Esther 2 (BOATCB)

1 Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyire no, ɔhyɛɛ aseɛ dwenee deɛ Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho. 2 Na nʼasomfoɔ susuu ho kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmaabunu ahoɔfɛfoɔ mfa wɔn mmrɛ ɔhene. 3 Ɔhene nyi ananmusifoɔ bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmaa ahoɔfɛfoɔ yi mmra ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ opiani no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuro. 4 Ɛno akyi no, ababaawa a ɔsɔ wʼani yie no na wɔbɛsi no ɔhemmaa, asi Wasti ananmu.” Saa afotuo yi sɔɔ ɔhene no ani yie, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so. 5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. 6 Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa nʼabusuafoɔ ne Yudahene Yekonia ne afoforɔ bi asuo firii Yerusalem kɔɔ Babilonia. 7 Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfoɔ bi a ne din de Hadasa a na wɔsane frɛ no Ɛster. Ɛberɛ a nʼagya ne ne maame wuwuiɛ no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetee no sɛ nʼankasa babaa. 8 Ɔhene no mmara a ɔhyɛeɛ no enti, wɔde Ɛster ne mmabaawa bebree baa ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa. 9 Hegai ani gyee Ɛster ho yie, ma ɔhwɛɛ no yie. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduane sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuro kaa ho. Ɔsane de mfenaa baason a ɔyii wɔn firii ahemfie hɔ maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ pa ara wɔ mmaa atenaeɛ hɔ. 10 Ɛster anka ne ɔman a ɔfiri mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, ɛfiri sɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ. 11 Ɛda biara Mordekai kɔnante fa ahemfie no adihɔ hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te sɛn. 12 Ansa na wɔde ababaawa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuro yɛ ne ho afe. Wɔde kurobo ngo yɛ ne ho abosome nsia na ɛno akyi, wɔde aduhwam ne nku sononko bi ayɛ ne ho abosome nsia. 13 Na sɛ ɛduru ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atadeɛ anaa agudeɛ a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu. 14 Anwummerɛ no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na adeɛ kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom teɛ no. Ɛhɔ no, ɔhene piani foforɔ bi a wɔfrɛ no Saasgas na ɔbɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena ne nkwa nna nyinaa a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gyee ne ho yie ansa na wabɔ ne din afrɛ no. 15 Na ɛduruu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster). 16 Ɛberɛ a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfie hɔ Tebet bosome (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedie mfeɛ nson so no, 17 ɔhene no dɔɔ no senee mmaabunu a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kɔsii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛ, pagyaa no sɛ ɔhemmaa, sii Wasti ananmu. 18 Ahemmaasie no mu, ɔtoo ɛpono maa ne mmapɔmma ne asomfoɔ nyinaa de hyɛɛ Ɛster animuonyam. Ɔmaa obiara akyɛdeɛ bebree, na ɔyɛɛ no afahyɛ wɔ amantam no nyinaa so. 19 Mpo, ɛberɛ a wɔde mmabaawa no nyinaa kɔɔ mmaa atenaeɛ a ɛtɔ so mmienu no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ panin wɔ ahemfie hɔ no, 20 Ɛster ankyerɛ baabi a ɔfiri ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotuo no so sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ ɛberɛ a na ɔne no teɛ no. 21 Ɛda koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfie no, ɔhene no apiafoɔ baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kɔkoamfie no ɛpono ano awɛmfoɔ no bo fuu ɔhene Ahasweros, na wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no. 22 Mordekai tee atirisopam no, ɔbɔɔ ɔhemmaa Ɛster amaneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai amo sɛ ɔbɛkaa asɛm no. 23 Wɔkɔɔ asɛm no mu, hunuu sɛ asɛm a Mordekai bɛkaeɛ no yɛ nokorɛ no, wɔsɛnee mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔtwerɛɛ yei nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedie abakɔsɛm nwoma mu.

In Other Versions

Esther 2 in the ANGEFD

Esther 2 in the ANTPNG2D

Esther 2 in the AS21

Esther 2 in the BAGH

Esther 2 in the BBPNG

Esther 2 in the BBT1E

Esther 2 in the BDS

Esther 2 in the BEV

Esther 2 in the BHAD

Esther 2 in the BIB

Esther 2 in the BLPT

Esther 2 in the BNT

Esther 2 in the BNTABOOT

Esther 2 in the BNTLV

Esther 2 in the BOATCB2

Esther 2 in the BOBCV

Esther 2 in the BOCNT

Esther 2 in the BOECS

Esther 2 in the BOGWICC

Esther 2 in the BOHCB

Esther 2 in the BOHCV

Esther 2 in the BOHLNT

Esther 2 in the BOHNTLTAL

Esther 2 in the BOICB

Esther 2 in the BOILNTAP

Esther 2 in the BOITCV

Esther 2 in the BOKCV

Esther 2 in the BOKCV2

Esther 2 in the BOKHWOG

Esther 2 in the BOKSSV

Esther 2 in the BOLCB

Esther 2 in the BOLCB2

Esther 2 in the BOMCV

Esther 2 in the BONAV

Esther 2 in the BONCB

Esther 2 in the BONLT

Esther 2 in the BONUT2

Esther 2 in the BOPLNT

Esther 2 in the BOSCB

Esther 2 in the BOSNC

Esther 2 in the BOTLNT

Esther 2 in the BOVCB

Esther 2 in the BOYCB

Esther 2 in the BPBB

Esther 2 in the BPH

Esther 2 in the BSB

Esther 2 in the CCB

Esther 2 in the CUV

Esther 2 in the CUVS

Esther 2 in the DBT

Esther 2 in the DGDNT

Esther 2 in the DHNT

Esther 2 in the DNT

Esther 2 in the ELBE

Esther 2 in the EMTV

Esther 2 in the ESV

Esther 2 in the FBV

Esther 2 in the FEB

Esther 2 in the GGMNT

Esther 2 in the GNT

Esther 2 in the HARY

Esther 2 in the HNT

Esther 2 in the IRVA

Esther 2 in the IRVB

Esther 2 in the IRVG

Esther 2 in the IRVH

Esther 2 in the IRVK

Esther 2 in the IRVM

Esther 2 in the IRVM2

Esther 2 in the IRVO

Esther 2 in the IRVP

Esther 2 in the IRVT

Esther 2 in the IRVT2

Esther 2 in the IRVU

Esther 2 in the ISVN

Esther 2 in the JSNT

Esther 2 in the KAPI

Esther 2 in the KBT1ETNIK

Esther 2 in the KBV

Esther 2 in the KJV

Esther 2 in the KNFD

Esther 2 in the LBA

Esther 2 in the LBLA

Esther 2 in the LNT

Esther 2 in the LSV

Esther 2 in the MAAL

Esther 2 in the MBV

Esther 2 in the MBV2

Esther 2 in the MHNT

Esther 2 in the MKNFD

Esther 2 in the MNG

Esther 2 in the MNT

Esther 2 in the MNT2

Esther 2 in the MRS1T

Esther 2 in the NAA

Esther 2 in the NASB

Esther 2 in the NBLA

Esther 2 in the NBS

Esther 2 in the NBVTP

Esther 2 in the NET2

Esther 2 in the NIV11

Esther 2 in the NNT

Esther 2 in the NNT2

Esther 2 in the NNT3

Esther 2 in the PDDPT

Esther 2 in the PFNT

Esther 2 in the RMNT

Esther 2 in the SBIAS

Esther 2 in the SBIBS

Esther 2 in the SBIBS2

Esther 2 in the SBICS

Esther 2 in the SBIDS

Esther 2 in the SBIGS

Esther 2 in the SBIHS

Esther 2 in the SBIIS

Esther 2 in the SBIIS2

Esther 2 in the SBIIS3

Esther 2 in the SBIKS

Esther 2 in the SBIKS2

Esther 2 in the SBIMS

Esther 2 in the SBIOS

Esther 2 in the SBIPS

Esther 2 in the SBISS

Esther 2 in the SBITS

Esther 2 in the SBITS2

Esther 2 in the SBITS3

Esther 2 in the SBITS4

Esther 2 in the SBIUS

Esther 2 in the SBIVS

Esther 2 in the SBT

Esther 2 in the SBT1E

Esther 2 in the SCHL

Esther 2 in the SNT

Esther 2 in the SUSU

Esther 2 in the SUSU2

Esther 2 in the SYNO

Esther 2 in the TBIAOTANT

Esther 2 in the TBT1E

Esther 2 in the TBT1E2

Esther 2 in the TFTIP

Esther 2 in the TFTU

Esther 2 in the TGNTATF3T

Esther 2 in the THAI

Esther 2 in the TNFD

Esther 2 in the TNT

Esther 2 in the TNTIK

Esther 2 in the TNTIL

Esther 2 in the TNTIN

Esther 2 in the TNTIP

Esther 2 in the TNTIZ

Esther 2 in the TOMA

Esther 2 in the TTENT

Esther 2 in the UBG

Esther 2 in the UGV

Esther 2 in the UGV2

Esther 2 in the UGV3

Esther 2 in the VBL

Esther 2 in the VDCC

Esther 2 in the YALU

Esther 2 in the YAPE

Esther 2 in the YBVTP

Esther 2 in the ZBP