomy 5 in the SBITS3

Deuteronomy 5 in the SBITS4

Deuteronomy 5 in the SBIUS

Deuteronomy 5 in the SBIVS

Deuteronomy 5 in the SBT

Deuteronomy 5 in the SBT1E

Deuteronomy 5 in the SCHL

Deuteronomy 5 in the SNT

Deuteronomy 5 in the SUSU

Deuteronomy 5 in the SUSU2

Deuteronomy 5 in the SYNO

Deuteronomy 5 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 5 in the TBT1E

Deuteronomy 5 in the TBT1E2

Deuteronomy 5 in the TFTIP

Deuteronomy 5 in the TFTU

Deuteronomy 5 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 5 in the THAI

Deuteronomy 5 in the TNFD

Deuteronomy 5 in the TNT

Deuteronomy 5 in the TNTIK

Deuteronomy 5 in the TNTIL

Deuteronomy 5 in the TNTIN

Deuteronomy 5 in the TNTIP

Deuteronomy 5 in the TNTIZ

Deuteronomy 5 in the TOMA

Deuteronomy 5 in the TTENT

Deuteronomy 5 in the UBG

Deuteronomy 5 in the UGV

Deuteronomy 5 in the UGV2

Deuteronomy 5 in the UGV3

Deuteronomy 5 in the VBL

Deuteronomy 5 in the VDCC

Deuteronomy 5 in the YALU

Deuteronomy 5 in the YAPE

Deuteronomy 5 in the YBVTP

Deuteronomy 5 in the ZBP