Judges 20 (BOATCB2)

1 Afei, Israelfo nyinaa; fi Dan kosi Beer-Seba ne Gilead asase so behyiaa wɔ AWURADE anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa. 2 Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuw no nyinaa ntuanofo, akofo mpem ahannan a wokurakura afoa kɔɔ Onyankopɔn mma guabɔ no ase. 3 (Nkra duu Benyamin asase so sɛ Israelfo mmusuakuw a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfo no bisaa nea ɛyɛɛ a saa awudisɛm yi sii. 4 Enti Lewini a ɔyɛ ɔbea a wokum no no kunu no kae se, “Me ne me mpena baa Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ. 5 Anadwo no Gibea ntuanofo no mu bi betwaa ofi no ho hyiae, pɛɛ sɛ wokum me, na wɔtoo me mpena no mmonnaa ma owui. 6 Mefaa me mpena no twitwaa no asinasin de sin baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Efisɛ saa mmarima yi ayɛ atantanne ne aniwude wɔ Israel. 7 Enti mprempren, ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa fa adwene wɔ eyi ho.” 8 Nnipa no nyinaa sɔre buae se, “Yɛn mu biara rensan nkɔ fie. 9 Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahu wɔn a wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ Gibea so. 10 Abusuakuw biara mu mmarima nkyɛmu du mu baako na wobeyi wɔn ama wɔama yɛn akofo no nnuan, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Gibea so were wɔ animguasede a wɔayɛ wɔ Israel no.” 11 Enti Israelfo nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ kurow no so. 12 Israelfo no somaa abɔfo kɔɔ Benyamin abusuakuw no mu kobisaa wɔn se, “Dɛn awurukasɛm na moadi wɔ mo mu yi? 13 Munyi saa amumɔyɛfo a wofi Gibea no mmra, na yenkum wɔn na yentu saa awurukasɛm yi ase mfi Israel.”Nanso Benyaminfo no antie. 14 Mmom, wofifi wɔn nkurow mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfo no rebɛko. 15 Akofo mpem aduonu asia a wokurakura afoa koduu Gibea, kɔkaa akofo ahanson a na wɔte hɔ dedaw no ho. 16 Na Benyamin akofo no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ antoamfom wɔ ahwimmotow mu. 17 Na Israelfo wɔ akofo mpem ahannan a wokurakura mfoa a Benyamin akofo nka ho. 18 Ansa na wɔrebefi ɔko no ase no, Israelfo no kɔɔ Bet-El kobisaa Onyankopɔn se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wodi ɔko no anim tia Benyaminfo no?” AWURADE buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ wodi anim.” 19 Enti Israelfo no sii mu anɔpahema kɔkyeree nsraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea. 20 Afei, wotu teɛe de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Benyamin mmarima no so. 21 Nanso Benyamin akofo a na wɔrebɔ kurow no ho ban no pue kunkum Israelfo no mpem aduonu abien wɔ akono hɔ da no ara. 22 Nanso Israelfo nyaa akokoduru boaa wɔn ho ano wɔ faako a wɔkoo da a edi anim no. 23 Na wɔakɔ Bet-El akosu wɔ AWURADE anim akosi anwummere. Afei, wobisaa AWURADE se, “Yɛne yɛn ara abusuafo a wofi Benyamin nko bio ana?”Na AWURADE buae se, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.” 24 Enti wɔkɔko tiaa Benyamin akofo no, 25 na Benyamin mmarima no san kum Israelfo akofo a wonim afoa akodi yiye no mpem dunwɔtwe. 26 Ɛnna Israelfo no kɔɔ Bet-El kosuu wɔ AWURADE anim kyen kɔm kosii anwummere. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre maa AWURADE. 27 Na Israelfo kɔɔ AWURADE anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa bere no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El, 28 na Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nena no na na ɔyɛ ɔsɔfo). Israelfo no bisaa Awurade se, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafo Benyamin bio anaasɛ yennyae?” AWURADE buae se, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.” 29 Enti Israelfo de atɛwfo twaa Gibea ho nyinaa hyiae. 30 Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beae koro hɔ ara. 31 Bere a Benyaminfo akofo pue bae wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn fii kurow no mu. Na sɛnea na wɔayɛ pɛn no, wofii ase kunkum Israelfo no. Ɛbɛyɛ Israelfo aduasa na wowuwuu wɔ akono petee mu hɔ a bi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho. 32 Afei Benyamin akofo no teɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so wɔ ɔko a edi kan no mu no!” Na saa bere no na Israelfo no apene so dedaw sɛ wobeguan ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afi kurow no mu. 33 Bere a Israelfo nsraadɔm kɛse no duu Baal-Tamar no, wɔdan wɔn ho koe. Ɛhɔ na Israelfo a wɔatɛw wɔ Geba no puee prɛko pɛ fi wɔn ahintawee 34 kosii Benyaminfo no akyi tow hyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kosii sɛ na Benyaminfo no ntumi nhu amanehunu a ɛbɛba. 35 Ɛno nti, AWURADE boaa Israel ma wodii Benyamin so nkonim. Saa da no, Israelfo kunkum Benyamin akofo no mpem aduonu anum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim afoa ano ko yiye. 36 Afei, Benyaminfo no huu sɛ wɔadi nkogu. Israelfo no guan fii Benyamin akofo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakohintaw no benya kwan ayɛ wɔn adwuma. 37 Afei, wɔn a na wɔatɛw no fii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkum obiara a ɔwɔ kurow no mu. 38 Wopun wusiw kumɔnn wɔ kurow no so, 39 a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne ma Israelfo no sɛ wɔnsan mmra mmɛtow nhyɛ Benyamin akofo no so.Saa bere no na Benyamin akofo no akum Israelfo no aduasa, a wɔteɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so ɔko a edi kan no mu no!” 40 Nanso bere a Benyamin akofo no hwɛɛ wɔn akyi, na wohuu wusiw a atu nam wim wɔ kurow no mu baabiara no, 41 Israelfo no san ba bɛtow hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofo no huu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa. 42 Enti woguan de wɔn ani kyerɛɛ sare so. Nanso Israelfo no taa wɔn kunkum wɔn. 43 Israelfo no twaa Benyaminfo no ho hyiae, taa wɔn anibere so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔe fam. 44 Da no, Benyamin akofo akɛse mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ wɔ ɔko no mu. 45 Wɔn a wɔanwuwu no guan kɔɔ sare so baabi a ɛbɛn Rimon ɔbotan no ho. Nanso Israelfo no kunkum wɔn mu mpem anum wɔ ɔkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kosii sɛ wokum mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho. 46 Enti Benyamin abusuakuw no hweree akofo akokodurufo mpemaduonu anum saa da no, 47 maa ɛkaa mmarima ahansia pɛ a woguan kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ asram anan no. 48 Afei Israelfo no san ba bekunkum abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ nkurow no nyinaa mu, efi nnipa so kosi anantwi ne biribiara so. Na kurow biara a woduu so no, wɔhyew no dwerɛbee.

In Other Versions

Judges 20 in the ANGEFD

Judges 20 in the ANTPNG2D

Judges 20 in the AS21

Judges 20 in the BAGH

Judges 20 in the BBPNG

Judges 20 in the BBT1E

Judges 20 in the BDS

Judges 20 in the BEV

Judges 20 in the BHAD

Judges 20 in the BIB

Judges 20 in the BLPT

Judges 20 in the BNT

Judges 20 in the BNTABOOT

Judges 20 in the BNTLV

Judges 20 in the BOATCB

Judges 20 in the BOBCV

Judges 20 in the BOCNT

Judges 20 in the BOECS

Judges 20 in the BOGWICC

Judges 20 in the BOHCB

Judges 20 in the BOHCV

Judges 20 in the BOHLNT

Judges 20 in the BOHNTLTAL

Judges 20 in the BOICB

Judges 20 in the BOILNTAP

Judges 20 in the BOITCV

Judges 20 in the BOKCV

Judges 20 in the BOKCV2

Judges 20 in the BOKHWOG

Judges 20 in the BOKSSV

Judges 20 in the BOLCB

Judges 20 in the BOLCB2

Judges 20 in the BOMCV

Judges 20 in the BONAV

Judges 20 in the BONCB

Judges 20 in the BONLT

Judges 20 in the BONUT2

Judges 20 in the BOPLNT

Judges 20 in the BOSCB

Judges 20 in the BOSNC

Judges 20 in the BOTLNT

Judges 20 in the BOVCB

Judges 20 in the BOYCB

Judges 20 in the BPBB

Judges 20 in the BPH

Judges 20 in the BSB

Judges 20 in the CCB

Judges 20 in the CUV

Judges 20 in the CUVS

Judges 20 in the DBT

Judges 20 in the DGDNT

Judges 20 in the DHNT

Judges 20 in the DNT

Judges 20 in the ELBE

Judges 20 in the EMTV

Judges 20 in the ESV

Judges 20 in the FBV

Judges 20 in the FEB

Judges 20 in the GGMNT

Judges 20 in the GNT

Judges 20 in the HARY

Judges 20 in the HNT

Judges 20 in the IRVA

Judges 20 in the IRVB

Judges 20 in the IRVG

Judges 20 in the IRVH

Judges 20 in the IRVK

Judges 20 in the IRVM

Judges 20 in the IRVM2

Judges 20 in the IRVO

Judges 20 in the IRVP

Judges 20 in the IRVT

Judges 20 in the IRVT2

Judges 20 in the IRVU

Judges 20 in the ISVN

Judges 20 in the JSNT

Judges 20 in the KAPI

Judges 20 in the KBT1ETNIK

Judges 20 in the KBV

Judges 20 in the KJV

Judges 20 in the KNFD

Judges 20 in the LBA

Judges 20 in the LBLA

Judges 20 in the LNT

Judges 20 in the LSV

Judges 20 in the MAAL

Judges 20 in the MBV

Judges 20 in the MBV2

Judges 20 in the MHNT

Judges 20 in the MKNFD

Judges 20 in the MNG

Judges 20 in the MNT

Judges 20 in the MNT2

Judges 20 in the MRS1T

Judges 20 in the NAA

Judges 20 in the NASB

Judges 20 in the NBLA

Judges 20 in the NBS

Judges 20 in the NBVTP

Judges 20 in the NET2

Judges 20 in the NIV11

Judges 20 in the NNT

Judges 20 in the NNT2

Judges 20 in the NNT3

Judges 20 in the PDDPT

Judges 20 in the PFNT

Judges 20 in the RMNT

Judges 20 in the SBIAS

Judges 20 in the SBIBS

Judges 20 in the SBIBS2

Judges 20 in the SBICS

Judges 20 in the SBIDS

Judges 20 in the SBIGS

Judges 20 in the SBIHS

Judges 20 in the SBIIS

Judges 20 in the SBIIS2

Judges 20 in the SBIIS3

Judges 20 in the SBIKS

Judges 20 in the SBIKS2

Judges 20 in the SBIMS

Judges 20 in the SBIOS

Judges 20 in the SBIPS

Judges 20 in the SBISS

Judges 20 in the SBITS

Judges 20 in the SBITS2

Judges 20 in the SBITS3

Judges 20 in the SBITS4

Judges 20 in the SBIUS

Judges 20 in the SBIVS

Judges 20 in the SBT

Judges 20 in the SBT1E

Judges 20 in the SCHL

Judges 20 in the SNT

Judges 20 in the SUSU

Judges 20 in the SUSU2

Judges 20 in the SYNO

Judges 20 in the TBIAOTANT

Judges 20 in the TBT1E

Judges 20 in the TBT1E2

Judges 20 in the TFTIP

Judges 20 in the TFTU

Judges 20 in the TGNTATF3T

Judges 20 in the THAI

Judges 20 in the TNFD

Judges 20 in the TNT

Judges 20 in the TNTIK

Judges 20 in the TNTIL

Judges 20 in the TNTIN

Judges 20 in the TNTIP

Judges 20 in the TNTIZ

Judges 20 in the TOMA

Judges 20 in the TTENT

Judges 20 in the UBG

Judges 20 in the UGV

Judges 20 in the UGV2

Judges 20 in the UGV3

Judges 20 in the VBL

Judges 20 in the VDCC

Judges 20 in the YALU

Judges 20 in the YAPE

Judges 20 in the YBVTP

Judges 20 in the ZBP