Ezekiel 46 (BOATCB)

1 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adihɔ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ no mu nnafua nsia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔbosome Foforɔ ɛda no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ. 2 Ɔhene no bɛfiri mfikyire awura ɛpono no ntwonoo mu na wabɛgyina aponnwa no ho. Asɔfoɔ no de ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛbɔ afɔdeɛ. Ɔbɛsɔre wɔ ɛpono no aboboano na wasane apue, nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ. 3 Home nna ne ɔbosome foforɔ nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofoɔ sɔre wɔ AWURADE anim wɔ ɛpono no aboboano. 4 Afɔrebɔdeɛ a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ AWURADE wɔ Homeda no yɛ nnwammaa nsia ne odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm. 5 Aduane afɔrebɔdeɛ a wɔde ka odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na deɛ wɔde ka nnwammaa no ho yɛ deɛ ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita ɛnan ka aduane kilogram dunsia biara ho. 6 Ɔbosome Foforɔ ɛda no, ɔmfa nantwie ba a ɔyɛ ɔnini, nnwammaa nsia ne nnwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra. 7 Ɔmfa atokoɔ kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne nnwennini no nso saa ara, na nnwammaa no deɛ, ɔmfa atokoɔ dodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita ɛnan nka atokoɔ kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduane afɔrebɔdeɛ. 8 Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono no ntwonoo no mu, na ɛsɛ sɛ ɛhɔ ara na ɔfa de firi adi. 9 “ ‘Na sɛ asase no sofoɔ ba AWURADE anim apontoɔ nna no a, deɛ ɔbɛfa atifi ɛpono no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafoɔ ɛpono no mu mfiri adi; saa ara na deɛ ɔfa anafoɔ ɛpono mu kɔ mu no nso, ɔmfa atifi ɛpono no mu mfiri adi. Ɛnsɛ sɛ obiara sane fa ɛpono a ɔfaa mu hyɛnee mu no mu firi adi. 10 Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afiri adi. 11 “ ‘Afahyɛ ne apontoɔ nna no, aduane afɔrebɔdeɛ no nyɛ nantwinini baako ne atokoɔ kilogram dunsia, nnwennini ne atokoɔ kilogram dunsia, na nnwammaa no deɛ atokoɔ dodoɔ ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita ɛnan ka atokoɔ kilogram dunsia biara ho. 12 “ ‘Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛfiri ne pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama AWURADE no, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔbue ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyeɛ anaa ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no sɛdeɛ ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei ɔbɛfiri adi na ɛno akyi wɔbɛto ɛpono no mu. 13 “ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE. 14 Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ kilogram mmiɛnsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔre esiam no. Aduane afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15 Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. 16 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Sɛ ɔhene no de nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ ne mmammarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefoɔ dea na ɛyɛ wɔn agyapadeɛ. 17 Nanso sɛ ɔde nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ nʼasomfoɔ no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfoɔ no dea kɔsi nʼahofadie afe. Ɛno akyi ɛbɛsane abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapadeɛ yɛ ne mmammarima nko ara dea. 18 Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapadeɛ biara, pam wɔn firi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmammarima agyapadeɛ firi ɔno ankasa ahodeɛ mu, sɛdeɛ me nkurɔfoɔ mu biara remfiri nʼasase so.’ ” 19 Afei, ɔbarima no de me faa ɛkwan a ɛda ɛpono no nkyɛnmu a ɛkɔ adan kronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, deɛ ɛyɛ asɔfoɔ no dea no, na ɔkyerɛɛ me beaeɛ bi a ɛwɔ atɔeɛ fam. 20 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha ne beaeɛ a asɔfoɔ no bɛnoa afɔdie afɔrebɔdeɛ ne bɔne afɔrebɔdeɛ na wɔato atokoɔ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ wɔremfa mma mfikyire adihɔ hɔ mmɛdwira nkurɔfoɔ no ho.” 21 Ɔde me baa adihɔ a ɛwɔ afikyire hɔ no na ɔdii mʼanim de me kɔɔ ne ntweaso ɛnan no so, na mehunuu adihɔ foforɔ wɔ ntwea biara so. 22 Mfikyire adihɔ no ntweaso ɛnan no mu biara wɔ adihɔ a ɛhyɛ mu a ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum; na saa adihɔ yi nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 23 Afasuo no mu biara anim no na wɔahyehyɛ aboɔ de aseɛ no ayɛ bukyia wɔ afaafa nyinaa. 24 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfoɔ no afɔrebɔdeɛ.”

In Other Versions

Ezekiel 46 in the ANGEFD

Ezekiel 46 in the ANTPNG2D

Ezekiel 46 in the AS21

Ezekiel 46 in the BAGH

Ezekiel 46 in the BBPNG

Ezekiel 46 in the BBT1E

Ezekiel 46 in the BDS

Ezekiel 46 in the BEV

Ezekiel 46 in the BHAD

Ezekiel 46 in the BIB

Ezekiel 46 in the BLPT

Ezekiel 46 in the BNT

Ezekiel 46 in the BNTABOOT

Ezekiel 46 in the BNTLV

Ezekiel 46 in the BOATCB2

Ezekiel 46 in the BOBCV

Ezekiel 46 in the BOCNT

Ezekiel 46 in the BOECS

Ezekiel 46 in the BOGWICC

Ezekiel 46 in the BOHCB

Ezekiel 46 in the BOHCV

Ezekiel 46 in the BOHLNT

Ezekiel 46 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 46 in the BOICB

Ezekiel 46 in the BOILNTAP

Ezekiel 46 in the BOITCV

Ezekiel 46 in the BOKCV

Ezekiel 46 in the BOKCV2

Ezekiel 46 in the BOKHWOG

Ezekiel 46 in the BOKSSV

Ezekiel 46 in the BOLCB

Ezekiel 46 in the BOLCB2

Ezekiel 46 in the BOMCV

Ezekiel 46 in the BONAV

Ezekiel 46 in the BONCB

Ezekiel 46 in the BONLT

Ezekiel 46 in the BONUT2

Ezekiel 46 in the BOPLNT

Ezekiel 46 in the BOSCB

Ezekiel 46 in the BOSNC

Ezekiel 46 in the BOTLNT

Ezekiel 46 in the BOVCB

Ezekiel 46 in the BOYCB

Ezekiel 46 in the BPBB

Ezekiel 46 in the BPH

Ezekiel 46 in the BSB

Ezekiel 46 in the CCB

Ezekiel 46 in the CUV

Ezekiel 46 in the CUVS

Ezekiel 46 in the DBT

Ezekiel 46 in the DGDNT

Ezekiel 46 in the DHNT

Ezekiel 46 in the DNT

Ezekiel 46 in the ELBE

Ezekiel 46 in the EMTV

Ezekiel 46 in the ESV

Ezekiel 46 in the FBV

Ezekiel 46 in the FEB

Ezekiel 46 in the GGMNT

Ezekiel 46 in the GNT

Ezekiel 46 in the HARY

Ezekiel 46 in the HNT

Ezekiel 46 in the IRVA

Ezekiel 46 in the IRVB

Ezekiel 46 in the IRVG

Ezekiel 46 in the IRVH

Ezekiel 46 in the IRVK

Ezekiel 46 in the IRVM

Ezekiel 46 in the IRVM2

Ezekiel 46 in the IRVO

Ezekiel 46 in the IRVP

Ezekiel 46 in the IRVT

Ezekiel 46 in the IRVT2

Ezekiel 46 in the IRVU

Ezekiel 46 in the ISVN

Ezekiel 46 in the JSNT

Ezekiel 46 in the KAPI

Ezekiel 46 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 46 in the KBV

Ezekiel 46 in the KJV

Ezekiel 46 in the KNFD

Ezekiel 46 in the LBA

Ezekiel 46 in the LBLA

Ezekiel 46 in the LNT

Ezekiel 46 in the LSV

Ezekiel 46 in the MAAL

Ezekiel 46 in the MBV

Ezekiel 46 in the MBV2

Ezekiel 46 in the MHNT

Ezekiel 46 in the MKNFD

Ezekiel 46 in the MNG

Ezekiel 46 in the MNT

Ezekiel 46 in the MNT2

Ezekiel 46 in the MRS1T

Ezekiel 46 in the NAA

Ezekiel 46 in the NASB

Ezekiel 46 in the NBLA

Ezekiel 46 in the NBS

Ezekiel 46 in the NBVTP

Ezekiel 46 in the NET2

Ezekiel 46 in the NIV11

Ezekiel 46 in the NNT

Ezekiel 46 in the NNT2

Ezekiel 46 in the NNT3

Ezekiel 46 in the PDDPT

Ezekiel 46 in the PFNT

Ezekiel 46 in the RMNT

Ezekiel 46 in the SBIAS

Ezekiel 46 in the SBIBS

Ezekiel 46 in the SBIBS2

Ezekiel 46 in the SBICS

Ezekiel 46 in the SBIDS

Ezekiel 46 in the SBIGS

Ezekiel 46 in the SBIHS

Ezekiel 46 in the SBIIS

Ezekiel 46 in the SBIIS2

Ezekiel 46 in the SBIIS3

Ezekiel 46 in the SBIKS

Ezekiel 46 in the SBIKS2

Ezekiel 46 in the SBIMS

Ezekiel 46 in the SBIOS

Ezekiel 46 in the SBIPS

Ezekiel 46 in the SBISS

Ezekiel 46 in the SBITS

Ezekiel 46 in the SBITS2

Ezekiel 46 in the SBITS3

Ezekiel 46 in the SBITS4

Ezekiel 46 in the SBIUS

Ezekiel 46 in the SBIVS

Ezekiel 46 in the SBT

Ezekiel 46 in the SBT1E

Ezekiel 46 in the SCHL

Ezekiel 46 in the SNT

Ezekiel 46 in the SUSU

Ezekiel 46 in the SUSU2

Ezekiel 46 in the SYNO

Ezekiel 46 in the TBIAOTANT

Ezekiel 46 in the TBT1E

Ezekiel 46 in the TBT1E2

Ezekiel 46 in the TFTIP

Ezekiel 46 in the TFTU

Ezekiel 46 in the TGNTATF3T

Ezekiel 46 in the THAI

Ezekiel 46 in the TNFD

Ezekiel 46 in the TNT

Ezekiel 46 in the TNTIK

Ezekiel 46 in the TNTIL

Ezekiel 46 in the TNTIN

Ezekiel 46 in the TNTIP

Ezekiel 46 in the TNTIZ

Ezekiel 46 in the TOMA

Ezekiel 46 in the TTENT

Ezekiel 46 in the UBG

Ezekiel 46 in the UGV

Ezekiel 46 in the UGV2

Ezekiel 46 in the UGV3

Ezekiel 46 in the VBL

Ezekiel 46 in the VDCC

Ezekiel 46 in the YALU

Ezekiel 46 in the YAPE

Ezekiel 46 in the YBVTP

Ezekiel 46 in the ZBP