Exodus 23 (BOATCB)

1 “Nkeka nkontomposɛm. Wo ne ɔbɔnefoɔ nni nsawɔsoɔ, na woanni adansekurumu. 2 “Mfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ woredi adanseɛ a, nhwɛ nnipa dodoɔ bi so nni mma wɔn. 3 Nka sɛ obi yɛ ohiani enti wobɛdi adanseɛ ama no. 4 “Sɛ wohunu wo ɔtamfoɔ nantwie anaa nʼafunumu a wayera a, kyere no kɔma ne wura no. 5 Sɛ wokɔto sɛ wo ɔtamfoɔ repagya nʼafunumu agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, ntwa ne ho nkɔ. Boa no. 6 “Sɛ obi yɛ ohiani a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu tia no. 7 Mfa asɛm a wonhunuiɛ nto obi so; mma wɔnkum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Merempene so saa. 8 “Nnye adanmudeɛ na adanmudegyeɛ fira onipa ani. Adanmudegyeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm. 9 “Nhyɛ ahɔhoɔ so; wonim sɛdeɛ woyɛ ɔmamfrani a ɛteɛ. Kae deɛ wohunuu wɔ Misraim asase so hɔ no. 10 “Dua na twa na ɛntoatoa so saa ara nkɔsi mfeɛ nsia. 11 Na mfeɛ nson so deɛ, ma asase no nna hɔ kwa na ma ahiafoɔ ntwa nnɔbaeɛ biara a ɛbɛnyini wɔ so no; nkaeɛ no, gya ma mmoa nwe. Wo bobe turo ne wo ngo dua turo hyɛ saa mmara yi ase. 12 “Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome. 13 “Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din. 14 “Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam. 15 “Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu.“Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ. 16 “Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me.“Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri. 17 “Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba AWURADE Onyankopɔn anim. 18 “Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me.“Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so. 19 “Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma AWURADE mo Onyankopɔn.“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu. 20 “Meresoma ɔbɔfoɔ na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo. 21 Momfa anidie mma no na monni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, ɛfiri sɛ, ɔremfa mo amumuyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ mʼananmusini, na me din na ɛda ne so. 22 Na sɛ moto mo bo ase, na motie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfoɔ matia mo atamfoɔ. 23 Me ɔbɔfoɔ bɛdi mo anim de mo aba Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim. 24 Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔdeɛ mma wɔn ɛda biara da. Monnni saa abosonsomfoɔ yi akyi. Monni wɔn so na mommubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasedeɛ no ngu. 25 Mo AWURADE, mo Onyankopɔn nko ara na monsom no. Na mɛhyira mo ama mo anya aduane ne nsuo na mɛyi nyarewa nyinaa afiri mo so. 26 Apɔn anaa abonini remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo. 27 “AWURADE ho hu bɛka aman a mobɛdi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔadwane wɔ mo anim. 28 Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ afiri mo anim. 29 Merenyɛ yeinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annane ɛserɛ amma nkekaboa ammu amfa mo so. 30 Mɛpam wɔn nkakrankakra kɔsi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma. 31 “Mɛto mo ahyeɛ afiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ mpoano na mede afiri ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam no so akɔsi Asuo Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afiri mo anim. 32 Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara. 33 Mommma wɔmmɛtena mo mu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔbɛtena mo mu a, wɔde wɔn abosonsom no bɛsane mo na sɛ ɛba saa nso a, ɛbɛgu mo asu.”

In Other Versions

Exodus 23 in the ANGEFD

Exodus 23 in the ANTPNG2D

Exodus 23 in the AS21

Exodus 23 in the BAGH

Exodus 23 in the BBPNG

Exodus 23 in the BBT1E

Exodus 23 in the BDS

Exodus 23 in the BEV

Exodus 23 in the BHAD

Exodus 23 in the BIB

Exodus 23 in the BLPT

Exodus 23 in the BNT

Exodus 23 in the BNTABOOT

Exodus 23 in the BNTLV

Exodus 23 in the BOATCB2

Exodus 23 in the BOBCV

Exodus 23 in the BOCNT

Exodus 23 in the BOECS

Exodus 23 in the BOGWICC

Exodus 23 in the BOHCB

Exodus 23 in the BOHCV

Exodus 23 in the BOHLNT

Exodus 23 in the BOHNTLTAL

Exodus 23 in the BOICB

Exodus 23 in the BOILNTAP

Exodus 23 in the BOITCV

Exodus 23 in the BOKCV

Exodus 23 in the BOKCV2

Exodus 23 in the BOKHWOG

Exodus 23 in the BOKSSV

Exodus 23 in the BOLCB

Exodus 23 in the BOLCB2

Exodus 23 in the BOMCV

Exodus 23 in the BONAV

Exodus 23 in the BONCB

Exodus 23 in the BONLT

Exodus 23 in the BONUT2

Exodus 23 in the BOPLNT

Exodus 23 in the BOSCB

Exodus 23 in the BOSNC

Exodus 23 in the BOTLNT

Exodus 23 in the BOVCB

Exodus 23 in the BOYCB

Exodus 23 in the BPBB

Exodus 23 in the BPH

Exodus 23 in the BSB

Exodus 23 in the CCB

Exodus 23 in the CUV

Exodus 23 in the CUVS

Exodus 23 in the DBT

Exodus 23 in the DGDNT

Exodus 23 in the DHNT

Exodus 23 in the DNT

Exodus 23 in the ELBE

Exodus 23 in the EMTV

Exodus 23 in the ESV

Exodus 23 in the FBV

Exodus 23 in the FEB

Exodus 23 in the GGMNT

Exodus 23 in the GNT

Exodus 23 in the HARY

Exodus 23 in the HNT

Exodus 23 in the IRVA

Exodus 23 in the IRVB

Exodus 23 in the IRVG

Exodus 23 in the IRVH

Exodus 23 in the IRVK

Exodus 23 in the IRVM

Exodus 23 in the IRVM2

Exodus 23 in the IRVO

Exodus 23 in the IRVP

Exodus 23 in the IRVT

Exodus 23 in the IRVT2

Exodus 23 in the IRVU

Exodus 23 in the ISVN

Exodus 23 in the JSNT

Exodus 23 in the KAPI

Exodus 23 in the KBT1ETNIK

Exodus 23 in the KBV

Exodus 23 in the KJV

Exodus 23 in the KNFD

Exodus 23 in the LBA

Exodus 23 in the LBLA

Exodus 23 in the LNT

Exodus 23 in the LSV

Exodus 23 in the MAAL

Exodus 23 in the MBV

Exodus 23 in the MBV2

Exodus 23 in the MHNT

Exodus 23 in the MKNFD

Exodus 23 in the MNG

Exodus 23 in the MNT

Exodus 23 in the MNT2

Exodus 23 in the MRS1T

Exodus 23 in the NAA

Exodus 23 in the NASB

Exodus 23 in the NBLA

Exodus 23 in the NBS

Exodus 23 in the NBVTP

Exodus 23 in the NET2

Exodus 23 in the NIV11

Exodus 23 in the NNT

Exodus 23 in the NNT2

Exodus 23 in the NNT3

Exodus 23 in the PDDPT

Exodus 23 in the PFNT

Exodus 23 in the RMNT

Exodus 23 in the SBIAS

Exodus 23 in the SBIBS

Exodus 23 in the SBIBS2

Exodus 23 in the SBICS

Exodus 23 in the SBIDS

Exodus 23 in the SBIGS

Exodus 23 in the SBIHS

Exodus 23 in the SBIIS

Exodus 23 in the SBIIS2

Exodus 23 in the SBIIS3

Exodus 23 in the SBIKS

Exodus 23 in the SBIKS2

Exodus 23 in the SBIMS

Exodus 23 in the SBIOS

Exodus 23 in the SBIPS

Exodus 23 in the SBISS

Exodus 23 in the SBITS

Exodus 23 in the SBITS2

Exodus 23 in the SBITS3

Exodus 23 in the SBITS4

Exodus 23 in the SBIUS

Exodus 23 in the SBIVS

Exodus 23 in the SBT

Exodus 23 in the SBT1E

Exodus 23 in the SCHL

Exodus 23 in the SNT

Exodus 23 in the SUSU

Exodus 23 in the SUSU2

Exodus 23 in the SYNO

Exodus 23 in the TBIAOTANT

Exodus 23 in the TBT1E

Exodus 23 in the TBT1E2

Exodus 23 in the TFTIP

Exodus 23 in the TFTU

Exodus 23 in the TGNTATF3T

Exodus 23 in the THAI

Exodus 23 in the TNFD

Exodus 23 in the TNT

Exodus 23 in the TNTIK

Exodus 23 in the TNTIL

Exodus 23 in the TNTIN

Exodus 23 in the TNTIP

Exodus 23 in the TNTIZ

Exodus 23 in the TOMA

Exodus 23 in the TTENT

Exodus 23 in the UBG

Exodus 23 in the UGV

Exodus 23 in the UGV2

Exodus 23 in the UGV3

Exodus 23 in the VBL

Exodus 23 in the VDCC

Exodus 23 in the YALU

Exodus 23 in the YAPE

Exodus 23 in the YBVTP

Exodus 23 in the ZBP