Ezekiel 23 (BOATCB)

1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, mmaa baanu a wɔyɛ ɔbaa baako mma tenaa ase. 3 Wɔbɛyɛɛ adwamammɔfoɔ wɔ Misraim, na wɔbɔɔ adwaman firii wɔn mmabaawaberɛ mu. Wɔmiamiaa wɔn nufu, feefee wɔn wɔ asase no so. 4 Ɔpanin no din de Ohola ɛnna ne nuabaa no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola ne Samaria ɛnna Oholiba nso ne Yerusalem. 5 “Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ adwaman; nʼani tu dii nʼapɛfoɔ akyi, Asiriafoɔ, akofoɔ no 6 a wɔhyehyɛ ntadeɛ bibire, amradofoɔ ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ soɔ. 7 Ɔne Asiriafoɔ atitire bɔɔ adwaman, na ɔsomm wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi. 8 Wannyae nʼadwamammɔ a ɔhyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no, ɛberɛ a ɔyɛ ababaawa na mmarima ne no daeɛ, sosɔɔ ne mpokuwa mu na wɔhwiee wɔn akɔnnɔ guu ne soɔ. 9 “Ɛno enti mede no maa nʼadɔfoɔ Asiriafoɔ no a nʼani bere wɔn no. 10 Wɔbɔɔ no adagya, faa ne mmammarima ne ne mmammaa kɔeɛ, na wɔde akofena kumm no. Ɔgyee ne din wɔ mmaa mu na asotwe baa no so. 11 “Ne nuabaa Oholiba hunuu yei nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼadwaman senee ne nuabaa no deɛ. 12 Ɔno nso dii Asiriafoɔ no akyi; amradofoɔ ne asahene, akofoɔ a wɔhyehyɛ wɔn ntadeɛ, apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ. 13 Mehunuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɛkwan korɔ so. 14 “Na ɔtoaa nʼadwamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ɔhunuu mmarima mfoni a wɔakurukyire agu ɔfasuo bi ho, Kaldeafoɔ mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyire 15 a abɔsoɔ bobɔ wɔn asene mu na abɔtiten bobɔ wɔn tiri a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanimfoɔ a wɔfiri Kaldea. 16 Ɔhunuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea. 17 Na Babiloniafoɔ no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, wɔguu ne ho fi. Wɔguu ne ho fi wieeɛ no wɔn ho fonoo no enti ɔgyaa wɔn. 18 Ɔkɔɔ so wɔ nʼadwamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagya no, megyaa no hɔ sɛdeɛ megyaa ne nuabaa no hɔ pɛpɛɛpɛ. 19 Na ɔmaa nʼadwamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaawaberɛ a na ɔbɔ adwaman wɔ Misraim no. 20 Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfoɔ a wɔn barima te sɛ mfunumu deɛ na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no bɔɔ adwaman. 21 Na wo kɔn dɔɔ wo mmabunu mu akɔnnɔ bɔne no, deɛ woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na wɔmiamiaa wo mpɔkowa no. 22 “Ɛno enti, Oholiba, yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Mɛhwanyan wʼadɔfoɔ atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo woɔ ma wogyaa wɔn hɔ no; mede wɔn bɛfiri afanan nyinaa abɛtia wo. 23 Babiloniafoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafoɔ no ne wɔn bɛba, mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ a wɔn nyinaa yɛ amradofoɔ, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfoɔ ne mmarima a wɔkura diberɛ akɛseɛ a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ. 24 Wɔde akodeɛ, nteaseɛnam ahodoɔ ne nipadɔm bɛba abɛtia wo; wɔde akokyɛm akɛseɛ ne nketewa ne dadeɛ kyɛ bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛeɛ so atwe wo aso. 25 Mɛdane me ninkunu abufuo no akyerɛ wo so, na wɔne wo bɛdi no anibereɛ so. Wɔbɛtwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔbɛfa mo mmammarima ne mo mmammaa akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahye mo. 26 Wɔbɛpa wo ho ntoma nso na wɔafa wʼadwinneɛ. 27 Ɛno enti mɛma wʼakɔnnɔbɔne ne adwamammɔ a wohyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no aba nʼawieeɛ. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi na worenkae Misraim bio. 28 “Na sei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfoɔ nsa, wɔn a wɔn ho fonoo woɔ ma wogyaee wɔn no. 29 Wɔde ɔtan ne wo bɛdi, na wɔafa deɛ woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wɔbɛgya wo adagya ne kwaterekwa, na wʼadwamammɔ ho aniwuo no bɛda adi. Wʼaniwudeɛ ne wʼadwamansɛm no 30 na ɛde yeinom aba wo so, ɛfiri sɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi. 31 Woayɛ deɛ wo nuabaa yɛeɛ no bi; na ɛno enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa. 32 “Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ:“Wobɛnom wo nuabaa kuruwa ano,kuruwa a ɛso na emu dɔ;ɛde fɛdie ne ahohora bɛba,ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ mu dɔɔso. 33 Nsãborɔ ne awerɛhoɔ bɛhyɛ wo ma,ɔsɛeɛ ne afoyɛ kuruwa no,wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma. 34 Wobɛnom a hwee renka mu:wode bɛhwe fam ma abobɔ nketenketena woatete wo mpokuwa mu.Me na maka, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 35 “Ɛno enti yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Esiane sɛ wo werɛ afiri me na woato me atwene wʼakyi enti, ɛsɛ sɛ wonya wʼaniwudeɛ ne wʼadwamammɔ so akatua.” 36 AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn anaa? Ɛnneɛ fa wɔn akyiwadeɛ no si wɔn anim, 37 ɛfiri sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee awadeɛ no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔn aduane. 38 Wɔde yei nso ayɛ me: Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, wɔguu me kronkronbea ne me home nna ho fi. 39 Ɛda a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛnee me kronkronbea hɔ kɔguu ho fi. Yei na wɔyɛɛ wɔ me fie. 40 “Wɔsomaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ mmarima a wɔfiri akyirikyiri baeɛ, na wɔbɛduruiɛ no, modwareeɛ, kekaa mo ani akyi, de mo adwinneɛ hyehyɛɛ mo ho maa wɔn. 41 Motenaa akonnwa papa bi a wɔde ɛpono a wɔasɛ so asi anim. Ɛso na mode nnuhwam ne ngo a anka ɛyɛ me dea sisiiɛ. 42 “Na hooyɛ a ɛfiri nipakuo bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafoɔ firi ɛserɛ no so ne mmarima a wɔfiri ɛdɔm no mu baeɛ na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbaa no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ. 43 Na meka faa deɛ awaresɛeɛ ama watete no ho sɛ, ‘Momma wɔnyɛ no sɛ odwamanfoɔ, ɛfiri sɛ saa ara pɛ na ɔteɛ.’ 44 Na wɔne no daeɛ. Sɛdeɛ mmarima ne odwamanfoɔ da no, saa ara na wɔne saa mmaa a wɔn ho yɛ aniwuo no, Ohola ne Oholiba, daeɛ. 45 Nanso mmarima teneneefoɔ de asotwe a wɔde ma mmaa a wɔsɛe awadeɛ na wɔka mogya guo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na wɔn nsa ho wɔ mogya. 46 “Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Fa nipakuo bra bɛtia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so. 47 Nipakuo no bɛsi wɔn aboɔ na wɔde wɔn akofena bɛto ahyɛ wɔn so. Wɔbɛkunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa na wɔahye wɔn afie. 48 “Ɛno enti mɛma aniwudeyɛ aba awieeɛ wɔ asase no so na abɔ afanan nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo. 49 Wobɛnya wʼaniwudeɛ so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ AWURADE no.”

In Other Versions

Ezekiel 23 in the ANGEFD

Ezekiel 23 in the ANTPNG2D

Ezekiel 23 in the AS21

Ezekiel 23 in the BAGH

Ezekiel 23 in the BBPNG

Ezekiel 23 in the BBT1E

Ezekiel 23 in the BDS

Ezekiel 23 in the BEV

Ezekiel 23 in the BHAD

Ezekiel 23 in the BIB

Ezekiel 23 in the BLPT

Ezekiel 23 in the BNT

Ezekiel 23 in the BNTABOOT

Ezekiel 23 in the BNTLV

Ezekiel 23 in the BOATCB2

Ezekiel 23 in the BOBCV

Ezekiel 23 in the BOCNT

Ezekiel 23 in the BOECS

Ezekiel 23 in the BOGWICC

Ezekiel 23 in the BOHCB

Ezekiel 23 in the BOHCV

Ezekiel 23 in the BOHLNT

Ezekiel 23 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 23 in the BOICB

Ezekiel 23 in the BOILNTAP

Ezekiel 23 in the BOITCV

Ezekiel 23 in the BOKCV

Ezekiel 23 in the BOKCV2

Ezekiel 23 in the BOKHWOG

Ezekiel 23 in the BOKSSV

Ezekiel 23 in the BOLCB

Ezekiel 23 in the BOLCB2

Ezekiel 23 in the BOMCV

Ezekiel 23 in the BONAV

Ezekiel 23 in the BONCB

Ezekiel 23 in the BONLT

Ezekiel 23 in the BONUT2

Ezekiel 23 in the BOPLNT

Ezekiel 23 in the BOSCB

Ezekiel 23 in the BOSNC

Ezekiel 23 in the BOTLNT

Ezekiel 23 in the BOVCB

Ezekiel 23 in the BOYCB

Ezekiel 23 in the BPBB

Ezekiel 23 in the BPH

Ezekiel 23 in the BSB

Ezekiel 23 in the CCB

Ezekiel 23 in the CUV

Ezekiel 23 in the CUVS

Ezekiel 23 in the DBT

Ezekiel 23 in the DGDNT

Ezekiel 23 in the DHNT

Ezekiel 23 in the DNT

Ezekiel 23 in the ELBE

Ezekiel 23 in the EMTV

Ezekiel 23 in the ESV

Ezekiel 23 in the FBV

Ezekiel 23 in the FEB

Ezekiel 23 in the GGMNT

Ezekiel 23 in the GNT

Ezekiel 23 in the HARY

Ezekiel 23 in the HNT

Ezekiel 23 in the IRVA

Ezekiel 23 in the IRVB

Ezekiel 23 in the IRVG

Ezekiel 23 in the IRVH

Ezekiel 23 in the IRVK

Ezekiel 23 in the IRVM

Ezekiel 23 in the IRVM2

Ezekiel 23 in the IRVO

Ezekiel 23 in the IRVP

Ezekiel 23 in the IRVT

Ezekiel 23 in the IRVT2

Ezekiel 23 in the IRVU

Ezekiel 23 in the ISVN

Ezekiel 23 in the JSNT

Ezekiel 23 in the KAPI

Ezekiel 23 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 23 in the KBV

Ezekiel 23 in the KJV

Ezekiel 23 in the KNFD

Ezekiel 23 in the LBA

Ezekiel 23 in the LBLA

Ezekiel 23 in the LNT

Ezekiel 23 in the LSV

Ezekiel 23 in the MAAL

Ezekiel 23 in the MBV

Ezekiel 23 in the MBV2

Ezekiel 23 in the MHNT

Ezekiel 23 in the MKNFD

Ezekiel 23 in the MNG

Ezekiel 23 in the MNT

Ezekiel 23 in the MNT2

Ezekiel 23 in the MRS1T

Ezekiel 23 in the NAA

Ezekiel 23 in the NASB

Ezekiel 23 in the NBLA

Ezekiel 23 in the NBS

Ezekiel 23 in the NBVTP

Ezekiel 23 in the NET2

Ezekiel 23 in the NIV11

Ezekiel 23 in the NNT

Ezekiel 23 in the NNT2

Ezekiel 23 in the NNT3

Ezekiel 23 in the PDDPT

Ezekiel 23 in the PFNT

Ezekiel 23 in the RMNT

Ezekiel 23 in the SBIAS

Ezekiel 23 in the SBIBS

Ezekiel 23 in the SBIBS2

Ezekiel 23 in the SBICS

Ezekiel 23 in the SBIDS

Ezekiel 23 in the SBIGS

Ezekiel 23 in the SBIHS

Ezekiel 23 in the SBIIS

Ezekiel 23 in the SBIIS2

Ezekiel 23 in the SBIIS3

Ezekiel 23 in the SBIKS

Ezekiel 23 in the SBIKS2

Ezekiel 23 in the SBIMS

Ezekiel 23 in the SBIOS

Ezekiel 23 in the SBIPS

Ezekiel 23 in the SBISS

Ezekiel 23 in the SBITS

Ezekiel 23 in the SBITS2

Ezekiel 23 in the SBITS3

Ezekiel 23 in the SBITS4

Ezekiel 23 in the SBIUS

Ezekiel 23 in the SBIVS

Ezekiel 23 in the SBT

Ezekiel 23 in the SBT1E

Ezekiel 23 in the SCHL

Ezekiel 23 in the SNT

Ezekiel 23 in the SUSU

Ezekiel 23 in the SUSU2

Ezekiel 23 in the SYNO

Ezekiel 23 in the TBIAOTANT

Ezekiel 23 in the TBT1E

Ezekiel 23 in the TBT1E2

Ezekiel 23 in the TFTIP

Ezekiel 23 in the TFTU

Ezekiel 23 in the TGNTATF3T

Ezekiel 23 in the THAI

Ezekiel 23 in the TNFD

Ezekiel 23 in the TNT

Ezekiel 23 in the TNTIK

Ezekiel 23 in the TNTIL

Ezekiel 23 in the TNTIN

Ezekiel 23 in the TNTIP

Ezekiel 23 in the TNTIZ

Ezekiel 23 in the TOMA

Ezekiel 23 in the TTENT

Ezekiel 23 in the UBG

Ezekiel 23 in the UGV

Ezekiel 23 in the UGV2

Ezekiel 23 in the UGV3

Ezekiel 23 in the VBL

Ezekiel 23 in the VDCC

Ezekiel 23 in the YALU

Ezekiel 23 in the YAPE

Ezekiel 23 in the YBVTP

Ezekiel 23 in the ZBP