Exodus 29 (BOATCB2)

1 “Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo ni: Momfa nantwi ba ne adwennini abien a wɔn ho nni dɛm. 2 Na momfa esiam muhumuhu a mmɔkaw nni mu nyɛ brodo a ɛyɛ dɛ ne tetare a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so. 3 Fa brodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwi ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiae Ntamadan no ano. 4 Momfa Aaron ne ne mmabarima no mmra Ahyiae Ntamadan no kwan ano hɔ, na momfa nsu nguare wɔn. 5 Momfa Aaron atade yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atade kɔnsin no, nʼasɔfotade no ne adɛbo no ne nkyekyeremu no, 6 na momfa abotiri a sikakɔkɔɔ bobɔ mu no mmɔ no. 7 Momfa ɔsrango no na munhwie ngu ne ti so. 8 Ne mmabarima no nso, momfa wɔn ntade yuu no nhyehyɛ wɔn. 9 Momfa wɔn nkyekyeremu no nka wɔn ho. Saa kwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefo mma wɔnyɛ asɔfo daa nyinaa. 10 “Mode nantwi ba no bɛba Ahyiae Ntamadan no anim na Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa agu aboa no apampam. 11 Munkum no wɔ AWURADE anim wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 12 Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na munhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔremuka no ase. 13 Munyi ne mu srade no ne ne bɔnwoma kotoku no ne ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho no na monhyew no wɔ afɔremuka no so. 14 Mmom momfa aboa no ne ne were ne nʼagyanan no mfi hɔ nkɔ afikyiri na monkɔhyew no sɛ bɔne ho afɔrebɔ. 15 “Sɛ wɔrebekum adwennini no nso a, Aaron ne ne mmabarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam 16 na wonkum no. Wɔnsɔw ne mogya no na wɔmfa mpete afɔremuka no ho nyinaa. 17 Twitwa odwennini no asinasin na hohoro nʼayamde no mu ne nʼanan no ho; fa ne ti no ne nea moatwitwa no gu faako 18 na monhyew no wɔ afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ AWURADE ani. 19 “Momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmabarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam, 20 Munkum no na monsɔw mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmabarima no aso nifa, wɔn kokurobeti nifa ne wɔn anan nifa kokurobeti so. Afei mompete nkae no ngu afɔremuka no ho nyinaa. 21 Montworɔw mogya a ɛwɔ afɔremuka no so no bi na momfa mfra ɔsrango na momfa mpete Aaron ne ne mmabarima no so ne wɔn ntade mu. Ɛnam saa so bɛma wɔn ne wɔn ntade ho atew wɔ Awurade anim. 22 “Momfa odwennini no srade ne ne dua ne ne mu srade ne ne bɔnwoma kotoku ne nʼasaabo abien ne ɛho srade ne ne srɛ nifa. Eyi ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmabarima asɔfo no. 23 Momfa brodo mua baako ne tetare a wɔde ɔsrango afra, na munyi ɔfam baako mfi kɛntɛn a wɔde brodo a mmɔkaw nni mu agu mu a wɔde asi AWURADE anim no mu. 24 Momfa eyinom nhyɛ Aaron ne ne mmabarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ afɔrebɔde mma AWURADE. 25 Ɛno akyi no, munnye mfi wɔn nsam na monhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ohuam afɔre mma no. 26 Momfa Aaron asɔfohyɛguan no yan no a munhim wɔ AWURADE anim sɛ ohim afɔrebɔ, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa. 27 “Montew asɔfohyɛ dwennini no akwaa, ne koko a wohimii ne ne srɛ a wɔde mae a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima de no ho. 28 Ɛsɛ sɛ eyi yɛ Israelfo asɛde sɛ wɔbɛyɛ ama Aaron ne ne mmabarima. Ɛyɛ Israelfo no fam asomdwoe afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma AWURADE. 29 “Aaron ntade kronkron yi bɛyɛ nʼasefo de na wɔatumi ahyɛ ama wɔasra wɔn ngo ahyɛ wɔn asɔfo. 30 Ɔsɔfopanyin biara a obedi Aaron ade no bɛhyɛ saa ntade yi nnanson ansa na wafi nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ne kronkronbea hɔ. 31 “Fa odwennini no nam a wɔatew ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfo no na monnoa no wɔ baabi a ɛhɔ tew. 32 Aaron ne ne mmabarima bedi brodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde nam no abɔ so wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 33 Wɔn nko ara na wɔbɛwe nam no adi nnuan a wɔde tew wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfo abusua no mu no renni bi, efisɛ wɔatew ho. 34 Sɛ ade kye asɔfohyɛ dwennini anaa brodo no bi so a, monhyew. Ɛnsɛ sɛ wodi, efisɛ ɛyɛ kronkron. 35 “Eyi ne ɔkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmabarima no asɔfo. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma. 36 Da biara, mode nantwi ba bɛbɔ afɔre de adwira mo ho. Ɛno akyi no, mompra afɔremuka no ho bɔne nyinaa na monyɛ no kronkron na monhwie ngo ngu so mfa ntew ho. 37 Montew afɔremuka no ho na daa monyɛ no kronkron saa ara nnanson mma Onyankopɔn. Ɛno akyi no, afɔremuka no ho bɛtew yiye sɛnea biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea. 38 “Da biara, momfa nguanten mma abien a wɔadi afe mmɔ afɔre wɔ afɔremuka no so. 39 Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔre anwummere. 40 Afɔrebɔ a edi kan no, momfa asikresiam lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi afi ngodua mu lita baako; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa. 41 Momfa oguan no baako a waka no mmɔ anwummere afɔre a asikresiam ne nsa ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔrehuam ama AWURADE. 42 “Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so da biara wɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano wɔ AWURADE anim. Ɛhɔ na mehyia mo ne mo akasa. 43 Na mehyia Israelmma wɔ hɔ na mʼanuonyam atew Ahyiae Ntamadan no ho. 44 “Ampa ara, mɛtew Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho ne Aaron ne ne mmabarima a wɔyɛ mʼasɔfo no ho. 45 Na mɛtena Israelfo mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn, 46 na wobehu sɛ mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn. Mede wɔn fi Misraim bae sɛnea ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.

In Other Versions

Exodus 29 in the ANGEFD

Exodus 29 in the ANTPNG2D

Exodus 29 in the AS21

Exodus 29 in the BAGH

Exodus 29 in the BBPNG

Exodus 29 in the BBT1E

Exodus 29 in the BDS

Exodus 29 in the BEV

Exodus 29 in the BHAD

Exodus 29 in the BIB

Exodus 29 in the BLPT

Exodus 29 in the BNT

Exodus 29 in the BNTABOOT

Exodus 29 in the BNTLV

Exodus 29 in the BOATCB

Exodus 29 in the BOBCV

Exodus 29 in the BOCNT

Exodus 29 in the BOECS

Exodus 29 in the BOGWICC

Exodus 29 in the BOHCB

Exodus 29 in the BOHCV

Exodus 29 in the BOHLNT

Exodus 29 in the BOHNTLTAL

Exodus 29 in the BOICB

Exodus 29 in the BOILNTAP

Exodus 29 in the BOITCV

Exodus 29 in the BOKCV

Exodus 29 in the BOKCV2

Exodus 29 in the BOKHWOG

Exodus 29 in the BOKSSV

Exodus 29 in the BOLCB

Exodus 29 in the BOLCB2

Exodus 29 in the BOMCV

Exodus 29 in the BONAV

Exodus 29 in the BONCB

Exodus 29 in the BONLT

Exodus 29 in the BONUT2

Exodus 29 in the BOPLNT

Exodus 29 in the BOSCB

Exodus 29 in the BOSNC

Exodus 29 in the BOTLNT

Exodus 29 in the BOVCB

Exodus 29 in the BOYCB

Exodus 29 in the BPBB

Exodus 29 in the BPH

Exodus 29 in the BSB

Exodus 29 in the CCB

Exodus 29 in the CUV

Exodus 29 in the CUVS

Exodus 29 in the DBT

Exodus 29 in the DGDNT

Exodus 29 in the DHNT

Exodus 29 in the DNT

Exodus 29 in the ELBE

Exodus 29 in the EMTV

Exodus 29 in the ESV

Exodus 29 in the FBV

Exodus 29 in the FEB

Exodus 29 in the GGMNT

Exodus 29 in the GNT

Exodus 29 in the HARY

Exodus 29 in the HNT

Exodus 29 in the IRVA

Exodus 29 in the IRVB

Exodus 29 in the IRVG

Exodus 29 in the IRVH

Exodus 29 in the IRVK

Exodus 29 in the IRVM

Exodus 29 in the IRVM2

Exodus 29 in the IRVO

Exodus 29 in the IRVP

Exodus 29 in the IRVT

Exodus 29 in the IRVT2

Exodus 29 in the IRVU

Exodus 29 in the ISVN

Exodus 29 in the JSNT

Exodus 29 in the KAPI

Exodus 29 in the KBT1ETNIK

Exodus 29 in the KBV

Exodus 29 in the KJV

Exodus 29 in the KNFD

Exodus 29 in the LBA

Exodus 29 in the LBLA

Exodus 29 in the LNT

Exodus 29 in the LSV

Exodus 29 in the MAAL

Exodus 29 in the MBV

Exodus 29 in the MBV2

Exodus 29 in the MHNT

Exodus 29 in the MKNFD

Exodus 29 in the MNG

Exodus 29 in the MNT

Exodus 29 in the MNT2

Exodus 29 in the MRS1T

Exodus 29 in the NAA

Exodus 29 in the NASB

Exodus 29 in the NBLA

Exodus 29 in the NBS

Exodus 29 in the NBVTP

Exodus 29 in the NET2

Exodus 29 in the NIV11

Exodus 29 in the NNT

Exodus 29 in the NNT2

Exodus 29 in the NNT3

Exodus 29 in the PDDPT

Exodus 29 in the PFNT

Exodus 29 in the RMNT

Exodus 29 in the SBIAS

Exodus 29 in the SBIBS

Exodus 29 in the SBIBS2

Exodus 29 in the SBICS

Exodus 29 in the SBIDS

Exodus 29 in the SBIGS

Exodus 29 in the SBIHS

Exodus 29 in the SBIIS

Exodus 29 in the SBIIS2

Exodus 29 in the SBIIS3

Exodus 29 in the SBIKS

Exodus 29 in the SBIKS2

Exodus 29 in the SBIMS

Exodus 29 in the SBIOS

Exodus 29 in the SBIPS

Exodus 29 in the SBISS

Exodus 29 in the SBITS

Exodus 29 in the SBITS2

Exodus 29 in the SBITS3

Exodus 29 in the SBITS4

Exodus 29 in the SBIUS

Exodus 29 in the SBIVS

Exodus 29 in the SBT

Exodus 29 in the SBT1E

Exodus 29 in the SCHL

Exodus 29 in the SNT

Exodus 29 in the SUSU

Exodus 29 in the SUSU2

Exodus 29 in the SYNO

Exodus 29 in the TBIAOTANT

Exodus 29 in the TBT1E

Exodus 29 in the TBT1E2

Exodus 29 in the TFTIP

Exodus 29 in the TFTU

Exodus 29 in the TGNTATF3T

Exodus 29 in the THAI

Exodus 29 in the TNFD

Exodus 29 in the TNT

Exodus 29 in the TNTIK

Exodus 29 in the TNTIL

Exodus 29 in the TNTIN

Exodus 29 in the TNTIP

Exodus 29 in the TNTIZ

Exodus 29 in the TOMA

Exodus 29 in the TTENT

Exodus 29 in the UBG

Exodus 29 in the UGV

Exodus 29 in the UGV2

Exodus 29 in the UGV3

Exodus 29 in the VBL

Exodus 29 in the VDCC

Exodus 29 in the YALU

Exodus 29 in the YAPE

Exodus 29 in the YBVTP

Exodus 29 in the ZBP