Exodus 16 (BOATCB2)

1 Afei, wotu fii Elim baa Sin sare a ɛda Elim ne Bepɔw Sinai ntam no so. Wotu fii Misraim no, ɔsram a ɛto so abien no nnaawɔtwe abien so na woduu hɔ. 2 Woduu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron se, 3 “Sɛ yɛwɔ Misraim na anka AWURADE rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yenya nnuan bebree di wɔ hɔ. Nanso mode yɛn abegu sare so ha ama ɔkɔm rekum yɛn.” 4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛtɔ aduan afi ɔsoro abegu asase so ama wɔn. Obiara betumi akɔboaboa dodow biara a ɔpɛ ano ama nea obedi no da koro. Mede eyi bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wobedi mʼahyɛde so anaasɛ wɔrenni so. 5 Ka kyerɛ wɔn na nnaawɔtwe biara mu da a ɛto so asia no, wɔmmoaboa aduan no ano sɛnea daa wɔboaboa no no, mmɔho abien.” 6 Enti Mose ne Aaron frɛɛ Israelfo no nyinaa ne wɔn hyia ka kyerɛɛ wɔn se, “Anwummere yi, mubehu sɛ AWURADE na oyii mo fii Misraim asase so. 7 Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn? 8 Anwummere yi, AWURADE bɛma mo nam awe, na wama mo aduan anɔpa, efisɛ wate mo anwiinwii a etia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na munwiinwii tiaa AWURADE.” 9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Ka kyerɛ Israelfo no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wommetie wɔn anwiinwii no ho mmuae.” 10 Enti Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn kwan no wɔ no, AWURADE fii mu daa nʼanuonyam kɛse no adi. 11 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 12 “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene AWURADE, mo Nyankopɔn, no.’ ” 13 Anwummere no, nnomaa pii bebuu so wɔ wɔn atenae hɔ na anɔpa no, obosu tɔ guu sare no so maa ɛyɛɛ fɔkyee. 14 Obosu no yowee no, nsinsenii nketenkete bi a ɛte sɛ sukyerɛmma beguu asase no so. 15 Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn ni?”Na Mose buaa wɔn se, “Ɛyɛ aduan a AWURADE de ama mo sɛ munni no. 16 Awurade aka se, ‘Obiara mmoaboa dodow biara a ɛbɛso ɔne ne fifo di no ano.’” 17 Enti Israelfo no fii adi kɔboaboaa aduan no bi ano. Ebinom faa pii na bi nso faa kakraa bi. 18 Wohwiee nea wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara benya bi. Wɔn a wonyaa pii no, ebi anka, na wɔn a wonyaa kakraa bi no nso, ɛsoo wɔn. Ofi biara nyaa ne so ne ne de. 19 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommma ade nkye so.” 20 Nanso ebinom yɛɛ asoɔden maa ade kyee so. Ade kyee so no, na adɔ nsaammoa ma ɛbɔn enti Mose bo fuw wɔn yiye. 21 Afei na wɔkɔtase aduan no anɔpa anɔpa, na wɔtase dodow biara a, ɛso ofi biara. Na awia bɔɔ denneennen guu so no, aduan no nyinaa nanee. 22 Da a ɛto so asia no, wɔtasee sɛnea wɔtase no daa no mmɔho abien. Wɔtasee susukoraa asia, nanso daa na wɔtase susukoraa abiɛsa. Mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no bebisaa Mose nea nti a aba saa. 23 Mose buaa wɔn se, “Efisɛ AWURADE aka ato hɔ se, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma AWURADE a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti monnoa dodow biara a mopɛ nnɛ, na nea ɛbɛka no, munnyaw mma ade nkye so.’ ” 24 Na ade kyee so no, na nsaammoa biara nni mu na ɛmmɔn nso. 25 Mose kae se, “Nnɛ, mo aduan ni, efisɛ nnɛ yɛ AWURADE homeda enti aduan biara rentɔ ngu asase so. 26 Momfa nnansia mmoaboa aduan ano, efisɛ da a ɛto so ason no yɛ homeda enti morennya aduan biara saa da no.” 27 Homeda no, nnipa no bi fii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduan no bi, nanso na ebi nni hɔ. 28 AWURADE bisaa Mose se, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akosi da bɛn? 29 Wonhu sɛ nnansia so no, memaa wɔn mmɔho abien sɛnea ɛbɛso wɔn nnaanu? AWURADE se momfa da a ɛto so ason no sɛ homeda; montena mo ntamadan mu. Mummfi adi nkɔtase aduan mfi asase so.” 30 Enti da a ɛto so ason no, nnipa no homee. 31 Israelfo no too aduan no din se Mana, ase ne “Ɛyɛ dɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wusa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu. 32 Mose kaa asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduan no susukoraa abiɛsa na wɔmfa nkosie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, nkyirimma behu aduan a AWURADE de maa wɔn dii wɔ sare so bere a oyii wɔn fii Misraim no. 33 Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔmfa kuruwa na ɔmfa mana lita abiɛsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma. 34 Aaron yɛɛ sɛnea AWURADE kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔnkora no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ. 35 Enti Israelfo dii mana yi mfe aduanan kosii sɛ woduu Kanaan asase so a ɛhɔ de, na afumduan wɔ no. 36 Lita abiɛsa yɛ omer baako.

In Other Versions

Exodus 16 in the ANGEFD

Exodus 16 in the ANTPNG2D

Exodus 16 in the AS21

Exodus 16 in the BAGH

Exodus 16 in the BBPNG

Exodus 16 in the BBT1E

Exodus 16 in the BDS

Exodus 16 in the BEV

Exodus 16 in the BHAD

Exodus 16 in the BIB

Exodus 16 in the BLPT

Exodus 16 in the BNT

Exodus 16 in the BNTABOOT

Exodus 16 in the BNTLV

Exodus 16 in the BOATCB

Exodus 16 in the BOBCV

Exodus 16 in the BOCNT

Exodus 16 in the BOECS

Exodus 16 in the BOGWICC

Exodus 16 in the BOHCB

Exodus 16 in the BOHCV

Exodus 16 in the BOHLNT

Exodus 16 in the BOHNTLTAL

Exodus 16 in the BOICB

Exodus 16 in the BOILNTAP

Exodus 16 in the BOITCV

Exodus 16 in the BOKCV

Exodus 16 in the BOKCV2

Exodus 16 in the BOKHWOG

Exodus 16 in the BOKSSV

Exodus 16 in the BOLCB

Exodus 16 in the BOLCB2

Exodus 16 in the BOMCV

Exodus 16 in the BONAV

Exodus 16 in the BONCB

Exodus 16 in the BONLT

Exodus 16 in the BONUT2

Exodus 16 in the BOPLNT

Exodus 16 in the BOSCB

Exodus 16 in the BOSNC

Exodus 16 in the BOTLNT

Exodus 16 in the BOVCB

Exodus 16 in the BOYCB

Exodus 16 in the BPBB

Exodus 16 in the BPH

Exodus 16 in the BSB

Exodus 16 in the CCB

Exodus 16 in the CUV

Exodus 16 in the CUVS

Exodus 16 in the DBT

Exodus 16 in the DGDNT

Exodus 16 in the DHNT

Exodus 16 in the DNT

Exodus 16 in the ELBE

Exodus 16 in the EMTV

Exodus 16 in the ESV

Exodus 16 in the FBV

Exodus 16 in the FEB

Exodus 16 in the GGMNT

Exodus 16 in the GNT

Exodus 16 in the HARY

Exodus 16 in the HNT

Exodus 16 in the IRVA

Exodus 16 in the IRVB

Exodus 16 in the IRVG

Exodus 16 in the IRVH

Exodus 16 in the IRVK

Exodus 16 in the IRVM

Exodus 16 in the IRVM2

Exodus 16 in the IRVO

Exodus 16 in the IRVP

Exodus 16 in the IRVT

Exodus 16 in the IRVT2

Exodus 16 in the IRVU

Exodus 16 in the ISVN

Exodus 16 in the JSNT

Exodus 16 in the KAPI

Exodus 16 in the KBT1ETNIK

Exodus 16 in the KBV

Exodus 16 in the KJV

Exodus 16 in the KNFD

Exodus 16 in the LBA

Exodus 16 in the LBLA

Exodus 16 in the LNT

Exodus 16 in the LSV

Exodus 16 in the MAAL

Exodus 16 in the MBV

Exodus 16 in the MBV2

Exodus 16 in the MHNT

Exodus 16 in the MKNFD

Exodus 16 in the MNG

Exodus 16 in the MNT

Exodus 16 in the MNT2

Exodus 16 in the MRS1T

Exodus 16 in the NAA

Exodus 16 in the NASB

Exodus 16 in the NBLA

Exodus 16 in the NBS

Exodus 16 in the NBVTP

Exodus 16 in the NET2

Exodus 16 in the NIV11

Exodus 16 in the NNT

Exodus 16 in the NNT2

Exodus 16 in the NNT3

Exodus 16 in the PDDPT

Exodus 16 in the PFNT

Exodus 16 in the RMNT

Exodus 16 in the SBIAS

Exodus 16 in the SBIBS

Exodus 16 in the SBIBS2

Exodus 16 in the SBICS

Exodus 16 in the SBIDS

Exodus 16 in the SBIGS

Exodus 16 in the SBIHS

Exodus 16 in the SBIIS

Exodus 16 in the SBIIS2

Exodus 16 in the SBIIS3

Exodus 16 in the SBIKS

Exodus 16 in the SBIKS2

Exodus 16 in the SBIMS

Exodus 16 in the SBIOS

Exodus 16 in the SBIPS

Exodus 16 in the SBISS

Exodus 16 in the SBITS

Exodus 16 in the SBITS2

Exodus 16 in the SBITS3

Exodus 16 in the SBITS4

Exodus 16 in the SBIUS

Exodus 16 in the SBIVS

Exodus 16 in the SBT

Exodus 16 in the SBT1E

Exodus 16 in the SCHL

Exodus 16 in the SNT

Exodus 16 in the SUSU

Exodus 16 in the SUSU2

Exodus 16 in the SYNO

Exodus 16 in the TBIAOTANT

Exodus 16 in the TBT1E

Exodus 16 in the TBT1E2

Exodus 16 in the TFTIP

Exodus 16 in the TFTU

Exodus 16 in the TGNTATF3T

Exodus 16 in the THAI

Exodus 16 in the TNFD

Exodus 16 in the TNT

Exodus 16 in the TNTIK

Exodus 16 in the TNTIL

Exodus 16 in the TNTIN

Exodus 16 in the TNTIP

Exodus 16 in the TNTIZ

Exodus 16 in the TOMA

Exodus 16 in the TTENT

Exodus 16 in the UBG

Exodus 16 in the UGV

Exodus 16 in the UGV2

Exodus 16 in the UGV3

Exodus 16 in the VBL

Exodus 16 in the VDCC

Exodus 16 in the YALU

Exodus 16 in the YAPE

Exodus 16 in the YBVTP

Exodus 16 in the ZBP