Genesis 26 (BOATCB)

1 Afei, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so. Saa ɛkɔm kɛseɛ no sene deɛ ɛbaa Abraham berɛ so no. Ɛno enti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifoɔ ɔhene Abimelek kuro mu. 2 Ɛhɔ na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so. 3 Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua. 4 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa. 5 Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.” 6 Enti, Isak tenaa Gerar. 7 Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no. 8 Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, ɛda bi, Filistifoɔ ɔhene Abimelek gyina ne mpomma mu na ɔhunuu sɛ Isak regoro ne yere Rebeka ho. 9 Ɛno enti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak baeɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa no yɛ wo yere ankasa. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa?’ ”Isak buaa no sɛ, “Mesusuu sɛ, sɛ meka sɛ ɔyɛ me yere a, ne enti, ebia, na wɔakum me.” 10 Ɛnna ɔhene Abimelek kaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokorɛ a woamma anna adi enti, anka obi bɛtumi afa wo yere no, na wode mmusuo aba yɛn so.” 11 Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.” 12 Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na AWURADE hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree. 13 Isak yɛɛ ɔdefoɔ. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso, ma ɔdii taamu. 14 Ɔnyaa nnwan, anantwie, ne asomfoɔ bebree, ma ɛyɛɛ saa maa Filistifoɔ no ani beree no yie. Saa anibereɛ yi enti, Filistifoɔ no de dɔteɛ kɔsisii 15 abura ahodoɔ a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne berɛ so no nyinaa ano. 16 Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Tu firi yɛn asase so, ɛfiri sɛ, wʼahonya dodoɔ aka yɛn ahyɛ.” 17 Isak tu firii Gerar kuro no mu, kɔɔ Gerar subɔnhwa mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenaeɛ. 18 Enti, Isak maa ne nkoa sane tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuiɛ a ne wuo akyiri no, Filistifoɔ no sisii ne nyinaa no. Ɔsane de edin korɔ no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio. 19 Isak nkoa no tuu abura foforɔ bi wɔ Gerar subɔnhwa no mu, kɔtoo nsuo a ɛyɛ korɔgyenn. 20 Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura. 21 Isak nkoa no sane tuu abura foforɔ, nanso Gerar nnwanhwɛfoɔ no sane ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Yei maa Isak sane too saa abura no nso edin Sitna, a aseɛ kyerɛ Aperedie. 22 Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ AWURADE abɔ yɛn atenaseɛ na yɛbɛnya yɛn ho wɔ asase yi so.” 23 Isak tu firii hɔ kɔɔ Beer-Seba. 24 Anadwo no, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene wʼagya, Abraham Onyankopɔn. Nsuro, ɛfiri sɛ, me ne wo na ɛwɔ hɔ. Ɛbɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham enti, mɛhyira wo, na mama wʼasefoɔ adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛseɛ.” 25 Isak sii afɔrebukyia, somm AWURADE wɔ hɔ. Ɔsii ntomadan, tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no. 26 Ɛda bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufoɔ Ahusad ne ne sahene Pikol firi Gerar bɛsraa Isak. 27 Isak bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo a na mo ne me nka, na mopamoo me firii mo nkyɛn aba me ha ɛnnɛ sɛ morebɛsra me?” 28 Wɔbuaa no sɛ, “Yɛhunu pefee sɛ AWURADE wɔ wʼafa enti, yɛasi gyinaeɛ sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no, 29 Ka yɛn ntam sɛ, worenha yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛanha wo no. Yɛne wo tenaa yie. Yɛgyaa wo kwan asomdwoeɛ mu. Afei, hwɛ sɛdeɛ AWURADE ahyira wo.” 30 Isak too wɔn ɛpono, na wɔdidi nomeeɛ de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. 31 Adeɛ kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Afei, Isak gyaa wɔn kwan, ma wɔkɔɔ asomdwoeɛ mu. 32 Ɛda no ara, Isak asomfoɔ bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ, “Yɛato nsuo.” 33 Isak too abura no edin Seba, a aseɛ kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kuro a akyire no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ edin Beer-Seba a ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara. 34 Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. 35 Nanso, Isak ne Rebeka bo annwo saa awadeɛ no so.

In Other Versions

Genesis 26 in the ANGEFD

Genesis 26 in the ANTPNG2D

Genesis 26 in the AS21

Genesis 26 in the BAGH

Genesis 26 in the BBPNG

Genesis 26 in the BBT1E

Genesis 26 in the BDS

Genesis 26 in the BEV

Genesis 26 in the BHAD

Genesis 26 in the BIB

Genesis 26 in the BLPT

Genesis 26 in the BNT

Genesis 26 in the BNTABOOT

Genesis 26 in the BNTLV

Genesis 26 in the BOATCB2

Genesis 26 in the BOBCV

Genesis 26 in the BOCNT

Genesis 26 in the BOECS

Genesis 26 in the BOGWICC

Genesis 26 in the BOHCB

Genesis 26 in the BOHCV

Genesis 26 in the BOHLNT

Genesis 26 in the BOHNTLTAL

Genesis 26 in the BOICB

Genesis 26 in the BOILNTAP

Genesis 26 in the BOITCV

Genesis 26 in the BOKCV

Genesis 26 in the BOKCV2

Genesis 26 in the BOKHWOG

Genesis 26 in the BOKSSV

Genesis 26 in the BOLCB

Genesis 26 in the BOLCB2

Genesis 26 in the BOMCV

Genesis 26 in the BONAV

Genesis 26 in the BONCB

Genesis 26 in the BONLT

Genesis 26 in the BONUT2

Genesis 26 in the BOPLNT

Genesis 26 in the BOSCB

Genesis 26 in the BOSNC

Genesis 26 in the BOTLNT

Genesis 26 in the BOVCB

Genesis 26 in the BOYCB

Genesis 26 in the BPBB

Genesis 26 in the BPH

Genesis 26 in the BSB

Genesis 26 in the CCB

Genesis 26 in the CUV

Genesis 26 in the CUVS

Genesis 26 in the DBT

Genesis 26 in the DGDNT

Genesis 26 in the DHNT

Genesis 26 in the DNT

Genesis 26 in the ELBE

Genesis 26 in the EMTV

Genesis 26 in the ESV

Genesis 26 in the FBV

Genesis 26 in the FEB

Genesis 26 in the GGMNT

Genesis 26 in the GNT

Genesis 26 in the HARY

Genesis 26 in the HNT

Genesis 26 in the IRVA

Genesis 26 in the IRVB

Genesis 26 in the IRVG

Genesis 26 in the IRVH

Genesis 26 in the IRVK

Genesis 26 in the IRVM

Genesis 26 in the IRVM2

Genesis 26 in the IRVO

Genesis 26 in the IRVP

Genesis 26 in the IRVT

Genesis 26 in the IRVT2

Genesis 26 in the IRVU

Genesis 26 in the ISVN

Genesis 26 in the JSNT

Genesis 26 in the KAPI

Genesis 26 in the KBT1ETNIK

Genesis 26 in the KBV

Genesis 26 in the KJV

Genesis 26 in the KNFD

Genesis 26 in the LBA

Genesis 26 in the LBLA

Genesis 26 in the LNT

Genesis 26 in the LSV

Genesis 26 in the MAAL

Genesis 26 in the MBV

Genesis 26 in the MBV2

Genesis 26 in the MHNT

Genesis 26 in the MKNFD

Genesis 26 in the MNG

Genesis 26 in the MNT

Genesis 26 in the MNT2

Genesis 26 in the MRS1T

Genesis 26 in the NAA

Genesis 26 in the NASB

Genesis 26 in the NBLA

Genesis 26 in the NBS

Genesis 26 in the NBVTP

Genesis 26 in the NET2

Genesis 26 in the NIV11

Genesis 26 in the NNT

Genesis 26 in the NNT2

Genesis 26 in the NNT3

Genesis 26 in the PDDPT

Genesis 26 in the PFNT

Genesis 26 in the RMNT

Genesis 26 in the SBIAS

Genesis 26 in the SBIBS

Genesis 26 in the SBIBS2

Genesis 26 in the SBICS

Genesis 26 in the SBIDS

Genesis 26 in the SBIGS

Genesis 26 in the SBIHS

Genesis 26 in the SBIIS

Genesis 26 in the SBIIS2

Genesis 26 in the SBIIS3

Genesis 26 in the SBIKS

Genesis 26 in the SBIKS2

Genesis 26 in the SBIMS

Genesis 26 in the SBIOS

Genesis 26 in the SBIPS

Genesis 26 in the SBISS

Genesis 26 in the SBITS

Genesis 26 in the SBITS2

Genesis 26 in the SBITS3

Genesis 26 in the SBITS4

Genesis 26 in the SBIUS

Genesis 26 in the SBIVS

Genesis 26 in the SBT

Genesis 26 in the SBT1E

Genesis 26 in the SCHL

Genesis 26 in the SNT

Genesis 26 in the SUSU

Genesis 26 in the SUSU2

Genesis 26 in the SYNO

Genesis 26 in the TBIAOTANT

Genesis 26 in the TBT1E

Genesis 26 in the TBT1E2

Genesis 26 in the TFTIP

Genesis 26 in the TFTU

Genesis 26 in the TGNTATF3T

Genesis 26 in the THAI

Genesis 26 in the TNFD

Genesis 26 in the TNT

Genesis 26 in the TNTIK

Genesis 26 in the TNTIL

Genesis 26 in the TNTIN

Genesis 26 in the TNTIP

Genesis 26 in the TNTIZ

Genesis 26 in the TOMA

Genesis 26 in the TTENT

Genesis 26 in the UBG

Genesis 26 in the UGV

Genesis 26 in the UGV2

Genesis 26 in the UGV3

Genesis 26 in the VBL

Genesis 26 in the VDCC

Genesis 26 in the YALU

Genesis 26 in the YAPE

Genesis 26 in the YBVTP

Genesis 26 in the ZBP