Genesis 20 (BOATCB)

1 Afei, Abraham tu firii hɔ kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. 2 Abraham maa nnipa no tee aseɛ sɛ, Sara yɛ ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie. 3 Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.” 4 Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? 5 Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.” 6 Afei, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ bio ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, wode adwenem fann ne akoma mu teɛ na ɛyɛɛ deɛ woyɛeɛ no; ɛno enti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno enti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7 Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri sɛ, saa ɔbarima no yɛ odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na sɛ woansane amfa no ankɔma no a, hunu sɛ, wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu.” 8 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie. 9 Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” 10 Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?” 11 Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me. 12 Yei akyiri no, ampa ara, ɔyɛ me nuabaa. Yɛfiri agya korɔ. Yɛmfiri ɛna korɔ. Ɛno enti na mewaree no no. 13 Na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham sɛ, mentu mfiri mʼagya fie nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no, me nso, meka kyerɛɛ Sara sɛ, ‘Adɔeɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ me nie: baabiara a yɛbɛduru no, ka sɛ, meyɛ wo nuabarima.’ ” 14 Enti, Abimelek de nnwan, anantwie, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara sane brɛɛ no. 15 Abimelek kaa sɛ, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.” 16 Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso sɛ, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Yei ne mpatadeɛ a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodie biara nna wo so.” 17 Enti, Abraham bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmaa ne mfenaa a wɔwɔ efie hɔ yadeɛ, ma wɔnwo mma. 18 Esiane Abraham yere Sara enti, AWURADE too Abimelek fiefoɔ nyinaa yafunu mu, de twee Abimelek aso.

In Other Versions

Genesis 20 in the ANGEFD

Genesis 20 in the ANTPNG2D

Genesis 20 in the AS21

Genesis 20 in the BAGH

Genesis 20 in the BBPNG

Genesis 20 in the BBT1E

Genesis 20 in the BDS

Genesis 20 in the BEV

Genesis 20 in the BHAD

Genesis 20 in the BIB

Genesis 20 in the BLPT

Genesis 20 in the BNT

Genesis 20 in the BNTABOOT

Genesis 20 in the BNTLV

Genesis 20 in the BOATCB2

Genesis 20 in the BOBCV

Genesis 20 in the BOCNT

Genesis 20 in the BOECS

Genesis 20 in the BOGWICC

Genesis 20 in the BOHCB

Genesis 20 in the BOHCV

Genesis 20 in the BOHLNT

Genesis 20 in the BOHNTLTAL

Genesis 20 in the BOICB

Genesis 20 in the BOILNTAP

Genesis 20 in the BOITCV

Genesis 20 in the BOKCV

Genesis 20 in the BOKCV2

Genesis 20 in the BOKHWOG

Genesis 20 in the BOKSSV

Genesis 20 in the BOLCB

Genesis 20 in the BOLCB2

Genesis 20 in the BOMCV

Genesis 20 in the BONAV

Genesis 20 in the BONCB

Genesis 20 in the BONLT

Genesis 20 in the BONUT2

Genesis 20 in the BOPLNT

Genesis 20 in the BOSCB

Genesis 20 in the BOSNC

Genesis 20 in the BOTLNT

Genesis 20 in the BOVCB

Genesis 20 in the BOYCB

Genesis 20 in the BPBB

Genesis 20 in the BPH

Genesis 20 in the BSB

Genesis 20 in the CCB

Genesis 20 in the CUV

Genesis 20 in the CUVS

Genesis 20 in the DBT

Genesis 20 in the DGDNT

Genesis 20 in the DHNT

Genesis 20 in the DNT

Genesis 20 in the ELBE

Genesis 20 in the EMTV

Genesis 20 in the ESV

Genesis 20 in the FBV

Genesis 20 in the FEB

Genesis 20 in the GGMNT

Genesis 20 in the GNT

Genesis 20 in the HARY

Genesis 20 in the HNT

Genesis 20 in the IRVA

Genesis 20 in the IRVB

Genesis 20 in the IRVG

Genesis 20 in the IRVH

Genesis 20 in the IRVK

Genesis 20 in the IRVM

Genesis 20 in the IRVM2

Genesis 20 in the IRVO

Genesis 20 in the IRVP

Genesis 20 in the IRVT

Genesis 20 in the IRVT2

Genesis 20 in the IRVU

Genesis 20 in the ISVN

Genesis 20 in the JSNT

Genesis 20 in the KAPI

Genesis 20 in the KBT1ETNIK

Genesis 20 in the KBV

Genesis 20 in the KJV

Genesis 20 in the KNFD

Genesis 20 in the LBA

Genesis 20 in the LBLA

Genesis 20 in the LNT

Genesis 20 in the LSV

Genesis 20 in the MAAL

Genesis 20 in the MBV

Genesis 20 in the MBV2

Genesis 20 in the MHNT

Genesis 20 in the MKNFD

Genesis 20 in the MNG

Genesis 20 in the MNT

Genesis 20 in the MNT2

Genesis 20 in the MRS1T

Genesis 20 in the NAA

Genesis 20 in the NASB

Genesis 20 in the NBLA

Genesis 20 in the NBS

Genesis 20 in the NBVTP

Genesis 20 in the NET2

Genesis 20 in the NIV11

Genesis 20 in the NNT

Genesis 20 in the NNT2

Genesis 20 in the NNT3

Genesis 20 in the PDDPT

Genesis 20 in the PFNT

Genesis 20 in the RMNT

Genesis 20 in the SBIAS

Genesis 20 in the SBIBS

Genesis 20 in the SBIBS2

Genesis 20 in the SBICS

Genesis 20 in the SBIDS

Genesis 20 in the SBIGS

Genesis 20 in the SBIHS

Genesis 20 in the SBIIS

Genesis 20 in the SBIIS2

Genesis 20 in the SBIIS3

Genesis 20 in the SBIKS

Genesis 20 in the SBIKS2

Genesis 20 in the SBIMS

Genesis 20 in the SBIOS

Genesis 20 in the SBIPS

Genesis 20 in the SBISS

Genesis 20 in the SBITS

Genesis 20 in the SBITS2

Genesis 20 in the SBITS3

Genesis 20 in the SBITS4

Genesis 20 in the SBIUS

Genesis 20 in the SBIVS

Genesis 20 in the SBT

Genesis 20 in the SBT1E

Genesis 20 in the SCHL

Genesis 20 in the SNT

Genesis 20 in the SUSU

Genesis 20 in the SUSU2

Genesis 20 in the SYNO

Genesis 20 in the TBIAOTANT

Genesis 20 in the TBT1E

Genesis 20 in the TBT1E2

Genesis 20 in the TFTIP

Genesis 20 in the TFTU

Genesis 20 in the TGNTATF3T

Genesis 20 in the THAI

Genesis 20 in the TNFD

Genesis 20 in the TNT

Genesis 20 in the TNTIK

Genesis 20 in the TNTIL

Genesis 20 in the TNTIN

Genesis 20 in the TNTIP

Genesis 20 in the TNTIZ

Genesis 20 in the TOMA

Genesis 20 in the TTENT

Genesis 20 in the UBG

Genesis 20 in the UGV

Genesis 20 in the UGV2

Genesis 20 in the UGV3

Genesis 20 in the VBL

Genesis 20 in the VDCC

Genesis 20 in the YALU

Genesis 20 in the YAPE

Genesis 20 in the YBVTP

Genesis 20 in the ZBP