Jeremiah 38 (BOATCB)

1 Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ nnipa no nyinaa sɛ, 2 “Yei ne deɛ AWURADE seɛ: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena, ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafoɔ afa no bɛtena nkwa mu. Ɔbɛnya ne tiri adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu. 3 Na yei ne deɛ AWURADE seɛ, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene akodɔm nsa, na wɔn na wɔbɛdi so.’ ” 4 Ɛno enti adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafoɔ a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiedie na mmom wɔn sɛeɛ.” 5 Ɔhene Sedekia buaa sɛ, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.” 6 Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ adihɔ no mu. Wɔde ntampehoma gyaagyaa no too abura no mu; na nsuo nni mu, mmom atɛkyɛ na na ɛwom, enti Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu. 7 Na Ebed-Melek Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfie hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Ɛberɛ a ɔhene no te Benyamin Ɛpono hɔ no, 8 Ebed-Melek firii ahemfie hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, 9 “Ɔdɛɛfoɔ, deɛ saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumuyɛsɛm a ɛtia odiyifoɔ Yeremia. Wɔato no atwene abura mu, baabi a ɛkɔm bɛkum no wɔ ɛberɛ a burodo asa wɔ kuropɔn yi mu.” 10 Ɛna ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek sɛ, “Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu, ansa na wawu.” 11 Ɛno enti, Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɛdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfie hɔ. Ɔkɔsesaa ntomago ne ntadeɛ dada de kyekyeree ntampehoma ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu. 12 Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Fa ntomago ne ntadeɛ dada no hyehyɛ wo mmɔtoam, na ntampehoma no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa, 13 Wɔde ntampehoma no twetwee no de yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ. 14 Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa AWURADE asɔredan ano ɛkwan a ɛtɔ so mmiɛnsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Merebɛbisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.” 15 Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Sɛ mema wo mmuaeɛ a, worenkum me anaa? Mpo sɛ metu wo fo a, worentie me.” 16 Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kɔkoam kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ AWURADE a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wonhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wo no nsa.” 17 Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo AWURADE Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, no seɛ: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔrenkum wo na wɔrenhye kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafoɔ bɛtena nkwa mu. 18 Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafoɔ, na wɔbɛhye no dwerɛbee; na wʼankasa rentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’ ” 19 Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mesuro Yudafoɔ a wɔkɔ Babiloniafoɔ afa no, ɛfiri sɛ, ebia Babiloniafoɔ no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayakayakadeɛ.” 20 Yeremia buaa sɛ, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie AWURADE asɛm na yɛ deɛ meka kyerɛ woɔ. Ɛno na ɛbɛma asi wo yie na woanya nkwa. 21 Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafoɔ no de a, deɛ AWURADE ayi akyerɛ me nie: 22 Mmaa a wɔaka wɔ Yudahene ahemfie hɔ nyinaa no, wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfoɔ no. Saa mmaa no bɛka akyerɛ wo sɛ,“ ‘Wɔdaadaa wo na wɔdii wo sowo nnamfonom a wogye wɔn die no.Wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu;wo nnamfonom agya wo hɔ kɔ.’ 23 “Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafoɔ no. Wo deɛ worentumi nnwane mfiri wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkye wo, na wɔbɛhye saa kuropɔn yi.” 24 Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdie yi, anyɛ saa a, wobɛwu. 25 Sɛ adwumayɛfoɔ no te sɛ me ne wo kasaeɛ, na wɔbɛbisa wo sɛ, ‘Ma yɛnte deɛ woka kyerɛɛ ɔhene ne deɛ ɔhene nso ka kyerɛɛ woɔ; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yɛbɛkum wo a,’ 26 ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsane nkɔ Yonatan efie mma me nkɔwu wɔ hɔ.’ ” 27 Adwumayɛfoɔ no nyinaa baa Yeremia hɔ bɛbisaa no, na ɔkaa deɛ ɔhene hyɛɛ no sɛ ɔnka no nyinaa. Enti, wɔanka hwee ankyɛre no bio, ɛfiri sɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔdie no. 28 Na Yeremia tenaa ɔwɛmfoɔ adihɔ hɔ kɔsii da a wɔfaa Yerusalem.Sɛdeɛ wɔfaa Yerusalem nie:

In Other Versions

Jeremiah 38 in the ANGEFD

Jeremiah 38 in the ANTPNG2D

Jeremiah 38 in the AS21

Jeremiah 38 in the BAGH

Jeremiah 38 in the BBPNG

Jeremiah 38 in the BBT1E

Jeremiah 38 in the BDS

Jeremiah 38 in the BEV

Jeremiah 38 in the BHAD

Jeremiah 38 in the BIB

Jeremiah 38 in the BLPT

Jeremiah 38 in the BNT

Jeremiah 38 in the BNTABOOT

Jeremiah 38 in the BNTLV

Jeremiah 38 in the BOATCB2

Jeremiah 38 in the BOBCV

Jeremiah 38 in the BOCNT

Jeremiah 38 in the BOECS

Jeremiah 38 in the BOGWICC

Jeremiah 38 in the BOHCB

Jeremiah 38 in the BOHCV

Jeremiah 38 in the BOHLNT

Jeremiah 38 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 38 in the BOICB

Jeremiah 38 in the BOILNTAP

Jeremiah 38 in the BOITCV

Jeremiah 38 in the BOKCV

Jeremiah 38 in the BOKCV2

Jeremiah 38 in the BOKHWOG

Jeremiah 38 in the BOKSSV

Jeremiah 38 in the BOLCB

Jeremiah 38 in the BOLCB2

Jeremiah 38 in the BOMCV

Jeremiah 38 in the BONAV

Jeremiah 38 in the BONCB

Jeremiah 38 in the BONLT

Jeremiah 38 in the BONUT2

Jeremiah 38 in the BOPLNT

Jeremiah 38 in the BOSCB

Jeremiah 38 in the BOSNC

Jeremiah 38 in the BOTLNT

Jeremiah 38 in the BOVCB

Jeremiah 38 in the BOYCB

Jeremiah 38 in the BPBB

Jeremiah 38 in the BPH

Jeremiah 38 in the BSB

Jeremiah 38 in the CCB

Jeremiah 38 in the CUV

Jeremiah 38 in the CUVS

Jeremiah 38 in the DBT

Jeremiah 38 in the DGDNT

Jeremiah 38 in the DHNT

Jeremiah 38 in the DNT

Jeremiah 38 in the ELBE

Jeremiah 38 in the EMTV

Jeremiah 38 in the ESV

Jeremiah 38 in the FBV

Jeremiah 38 in the FEB

Jeremiah 38 in the GGMNT

Jeremiah 38 in the GNT

Jeremiah 38 in the HARY

Jeremiah 38 in the HNT

Jeremiah 38 in the IRVA

Jeremiah 38 in the IRVB

Jeremiah 38 in the IRVG

Jeremiah 38 in the IRVH

Jeremiah 38 in the IRVK

Jeremiah 38 in the IRVM

Jeremiah 38 in the IRVM2

Jeremiah 38 in the IRVO

Jeremiah 38 in the IRVP

Jeremiah 38 in the IRVT

Jeremiah 38 in the IRVT2

Jeremiah 38 in the IRVU

Jeremiah 38 in the ISVN

Jeremiah 38 in the JSNT

Jeremiah 38 in the KAPI

Jeremiah 38 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 38 in the KBV

Jeremiah 38 in the KJV

Jeremiah 38 in the KNFD

Jeremiah 38 in the LBA

Jeremiah 38 in the LBLA

Jeremiah 38 in the LNT

Jeremiah 38 in the LSV

Jeremiah 38 in the MAAL

Jeremiah 38 in the MBV

Jeremiah 38 in the MBV2

Jeremiah 38 in the MHNT

Jeremiah 38 in the MKNFD

Jeremiah 38 in the MNG

Jeremiah 38 in the MNT

Jeremiah 38 in the MNT2

Jeremiah 38 in the MRS1T

Jeremiah 38 in the NAA

Jeremiah 38 in the NASB

Jeremiah 38 in the NBLA

Jeremiah 38 in the NBS

Jeremiah 38 in the NBVTP

Jeremiah 38 in the NET2

Jeremiah 38 in the NIV11

Jeremiah 38 in the NNT

Jeremiah 38 in the NNT2

Jeremiah 38 in the NNT3

Jeremiah 38 in the PDDPT

Jeremiah 38 in the PFNT

Jeremiah 38 in the RMNT

Jeremiah 38 in the SBIAS

Jeremiah 38 in the SBIBS

Jeremiah 38 in the SBIBS2

Jeremiah 38 in the SBICS

Jeremiah 38 in the SBIDS

Jeremiah 38 in the SBIGS

Jeremiah 38 in the SBIHS

Jeremiah 38 in the SBIIS

Jeremiah 38 in the SBIIS2

Jeremiah 38 in the SBIIS3

Jeremiah 38 in the SBIKS

Jeremiah 38 in the SBIKS2

Jeremiah 38 in the SBIMS

Jeremiah 38 in the SBIOS

Jeremiah 38 in the SBIPS

Jeremiah 38 in the SBISS

Jeremiah 38 in the SBITS

Jeremiah 38 in the SBITS2

Jeremiah 38 in the SBITS3

Jeremiah 38 in the SBITS4

Jeremiah 38 in the SBIUS

Jeremiah 38 in the SBIVS

Jeremiah 38 in the SBT

Jeremiah 38 in the SBT1E

Jeremiah 38 in the SCHL

Jeremiah 38 in the SNT

Jeremiah 38 in the SUSU

Jeremiah 38 in the SUSU2

Jeremiah 38 in the SYNO

Jeremiah 38 in the TBIAOTANT

Jeremiah 38 in the TBT1E

Jeremiah 38 in the TBT1E2

Jeremiah 38 in the TFTIP

Jeremiah 38 in the TFTU

Jeremiah 38 in the TGNTATF3T

Jeremiah 38 in the THAI

Jeremiah 38 in the TNFD

Jeremiah 38 in the TNT

Jeremiah 38 in the TNTIK

Jeremiah 38 in the TNTIL

Jeremiah 38 in the TNTIN

Jeremiah 38 in the TNTIP

Jeremiah 38 in the TNTIZ

Jeremiah 38 in the TOMA

Jeremiah 38 in the TTENT

Jeremiah 38 in the UBG

Jeremiah 38 in the UGV

Jeremiah 38 in the UGV2

Jeremiah 38 in the UGV3

Jeremiah 38 in the VBL

Jeremiah 38 in the VDCC

Jeremiah 38 in the YALU

Jeremiah 38 in the YAPE

Jeremiah 38 in the YBVTP

Jeremiah 38 in the ZBP