Exodus 16 (BOATCB)

1 Afei, wɔtu firii Elim baa Sin ɛserɛ so a ɛda Elim ne Bepɔ Sinai ntam. Wɔtu firii Misraim no, bosome a ɛtɔ so mmienu dadu nnanum so na wɔduruu hɔ. 2 Wɔduruu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron sɛ, 3 “Ao! Sɛ yɛwɔ Misraim bio na anka AWURADE rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yɛnya nnuane bebree di wɔ hɔ. Nanso, mode yɛn abɛgu ɛserɛ so ha ama ɛkɔm rekum yɛn.” 4 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛtɔ aduane firi soro abɛgu asase so ama wɔn. Obiara bɛtumi akɔboaboa dodoɔ biara a ɔpɛ ano ama deɛ ɔbɛdi no ɛda koro. Mede yei bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so anaasɛ wɔrenni so. 5 Ka kyerɛ wɔn na nnawɔtwe biara mu ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔmmoaboa aduane no ano sɛdeɛ daa wɔboaboa no no, mmɔho mmienu.” 6 Enti, Mose ne Aaron frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ne wɔn hyiaeɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anwummerɛ yi, mobɛhunu sɛ AWURADE na ɔyii mo firii Misraim asase so. 7 Sɛ ɛduru anɔpa a, mobɛhunu nʼanimuonyanneɛ bebree; ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn ne hwan a monnwiinwii tia yɛn? 8 Anwummerɛ yi, AWURADE bɛma mo ɛnam awe, na wama mo aduane anɔpa. Ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na monwiinwii tiaa AWURADE.” 9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmra AWURADE anim na wɔmmɛtie wɔn anwiinwii no ho mmuaeɛ.” 10 Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no wɔ no, AWURADE firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi. 11 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 12 “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ, mobɛnya ɛnam awe na anɔpa nso mobɛnya aduane pii adi na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, mo Onyankopɔn, no.’ ” 13 Anwummerɛ no, nnomaa pii bɛbuu so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ na anɔpa no, obosuo tɔ guu ɛserɛ no so ma ɛyɛɛ fɔkyee; 14 obosuo no tuiɛ no akyire no, biribi te sɛ nsenseneeɛ bi a ɛte sɛ nkyenkyeneeɛ bɛguu asase no so. 15 Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛbɛn nie?”Na Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ aduane a AWURADE de ama mo sɛ monni no. 16 AWURADE aka sɛ, ‘Obiara mmoaboa dodoɔ biara a ɛbɛso ɔne ne fiefoɔ die ano.’ ” 17 Enti, Israelfoɔ no firii adi kɔboaboaa aduane no bi ano. Ebi faa pii ɛnna ebi faa kakraa bi. 18 Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ. 19 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommma adeɛ nkye so.” 20 Nanso, ebinom yɛɛ asoɔden maa adeɛ kyee so. Adeɛ kyee so no, na adɔre nsaama ma ɛbɔn enti Mose bo fuu wɔn yie. 21 Afei, na wɔkɔtase aduane no anɔpa biara, na wɔtase dodoɔ biara a, ɛso efie biara. Na awia bɔɔ dendeenden guu so no, aduane no nyinaa naneeɛ. 22 Ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee sɛdeɛ wɔtase no daa no mmɔho mmienu. Wɔtasee susukoraa nsia, nanso daa na wɔtase susukoraa mmiɛnsa. Mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no bɛbisaa Mose deɛ enti a aba saa. 23 Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, AWURADE aka ato hɔ sɛ, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma AWURADE a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti, monnoa dodoɔ biara a mopɛ ɛnnɛ, na deɛ ɛbɛka no, monnya ma adeɛ nkye so.’ ” 24 Na adeɛ kyee so no, na ɛyɛ a nsaama biara nni mu na ɛmmɔn nso. 25 Mose kaa sɛ, “Ɛnnɛ, mo aduane nie, ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ AWURADE homeda enti aduane biara rentɔ ngu asase so. 26 Momfa nna nsia mmoaboa aduane ano, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda enti morennya aduane biara saa ɛda no.” 27 Homeda no, nnipa no bi firii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduane no bi, nanso na ebi nni hɔ. 28 AWURADE bisaa Mose sɛ, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akɔsi da bɛn? 29 Wɔnhunu sɛ nna nsia so no, memaa wɔn mmɔho mmienu sɛdeɛ ɛbɛso wɔn nnanu? AWURADE se momfa ɛda a ɛtɔ so nson no sɛ homeda; montena mo ntomadan mu. Mommfiri adi nkɔtase aduane mfiri asase so.” 30 Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, nnipa no homee. 31 Israelfoɔ no too aduane no edin sɛ, Mana aseɛ ne “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wisa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu. 32 Mose kaa asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduane no susukoraa mmiɛnsa na wɔmfa nkɔsie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛhunu aduane a AWURADE de maa wɔn dii wɔ ɛserɛ so ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no. 33 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔmfa kyɛnsee na ɔmfa mana lita mmiɛnsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma. 34 Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔkɔkoraa no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ. 35 Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane wɔ no. 36 Omer na na wɔde susu mana no. Omer yɛ lita mmiɛnsa.

In Other Versions

Exodus 16 in the ANGEFD

Exodus 16 in the ANTPNG2D

Exodus 16 in the AS21

Exodus 16 in the BAGH

Exodus 16 in the BBPNG

Exodus 16 in the BBT1E

Exodus 16 in the BDS

Exodus 16 in the BEV

Exodus 16 in the BHAD

Exodus 16 in the BIB

Exodus 16 in the BLPT

Exodus 16 in the BNT

Exodus 16 in the BNTABOOT

Exodus 16 in the BNTLV

Exodus 16 in the BOATCB2

Exodus 16 in the BOBCV

Exodus 16 in the BOCNT

Exodus 16 in the BOECS

Exodus 16 in the BOGWICC

Exodus 16 in the BOHCB

Exodus 16 in the BOHCV

Exodus 16 in the BOHLNT

Exodus 16 in the BOHNTLTAL

Exodus 16 in the BOICB

Exodus 16 in the BOILNTAP

Exodus 16 in the BOITCV

Exodus 16 in the BOKCV

Exodus 16 in the BOKCV2

Exodus 16 in the BOKHWOG

Exodus 16 in the BOKSSV

Exodus 16 in the BOLCB

Exodus 16 in the BOLCB2

Exodus 16 in the BOMCV

Exodus 16 in the BONAV

Exodus 16 in the BONCB

Exodus 16 in the BONLT

Exodus 16 in the BONUT2

Exodus 16 in the BOPLNT

Exodus 16 in the BOSCB

Exodus 16 in the BOSNC

Exodus 16 in the BOTLNT

Exodus 16 in the BOVCB

Exodus 16 in the BOYCB

Exodus 16 in the BPBB

Exodus 16 in the BPH

Exodus 16 in the BSB

Exodus 16 in the CCB

Exodus 16 in the CUV

Exodus 16 in the CUVS

Exodus 16 in the DBT

Exodus 16 in the DGDNT

Exodus 16 in the DHNT

Exodus 16 in the DNT

Exodus 16 in the ELBE

Exodus 16 in the EMTV

Exodus 16 in the ESV

Exodus 16 in the FBV

Exodus 16 in the FEB

Exodus 16 in the GGMNT

Exodus 16 in the GNT

Exodus 16 in the HARY

Exodus 16 in the HNT

Exodus 16 in the IRVA

Exodus 16 in the IRVB

Exodus 16 in the IRVG

Exodus 16 in the IRVH

Exodus 16 in the IRVK

Exodus 16 in the IRVM

Exodus 16 in the IRVM2

Exodus 16 in the IRVO

Exodus 16 in the IRVP

Exodus 16 in the IRVT

Exodus 16 in the IRVT2

Exodus 16 in the IRVU

Exodus 16 in the ISVN

Exodus 16 in the JSNT

Exodus 16 in the KAPI

Exodus 16 in the KBT1ETNIK

Exodus 16 in the KBV

Exodus 16 in the KJV

Exodus 16 in the KNFD

Exodus 16 in the LBA

Exodus 16 in the LBLA

Exodus 16 in the LNT

Exodus 16 in the LSV

Exodus 16 in the MAAL

Exodus 16 in the MBV

Exodus 16 in the MBV2

Exodus 16 in the MHNT

Exodus 16 in the MKNFD

Exodus 16 in the MNG

Exodus 16 in the MNT

Exodus 16 in the MNT2

Exodus 16 in the MRS1T

Exodus 16 in the NAA

Exodus 16 in the NASB

Exodus 16 in the NBLA

Exodus 16 in the NBS

Exodus 16 in the NBVTP

Exodus 16 in the NET2

Exodus 16 in the NIV11

Exodus 16 in the NNT

Exodus 16 in the NNT2

Exodus 16 in the NNT3

Exodus 16 in the PDDPT

Exodus 16 in the PFNT

Exodus 16 in the RMNT

Exodus 16 in the SBIAS

Exodus 16 in the SBIBS

Exodus 16 in the SBIBS2

Exodus 16 in the SBICS

Exodus 16 in the SBIDS

Exodus 16 in the SBIGS

Exodus 16 in the SBIHS

Exodus 16 in the SBIIS

Exodus 16 in the SBIIS2

Exodus 16 in the SBIIS3

Exodus 16 in the SBIKS

Exodus 16 in the SBIKS2

Exodus 16 in the SBIMS

Exodus 16 in the SBIOS

Exodus 16 in the SBIPS

Exodus 16 in the SBISS

Exodus 16 in the SBITS

Exodus 16 in the SBITS2

Exodus 16 in the SBITS3

Exodus 16 in the SBITS4

Exodus 16 in the SBIUS

Exodus 16 in the SBIVS

Exodus 16 in the SBT

Exodus 16 in the SBT1E

Exodus 16 in the SCHL

Exodus 16 in the SNT

Exodus 16 in the SUSU

Exodus 16 in the SUSU2

Exodus 16 in the SYNO

Exodus 16 in the TBIAOTANT

Exodus 16 in the TBT1E

Exodus 16 in the TBT1E2

Exodus 16 in the TFTIP

Exodus 16 in the TFTU

Exodus 16 in the TGNTATF3T

Exodus 16 in the THAI

Exodus 16 in the TNFD

Exodus 16 in the TNT

Exodus 16 in the TNTIK

Exodus 16 in the TNTIL

Exodus 16 in the TNTIN

Exodus 16 in the TNTIP

Exodus 16 in the TNTIZ

Exodus 16 in the TOMA

Exodus 16 in the TTENT

Exodus 16 in the UBG

Exodus 16 in the UGV

Exodus 16 in the UGV2

Exodus 16 in the UGV3

Exodus 16 in the VBL

Exodus 16 in the VDCC

Exodus 16 in the YALU

Exodus 16 in the YAPE

Exodus 16 in the YBVTP

Exodus 16 in the ZBP