Ezra 4 (BOATCB)

1 Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ wɔn a wɔatwa wɔn asuo no resiesie AWURADE, Israel Onyankopɔn, asɔredan no. 2 Enti, wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofoɔ no a aka no nkyɛn, na wɔkaa sɛ, “Momma yɛne mo nsi, ɛfiri sɛ, yɛsom mo Onyankopɔn sɛdeɛ mosom no no. Ɛfiri ɛberɛ a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔdeɛ ama no.” 3 Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofoɔ bi buaa sɛ, “Monni kyɛfa wɔ saa dwuma yi die mu, ɛfiri sɛ, yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yɛbɛsi AWURADE, Israel Onyankopɔn asɔredan no sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.” 4 Na ɔmanfoɔ no pɛɛ sɛ wɔbu Yudafoɔ no aba mu na wɔhunahunaa wɔn adwuma no yɛ ho. 5 Wɔhyɛɛ ananmusifoɔ bi afonom sɛ wɔntia wɔn na wɔnsɛe wɔn botaeɛ. Yei kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahennie nyinaa mu, kɔsii ɛberɛ a Persiahene Dario bɛdii ahennwa no. 6 Ɛberɛ a Ahasweros dii adeɛ mfeɛ kakra bi akyi no, Yudafoɔ atamfoɔ twerɛɛ no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem. 7 Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta berɛ so no, Yuda atamfoɔ a Bislam, Mitredat ne Tabeel di animu, twerɛɛ krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ aseɛ kyerɛɛ ɔhene no. 8 Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ twerɛɛ krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛdeɛ ɔman Yerusalem mu teɛ. 9 Wɔkyeaa ɔhene no, ma ɛkɔtoo wɔn adɔmfoɔ, atemmufoɔ ne ɔman no mu ntuanofoɔ, Tarpela ɔmanfoɔ, Persiafoɔ, Babiloniafoɔ ne Elamfoɔ. 10 Wɔsane kyeaa nnipa a aka no a ɔkɛseɛ ne otitire Asurbanipa atwa wɔn asuo, de wɔn akɔgu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no so no. 11 Yei yɛ krataa no nsɛso a wɔde kɔmaa no:Ɛfiri wʼasomfoɔ nokwafoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nkyɛn de kɔma Artasasta: 12 Yɛsrɛ wo, yɛrebɔ wo amaneɛ sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie adɔnyɛfoɔ ne abɔnefoɔ kuro no. Wɔato afasuo no fapem dada, na ɛrenkyɛre na wɔawie. 13 Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi ne nʼafasuo no wie a, ɛremmoa wo koraa, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ no rentua wɔn toɔ ne adwadeɛ biara mma wo. 14 Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfoɔ nokwafoɔ enti, yɛmpɛ sɛ wʼanim bɛgu ase wɔ saa kwan yi so, enti na yɛrebɔ wo saa amaneɛ yi. 15 Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hunu sɛdeɛ saa kuro yi yɛɛ adɔnyɛ kuro tete no. Nokorɛ nie, wɔsɛee no, ɛsiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛɛ sɛ wɔdi wɔn so no enti. 16 Yɛpae mu ka sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi na wɔwie nʼafasuo no a, wobɛhwere asuo Eufrate atɔeɛ fam asase no. 17 Artasasta mmuaeɛ nie:Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa. 18 Mekyea mo nyinaa. Krataa a motwerɛeɛ no, wɔakyerɛ aseɛ, akenkan akyerɛ me. 19 Mahyɛ sɛ, wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu, na mahunu sɛ, ampa ara, mmerɛ bi a atwam no, na Yerusalem yɛ adɔnyɛman a ɛtiaa ahemfo bebree. Nokorɛm, sɛ wɔsɔre tia tumi, na ɔmantuguo yɛ adeɛ a wɔyɛ daa wɔ hɔ. 20 Ahemfo atumfoɔ a adi adeɛ Yerusalem ne asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa agye toɔ ne adwadeɛ bebree. 21 Ɛno enti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wɔsiesie kuro no, gye sɛ mema ho kwan. 22 Monntwentwɛn so koraa, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam. 23 Ɛberɛ a wɔkenkan saa krataa a ɛfiri ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafoɔ, ma wɔgyaee dansie no. 24 Wɔgyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ deɛ aduru hɔ ara, kɔsii Persiahene Dario ahennie mfeɛ a ɛtɔ so mmienu so.

In Other Versions

Ezra 4 in the ANGEFD

Ezra 4 in the ANTPNG2D

Ezra 4 in the AS21

Ezra 4 in the BAGH

Ezra 4 in the BBPNG

Ezra 4 in the BBT1E

Ezra 4 in the BDS

Ezra 4 in the BEV

Ezra 4 in the BHAD

Ezra 4 in the BIB

Ezra 4 in the BLPT

Ezra 4 in the BNT

Ezra 4 in the BNTABOOT

Ezra 4 in the BNTLV

Ezra 4 in the BOATCB2

Ezra 4 in the BOBCV

Ezra 4 in the BOCNT

Ezra 4 in the BOECS

Ezra 4 in the BOGWICC

Ezra 4 in the BOHCB

Ezra 4 in the BOHCV

Ezra 4 in the BOHLNT

Ezra 4 in the BOHNTLTAL

Ezra 4 in the BOICB

Ezra 4 in the BOILNTAP

Ezra 4 in the BOITCV

Ezra 4 in the BOKCV

Ezra 4 in the BOKCV2

Ezra 4 in the BOKHWOG

Ezra 4 in the BOKSSV

Ezra 4 in the BOLCB

Ezra 4 in the BOLCB2

Ezra 4 in the BOMCV

Ezra 4 in the BONAV

Ezra 4 in the BONCB

Ezra 4 in the BONLT

Ezra 4 in the BONUT2

Ezra 4 in the BOPLNT

Ezra 4 in the BOSCB

Ezra 4 in the BOSNC

Ezra 4 in the BOTLNT

Ezra 4 in the BOVCB

Ezra 4 in the BOYCB

Ezra 4 in the BPBB

Ezra 4 in the BPH

Ezra 4 in the BSB

Ezra 4 in the CCB

Ezra 4 in the CUV

Ezra 4 in the CUVS

Ezra 4 in the DBT

Ezra 4 in the DGDNT

Ezra 4 in the DHNT

Ezra 4 in the DNT

Ezra 4 in the ELBE

Ezra 4 in the EMTV

Ezra 4 in the ESV

Ezra 4 in the FBV

Ezra 4 in the FEB

Ezra 4 in the GGMNT

Ezra 4 in the GNT

Ezra 4 in the HARY

Ezra 4 in the HNT

Ezra 4 in the IRVA

Ezra 4 in the IRVB

Ezra 4 in the IRVG

Ezra 4 in the IRVH

Ezra 4 in the IRVK

Ezra 4 in the IRVM

Ezra 4 in the IRVM2

Ezra 4 in the IRVO

Ezra 4 in the IRVP

Ezra 4 in the IRVT

Ezra 4 in the IRVT2

Ezra 4 in the IRVU

Ezra 4 in the ISVN

Ezra 4 in the JSNT

Ezra 4 in the KAPI

Ezra 4 in the KBT1ETNIK

Ezra 4 in the KBV

Ezra 4 in the KJV

Ezra 4 in the KNFD

Ezra 4 in the LBA

Ezra 4 in the LBLA

Ezra 4 in the LNT

Ezra 4 in the LSV

Ezra 4 in the MAAL

Ezra 4 in the MBV

Ezra 4 in the MBV2

Ezra 4 in the MHNT

Ezra 4 in the MKNFD

Ezra 4 in the MNG

Ezra 4 in the MNT

Ezra 4 in the MNT2

Ezra 4 in the MRS1T

Ezra 4 in the NAA

Ezra 4 in the NASB

Ezra 4 in the NBLA

Ezra 4 in the NBS

Ezra 4 in the NBVTP

Ezra 4 in the NET2

Ezra 4 in the NIV11

Ezra 4 in the NNT

Ezra 4 in the NNT2

Ezra 4 in the NNT3

Ezra 4 in the PDDPT

Ezra 4 in the PFNT

Ezra 4 in the RMNT

Ezra 4 in the SBIAS

Ezra 4 in the SBIBS

Ezra 4 in the SBIBS2

Ezra 4 in the SBICS

Ezra 4 in the SBIDS

Ezra 4 in the SBIGS

Ezra 4 in the SBIHS

Ezra 4 in the SBIIS

Ezra 4 in the SBIIS2

Ezra 4 in the SBIIS3

Ezra 4 in the SBIKS

Ezra 4 in the SBIKS2

Ezra 4 in the SBIMS

Ezra 4 in the SBIOS

Ezra 4 in the SBIPS

Ezra 4 in the SBISS

Ezra 4 in the SBITS

Ezra 4 in the SBITS2

Ezra 4 in the SBITS3

Ezra 4 in the SBITS4

Ezra 4 in the SBIUS

Ezra 4 in the SBIVS

Ezra 4 in the SBT

Ezra 4 in the SBT1E

Ezra 4 in the SCHL

Ezra 4 in the SNT

Ezra 4 in the SUSU

Ezra 4 in the SUSU2

Ezra 4 in the SYNO

Ezra 4 in the TBIAOTANT

Ezra 4 in the TBT1E

Ezra 4 in the TBT1E2

Ezra 4 in the TFTIP

Ezra 4 in the TFTU

Ezra 4 in the TGNTATF3T

Ezra 4 in the THAI

Ezra 4 in the TNFD

Ezra 4 in the TNT

Ezra 4 in the TNTIK

Ezra 4 in the TNTIL

Ezra 4 in the TNTIN

Ezra 4 in the TNTIP

Ezra 4 in the TNTIZ

Ezra 4 in the TOMA

Ezra 4 in the TTENT

Ezra 4 in the UBG

Ezra 4 in the UGV

Ezra 4 in the UGV2

Ezra 4 in the UGV3

Ezra 4 in the VBL

Ezra 4 in the VDCC

Ezra 4 in the YALU

Ezra 4 in the YAPE

Ezra 4 in the YBVTP

Ezra 4 in the ZBP