Esther 2 (BOATCB2)
1 Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyi yi no, ofii ase dwenee nea Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho. 2 Na nʼasomfo susuw ho kyerɛɛ no se, “Ma yenwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmabun ahoɔfɛfo mfa wɔn mmrɛ ɔhene. 3 Ɔhene nyi ananmusifo bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmea ahoɔfɛfo yi mmra ɔhene yerenom atenae wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ piamni no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuru. 4 Ɛno akyi no, ababaa a ɔsɔ wʼani yiye no na wobesi no ɔhemmea, asi Wasti anan mu.” Saa afotu yi sɔɔ ɔhene no ani yiye, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so. 5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. 6 Ɔhene Nebukadnessar na otwaa nʼabusuafo ne Yudahene Yekonia ne afoforo bi asu fii Yerusalem kɔɔ Babilonia. 7 Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfo bi a ne din de Hadasa a na wɔsan frɛ no Ɛster. Bere a nʼagya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetew no sɛ nʼankasa babea. 8 Ɔhene no mmara a ɔhyɛe no nti, wɔde Ɛster ne mmabaa bebree baa ɔhene yerenom atenae wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa. 9 Hegai ani gyee Ɛster ho yiye, maa ɔhwɛɛ no yiye. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduan sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuru kaa ho. Ɔsan de mfenaa baason a oyii wɔn fii ahemfi hɔ no maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye pa ara wɔ mmea atenae hɔ. 10 Ɛster anka ne man a ofi mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, efisɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ. 11 Da biara Mordekai kɔnantew fa ahemfi no adiwo hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te dɛn. 12 Ansa na wɔde ababaa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuru yɛ ne ho afe baako. Wɔde kurobow ngo yɛ ne ho asram asia na ɛno akyi no wɔde aduhuam ne nkum sononko bi ayɛ ne ho asram asia. 13 Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atade anaa agude a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu. 14 Anwummere no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na ade kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom te no. Ɛhɔ na ɔhene piamni foforo bi a wɔfrɛ no Saasgas na bɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho ansa na wabɔ ne din afrɛ no. 15 Na eduu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piamni a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster). 16 Bere a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfi hɔ Tebet ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedi mfe ason so no, 17 ɔhene no dɔɔ no sen mmabun a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kosii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛw, pagyaw no sɛ ɔhemmea, sii Wasti anan mu. 18 Ahemmeasi no mu no, ɔtoo pon maa ne mmapɔmma ne asomfo nyinaa de hyɛɛ Ɛster anuonyam. Ɔmaa obiara akyɛde bebree, na ɔyɛɛ no afoofida wɔ amantam no nyinaa so. 19 Mpo, bere a wɔde mmabaa no nyinaa kɔɔ mmea atenae a ɛto so abien no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ ɔpanyin wɔ ahemfi hɔ no, 20 Ɛster ankyerɛ baabi a ofi ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotu no so sɛnea ɔyɛe bere a na ɔne no te no. 21 Da koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfi no, ɔhene no piamfo baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kokoamfi no pon ano awɛmfo no bo fuw ɔhene Ahasweros, na wɔpam ne ti so sɛ wobekum no. 22 Mordekai tee pɔwbɔ no, ɔbɔɔ ɔhemmea Ɛster amanneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai mo sɛ ɔbɛkaa asɛm no. 23 Wɔkɔɔ asɛm no mu, huu sɛ asɛm a Mordekai bɛkae no yɛ nokware no, wɔsɛn mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔkyerɛw eyi nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedi abakɔsɛm nhoma mu.
In Other Versions
Esther 2 in the ANGEFD
Esther 2 in the ANTPNG2D
Esther 2 in the AS21
Esther 2 in the BAGH
Esther 2 in the BBPNG
Esther 2 in the BBT1E
Esther 2 in the BDS
Esther 2 in the BEV
Esther 2 in the BHAD
Esther 2 in the BIB
Esther 2 in the BLPT
Esther 2 in the BNT
Esther 2 in the BNTABOOT
Esther 2 in the BNTLV
Esther 2 in the BOATCB
Esther 2 in the BOBCV
Esther 2 in the BOCNT
Esther 2 in the BOECS
Esther 2 in the BOGWICC
Esther 2 in the BOHCB
Esther 2 in the BOHCV
Esther 2 in the BOHLNT
Esther 2 in the BOHNTLTAL
Esther 2 in the BOICB
Esther 2 in the BOILNTAP
Esther 2 in the BOITCV
Esther 2 in the BOKCV
Esther 2 in the BOKCV2
Esther 2 in the BOKHWOG
Esther 2 in the BOKSSV
Esther 2 in the BOLCB
Esther 2 in the BOLCB2
Esther 2 in the BOMCV
Esther 2 in the BONAV
Esther 2 in the BONCB
Esther 2 in the BONLT
Esther 2 in the BONUT2
Esther 2 in the BOPLNT
Esther 2 in the BOSCB
Esther 2 in the BOSNC
Esther 2 in the BOTLNT
Esther 2 in the BOVCB
Esther 2 in the BOYCB
Esther 2 in the BPBB
Esther 2 in the BPH
Esther 2 in the BSB
Esther 2 in the CCB
Esther 2 in the CUV
Esther 2 in the CUVS
Esther 2 in the DBT
Esther 2 in the DGDNT
Esther 2 in the DHNT
Esther 2 in the DNT
Esther 2 in the ELBE
Esther 2 in the EMTV
Esther 2 in the ESV
Esther 2 in the FBV
Esther 2 in the FEB
Esther 2 in the GGMNT
Esther 2 in the GNT
Esther 2 in the HARY
Esther 2 in the HNT
Esther 2 in the IRVA
Esther 2 in the IRVB
Esther 2 in the IRVG
Esther 2 in the IRVH
Esther 2 in the IRVK
Esther 2 in the IRVM
Esther 2 in the IRVM2
Esther 2 in the IRVO
Esther 2 in the IRVP
Esther 2 in the IRVT
Esther 2 in the IRVT2
Esther 2 in the IRVU
Esther 2 in the ISVN
Esther 2 in the JSNT
Esther 2 in the KAPI
Esther 2 in the KBT1ETNIK
Esther 2 in the KBV
Esther 2 in the KJV
Esther 2 in the KNFD
Esther 2 in the LBA
Esther 2 in the LBLA
Esther 2 in the LNT
Esther 2 in the LSV
Esther 2 in the MAAL
Esther 2 in the MBV
Esther 2 in the MBV2
Esther 2 in the MHNT
Esther 2 in the MKNFD
Esther 2 in the MNG
Esther 2 in the MNT
Esther 2 in the MNT2
Esther 2 in the MRS1T
Esther 2 in the NAA
Esther 2 in the NASB
Esther 2 in the NBLA
Esther 2 in the NBS
Esther 2 in the NBVTP
Esther 2 in the NET2
Esther 2 in the NIV11
Esther 2 in the NNT
Esther 2 in the NNT2
Esther 2 in the NNT3
Esther 2 in the PDDPT
Esther 2 in the PFNT
Esther 2 in the RMNT
Esther 2 in the SBIAS
Esther 2 in the SBIBS
Esther 2 in the SBIBS2
Esther 2 in the SBICS
Esther 2 in the SBIDS
Esther 2 in the SBIGS
Esther 2 in the SBIHS
Esther 2 in the SBIIS
Esther 2 in the SBIIS2
Esther 2 in the SBIIS3
Esther 2 in the SBIKS
Esther 2 in the SBIKS2
Esther 2 in the SBIMS
Esther 2 in the SBIOS
Esther 2 in the SBIPS
Esther 2 in the SBISS
Esther 2 in the SBITS
Esther 2 in the SBITS2
Esther 2 in the SBITS3
Esther 2 in the SBITS4
Esther 2 in the SBIUS
Esther 2 in the SBIVS
Esther 2 in the SBT
Esther 2 in the SBT1E
Esther 2 in the SCHL
Esther 2 in the SNT
Esther 2 in the SUSU
Esther 2 in the SUSU2
Esther 2 in the SYNO
Esther 2 in the TBIAOTANT
Esther 2 in the TBT1E
Esther 2 in the TBT1E2
Esther 2 in the TFTIP
Esther 2 in the TFTU
Esther 2 in the TGNTATF3T
Esther 2 in the THAI
Esther 2 in the TNFD
Esther 2 in the TNT
Esther 2 in the TNTIK
Esther 2 in the TNTIL
Esther 2 in the TNTIN
Esther 2 in the TNTIP
Esther 2 in the TNTIZ
Esther 2 in the TOMA
Esther 2 in the TTENT
Esther 2 in the UBG
Esther 2 in the UGV
Esther 2 in the UGV2
Esther 2 in the UGV3
Esther 2 in the VBL
Esther 2 in the VDCC
Esther 2 in the YALU
Esther 2 in the YAPE
Esther 2 in the YBVTP
Esther 2 in the ZBP