Exodus 30 (BOATCB)

1 “Fa okuo yɛ afɔrebukyia ketewa bi a wobɛhye aduhwam wɔ so. 2 Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn mmiɛnsa a wɔasene mmɛn a ɛfiri dua a wɔde yɛɛ afɔrebukyia no ara mu ama ɛtuatua ho. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mmɛn a wɔsene firi baabi bɛtuatuaa ho. 3 Fa sikakɔkɔɔ kata ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ ntotoano twa afɔrebukyia no ho nyinaa hyia. 4 Fa sikakɔkɔɔ nkawa mmienu bobɔ afɔrebukyia no afanu no nkyɛn mu ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu. 5 Wɔmfa okuo na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa. 6 Fa afɔrebukyia no si ntwamutam no akyi wɔ mpata beaeɛ hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ hɔ no ho ban. Mɛhyia mo hɔ. 7 “Ɛda biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ afɔrebukyia no so. 8 Anwummerɛ biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ AWURADE anim. Yei bɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. 9 Monhye aduhwam a wɔama ho ɛkwan wɔ afɔrebukyia no so. Mommmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so. 10 Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a ɛtuatua ho no so sɛ mpatadeɛ. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔte afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ AWURADE afɔrebukyia kronkron.” 11 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 12 “Ɛberɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne mpatadeɛ mmrɛ AWURADE mma ne kra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so. 13 Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbena fa, a emu duru yɛ gram nsia (sɛdeɛ kronkronbea mu dwetɛbena boɔ teɛ no). 14 Obiara a wadi mfeɛ aduonu rekorɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔdeɛ yi. 15 Ɛnsɛ sɛ adefoɔ ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ nso ma deɛ ɛsua sene saa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ AWURADE afɔdeɛ a ɔde rete yɛn ho ama yɛn. 16 Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma AWURADE ani aba mo, Israelfoɔ so, na ayɛ mpatadeɛ nso ama mo.” 17 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ. 18 “Fa kɔbere yɛ atam a ne nnyinasoɔ nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na fa nsuo gu mu. 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mmammarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho 20 ɛberɛ a wɔrekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ AWURADE, anaasɛ nso wɔrekɔ akɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so ama AWURADE no. Ɛberɛ biara a wɔrekɔdi saa dwuma yi no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho; anyɛ saa a, wɔbɛwuwu. 21 Yei ne mmara a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so no.” 22 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 23 “Hwehwɛ nnuhwam papa sɛ kurobo, kilogram nsia, sinamon kilogram mmiɛnsa ne mmɛtire hwamhwam kilogram mmiɛnsa. 24 Kurobo dodoɔ a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodoɔ na momfa ngo dua mu ngo lita ɛnan. 25 AWURADE ahyɛ nnuhwamfrafoɔ a wɔaben yie, sɛ wɔmfra saa nnuhwam yi ma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde te onipa ho. 26 AWURADE kaa sɛ, momfa yei nte Ahyiaeɛ Ntomadan ne Apam Adaka, 27 ne ɛpono ne ɛho nkyɛnsee ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ho. 28 Saa ara nso na momfa nte afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma ne atam ne deɛ ɛsi mu no ho. 29 Monte ho na ɛnyɛ kronkron; biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi ho bɛte. 30 “Momfa nsra Aaron ne ne mmammarima ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛte na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma ama me. 31 Na monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Yei ne me srango kronkron. 32 Ɛnsɛ sɛ wɔhwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ara ankasa nso moyɛ bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron. 33 Obiara a ɔbɛfra aduhwam a ɛte sɛ no anaa ɔbɛhwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ so no, wɔbɛtwa no asuo.’ ” 34 AWURADE hyɛɛ mmara a ɛfa aduhwam no ho maa Mose sɛ, “Fa nnuhwam aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwamhwam ne ohwamfufuo gyenegyene na wɔnsusu ne nyinaa mu duru ma ɛnyɛ pɛ, 35 na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ a aduhwamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhwam kronkron. 36 Monyam bi ma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim baabi a mɛhyia mo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no. Saa aduhwam yi ne deɛ ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu. 37 Monnyɛ bi mfa, ɛfiri sɛ, wɔakora ama AWURADE enti, ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛyɛ kronkron. 38 Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wɔbɛtwa no asuo.”

In Other Versions

Exodus 30 in the ANGEFD

Exodus 30 in the ANTPNG2D

Exodus 30 in the AS21

Exodus 30 in the BAGH

Exodus 30 in the BBPNG

Exodus 30 in the BBT1E

Exodus 30 in the BDS

Exodus 30 in the BEV

Exodus 30 in the BHAD

Exodus 30 in the BIB

Exodus 30 in the BLPT

Exodus 30 in the BNT

Exodus 30 in the BNTABOOT

Exodus 30 in the BNTLV

Exodus 30 in the BOATCB2

Exodus 30 in the BOBCV

Exodus 30 in the BOCNT

Exodus 30 in the BOECS

Exodus 30 in the BOGWICC

Exodus 30 in the BOHCB

Exodus 30 in the BOHCV

Exodus 30 in the BOHLNT

Exodus 30 in the BOHNTLTAL

Exodus 30 in the BOICB

Exodus 30 in the BOILNTAP

Exodus 30 in the BOITCV

Exodus 30 in the BOKCV

Exodus 30 in the BOKCV2

Exodus 30 in the BOKHWOG

Exodus 30 in the BOKSSV

Exodus 30 in the BOLCB

Exodus 30 in the BOLCB2

Exodus 30 in the BOMCV

Exodus 30 in the BONAV

Exodus 30 in the BONCB

Exodus 30 in the BONLT

Exodus 30 in the BONUT2

Exodus 30 in the BOPLNT

Exodus 30 in the BOSCB

Exodus 30 in the BOSNC

Exodus 30 in the BOTLNT

Exodus 30 in the BOVCB

Exodus 30 in the BOYCB

Exodus 30 in the BPBB

Exodus 30 in the BPH

Exodus 30 in the BSB

Exodus 30 in the CCB

Exodus 30 in the CUV

Exodus 30 in the CUVS

Exodus 30 in the DBT

Exodus 30 in the DGDNT

Exodus 30 in the DHNT

Exodus 30 in the DNT

Exodus 30 in the ELBE

Exodus 30 in the EMTV

Exodus 30 in the ESV

Exodus 30 in the FBV

Exodus 30 in the FEB

Exodus 30 in the GGMNT

Exodus 30 in the GNT

Exodus 30 in the HARY

Exodus 30 in the HNT

Exodus 30 in the IRVA

Exodus 30 in the IRVB

Exodus 30 in the IRVG

Exodus 30 in the IRVH

Exodus 30 in the IRVK

Exodus 30 in the IRVM

Exodus 30 in the IRVM2

Exodus 30 in the IRVO

Exodus 30 in the IRVP

Exodus 30 in the IRVT

Exodus 30 in the IRVT2

Exodus 30 in the IRVU

Exodus 30 in the ISVN

Exodus 30 in the JSNT

Exodus 30 in the KAPI

Exodus 30 in the KBT1ETNIK

Exodus 30 in the KBV

Exodus 30 in the KJV

Exodus 30 in the KNFD

Exodus 30 in the LBA

Exodus 30 in the LBLA

Exodus 30 in the LNT

Exodus 30 in the LSV

Exodus 30 in the MAAL

Exodus 30 in the MBV

Exodus 30 in the MBV2

Exodus 30 in the MHNT

Exodus 30 in the MKNFD

Exodus 30 in the MNG

Exodus 30 in the MNT

Exodus 30 in the MNT2

Exodus 30 in the MRS1T

Exodus 30 in the NAA

Exodus 30 in the NASB

Exodus 30 in the NBLA

Exodus 30 in the NBS

Exodus 30 in the NBVTP

Exodus 30 in the NET2

Exodus 30 in the NIV11

Exodus 30 in the NNT

Exodus 30 in the NNT2

Exodus 30 in the NNT3

Exodus 30 in the PDDPT

Exodus 30 in the PFNT

Exodus 30 in the RMNT

Exodus 30 in the SBIAS

Exodus 30 in the SBIBS

Exodus 30 in the SBIBS2

Exodus 30 in the SBICS

Exodus 30 in the SBIDS

Exodus 30 in the SBIGS

Exodus 30 in the SBIHS

Exodus 30 in the SBIIS

Exodus 30 in the SBIIS2

Exodus 30 in the SBIIS3

Exodus 30 in the SBIKS

Exodus 30 in the SBIKS2

Exodus 30 in the SBIMS

Exodus 30 in the SBIOS

Exodus 30 in the SBIPS

Exodus 30 in the SBISS

Exodus 30 in the SBITS

Exodus 30 in the SBITS2

Exodus 30 in the SBITS3

Exodus 30 in the SBITS4

Exodus 30 in the SBIUS

Exodus 30 in the SBIVS

Exodus 30 in the SBT

Exodus 30 in the SBT1E

Exodus 30 in the SCHL

Exodus 30 in the SNT

Exodus 30 in the SUSU

Exodus 30 in the SUSU2

Exodus 30 in the SYNO

Exodus 30 in the TBIAOTANT

Exodus 30 in the TBT1E

Exodus 30 in the TBT1E2

Exodus 30 in the TFTIP

Exodus 30 in the TFTU

Exodus 30 in the TGNTATF3T

Exodus 30 in the THAI

Exodus 30 in the TNFD

Exodus 30 in the TNT

Exodus 30 in the TNTIK

Exodus 30 in the TNTIL

Exodus 30 in the TNTIN

Exodus 30 in the TNTIP

Exodus 30 in the TNTIZ

Exodus 30 in the TOMA

Exodus 30 in the TTENT

Exodus 30 in the UBG

Exodus 30 in the UGV

Exodus 30 in the UGV2

Exodus 30 in the UGV3

Exodus 30 in the VBL

Exodus 30 in the VDCC

Exodus 30 in the YALU

Exodus 30 in the YAPE

Exodus 30 in the YBVTP

Exodus 30 in the ZBP