Genesis 50 (BOATCB)

1 Afei, Yosef too ne ho hwee nʼagya so suiɛ, fee nʼano. 2 Ɛno akyiri no, Yosef maa nʼaduruyɛfoɔ bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuro, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti, aduroyɛfoɔ no hyɛɛ no akyenkyennuro. 3 Wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ Israel akyenkyennuro no, ɛfiri sɛ, saa nna dodoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ no aduro no. Misraimfoɔ suu no nnafua aduɔson. 4 Wɔsuu no wieeɛ no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ, “Sɛ manya mo anim animuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me sɛ, 5 ‘Mʼagya maa mekaa ntam,’ na ɔkaa sɛ: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti, sɛ mewu a, ɔboda a mʼankasa metwaa wɔ Kanaan asase so no mu na monkɔsie me. ‘Enti, mommisa otumfoɔ Farao ɛkwan mma me na menkɔsie mʼagya, na mɛsane maba.’ ” 6 Farao penee akwansra no so, kaa sɛ, “Kɔ na kɔsie wʼagya, sɛdeɛ ɔmaa wo kaa no ntam no.” 7 Ɛno enti, Yosef kɔ kɔsiee nʼagya. Farao asomfoɔ nyinaa ne ne mpanimfoɔ ne nʼatenankonnwa ne Misraim nnipa titire nyinaa kɔgyaa Yosef ayie. 8 Ɛno akyiri, Yosef fiefoɔ nyinaa a ne nuammarimanom ne nʼagya fiefoɔ ka ho ne no kɔɔ ayie no. Wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn wɔ Gosen asase so hɔ. 9 Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ. 10 Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ. 11 Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ. 12 Enti, Yakob mmammarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. 13 Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kɔsiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuo a na Abraham atɔ afiri Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusieeɛ no mu. 14 Yosef siee nʼagya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkɔgyaa no ayie no nyinaa sane baa Misraim. 15 Yosef agya wuo akyiri no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔ, na ɔtua yɛn bɔne ahodoɔ a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no ɛdeɛn.” 16 Enti, wɔtuu nnipa kɔɔ Yosef hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya kaa saa asɛm yi ansa na ɔrewu. 17 ‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahodoɔ a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn.’ Enti, afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya somm no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Ɛberɛ a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kaeɛ no, ɔsuiɛ. 18 Yosef nuammarima no bɛtotoo wɔn ho guguu nʼanim, kaa sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa.” 19 Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a mɛtumi abu mo atɛn, atwe mo aso anaa? 20 Ɛwom sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne deɛ, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdane ade pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi agye nnipa dodoɔ nkwa, sɛdeɛ ɔreyɛ no ɛnnɛ yi. 21 Enti, monnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ɛhia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara. 22 Yosef ankasa ne ne nuanom ne nʼagya abusuafoɔ nyinaa tenaa Misraim asase so. Ɔdii mfeɛ ɔha ne edu ansa na ɔrewu. 23 Yosef hunuu Efraim mma nana ne Manase ba Makir mma nso. Wɔwoo wɔn guu ne srɛ so. 24 Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarima no sɛ, “Ɛrenkyɛre biara na mawu. Nanso, Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afiri saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.” 25 Yosef maa Israel mmammarima no kaa ntam, na Yosef kaa sɛ, “Nokorɛm, Onyankopɔn bɛdi aboa mo. Sɛ mewu nso a, monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ Kanaan asase so.” 26 Yosef dii mfeɛ ɔha ne edu, na ɔwuiɛ. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuro de no too efunu adaka mu wɔ Misraim.

In Other Versions

Genesis 50 in the ANGEFD

Genesis 50 in the ANTPNG2D

Genesis 50 in the AS21

Genesis 50 in the BAGH

Genesis 50 in the BBPNG

Genesis 50 in the BBT1E

Genesis 50 in the BDS

Genesis 50 in the BEV

Genesis 50 in the BHAD

Genesis 50 in the BIB

Genesis 50 in the BLPT

Genesis 50 in the BNT

Genesis 50 in the BNTABOOT

Genesis 50 in the BNTLV

Genesis 50 in the BOATCB2

Genesis 50 in the BOBCV

Genesis 50 in the BOCNT

Genesis 50 in the BOECS

Genesis 50 in the BOGWICC

Genesis 50 in the BOHCB

Genesis 50 in the BOHCV

Genesis 50 in the BOHLNT

Genesis 50 in the BOHNTLTAL

Genesis 50 in the BOICB

Genesis 50 in the BOILNTAP

Genesis 50 in the BOITCV

Genesis 50 in the BOKCV

Genesis 50 in the BOKCV2

Genesis 50 in the BOKHWOG

Genesis 50 in the BOKSSV

Genesis 50 in the BOLCB

Genesis 50 in the BOLCB2

Genesis 50 in the BOMCV

Genesis 50 in the BONAV

Genesis 50 in the BONCB

Genesis 50 in the BONLT

Genesis 50 in the BONUT2

Genesis 50 in the BOPLNT

Genesis 50 in the BOSCB

Genesis 50 in the BOSNC

Genesis 50 in the BOTLNT

Genesis 50 in the BOVCB

Genesis 50 in the BOYCB

Genesis 50 in the BPBB

Genesis 50 in the BPH

Genesis 50 in the BSB

Genesis 50 in the CCB

Genesis 50 in the CUV

Genesis 50 in the CUVS

Genesis 50 in the DBT

Genesis 50 in the DGDNT

Genesis 50 in the DHNT

Genesis 50 in the DNT

Genesis 50 in the ELBE

Genesis 50 in the EMTV

Genesis 50 in the ESV

Genesis 50 in the FBV

Genesis 50 in the FEB

Genesis 50 in the GGMNT

Genesis 50 in the GNT

Genesis 50 in the HARY

Genesis 50 in the HNT

Genesis 50 in the IRVA

Genesis 50 in the IRVB

Genesis 50 in the IRVG

Genesis 50 in the IRVH

Genesis 50 in the IRVK

Genesis 50 in the IRVM

Genesis 50 in the IRVM2

Genesis 50 in the IRVO

Genesis 50 in the IRVP

Genesis 50 in the IRVT

Genesis 50 in the IRVT2

Genesis 50 in the IRVU

Genesis 50 in the ISVN

Genesis 50 in the JSNT

Genesis 50 in the KAPI

Genesis 50 in the KBT1ETNIK

Genesis 50 in the KBV

Genesis 50 in the KJV

Genesis 50 in the KNFD

Genesis 50 in the LBA

Genesis 50 in the LBLA

Genesis 50 in the LNT

Genesis 50 in the LSV

Genesis 50 in the MAAL

Genesis 50 in the MBV

Genesis 50 in the MBV2

Genesis 50 in the MHNT

Genesis 50 in the MKNFD

Genesis 50 in the MNG

Genesis 50 in the MNT

Genesis 50 in the MNT2

Genesis 50 in the MRS1T

Genesis 50 in the NAA

Genesis 50 in the NASB

Genesis 50 in the NBLA

Genesis 50 in the NBS

Genesis 50 in the NBVTP

Genesis 50 in the NET2

Genesis 50 in the NIV11

Genesis 50 in the NNT

Genesis 50 in the NNT2

Genesis 50 in the NNT3

Genesis 50 in the PDDPT

Genesis 50 in the PFNT

Genesis 50 in the RMNT

Genesis 50 in the SBIAS

Genesis 50 in the SBIBS

Genesis 50 in the SBIBS2

Genesis 50 in the SBICS

Genesis 50 in the SBIDS

Genesis 50 in the SBIGS

Genesis 50 in the SBIHS

Genesis 50 in the SBIIS

Genesis 50 in the SBIIS2

Genesis 50 in the SBIIS3

Genesis 50 in the SBIKS

Genesis 50 in the SBIKS2

Genesis 50 in the SBIMS

Genesis 50 in the SBIOS

Genesis 50 in the SBIPS

Genesis 50 in the SBISS

Genesis 50 in the SBITS

Genesis 50 in the SBITS2

Genesis 50 in the SBITS3

Genesis 50 in the SBITS4

Genesis 50 in the SBIUS

Genesis 50 in the SBIVS

Genesis 50 in the SBT

Genesis 50 in the SBT1E

Genesis 50 in the SCHL

Genesis 50 in the SNT

Genesis 50 in the SUSU

Genesis 50 in the SUSU2

Genesis 50 in the SYNO

Genesis 50 in the TBIAOTANT

Genesis 50 in the TBT1E

Genesis 50 in the TBT1E2

Genesis 50 in the TFTIP

Genesis 50 in the TFTU

Genesis 50 in the TGNTATF3T

Genesis 50 in the THAI

Genesis 50 in the TNFD

Genesis 50 in the TNT

Genesis 50 in the TNTIK

Genesis 50 in the TNTIL

Genesis 50 in the TNTIN

Genesis 50 in the TNTIP

Genesis 50 in the TNTIZ

Genesis 50 in the TOMA

Genesis 50 in the TTENT

Genesis 50 in the UBG

Genesis 50 in the UGV

Genesis 50 in the UGV2

Genesis 50 in the UGV3

Genesis 50 in the VBL

Genesis 50 in the VDCC

Genesis 50 in the YALU

Genesis 50 in the YAPE

Genesis 50 in the YBVTP

Genesis 50 in the ZBP