Exodus 39 (BOATCB)

1 Nnipa no de ntoma tuntum, bibire ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ maa asɔfoɔ no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntadeɛ kronkron no sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no. 2 Wɔde asaawatam bi a wɔanwono afiri asaawa a wɔafira mu na wɔpam asɔfotadeɛ nkataseɛ no. 3 Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa, ɛnna ɔtwitwaa no nteawanteawa sɛ ahoma na ɔde bobɔɔ ntoma tuntum, bibire ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔ yie. 4 Wɔde nhoma a wɔapam sosɔɔ nkataseɛ no mu firi aseɛ bɛsii mmati nhoma mmienu no mu. 5 Ɛnna wɔde abɔwomu no yɛɛ ntoma korɔ no ara bi. Na ɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no. 6 Apopobibirieboɔ mmienu a wɔtwa de fomfamm mmati nhoma mmienu no a ɛsɔ asɔfotadeɛ no nkataseɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ twerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no nyinaa din guu so sɛdeɛ wɔtwerɛ nsateaa so kawa so no. 7 Saa aboɔdemmoɔ yi sisi asɔfotadeɛ no mmati so, na ɛyɛ nkaedeɛ de ma AWURADE fa Israelfoɔ ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ. 8 Adaaboɔ no, wɔpamm no te sɛ asɔfotadeɛ a wɔde nwera amapa yɛeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ahoma ne asaawa tuntum, bibire ne koogyan anwene mu. 9 Ɛyɛ ntomasini bi a wɔatwa no ahinanan na ɛfa biara susu nsateakwaa nkron a wɔapam afam so ama ayɛ sɛ kotokuo 10 a aboɔdemmoɔ a wɔde asesa so nsesasoɔ nsesasoɔ ɛnan wɔ mu. Nsesasoɔ a ɛdi ɛkan no yɛ bogyanamboɔ, akarateboɔ ne ahahammonoboɔ. 11 Nsesasoɔ a ɛtɔ so mmienu no yɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ. 12 Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ 13 ɛnna deɛ ɛtɔ so ɛnan no yɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ a emu biara wɔde sikakɔkɔɔ atwa ho ahyia. 14 Wɔyɛɛ aboɔdemmoɔ no te sɛ nsɔanodeɛ bi twerɛɛ Israel mmusuakuo dumienu no din guu so. 15 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de adaaboɔ no asɔ asɔfotadeɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkawa hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ mmienu no so. 16 Wɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwɛtwɛaso soro. 17 Wɔde sikakɔkɔɔ nhoma mmienu no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa a ɛwɔ adaaboɔ no mu no. 18 Wɔbɛkyekyere nhoma mmienu no ti de abobɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu. 19 Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu nso hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so a ɛgu asɔfotadeɛ no so pɛɛ. 20 Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu sosɔɔ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ no mu ma ɛbɛnee abɔwomu a wɔanwono no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotadeɛ no ahyiaeɛ so. 21 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na adaaboɔ no bɛgyina pɛpɛɛpɛ wɔ abɔwomu fɛfɛ no so enti, wɔde ntoma tuntum kyekyeree nkawa a ɛsosɔ adaaboɔ no ne asɔfotadeɛ no mu. Yeinom nyinaa, AWURADE na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ. 22 Asɔfotadeɛ no fa kɛseɛ no ara deɛ, wɔde ntoma tuntum na ɛnwonoeɛ 23 na wɔtwaa mfimfini tokuro pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete. 24 Na wɔde bibire ne ateaa a ɛberedum ne koogyan a wɔafira yɛɛ biribi te sɛ ateaa aba de sensɛnee batakari no ase mmuano no ano. 25 Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ ateaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiaeɛ. 26 Sɛ Aaron hyɛ asɔfotadeɛ yi a wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba agu ano a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom AWURADE sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no. 27 Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ no bi maa Aaron ne ne mmammarima. 28 Wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam adaaboɔ, abotire, ɛkyɛ ne nhyɛasetam ahodoɔ no. 29 Bio, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam abɔwomu no na wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan dii mu adwini sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no. 30 Na afei, wɔboroo sikakɔkɔɔ amapa ma ɛyɛɛ trawa sɛ prɛte a wɔatwerɛ so:Kronkron Ma AWURADE. 31 Wɔde ntoma tuntum na asina abɔnimu no abɔ abotire no mu sɛdeɛ AWURADE kyerɛeɛ no. 32 Yei nyinaa akyi, wɔwiee Ahyiaeɛ Ntomadan no si sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ Mose sɛ wɔnsi no no. 33 Afei, wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: Nkyerewa, nnyinasoɔ, mmeamu nnua, mpunan ne nsisisoɔ; 34 nnwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, nsɛnanotam, 35 adaka no a Mmaransɛm Edu no wɔ mu ne nnua a wɔde soa Mpata Dwa no; 36 Ɛpono no ne ɛho nneɛma ne Hyiadan mu Burodo; 37 Sika nkaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo 38 Sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, srango, aduhwam ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nsɛnanotam; 39 Kɔbere afɔrebukyia, kɔbere otwidadeɛ, nnua no ne ɛho nneɛma,deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu; 40 ntwahotam a wɔde twa adihɔ hɔ ɔfasuo ho, ne ɛho nnua a ɛsosɔ mu,nnyinasodeɛ ne ntwahotam a ɛwɔ adihɔ ɛpono ano,ntampehoma ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sie. 41 Wɔde asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no. 42 Enti, Israelfoɔ no dii nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so. 43 Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa hunuu sɛ biribiara ntɔ kyema wɔ ho no, ɔhyiraa wɔn, ɛfiri sɛ, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no ara pɛ na wɔyɛeɛ.

In Other Versions

Exodus 39 in the ANGEFD

Exodus 39 in the ANTPNG2D

Exodus 39 in the AS21

Exodus 39 in the BAGH

Exodus 39 in the BBPNG

Exodus 39 in the BBT1E

Exodus 39 in the BDS

Exodus 39 in the BEV

Exodus 39 in the BHAD

Exodus 39 in the BIB

Exodus 39 in the BLPT

Exodus 39 in the BNT

Exodus 39 in the BNTABOOT

Exodus 39 in the BNTLV

Exodus 39 in the BOATCB2

Exodus 39 in the BOBCV

Exodus 39 in the BOCNT

Exodus 39 in the BOECS

Exodus 39 in the BOGWICC

Exodus 39 in the BOHCB

Exodus 39 in the BOHCV

Exodus 39 in the BOHLNT

Exodus 39 in the BOHNTLTAL

Exodus 39 in the BOICB

Exodus 39 in the BOILNTAP

Exodus 39 in the BOITCV

Exodus 39 in the BOKCV

Exodus 39 in the BOKCV2

Exodus 39 in the BOKHWOG

Exodus 39 in the BOKSSV

Exodus 39 in the BOLCB

Exodus 39 in the BOLCB2

Exodus 39 in the BOMCV

Exodus 39 in the BONAV

Exodus 39 in the BONCB

Exodus 39 in the BONLT

Exodus 39 in the BONUT2

Exodus 39 in the BOPLNT

Exodus 39 in the BOSCB

Exodus 39 in the BOSNC

Exodus 39 in the BOTLNT

Exodus 39 in the BOVCB

Exodus 39 in the BOYCB

Exodus 39 in the BPBB

Exodus 39 in the BPH

Exodus 39 in the BSB

Exodus 39 in the CCB

Exodus 39 in the CUV

Exodus 39 in the CUVS

Exodus 39 in the DBT

Exodus 39 in the DGDNT

Exodus 39 in the DHNT

Exodus 39 in the DNT

Exodus 39 in the ELBE

Exodus 39 in the EMTV

Exodus 39 in the ESV

Exodus 39 in the FBV

Exodus 39 in the FEB

Exodus 39 in the GGMNT

Exodus 39 in the GNT

Exodus 39 in the HARY

Exodus 39 in the HNT

Exodus 39 in the IRVA

Exodus 39 in the IRVB

Exodus 39 in the IRVG

Exodus 39 in the IRVH

Exodus 39 in the IRVK

Exodus 39 in the IRVM

Exodus 39 in the IRVM2

Exodus 39 in the IRVO

Exodus 39 in the IRVP

Exodus 39 in the IRVT

Exodus 39 in the IRVT2

Exodus 39 in the IRVU

Exodus 39 in the ISVN

Exodus 39 in the JSNT

Exodus 39 in the KAPI

Exodus 39 in the KBT1ETNIK

Exodus 39 in the KBV

Exodus 39 in the KJV

Exodus 39 in the KNFD

Exodus 39 in the LBA

Exodus 39 in the LBLA

Exodus 39 in the LNT

Exodus 39 in the LSV

Exodus 39 in the MAAL

Exodus 39 in the MBV

Exodus 39 in the MBV2

Exodus 39 in the MHNT

Exodus 39 in the MKNFD

Exodus 39 in the MNG

Exodus 39 in the MNT

Exodus 39 in the MNT2

Exodus 39 in the MRS1T

Exodus 39 in the NAA

Exodus 39 in the NASB

Exodus 39 in the NBLA

Exodus 39 in the NBS

Exodus 39 in the NBVTP

Exodus 39 in the NET2

Exodus 39 in the NIV11

Exodus 39 in the NNT

Exodus 39 in the NNT2

Exodus 39 in the NNT3

Exodus 39 in the PDDPT

Exodus 39 in the PFNT

Exodus 39 in the RMNT

Exodus 39 in the SBIAS

Exodus 39 in the SBIBS

Exodus 39 in the SBIBS2

Exodus 39 in the SBICS

Exodus 39 in the SBIDS

Exodus 39 in the SBIGS

Exodus 39 in the SBIHS

Exodus 39 in the SBIIS

Exodus 39 in the SBIIS2

Exodus 39 in the SBIIS3

Exodus 39 in the SBIKS

Exodus 39 in the SBIKS2

Exodus 39 in the SBIMS

Exodus 39 in the SBIOS

Exodus 39 in the SBIPS

Exodus 39 in the SBISS

Exodus 39 in the SBITS

Exodus 39 in the SBITS2

Exodus 39 in the SBITS3

Exodus 39 in the SBITS4

Exodus 39 in the SBIUS

Exodus 39 in the SBIVS

Exodus 39 in the SBT

Exodus 39 in the SBT1E

Exodus 39 in the SCHL

Exodus 39 in the SNT

Exodus 39 in the SUSU

Exodus 39 in the SUSU2

Exodus 39 in the SYNO

Exodus 39 in the TBIAOTANT

Exodus 39 in the TBT1E

Exodus 39 in the TBT1E2

Exodus 39 in the TFTIP

Exodus 39 in the TFTU

Exodus 39 in the TGNTATF3T

Exodus 39 in the THAI

Exodus 39 in the TNFD

Exodus 39 in the TNT

Exodus 39 in the TNTIK

Exodus 39 in the TNTIL

Exodus 39 in the TNTIN

Exodus 39 in the TNTIP

Exodus 39 in the TNTIZ

Exodus 39 in the TOMA

Exodus 39 in the TTENT

Exodus 39 in the UBG

Exodus 39 in the UGV

Exodus 39 in the UGV2

Exodus 39 in the UGV3

Exodus 39 in the VBL

Exodus 39 in the VDCC

Exodus 39 in the YALU

Exodus 39 in the YAPE

Exodus 39 in the YBVTP

Exodus 39 in the ZBP