Jeremiah 34 (BOATCB)
1 Ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm ne nʼahennie nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a ɔdi soɔ no mu reko tia Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ, 2 “Deɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhye no dworobɛɛ. 3 Worennwane mfiri ne nsam na nokorɛm wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wo de wʼani bɛhunu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia. 4 “ ‘Nanso tie AWURADE bɔhyɛ, Ao, Yudahene Sedekia. Yei ne deɛ AWURADE ka fa wo ho: Worenwu wɔ akofena ano; 5 na wobɛwu asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatanaa de hyɛɛ wʼagyanom animuonyam, ahemfo dada a wɔdii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatanaa ahyɛ wo animuonyam na wɔabɔ bena sɛ, “Ao owura!” Me ankasa na mehyɛ saa bɔ yi, AWURADE na ɔseɛ.’ ” 6 Na odiyifoɔ Yeremia kaa yeinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem, 7 ɛberɛ a Babiloniahene akodɔm reko tia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka a na wɔgu so reko wɔ hɔ. Yei ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ banbɔ. 8 Asɛm no firi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadie no akyi. 9 Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifoɔ; na obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa. 10 Enti adwumayɛfoɔ no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wɔbɛgyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wɔgyaa wɔn. 11 Nanso, akyire yi, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsane faa nnipa a wɔgyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio. 12 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 13 “Deɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me ne mo agyanom yɛɛ apam ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, nkoasom asase so no. Mekaa sɛ, 14 ‘Mfeɛ nson biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfeɛ nsia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso, mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. 15 Ɛnkyɛree koraa monuu mo ho na moyɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadie maa ne ɔman mma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ efie a me Din da soɔ no mu. 16 Nanso seesei, moadane mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asane akɔfa nkoa ne mfenaa a mogyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio. 17 “Afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Montiee me na mompaee ahofadie mmaa mo ankasa nkurɔfoɔ. Enti afei mepae mu ka ahofadie ma mo, AWURADE na ɔseɛ. Mɛgyaa mo ama akofena, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma mo ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie ahodoɔ nyinaa. 18 Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu na wɔnantee nʼafaafa no ntam no. 19 Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne asase no so nnipa no nyinaa a monante faa nantwie ba no afaafa no ntam no, 20 mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa. 21 “Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa, Babiloniahene akodɔm a wɔatwe wɔn ho no nsa. 22 Merebɛhyɛ, AWURADE asɛm nie, na mɛsane de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahye no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkuro ada mpan a ɔbiara rentumi ntena hɔ.”
In Other Versions
Jeremiah 34 in the ANGEFD
Jeremiah 34 in the ANTPNG2D
Jeremiah 34 in the AS21
Jeremiah 34 in the BAGH
Jeremiah 34 in the BBPNG
Jeremiah 34 in the BBT1E
Jeremiah 34 in the BDS
Jeremiah 34 in the BEV
Jeremiah 34 in the BHAD
Jeremiah 34 in the BIB
Jeremiah 34 in the BLPT
Jeremiah 34 in the BNT
Jeremiah 34 in the BNTABOOT
Jeremiah 34 in the BNTLV
Jeremiah 34 in the BOATCB2
Jeremiah 34 in the BOBCV
Jeremiah 34 in the BOCNT
Jeremiah 34 in the BOECS
Jeremiah 34 in the BOGWICC
Jeremiah 34 in the BOHCB
Jeremiah 34 in the BOHCV
Jeremiah 34 in the BOHLNT
Jeremiah 34 in the BOHNTLTAL
Jeremiah 34 in the BOICB
Jeremiah 34 in the BOILNTAP
Jeremiah 34 in the BOITCV
Jeremiah 34 in the BOKCV
Jeremiah 34 in the BOKCV2
Jeremiah 34 in the BOKHWOG
Jeremiah 34 in the BOKSSV
Jeremiah 34 in the BOLCB
Jeremiah 34 in the BOLCB2
Jeremiah 34 in the BOMCV
Jeremiah 34 in the BONAV
Jeremiah 34 in the BONCB
Jeremiah 34 in the BONLT
Jeremiah 34 in the BONUT2
Jeremiah 34 in the BOPLNT
Jeremiah 34 in the BOSCB
Jeremiah 34 in the BOSNC
Jeremiah 34 in the BOTLNT
Jeremiah 34 in the BOVCB
Jeremiah 34 in the BOYCB
Jeremiah 34 in the BPBB
Jeremiah 34 in the BPH
Jeremiah 34 in the BSB
Jeremiah 34 in the CCB
Jeremiah 34 in the CUV
Jeremiah 34 in the CUVS
Jeremiah 34 in the DBT
Jeremiah 34 in the DGDNT
Jeremiah 34 in the DHNT
Jeremiah 34 in the DNT
Jeremiah 34 in the ELBE
Jeremiah 34 in the EMTV
Jeremiah 34 in the ESV
Jeremiah 34 in the FBV
Jeremiah 34 in the FEB
Jeremiah 34 in the GGMNT
Jeremiah 34 in the GNT
Jeremiah 34 in the HARY
Jeremiah 34 in the HNT
Jeremiah 34 in the IRVA
Jeremiah 34 in the IRVB
Jeremiah 34 in the IRVG
Jeremiah 34 in the IRVH
Jeremiah 34 in the IRVK
Jeremiah 34 in the IRVM
Jeremiah 34 in the IRVM2
Jeremiah 34 in the IRVO
Jeremiah 34 in the IRVP
Jeremiah 34 in the IRVT
Jeremiah 34 in the IRVT2
Jeremiah 34 in the IRVU
Jeremiah 34 in the ISVN
Jeremiah 34 in the JSNT
Jeremiah 34 in the KAPI
Jeremiah 34 in the KBT1ETNIK
Jeremiah 34 in the KBV
Jeremiah 34 in the KJV
Jeremiah 34 in the KNFD
Jeremiah 34 in the LBA
Jeremiah 34 in the LBLA
Jeremiah 34 in the LNT
Jeremiah 34 in the LSV
Jeremiah 34 in the MAAL
Jeremiah 34 in the MBV
Jeremiah 34 in the MBV2
Jeremiah 34 in the MHNT
Jeremiah 34 in the MKNFD
Jeremiah 34 in the MNG
Jeremiah 34 in the MNT
Jeremiah 34 in the MNT2
Jeremiah 34 in the MRS1T
Jeremiah 34 in the NAA
Jeremiah 34 in the NASB
Jeremiah 34 in the NBLA
Jeremiah 34 in the NBS
Jeremiah 34 in the NBVTP
Jeremiah 34 in the NET2
Jeremiah 34 in the NIV11
Jeremiah 34 in the NNT
Jeremiah 34 in the NNT2
Jeremiah 34 in the NNT3
Jeremiah 34 in the PDDPT
Jeremiah 34 in the PFNT
Jeremiah 34 in the RMNT
Jeremiah 34 in the SBIAS
Jeremiah 34 in the SBIBS
Jeremiah 34 in the SBIBS2
Jeremiah 34 in the SBICS
Jeremiah 34 in the SBIDS
Jeremiah 34 in the SBIGS
Jeremiah 34 in the SBIHS
Jeremiah 34 in the SBIIS
Jeremiah 34 in the SBIIS2
Jeremiah 34 in the SBIIS3
Jeremiah 34 in the SBIKS
Jeremiah 34 in the SBIKS2
Jeremiah 34 in the SBIMS
Jeremiah 34 in the SBIOS
Jeremiah 34 in the SBIPS
Jeremiah 34 in the SBISS
Jeremiah 34 in the SBITS
Jeremiah 34 in the SBITS2
Jeremiah 34 in the SBITS3
Jeremiah 34 in the SBITS4
Jeremiah 34 in the SBIUS
Jeremiah 34 in the SBIVS
Jeremiah 34 in the SBT
Jeremiah 34 in the SBT1E
Jeremiah 34 in the SCHL
Jeremiah 34 in the SNT
Jeremiah 34 in the SUSU
Jeremiah 34 in the SUSU2
Jeremiah 34 in the SYNO
Jeremiah 34 in the TBIAOTANT
Jeremiah 34 in the TBT1E
Jeremiah 34 in the TBT1E2
Jeremiah 34 in the TFTIP
Jeremiah 34 in the TFTU
Jeremiah 34 in the TGNTATF3T
Jeremiah 34 in the THAI
Jeremiah 34 in the TNFD
Jeremiah 34 in the TNT
Jeremiah 34 in the TNTIK
Jeremiah 34 in the TNTIL
Jeremiah 34 in the TNTIN
Jeremiah 34 in the TNTIP
Jeremiah 34 in the TNTIZ
Jeremiah 34 in the TOMA
Jeremiah 34 in the TTENT
Jeremiah 34 in the UBG
Jeremiah 34 in the UGV
Jeremiah 34 in the UGV2
Jeremiah 34 in the UGV3
Jeremiah 34 in the VBL
Jeremiah 34 in the VDCC
Jeremiah 34 in the YALU
Jeremiah 34 in the YAPE
Jeremiah 34 in the YBVTP
Jeremiah 34 in the ZBP