Exodus 3 (BOATCB)
1 Ɛda bi na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian ɔsɔfoɔ nnwan. Ɔde nnwan no wuraa ɛserɛ no mu kɔɔ akyirikyiri kɔduruu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. 2 Prɛko pɛ, na AWURADE ɔbɔfoɔ daa ne ho adi sɛ gyaframa wɔ wira no mu kyerɛɛ no. Mose hunuu sɛ wira no redɛre nanso na ɛnhye. 3 Enti, Mose kaa sɛ, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwanwadeɛ yi ahunu deɛ enti a wira no nhye.” 4 Ɛberɛ a AWURADE hunuu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no firii wira no mu sɛ, “Mose! Mose!”Mose gyee so sɛ, “Me nie.” 5 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛn me. Yi wo nan mu mpaboa na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.” 6 Ɔtoaa so sɛ, “Mene wʼagyanom Onyankopɔn—Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.” Mose kataa nʼanim, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim. 7 AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ, “Mahunu amanehunu a me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no wɔ mu, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na menim wɔn ahohiahia. 8 Maba sɛ merebɛgye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam na mayi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa so—asase a ɛtrɛ; asase a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so—asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te soɔ no so. 9 Mate Israelfoɔ no su, na mahunu nya a Misraimfoɔ di wɔn no. 10 Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim.” 11 Mose bisaa sɛ, “Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka sɛ merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?” 12 Onyankopɔn buaa no sɛ, “Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no nie. Sɛ woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so.” 13 Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?” 14 Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘ME ARA na wasoma me mo nkyɛn.’ ” 15 Onyankopɔn toaa so sɛ, “AWURADE a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 16 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu AWURADE wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn. 17 Mehyɛ bɔ sɛ mɛyi wɔn afiri amanehunu ne animguaseɛ a wɔwɔ mu no mu na mede wɔn akɔ asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te so ɛnnɛ yi a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so no so.’ 18 “Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene hɔ akɔka akyerɛ no sɛ, ‘AWURADE, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn sɛ, yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.’ 19 Nanso, menim sɛ Misraimhene remma mo ɛkwan da, gye sɛ wɔhyɛ no ketee. 20 Enti, mɛhyɛ no ketee sɛdeɛ ɛsɛ. Menam anwanwakwan so bɛsɛe Misraim na akyire no, wama mo akɔ. 21 “Mɛma mo anim aba nyam Misraimfoɔ no anim na wɔahyehyɛ akyɛdeɛ ama mo, na moankɔ no nsapan. 22 Ɔbaa biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntoma pa mfiri nʼafipamfoɔ ne ne fiefoɔ mmaa nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa ho. Wɔnam saa yɛ so bɛpansam Misraimfoɔ ahonyadeɛ te sɛ deɛ wɔafom asadeɛ.”
In Other Versions
Exodus 3 in the ANGEFD
Exodus 3 in the ANTPNG2D
Exodus 3 in the AS21
Exodus 3 in the BAGH
Exodus 3 in the BBPNG
Exodus 3 in the BBT1E
Exodus 3 in the BDS
Exodus 3 in the BEV
Exodus 3 in the BHAD
Exodus 3 in the BIB
Exodus 3 in the BLPT
Exodus 3 in the BNT
Exodus 3 in the BNTABOOT
Exodus 3 in the BNTLV
Exodus 3 in the BOATCB2
Exodus 3 in the BOBCV
Exodus 3 in the BOCNT
Exodus 3 in the BOECS
Exodus 3 in the BOGWICC
Exodus 3 in the BOHCB
Exodus 3 in the BOHCV
Exodus 3 in the BOHLNT
Exodus 3 in the BOHNTLTAL
Exodus 3 in the BOICB
Exodus 3 in the BOILNTAP
Exodus 3 in the BOITCV
Exodus 3 in the BOKCV
Exodus 3 in the BOKCV2
Exodus 3 in the BOKHWOG
Exodus 3 in the BOKSSV
Exodus 3 in the BOLCB
Exodus 3 in the BOLCB2
Exodus 3 in the BOMCV
Exodus 3 in the BONAV
Exodus 3 in the BONCB
Exodus 3 in the BONLT
Exodus 3 in the BONUT2
Exodus 3 in the BOPLNT
Exodus 3 in the BOSCB
Exodus 3 in the BOSNC
Exodus 3 in the BOTLNT
Exodus 3 in the BOVCB
Exodus 3 in the BOYCB
Exodus 3 in the BPBB
Exodus 3 in the BPH
Exodus 3 in the BSB
Exodus 3 in the CCB
Exodus 3 in the CUV
Exodus 3 in the CUVS
Exodus 3 in the DBT
Exodus 3 in the DGDNT
Exodus 3 in the DHNT
Exodus 3 in the DNT
Exodus 3 in the ELBE
Exodus 3 in the EMTV
Exodus 3 in the ESV
Exodus 3 in the FBV
Exodus 3 in the FEB
Exodus 3 in the GGMNT
Exodus 3 in the GNT
Exodus 3 in the HARY
Exodus 3 in the HNT
Exodus 3 in the IRVA
Exodus 3 in the IRVB
Exodus 3 in the IRVG
Exodus 3 in the IRVH
Exodus 3 in the IRVK
Exodus 3 in the IRVM
Exodus 3 in the IRVM2
Exodus 3 in the IRVO
Exodus 3 in the IRVP
Exodus 3 in the IRVT
Exodus 3 in the IRVT2
Exodus 3 in the IRVU
Exodus 3 in the ISVN
Exodus 3 in the JSNT
Exodus 3 in the KAPI
Exodus 3 in the KBT1ETNIK
Exodus 3 in the KBV
Exodus 3 in the KJV
Exodus 3 in the KNFD
Exodus 3 in the LBA
Exodus 3 in the LBLA
Exodus 3 in the LNT
Exodus 3 in the LSV
Exodus 3 in the MAAL
Exodus 3 in the MBV
Exodus 3 in the MBV2
Exodus 3 in the MHNT
Exodus 3 in the MKNFD
Exodus 3 in the MNG
Exodus 3 in the MNT
Exodus 3 in the MNT2
Exodus 3 in the MRS1T
Exodus 3 in the NAA
Exodus 3 in the NASB
Exodus 3 in the NBLA
Exodus 3 in the NBS
Exodus 3 in the NBVTP
Exodus 3 in the NET2
Exodus 3 in the NIV11
Exodus 3 in the NNT
Exodus 3 in the NNT2
Exodus 3 in the NNT3
Exodus 3 in the PDDPT
Exodus 3 in the PFNT
Exodus 3 in the RMNT
Exodus 3 in the SBIAS
Exodus 3 in the SBIBS
Exodus 3 in the SBIBS2
Exodus 3 in the SBICS
Exodus 3 in the SBIDS
Exodus 3 in the SBIGS
Exodus 3 in the SBIHS
Exodus 3 in the SBIIS
Exodus 3 in the SBIIS2
Exodus 3 in the SBIIS3
Exodus 3 in the SBIKS
Exodus 3 in the SBIKS2
Exodus 3 in the SBIMS
Exodus 3 in the SBIOS
Exodus 3 in the SBIPS
Exodus 3 in the SBISS
Exodus 3 in the SBITS
Exodus 3 in the SBITS2
Exodus 3 in the SBITS3
Exodus 3 in the SBITS4
Exodus 3 in the SBIUS
Exodus 3 in the SBIVS
Exodus 3 in the SBT
Exodus 3 in the SBT1E
Exodus 3 in the SCHL
Exodus 3 in the SNT
Exodus 3 in the SUSU
Exodus 3 in the SUSU2
Exodus 3 in the SYNO
Exodus 3 in the TBIAOTANT
Exodus 3 in the TBT1E
Exodus 3 in the TBT1E2
Exodus 3 in the TFTIP
Exodus 3 in the TFTU
Exodus 3 in the TGNTATF3T
Exodus 3 in the THAI
Exodus 3 in the TNFD
Exodus 3 in the TNT
Exodus 3 in the TNTIK
Exodus 3 in the TNTIL
Exodus 3 in the TNTIN
Exodus 3 in the TNTIP
Exodus 3 in the TNTIZ
Exodus 3 in the TOMA
Exodus 3 in the TTENT
Exodus 3 in the UBG
Exodus 3 in the UGV
Exodus 3 in the UGV2
Exodus 3 in the UGV3
Exodus 3 in the VBL
Exodus 3 in the VDCC
Exodus 3 in the YALU
Exodus 3 in the YAPE
Exodus 3 in the YBVTP
Exodus 3 in the ZBP