Exodus 29 (BOATCB)

1 “Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ nie: momfa nantwie ba ne nnwennini mmienu a wɔn ho nni dɛm; 2 afei momfa esiam muhumuhu a mmɔreka nni mu nyɛ burodo a ɛyɛ dɛ ne taterɛ a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so. 3 Fa burodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwie ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 4 Momfa Aaron ne ne mmammarima no mmra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano hɔ, na momfa nsuo nnware wɔn. 5 Afei, momfa Aaron atadeɛ yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atadekɔnsini no, ne asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no ne abɔwomu no, 6 na momfa abotire a sikakɔkɔɔ kronkron bobɔ mu no mmɔ no. 7 Afei, momfa srango no na monhwie ngu ne tiri so. 8 Ne mmammarima no nso, momfa wɔn ntadeɛ yuu no nhyehyɛ wɔn. 9 Momfa wɔn abɔwomu no ne ɛkyɛ nka wɔn ho. Saa ɛkwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefoɔ ma wɔnyɛ asɔfoɔ daa nyinaa. 10 “Mode nantwie ba no bɛba Ahyiaeɛ Ntomadan no anim na Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa agu aboa no apampam. 11 Afei, monkum no wɔ AWURADE anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 12 Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na monhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔrebukyia no ase. 13 Monyi ne mu sradeɛ no ne ne berɛboɔ kotokuo no ne ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho no na monhye no wɔ afɔrebukyia no so. 14 Afei, momfa aboa no ne ne wedeɛ ne nʼagyanan no mfiri beaeɛ hɔ na monkɔhye no sɛ bɔne ho afɔrebɔ. 15 “Sɛ wɔrebɛkum nnwennini no nso a, Aaron ne ne mmammarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam 16 na wɔnkum no. Wɔnsɔ ne mogya no na wɔmfa mpete afɔrebukyia no ho nyinaa. 17 Twitwa odwennini no asinasini na hohoro nʼayamdeɛ no mu ne ne nnyawa no ho; fa ne ti no ne deɛ moatwitwa no gu faako 18 na monhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ AWURADE ani. 19 “Afei, momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmammarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam, 20 na wɔnkum no. Monsɔ mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmammarima no aso nifa, wɔn kokurobetie nifa ne wɔn nan nifa kokurobetie so. Afei mompete nkaeɛ no ngu afɔrebukyia no ho nyinaa. 21 Montwerɛ mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bi na momfa mfra srango na momfa mpete Aaron ne ne mmammarima so ne wɔn ntadeɛ mu. Ɛnam saa so bɛma wɔne wɔn ntadeɛ ho ate wɔ Awurade anim. 22 “Momfa odwennini no sradeɛ ne ne duapuo ne ne mu sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa—yei ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmammarima asɔfoɔ. 23 Momfa burodo mua baako ne taterɛ a wɔde srango afra, na monyi ɔfam baako mfiri kɛntɛn a wɔde burodo a mmɔreka nni mu agu mu a wɔde asi AWURADE anim no mu. 24 Momfa yeinom nhyɛ Aaron ne ne mmammarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ ɔhim afɔrebɔdeɛ mma AWURADE. 25 Ɛno akyi, monnye mfiri wɔn nsam na monhye no afɔrebukyia no so sɛ ohwam afɔdeɛ mma no. 26 Afei, momfa Aaron asɔfohyɛdwan no yan na monhim no AWURADE anim, mfa nkyerɛ sɛ, morebɔ no afɔdeɛ; ɛno akyi momfa 27 odwennini a moate ne ho no yan ne ne srɛ 28 mma Aaron ne ne mmammarima. Ɛsɛ sɛ daa ɛyɛ Israelfoɔ asɛdeɛ sɛ wɔbɛboa saa afɔrebɔ yi—sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ anaa aseda afɔrebɔ, de hyɛ AWURADE animuonyam. 29 “Aaron ntadeɛ kronkron yi, wɔbɛkora na wɔate ho de ama ne mmammarima a daakye wɔbɛdi nʼadeɛ, sɛdeɛ sɛ wɔn asɔfohyɛ duru so a, wɔbɛtumi de ahyɛ wɔn. 30 Ɔsɔfopanin biara a ɔbɛdi Aaron adeɛ no bɛhyɛ saa ntadeɛ yi nnanson ansa na wafiri nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ne kronkronbea hɔ. 31 “Fa odwennini no nam a wɔate ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfoɔ no na monnoa no baabi a ɛhɔ te. 32 Aaron ne ne mmammarima bɛdi burodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde ɛnam no abɔ so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 33 Wɔn nko ara na wɔbɛwe ɛnam no adi nnuane a wɔde tee wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfoɔ abusua no mu no renni bi, ɛfiri sɛ, wɔate ho. 34 Sɛ ɛba sɛ adeɛ kye ɛnam anaa burodo no bi so a, monhye no. Ɛnsɛ sɛ wɔdi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron. 35 “Yei ne ɛkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmammarima no asɔfoɔ. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma. 36 Ɛda biara, mode nantwie ba bɛbɔ afɔdeɛ de adwira mo ho. Ɛno akyi, pra afɔrebukyia no ho bɔne nyinaa na yɛ no kronkron na hwie ngo gu so fa te ho. 37 Te afɔrebukyia no ho na daa yɛ no kronkron saa ara nnanson ma Onyankopɔn. Ɛno akyi, afɔrebukyia no ho bɛte yie sɛdeɛ biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea. 38 “Ɛda biara, mommɔ nnwanten mma mmienu afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. 39 Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ. 40 Afɔrebɔ no mu baako, momfa asikyiresiam lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi firi ngo dua mu nkɔtoa mmienu ne fa; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa. 41 Momfa odwammaa no baako a waka no mmɔ anwummerɛ afɔdeɛ a asikyiresiam ne nsã ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔrehwam ama AWURADE. 42 “Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so ɛda biara wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano wɔ AWURADE anim. Ɛhɔ na mɛhyia mo ne mo akasa. 43 Na mɛhyia Israel mma wɔ hɔ na mʼanimuonyam ate Ahyiaeɛ Ntomadan no ho. 44 “Ampa ara, mɛte Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho ne Aaron ne ne mmammarima a wɔyɛ mʼasɔfoɔ no ho. 45 Na mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Onyankopɔn, 46 na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE, wɔn Onyankopɔn. Mede wɔn firi Misraim baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene AWURADE wɔn Onyankopɔn.

In Other Versions

Exodus 29 in the ANGEFD

Exodus 29 in the ANTPNG2D

Exodus 29 in the AS21

Exodus 29 in the BAGH

Exodus 29 in the BBPNG

Exodus 29 in the BBT1E

Exodus 29 in the BDS

Exodus 29 in the BEV

Exodus 29 in the BHAD

Exodus 29 in the BIB

Exodus 29 in the BLPT

Exodus 29 in the BNT

Exodus 29 in the BNTABOOT

Exodus 29 in the BNTLV

Exodus 29 in the BOATCB2

Exodus 29 in the BOBCV

Exodus 29 in the BOCNT

Exodus 29 in the BOECS

Exodus 29 in the BOGWICC

Exodus 29 in the BOHCB

Exodus 29 in the BOHCV

Exodus 29 in the BOHLNT

Exodus 29 in the BOHNTLTAL

Exodus 29 in the BOICB

Exodus 29 in the BOILNTAP

Exodus 29 in the BOITCV

Exodus 29 in the BOKCV

Exodus 29 in the BOKCV2

Exodus 29 in the BOKHWOG

Exodus 29 in the BOKSSV

Exodus 29 in the BOLCB

Exodus 29 in the BOLCB2

Exodus 29 in the BOMCV

Exodus 29 in the BONAV

Exodus 29 in the BONCB

Exodus 29 in the BONLT

Exodus 29 in the BONUT2

Exodus 29 in the BOPLNT

Exodus 29 in the BOSCB

Exodus 29 in the BOSNC

Exodus 29 in the BOTLNT

Exodus 29 in the BOVCB

Exodus 29 in the BOYCB

Exodus 29 in the BPBB

Exodus 29 in the BPH

Exodus 29 in the BSB

Exodus 29 in the CCB

Exodus 29 in the CUV

Exodus 29 in the CUVS

Exodus 29 in the DBT

Exodus 29 in the DGDNT

Exodus 29 in the DHNT

Exodus 29 in the DNT

Exodus 29 in the ELBE

Exodus 29 in the EMTV

Exodus 29 in the ESV

Exodus 29 in the FBV

Exodus 29 in the FEB

Exodus 29 in the GGMNT

Exodus 29 in the GNT

Exodus 29 in the HARY

Exodus 29 in the HNT

Exodus 29 in the IRVA

Exodus 29 in the IRVB

Exodus 29 in the IRVG

Exodus 29 in the IRVH

Exodus 29 in the IRVK

Exodus 29 in the IRVM

Exodus 29 in the IRVM2

Exodus 29 in the IRVO

Exodus 29 in the IRVP

Exodus 29 in the IRVT

Exodus 29 in the IRVT2

Exodus 29 in the IRVU

Exodus 29 in the ISVN

Exodus 29 in the JSNT

Exodus 29 in the KAPI

Exodus 29 in the KBT1ETNIK

Exodus 29 in the KBV

Exodus 29 in the KJV

Exodus 29 in the KNFD

Exodus 29 in the LBA

Exodus 29 in the LBLA

Exodus 29 in the LNT

Exodus 29 in the LSV

Exodus 29 in the MAAL

Exodus 29 in the MBV

Exodus 29 in the MBV2

Exodus 29 in the MHNT

Exodus 29 in the MKNFD

Exodus 29 in the MNG

Exodus 29 in the MNT

Exodus 29 in the MNT2

Exodus 29 in the MRS1T

Exodus 29 in the NAA

Exodus 29 in the NASB

Exodus 29 in the NBLA

Exodus 29 in the NBS

Exodus 29 in the NBVTP

Exodus 29 in the NET2

Exodus 29 in the NIV11

Exodus 29 in the NNT

Exodus 29 in the NNT2

Exodus 29 in the NNT3

Exodus 29 in the PDDPT

Exodus 29 in the PFNT

Exodus 29 in the RMNT

Exodus 29 in the SBIAS

Exodus 29 in the SBIBS

Exodus 29 in the SBIBS2

Exodus 29 in the SBICS

Exodus 29 in the SBIDS

Exodus 29 in the SBIGS

Exodus 29 in the SBIHS

Exodus 29 in the SBIIS

Exodus 29 in the SBIIS2

Exodus 29 in the SBIIS3

Exodus 29 in the SBIKS

Exodus 29 in the SBIKS2

Exodus 29 in the SBIMS

Exodus 29 in the SBIOS

Exodus 29 in the SBIPS

Exodus 29 in the SBISS

Exodus 29 in the SBITS

Exodus 29 in the SBITS2

Exodus 29 in the SBITS3

Exodus 29 in the SBITS4

Exodus 29 in the SBIUS

Exodus 29 in the SBIVS

Exodus 29 in the SBT

Exodus 29 in the SBT1E

Exodus 29 in the SCHL

Exodus 29 in the SNT

Exodus 29 in the SUSU

Exodus 29 in the SUSU2

Exodus 29 in the SYNO

Exodus 29 in the TBIAOTANT

Exodus 29 in the TBT1E

Exodus 29 in the TBT1E2

Exodus 29 in the TFTIP

Exodus 29 in the TFTU

Exodus 29 in the TGNTATF3T

Exodus 29 in the THAI

Exodus 29 in the TNFD

Exodus 29 in the TNT

Exodus 29 in the TNTIK

Exodus 29 in the TNTIL

Exodus 29 in the TNTIN

Exodus 29 in the TNTIP

Exodus 29 in the TNTIZ

Exodus 29 in the TOMA

Exodus 29 in the TTENT

Exodus 29 in the UBG

Exodus 29 in the UGV

Exodus 29 in the UGV2

Exodus 29 in the UGV3

Exodus 29 in the VBL

Exodus 29 in the VDCC

Exodus 29 in the YALU

Exodus 29 in the YAPE

Exodus 29 in the YBVTP

Exodus 29 in the ZBP