Judges 20 (BOATCB)

1 Afei, Israelfoɔ nyinaa; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba ne Gilead asase so bɛhyiaa AWURADE anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa. 2 Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuo no nyinaa ntuanofoɔ, akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena kɔɔ Onyankopɔn mma dwabɔ no ase. 3 (Nkra duruu Benyamin asase so sɛ Israelfoɔ mmusuakuo a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfoɔ no bisaa deɛ ɛyɛeɛ a saa awudisɛm yi siiɛ. 4 Enti, Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔkumm no no kunu no kaa sɛ, “Me ne me mpena baa Gilead a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ. 5 Anadwo no Gilead ntuanofoɔ no mu bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔkum me, na wɔtoo me mpena no monnaa ma ɔwuiɛ. 6 Mefaa me mpena no twitwaa no asinasini de esini baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Ɛfiri sɛ, saa mmarima yi ayɛ atantansɛm ne aniwusɛm wɔ Israel. 7 Enti, seesei, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa fa adwene wɔ yei ho.” 8 Nnipa no nyinaa sɔre buaa sɛ, “Yɛn mu biara rensane nkɔ fie. 9 Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahunu wɔn a wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ Gibea so. 10 Abusuakuo biara mu mmarima nkyɛmu edu mu baako na wɔbɛyi wɔn ama wɔama yɛn akofoɔ no nnuane, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Geba so wereɛ wɔ animguasedeɛ a wɔayɛ wɔ Israel no.” 11 Enti, Israelfoɔ nyinaa ano kɔɔ bɛnkorɔ mu boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔto ahyɛ kuro no so. 12 Israelfoɔ no somaa abɔfoɔ kɔɔ Benyamin abusuakuo no mu kɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn awurukasɛm na moayɛ wɔ mo mu yi? 13 Monyi saa amumuyɛfoɔ a wɔfiri Gibea no mmra, na yɛnkum wɔn na yɛntu saa awurukasɛm yi ase mfiri Israel.”Nanso, Benyaminfoɔ no antie. 14 Mmom, wɔfifiri wɔn nkuro mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfoɔ no rebɛko. 15 Akofoɔ mpem aduonu nsia a wɔkurakura akofena kɔduruu Gibea, kɔkaa akofoɔ ahanson a na wɔte hɔ dada no ho. 16 Na Benyamin akofoɔ no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ toamfom wɔ ahwimmoɔ toɔ mu. 17 Na Israelfoɔ wɔ akofoɔ mpem ahanan a wɔkurakura akofena a Benyamin akofoɔ nka ho. 18 Ansa na wɔrebɛfiri ɔko no ase no, Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔbisaa Onyankopɔn sɛ, “Abusuakuo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔdi ɔko no anim tia Benyaminfoɔ no?” AWURADE buaa sɛ, “Yuda na ɛsɛ sɛ wɔdi animu.” 19 Enti, Israelfoɔ no siim anɔpahema kɔkyeree sraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea. 20 Afei, wɔtu teneeɛ de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔto ahyɛ Benyamin mmarima no so. 21 Nanso, Benyamin akofoɔ a na wɔrebɔ kuro no ho ban no pue kunkumm Israelfoɔ no ɔpeduonu mmienu wɔ akono hɔ ɛda no ara. 22 Nanso, Israelfoɔ nyaa akokoɔduru boaa wɔn ho ano wɔ baabi a wɔkoo ɛda a ɛdi animu no. 23 Na wɔakɔ Bet-El akɔsu wɔ AWURADE anim akɔsi anwummerɛ. Afei, wɔbisaa AWURADE sɛ, “Yɛne yɛn ara abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin nko bio anaa?”Na AWURADE buaa sɛ, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.” 24 Enti, wɔkɔko tiaa Benyamin akofoɔ no, 25 na Benyamin mmarima no sane kumm Israelfoɔ akofoɔ a wɔnim akofena akodie yie no mpem dunwɔtwe. 26 Ɛnna Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔsuu wɔ AWURADE anim kyenee kɔm kɔsii anwummerɛ. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ maa AWURADE. 27 Na Israelfoɔ kɔɔ AWURADE anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa ɛberɛ no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El, 28 na Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nana no na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ). Israelfoɔ no bisaa Awurade, sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafoɔ Benyamin bio anaasɛ yɛnnyae?” AWURADE buaa sɛ, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.” 29 Enti, Israelfoɔ de atɛfoɔ twaa Gibea ho nyinaa hyiaeɛ. 30 Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beaeɛ korɔ hɔ ara. 31 Ɛberɛ a Benyaminfoɔ akofoɔ pue baeɛ wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn firii kuro no mu. Na sɛdeɛ na wɔayɛ pɛn no, wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm Israelfoɔ no. Ɛbɛyɛ Israelfoɔ aduasa na wɔwuwuiɛ wɔ akono petee mu hɔ a ebi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho. 32 Afei Benyamin akofoɔ no teaam sɛ, “Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so wɔ ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!” Na saa ɛberɛ no na Israelfoɔ no apene so dada sɛ wɔbɛdwane ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afiri kuro no mu. 33 Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kɛseɛ no duruu Baal-Tamar no, wɔdanee wɔn ho koeɛ. Ɛhɔ na Israelfoɔ a wɔatɛ wɔ Geba no puee prɛko pɛ firi wɔn atɛeɛm 34 kɔsii Benyaminfoɔ no akyi tohyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kɔsii sɛ na Benyaminfoɔ no ntumi nhunu amanehunu a ɛbɛba. 35 Ɛno enti, AWURADE boaa Israel ma wɔdii Benyamin so nkonim. Saa ɛda no, Israelfoɔ kunkumm Benyamin akofoɔ no mpem aduonu enum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim akofena ano ko yie. 36 Afei, Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo. Israelfoɔ no dwane firii Benyamin akofoɔ no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakɔ atɛ no bɛnya ɛkwan ayɛ wɔn adwuma. 37 Afei, wɔn a na wɔatɛ no firii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkumm obiara a ɔwɔ kuro no mu. 38 Wɔtuee wisie kumɔnn wɔ kuro no so, 39 a ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma Israelfoɔ no sɛ wɔnsane mmra mmɛto nhyɛ Benyamin akofoɔ no so.Saa ɛberɛ no na Benyamin akofoɔ no akum Israelfoɔ no aduasa, a wɔteaam sɛ, “Yɛredi wɔn so sɛdeɛ yɛdii wɔn so ɔko a ɛdi ɛkan no mu no!” 40 Nanso, ɛberɛ a Benyamin akofoɔ no hwɛɛ wɔn akyi, na wɔhunuu wisie a atu nam ewiem wɔ kuro no mu baabiara no, 41 Israelfoɔ no sane baeɛ bɛto hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofoɔ no hunuu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa. 42 Enti, wɔdwane de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so. Nanso, Israelfoɔ no taa wɔn kunkumm wɔn. 43 Israelfoɔ no twaa Benyaminfoɔ no ho hyiaeɛ, taa wɔn anibereɛ so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔeɛ fam. 44 Ɛda no, Benyamin akofoɔ akɛseɛ mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ ɔko no mu. 45 Wɔn a wɔanwuwu no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛbɛn Rimon botan no ho. Nanso, Israelfoɔ no kunkumm wɔn mu mpem enum wɔ ɛkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kɔsii sɛ wɔkumm mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho. 46 Enti, Benyamin abusuakuo no hweree akofoɔ akokoɔdurufoɔ ɔpeduonunum saa ɛda no, 47 ma ɛkaa mmarima ahansia pɛ a wɔdwane kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ abosome ɛnan no. 48 Afei Israelfoɔ no sane baeɛ bɛkunkumm abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ nkuro no nyinaa mu, firi nnipa so kɔsi anantwie ne biribiara so. Na kuro biara a wɔduruu so no, wɔhyee no dworobɛɛ.

In Other Versions

Judges 20 in the ANGEFD

Judges 20 in the ANTPNG2D

Judges 20 in the AS21

Judges 20 in the BAGH

Judges 20 in the BBPNG

Judges 20 in the BBT1E

Judges 20 in the BDS

Judges 20 in the BEV

Judges 20 in the BHAD

Judges 20 in the BIB

Judges 20 in the BLPT

Judges 20 in the BNT

Judges 20 in the BNTABOOT

Judges 20 in the BNTLV

Judges 20 in the BOATCB2

Judges 20 in the BOBCV

Judges 20 in the BOCNT

Judges 20 in the BOECS

Judges 20 in the BOGWICC

Judges 20 in the BOHCB

Judges 20 in the BOHCV

Judges 20 in the BOHLNT

Judges 20 in the BOHNTLTAL

Judges 20 in the BOICB

Judges 20 in the BOILNTAP

Judges 20 in the BOITCV

Judges 20 in the BOKCV

Judges 20 in the BOKCV2

Judges 20 in the BOKHWOG

Judges 20 in the BOKSSV

Judges 20 in the BOLCB

Judges 20 in the BOLCB2

Judges 20 in the BOMCV

Judges 20 in the BONAV

Judges 20 in the BONCB

Judges 20 in the BONLT

Judges 20 in the BONUT2

Judges 20 in the BOPLNT

Judges 20 in the BOSCB

Judges 20 in the BOSNC

Judges 20 in the BOTLNT

Judges 20 in the BOVCB

Judges 20 in the BOYCB

Judges 20 in the BPBB

Judges 20 in the BPH

Judges 20 in the BSB

Judges 20 in the CCB

Judges 20 in the CUV

Judges 20 in the CUVS

Judges 20 in the DBT

Judges 20 in the DGDNT

Judges 20 in the DHNT

Judges 20 in the DNT

Judges 20 in the ELBE

Judges 20 in the EMTV

Judges 20 in the ESV

Judges 20 in the FBV

Judges 20 in the FEB

Judges 20 in the GGMNT

Judges 20 in the GNT

Judges 20 in the HARY

Judges 20 in the HNT

Judges 20 in the IRVA

Judges 20 in the IRVB

Judges 20 in the IRVG

Judges 20 in the IRVH

Judges 20 in the IRVK

Judges 20 in the IRVM

Judges 20 in the IRVM2

Judges 20 in the IRVO

Judges 20 in the IRVP

Judges 20 in the IRVT

Judges 20 in the IRVT2

Judges 20 in the IRVU

Judges 20 in the ISVN

Judges 20 in the JSNT

Judges 20 in the KAPI

Judges 20 in the KBT1ETNIK

Judges 20 in the KBV

Judges 20 in the KJV

Judges 20 in the KNFD

Judges 20 in the LBA

Judges 20 in the LBLA

Judges 20 in the LNT

Judges 20 in the LSV

Judges 20 in the MAAL

Judges 20 in the MBV

Judges 20 in the MBV2

Judges 20 in the MHNT

Judges 20 in the MKNFD

Judges 20 in the MNG

Judges 20 in the MNT

Judges 20 in the MNT2

Judges 20 in the MRS1T

Judges 20 in the NAA

Judges 20 in the NASB

Judges 20 in the NBLA

Judges 20 in the NBS

Judges 20 in the NBVTP

Judges 20 in the NET2

Judges 20 in the NIV11

Judges 20 in the NNT

Judges 20 in the NNT2

Judges 20 in the NNT3

Judges 20 in the PDDPT

Judges 20 in the PFNT

Judges 20 in the RMNT

Judges 20 in the SBIAS

Judges 20 in the SBIBS

Judges 20 in the SBIBS2

Judges 20 in the SBICS

Judges 20 in the SBIDS

Judges 20 in the SBIGS

Judges 20 in the SBIHS

Judges 20 in the SBIIS

Judges 20 in the SBIIS2

Judges 20 in the SBIIS3

Judges 20 in the SBIKS

Judges 20 in the SBIKS2

Judges 20 in the SBIMS

Judges 20 in the SBIOS

Judges 20 in the SBIPS

Judges 20 in the SBISS

Judges 20 in the SBITS

Judges 20 in the SBITS2

Judges 20 in the SBITS3

Judges 20 in the SBITS4

Judges 20 in the SBIUS

Judges 20 in the SBIVS

Judges 20 in the SBT

Judges 20 in the SBT1E

Judges 20 in the SCHL

Judges 20 in the SNT

Judges 20 in the SUSU

Judges 20 in the SUSU2

Judges 20 in the SYNO

Judges 20 in the TBIAOTANT

Judges 20 in the TBT1E

Judges 20 in the TBT1E2

Judges 20 in the TFTIP

Judges 20 in the TFTU

Judges 20 in the TGNTATF3T

Judges 20 in the THAI

Judges 20 in the TNFD

Judges 20 in the TNT

Judges 20 in the TNTIK

Judges 20 in the TNTIL

Judges 20 in the TNTIN

Judges 20 in the TNTIP

Judges 20 in the TNTIZ

Judges 20 in the TOMA

Judges 20 in the TTENT

Judges 20 in the UBG

Judges 20 in the UGV

Judges 20 in the UGV2

Judges 20 in the UGV3

Judges 20 in the VBL

Judges 20 in the VDCC

Judges 20 in the YALU

Judges 20 in the YAPE

Judges 20 in the YBVTP

Judges 20 in the ZBP