Joshua 22 (BOATCB)

1 Afei, Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no nyinaa. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moayɛ sɛdeɛ Mose, AWURADE ɔsomfoɔ hyɛɛ mo sɛ monyɛ no na moadi ɔhyɛ asɛm biara a mehyɛ maa mo no so. 3 Ɛwom sɛ dwumadie no agye berɛ tenten bi deɛ, nanso moampa mmusuakuo a aka no akyi. Moato mo bo ase adi mmara a AWURADE, mo Onyankopɔn hyɛ maa mo no so de abɛsi ɛnnɛ. 4 Na seesei AWURADE, mo Onyankopɔn ama mmusuakuo a aka no ahomegyeɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. Enti, monkɔ mo nkyi wɔ asase a Mose, AWURADE ɔsomfoɔ no de maa mo wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no so. 5 Monhwɛ yie na monni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ AWURADE, mo Onyankopɔn. Monnante nʼakwan nyinaa so, monni nʼahyɛdeɛ so, monni no nokorɛ na momfa mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no.” 6 Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie. 7 Mose de Basan asase a ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no maa Manase abusuakuo fa no. Abusuakuo no fa a aka no nso, wɔde asase no fa a ɛda Yordan atɔeɛ fam no maa wɔn. Yosua regya wɔn kwan no, ɔhyiraa wɔn, 8 kaa sɛ, “Agyapadeɛ bebrebe a moanya afiri mo atamfoɔ nkyɛn no, mo ne mo abusuafoɔ a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwie dodoɔ ne nnwan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ ne aduradeɛ no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.” 9 Enti, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no gyaa Israelfoɔ nkaeɛ no hɔ wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Wɔhyɛɛ wɔn akwantuo ase sɛ wɔresane akɔ wɔn ankasa asase a ɛwɔ Gilead, asase a na ɛyɛ wɔn dea dada a AWURADE hyɛɛ Mose ma ɔde maa wɔn no so. 10 Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wɔbɛtwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia kɛseɛ bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no. 11 Israelfoɔ a wɔaka no tee sɛ wɔasi afɔrebukyia wɔ Gelilot wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, wɔ Kanaan asase so no, 12 wɔn nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo, siesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔko atia wɔn nuanom. 13 Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtuu nnipa a ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas tua wɔn ano kɔɔ Gilead. Wɔtwaa asubɔnten no sɛ wɔne Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no rekɔkasa. 14 Nnipa a wɔtuu wɔn no yɛ mpanimfoɔ edu a obiara gyina hɔ ma Israel mmusuakuo edu no mu baako, na ɔsane yɛ ɔkandifoɔ ma Israel mmusua no mu baako. 15 Na wɔduruu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sɛ, 16 “AWURADE asafokuo nyinaa pɛ sɛ wɔhunu deɛ enti a moredi Israel Onyankopɔn no hwammɔ. Adɛn enti na motumi dane mo ho firi AWURADE ho, kɔsi afɔrebukyia de tia no? 17 Bɔne a yɛyɛɛ no Peor no nnɔɔso mmaa yɛn anaa? Yɛnnwiraa yɛn ho mfirii ho, ɔyaredɔm a ɛbɛtɔɔ AWURADE asafokuo no nyinaa so akyi no mpo. 18 Nanso ɛnnɛ yi, moretwe mo ho afiri AWURADE ho sɛ morenni nʼakyi?“ ‘Sɛ mosɔre tia AWURADE ɛnnɛ a, ɔkyena ne bo bɛfu yɛn nyinaa. 19 Sɛ mosusu sɛ efi aka mo asase enti afɔrebukyia ho hia mo a, ɛnneɛ mommɛka yɛn ho wɔ asuogya ha wɔ faako a AWURADE ne yɛn te wɔ nʼAsɔrefie na yɛne mo bɛkyɛ yɛn asase mu. Na monnsɔre nntia AWURADE na mommfa afɔrebukyia foforɔ a moasi ama mo ho so ntwe yɛn nkɔ atuateɛ mu. AWURADE, yɛn Onyankopɔn nokorɛ afɔrebukyia yɛ baako pɛ. 20 Ɛberɛ a Akan a ɔfiri Serah abusua mu nam korɔno a ɔbɔɔ wɔ nneɛma a wɔayi asi hɔ ama AWURADE, nam so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antwe Israel manfoɔ nyinaa aso? Ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛsiane bɔne no enti ɔwuiɛ.’ ” 21 Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no buaa mpanimfoɔ no sɛ, 22 “AWURADE nko ara ne Onyankopɔn! AWURADE nko ara ne Onyankopɔn! Yɛansi afɔrebukyia no sɛ yɛde retia AWURADE. Sɛ saa na yɛayɛ a, ɛnnɛ, momfa yɛn ho nkyɛ yɛn. Nanso AWURADE nim na Israel nyinaa nso nhunu sɛ, 23 yɛnnsii afɔrebukyia mmaa yɛn ho sɛ yɛrefiri AWURADE nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ so nso. Sɛ yei enti na yɛsii afɔrebukyia no a, AWURADE no ankasa ntwe yɛn aso. 24 “Yɛasi saa afɔrebukyia yi, ɛfiri sɛ yɛsuro sɛ daakye bi mo asefoɔ bɛbisa yɛn asefoɔ sɛ, ‘Tumi bɛn na mowɔ sɛ mobɛsom AWURADE, Israel Onyankopɔn? 25 AWURADE de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfoɔ ne ne nkurɔfoɔ ntam ɛhyeɛ. Monni kyɛfa wɔ AWURADE mu!’ Enti, mo asefoɔ bɛma yɛn asefoɔ agyae AWURADE som. 26 “Ɛno enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsi afɔrebukyia, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, 27 na mmom sɛ nkaeɛdum. Ɛbɛbɔ yɛn asefoɔ ne mo asefoɔ nkaeɛ sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom AWURADE wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na daakye bi no, mo asefoɔ rentumi nka nkyerɛ yɛn asefoɔ no sɛ, ‘Monni kyɛfa wɔ AWURADE mu.’ 28 “Sɛ wɔka sei a, yɛn asefoɔ bɛtumi aka sɛ, ‘Monhwɛ AWURADE afɔrebukyia sɛso a yɛn agyanom siiɛ. Wɔansi amma ɔhyeɛ afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae adeɛ a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ AWURADE mu.’ 29 “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia AWURADE, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri ne ho akɔsi yɛn ankasa afɔrebukyia ama ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ anaa afɔrebɔ. AWURADE, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia a ɛsi ne Ahyiaeɛ Ntomadan anim no so na wɔdi saa dwuma no.” 30 Ɔsɔfoɔ Pinehas ne mpanimfoɔ edu no tee nsɛm yi firii Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa hɔ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. 31 Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas buaa wɔn sɛ, “Ɛnnɛ yɛahunu sɛ AWURADE wɔ yɛn ntam, ɛfiri sɛ, monyɛɛ bɔne ntiaa AWURADE sɛdeɛ yɛsusuiɛ no, mmom moagye Israel nkwa afiri ɔsɛeɛ a anka AWURADE de reba wɔn so.” 32 Afei, Pinehas, ɔsɔfoɔ Eleasa babarima ne mpanimfoɔ edu no firii Ruben ne Gad mmusuakuo no nkyɛn wɔ Gilead sane kɔɔ Kanaan asase so kɔbɔɔ Israelfoɔ no amaneɛ. 33 Na Israelfoɔ no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, wɔyii Onyankopɔn ayɛ na wɔanka ɔko a wɔbɛko atia Ruben ne Gad ho asɛm bio. 34 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ too afɔrebukyia no edin sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ AWURADE yɛ yɛn nso Onyankopɔn.

In Other Versions

Joshua 22 in the ANGEFD

Joshua 22 in the ANTPNG2D

Joshua 22 in the AS21

Joshua 22 in the BAGH

Joshua 22 in the BBPNG

Joshua 22 in the BBT1E

Joshua 22 in the BDS

Joshua 22 in the BEV

Joshua 22 in the BHAD

Joshua 22 in the BIB

Joshua 22 in the BLPT

Joshua 22 in the BNT

Joshua 22 in the BNTABOOT

Joshua 22 in the BNTLV

Joshua 22 in the BOATCB2

Joshua 22 in the BOBCV

Joshua 22 in the BOCNT

Joshua 22 in the BOECS

Joshua 22 in the BOGWICC

Joshua 22 in the BOHCB

Joshua 22 in the BOHCV

Joshua 22 in the BOHLNT

Joshua 22 in the BOHNTLTAL

Joshua 22 in the BOICB

Joshua 22 in the BOILNTAP

Joshua 22 in the BOITCV

Joshua 22 in the BOKCV

Joshua 22 in the BOKCV2

Joshua 22 in the BOKHWOG

Joshua 22 in the BOKSSV

Joshua 22 in the BOLCB

Joshua 22 in the BOLCB2

Joshua 22 in the BOMCV

Joshua 22 in the BONAV

Joshua 22 in the BONCB

Joshua 22 in the BONLT

Joshua 22 in the BONUT2

Joshua 22 in the BOPLNT

Joshua 22 in the BOSCB

Joshua 22 in the BOSNC

Joshua 22 in the BOTLNT

Joshua 22 in the BOVCB

Joshua 22 in the BOYCB

Joshua 22 in the BPBB

Joshua 22 in the BPH

Joshua 22 in the BSB

Joshua 22 in the CCB

Joshua 22 in the CUV

Joshua 22 in the CUVS

Joshua 22 in the DBT

Joshua 22 in the DGDNT

Joshua 22 in the DHNT

Joshua 22 in the DNT

Joshua 22 in the ELBE

Joshua 22 in the EMTV

Joshua 22 in the ESV

Joshua 22 in the FBV

Joshua 22 in the FEB

Joshua 22 in the GGMNT

Joshua 22 in the GNT

Joshua 22 in the HARY

Joshua 22 in the HNT

Joshua 22 in the IRVA

Joshua 22 in the IRVB

Joshua 22 in the IRVG

Joshua 22 in the IRVH

Joshua 22 in the IRVK

Joshua 22 in the IRVM

Joshua 22 in the IRVM2

Joshua 22 in the IRVO

Joshua 22 in the IRVP

Joshua 22 in the IRVT

Joshua 22 in the IRVT2

Joshua 22 in the IRVU

Joshua 22 in the ISVN

Joshua 22 in the JSNT

Joshua 22 in the KAPI

Joshua 22 in the KBT1ETNIK

Joshua 22 in the KBV

Joshua 22 in the KJV

Joshua 22 in the KNFD

Joshua 22 in the LBA

Joshua 22 in the LBLA

Joshua 22 in the LNT

Joshua 22 in the LSV

Joshua 22 in the MAAL

Joshua 22 in the MBV

Joshua 22 in the MBV2

Joshua 22 in the MHNT

Joshua 22 in the MKNFD

Joshua 22 in the MNG

Joshua 22 in the MNT

Joshua 22 in the MNT2

Joshua 22 in the MRS1T

Joshua 22 in the NAA

Joshua 22 in the NASB

Joshua 22 in the NBLA

Joshua 22 in the NBS

Joshua 22 in the NBVTP

Joshua 22 in the NET2

Joshua 22 in the NIV11

Joshua 22 in the NNT

Joshua 22 in the NNT2

Joshua 22 in the NNT3

Joshua 22 in the PDDPT

Joshua 22 in the PFNT

Joshua 22 in the RMNT

Joshua 22 in the SBIAS

Joshua 22 in the SBIBS

Joshua 22 in the SBIBS2

Joshua 22 in the SBICS

Joshua 22 in the SBIDS

Joshua 22 in the SBIGS

Joshua 22 in the SBIHS

Joshua 22 in the SBIIS

Joshua 22 in the SBIIS2

Joshua 22 in the SBIIS3

Joshua 22 in the SBIKS

Joshua 22 in the SBIKS2

Joshua 22 in the SBIMS

Joshua 22 in the SBIOS

Joshua 22 in the SBIPS

Joshua 22 in the SBISS

Joshua 22 in the SBITS

Joshua 22 in the SBITS2

Joshua 22 in the SBITS3

Joshua 22 in the SBITS4

Joshua 22 in the SBIUS

Joshua 22 in the SBIVS

Joshua 22 in the SBT

Joshua 22 in the SBT1E

Joshua 22 in the SCHL

Joshua 22 in the SNT

Joshua 22 in the SUSU

Joshua 22 in the SUSU2

Joshua 22 in the SYNO

Joshua 22 in the TBIAOTANT

Joshua 22 in the TBT1E

Joshua 22 in the TBT1E2

Joshua 22 in the TFTIP

Joshua 22 in the TFTU

Joshua 22 in the TGNTATF3T

Joshua 22 in the THAI

Joshua 22 in the TNFD

Joshua 22 in the TNT

Joshua 22 in the TNTIK

Joshua 22 in the TNTIL

Joshua 22 in the TNTIN

Joshua 22 in the TNTIP

Joshua 22 in the TNTIZ

Joshua 22 in the TOMA

Joshua 22 in the TTENT

Joshua 22 in the UBG

Joshua 22 in the UGV

Joshua 22 in the UGV2

Joshua 22 in the UGV3

Joshua 22 in the VBL

Joshua 22 in the VDCC

Joshua 22 in the YALU

Joshua 22 in the YAPE

Joshua 22 in the YBVTP

Joshua 22 in the ZBP